Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 6/1 kr. 4-6
  • Bible No​—So Efi Onyankopɔn Nkyɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible No​—So Efi Onyankopɔn Nkyɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛnyɛ Abakɔsɛm Ara Kwa
  • Yɛn Asɛyɛde
  • So Bible No Fi Onyankopɔn Hɔ Ampa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Bible Yɛ Nhoma Bɛn?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nokware Nkyerɛkyerɛ a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nhoma A Ɛda Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Adi
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 6/1 kr. 4-6

Bible No​—So Efi Onyankopɔn Nkyɛn?

NOKWAREM no, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ ahoɔden ne tumi a enni ano no wɔ hokwan sɛ ɔfa ɔkwan biara a ɔpɛ so ne n’abɔde a wɔyɛ nnipa di nkitaho. Sɛ ɔpaw sɛ ɔnam nsɛm a wɔakyerɛw so ne nnipa bedi nkitaho a, ɛsɛ sɛ ɔkora ne nkrasɛm no so wɔ mfe no mu nso. So saa na wayɛ wɔ Bible no ho?

Bɛyɛ mfe 1,500 ansa na Kristo reba, bere a wofii Bible no kyerɛw ase no, na nyamesom nhoma afoforo pii wɔ hɔ. Nanso, wogyaee eyinom nyinaa kenkan, na awiei koraa no, ɛyerayerae. Wɔn a wotutu fam de hwehwɛ tetefo nneɛma akohu bi ma mprempren wɔayɛ no tetefo nneɛma a wɔde kyerɛ wɔ tete nneɛma akorae. Nea ɛne eyi bɔ abira no, werɛ amfi Bible no afã horow a wɔkyerɛw bɛboro mfe mpem abiɛsa a atwam ni no da, na ebi akɔ so atra hɔ ara de abesi yɛn bere yi so. Eyi yɛ nwonwa, titiriw sɛ wususuw sɛnea wɔasɔre atia Bible no wɔ abakɔsɛm mu nyinaa no ho a. Nhoma foforo biara nhyiaa ɔsɔretia ne ɔtan a ano yɛ den saa da. Bible no kenkan ne ne kyekyɛ ama wɔde ɛkabɔ, afiasenna, ayayadeyɛ, ne mpɛn pii no, owu atwe wɔn a wɔyɛ saa no aso.

Ɔkwan bɛn so na nhoma ara kwa betumi agyina tebea horow a ɛte sɛɛ ano? Bible no ankasa kyerɛ yɛn sɛ: “[Yehowa] asɛm de, ɛte hɔ daa.” (1 Petro 1:25) Sɛnea Bible no akɔ so atra hɔ, na wontumi nsɛe no no boa yɛn ma yehu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm kronkron.

Bio nso, ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ wobetumi anya Onyankopɔn nkrasɛm ma adesamma no bi wɔ wiase nyinaa. So ɛte saa wɔ Bible no fam? Yiw, ɛte saa! Abakɔsɛm mu nyinaa no, nhoma foforo biara nto Bible no wɔ eyi mu. Wobu akontaa sɛ Bible dodow a wɔakyekyɛ no adu bɛyɛ mfuamfua 3,000,000,000. Bio nso, wɔnkyerɛɛ nhoma foforo biara ase nkɔɔ kasa horow bebree mu saa. Mprempren wobetumi akenkan Bible mũ no nyinaa, anaa ne fã bi wɔ bɛboro kasa horow 1,900 mu. American Bible Society no bɔ amanneɛ sɛ mprempren nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ɔha biara mu nkyem 98 nsa betumi aka Bible no. The New Encyclopœdia Britannica ka Bible no ho asɛm sɛ “ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ nhoma ahorow a wɔaka abom biako a anya nnipa so nkɛntɛnso sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu.” Ɛnde, ɛnyɛ nea yɛka ma ɛboro so sɛ yɛbɛfrɛ no sɛ nhoma a ɛsen biara wɔ asase so.

Bible no mu nsɛm a ɛne wɔn ho wɔn ho hyia fi mfiase kosi awiei no ankasa yɛ adanse a tumi wom a ɛkyerɛ sɛ efi Onyankopɔn nkyɛn ampa. So ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wɔbɛhwɛ kwan sɛ ankorankoro bɛyɛ 40 nsɛm a wɔde mfe bɛboro 1,600 kyerɛw no ne wɔn ho behyia a ne nyinaa kura asɛmti titiriw biako pɛ? Sɛ obiara nsa nnim, anaa ɛkaa nnipa nko a, anka eyi rentumi nyɛ yiye da. Nanso, saa na nhoma ahorow 66 a wɔaka abom ayɛ no Bible no te. Onyansafo bi a ɔkorɔn sen nnipa, na watra ase akyɛ nkutoo na obetumi ama wɔayɛ ade a ɛda nsow sɛɛ.

Ɛnyɛ Abakɔsɛm Ara Kwa

Bible mu abakɔsɛm yɛ anigye yiye. Nanso nkrasɛm a efi Onyankopɔn nkyɛn a abakɔsɛm nkutoo na ɛwom no ho remma yɛn mfaso pii. Yehia akwankyerɛ ne nyansa a wotumi de di dwuma, na wotumi nya eyi nso fi Bible no mu. Sɛ nhwɛso no, Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ”​—nneɛma a wɔaka ho nsɛm pii wɔ nhoma no mu nyinaa. (Galatifo 5:22, 23; Kolosefo 3:12-14) Bible no kamfo nsiyɛ, ahotew, nokwaredi, aware mu nokwaredi, obu ne ɔdɔ ma mfɛfo nnipa kyerɛ; na suban a ɛsɛ sɛ wɔda no adi wɔ abusua ne ɔman mu ho afotu a ɛsom bo kɛse wom.

Sɛ wɔde Bible mu afotu di dwuma a, ɛda adi sɛ mfaso wɔ so ampa. Ɛma yɛde yɛn ho fi nim a yennim de ne gyidi hunu ho. (Yohane 8:32) Biribiara ne emu nyansa nsɛ. Nokwarem no, akyinnye biara nni ho sɛ ɔsoro nyansa wom.

Ka a Bible no ka sɛ “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu” no ne sɛnea Bible no tumi sakra nnipa ankasa no hyia pɛpɛɛpɛ. (Hebrifo 4:12) Esiane sɛ nnipa ɔpepem pii de Bible gyinapɛn ahorow dii dwuma nti, wɔatumi adi nipasu a epira so nkonim, na wɔasakra wɔn asetra kwan a ɛsɛe ade no ayɛ no yiye nnɛ.​—Efesofo 4:22.

Sɛ wobu ani gu Bible gyinapɛn ahorow so a, dɛn na ɛba? Nea efi mu ba ne awerɛhow ne amanehunu, akodi, ohia, nyarewa a wonya fi ɔbea ne ɔbarima nna mu, ne afie a mpaapaemu wom. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ nneɛma a ɛte saa kwan, efisɛ ani a wobu gu Kyerɛw Kronkron no so no kyerɛ pow a wɔpow Onyankopɔn a ɔbɔɔ onipa na onim n’ahiade no akwankyerɛ.

Bible no ka daakye ho asɛm sie nso, ade a nnipa ntumi nyɛ. Wɔhyɛɛ wiase tumidi fi Babilon so wɔ mfehaha no mu de besi yɛn ankasa bere so no sɔre ho nkɔm wɔ Bible mu. (Daniel, atiri 2, 7, 8) Bio nso, bɛyɛ mfe mpem abien a atwam ni no, wɔkaa sɛnea wiase nsɛm tebea bɛyɛ wɔ afeha 20 yi mu ho asɛm pɛpɛɛpɛ wɔ Bible no mu. (Mateo, atiri 24, 25; Marko, ti 13; Luka, ti 21; 2 Timoteo 3:1-5; 2 Petro 3:3, 4; Adiyisɛm 6:1-8) Bible nkɔmhyɛ ahorow bebree a abam no ma yɛn awerɛhyem sɛ daakye a anigye wom ho asɛm a wɔaka wom ho anidaso no yɛ nokware.

Yɛn Asɛyɛde

Eyinom nyinaa yɛ adanse a ɛdɔɔso pii a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ne nnipa adi nkitaho ampa. Ampa, Onyankopɔn nam nnipa a wɔnyɛ pɛ nsa so na ɔde ne nkrasɛm mae. Nanso ɛnsɛ sɛ eyi ma yesusuw sɛ Bible no ntumi nyɛ nokware te sɛnea anka sɛ Onyankopɔn nam asɛm a wɔde ano ka so de nkrasɛm ma, anaa ɔnam abɔfo so de ma, anaa ɔnam anwonwa kwan so kyerɛw wɔ soro na ɔde ma nnipa wɔ asase so a, ɛbɛyɛ nokware no.

Nanso, gye a yebegye atom sɛ Bible no yɛ kronkron, anaasɛ efi soro no de asɛyɛde bi to yɛn so. Yehowa hwɛ kwan ma ɛfata sɛ yɛbɛkenkan n’Asɛm no daa. (Dwom 1:1, 2) Ehia Bible akenkan su a ɛfata na ama saa yɛ ho aba mfaso. Ɛsɛ sɛ ɛtra obi adwenem sɛ ɛnsɛ sɛ ɔkenkan Bible no te sɛ ɛyɛ nhoma biara kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ ɔkenkan, “ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ampa.”​—1 Tesalonikafo 2:13.

Ebia Bible mu nsɛm bi ase te bɛyɛ den. Nanso denam sɛnea obi taa kenkan so no, ɔkɔ so nya ntease na ohu Onyankopɔn apɛde ne n’atirimpɔw ahorow mu yiye. (Hebrifo 5:14) Ebia wunnya nnye nnii yiye sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm kronkron. Nanso, wobɛyɛ dɛn atumi aka no ɔkwan a ntease wom so, sɛ wugye Bible no di anaasɛ wunnye nni wɔ bere a womfaa boasetɔ nsuaa emu nsɛm no?

Soro a Kyerɛw Kronkron no fi ho akyinnyegye nnɛ nyinaa akyi no, sua a ankorankoro binom a wosusuw nneɛma ho kɔ akyiri de boasetɔ suae no ama wɔn nso aka ɔsomafo Paulo nsɛm a edi so yi bi sɛ: “Ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo, na onipa biara nyɛ ɔtorofo”!​—Romafo 3:4.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 4]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

Wiase mufo nyinaa ɔha biara mu nkyem 98 nsa betumi aka Bible no

Abakɔsɛm mu nhoma foforo biara nto Bible no a wobu akontaa sɛ wɔakyekyɛ bɛyɛ 3,000,000,000 no. The New Encyclopædia Britannica ka ho asɛm sɛ “ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ nhoma a wɔaka abom biako a anya nnipa so nkɛntɛnso sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu”

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Nyamesom nhoma afoforo abɛyɛ tetefo nneɛma akorae mu nneɛma ara kwa, nanso Bible no akɔ so atra hɔ

Atifi: Nsuyiri no ho amanneɛbɔ a Asiriafo de mae

Nifa: Mpae a wɔbɔ ma Misrifo nyame Ra

[Mfonini Fibea]

Both: Courtesy of the Trustees of The British Museum

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Bible no a nnipa ankorankoro bɛyɛ 40 kyerɛwee wɔ bɛboro mfe 1,600 mu no, ka asɛmti titiriw biako ho asɛm fi mfiase kosi awiei. Onyansafo bi a ɔkorɔn sen nnipa, na watra ase akyɛ nkutoo na obetumi ama wɔayɛ ade a ɛda nsow sɛɛ

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Wɔhyɛɛ wiase tumidi fi Babilon so wɔ mfehaha no mu de besi yɛn bere so sɔre ho nkɔm wɔ Bible no mu. (Daniel 2, 7, 8)

Nifa: Kaesare Augusto

[Mfonini Fibea]

Museo della Civiltà Romana, Roma

[Mfonini wɔ kratafa  6]

Bɛyɛ mfe mpem abien a atwam ni no Bible no hyɛɛ sɛnea wiase nsɛm tebea bɛyɛ nnɛ ho nkɔm pɛpɛɛpɛ. (Mateo 24, 25; Marko 13; Luka 21; 2 Timoteo 3:1-5; 2 Petro 3:3, 4; Adiyisɛm 6:1-8) Bible nkɔmhyɛ a ɛbam pɛpɛɛpɛ ma yɛn awerɛhyem sɛ paradise asase ho bɔ a Onyankopɔn ahyɛ no bɛbam ampa

[Mfonini Fibea]

Reuters/​Bettmann Newsphotos

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena