Kɔ So Bɔ Yehowa Anwonwadwuma Ho Kɔkɔ
“[Yehowa] bɛsɔre sɛ ɔyɛe Perasim Bepɔw so no, na ne bo ahuru sɛ Gibeon bon mu no.”—YESAIA 28:21.
1, 2. Anwonwadwuma bɛn na Yehowa yɛ maa Ne nkurɔfo wɔ Dawid bere so?
ADEYƐ a ɛyɛ nwonwa! Anwonwadwuma a ɛsen biara! Ɛno ne nea Yehowa yɛ maa ne nkurɔfo wɔ tete mmere mu wɔ afeha a ɛto so 11 A.Y.B. mu tɔnn. Na adeyɛ a ɛyɛ nwonwa yi yɛ anwonwadwuma bi a ɛsen saa a ɔrebɛyɛ nnansa yi ara ho nsusuwso. Na dɛn ne saa tete adeyɛ no? Wosii Dawid hene wɔ Yerusalem akyi bere tiaa bi no, Filistifo a wɔbɛn wɔn no bɛtow hyɛɛ wɔn so, na eyi maa Yehowa yɛɛ ade a ɛyɛ nwonwa. Nea edi kan no, Filistifo no fii ase tow hyɛɛ Refaim bon mufo so. Dawid bisaa Yehowa nea ɔnyɛ, na ɔkyerɛɛ no sɛ ɔne wɔn mfa nkosi ani. Dawid tiee Yehowa asɛm dii Filistifo dɔm a wɔyɛ den no so nkonim korakora wɔ Baal-perasim. Nanso Filistifo no annye wɔn nkogudi no antom. Ankyɛ na wɔsan ba bɛsɛee nneɛma, fow nneɛma pii bio wɔ Refaim bon mu, na Dawid hwehwɛɛ Yehowa akwankyerɛ bio.
2 Saa bere yi de, ɔkyerɛɛ no sɛ ɔne ne dɔm no nkofi Filistifo no akyi. Yehowa kae sɛ: “Na sɛ wote ɔnantew nka baka nnua no atifi a, ɛnde fi kɔko, na Onyankopɔn afi redi w’anim akokum Filistifo dɔm no.” Na saa na ɛyɛe. Dawid twɛn kosii sɛ Yehowa ma ɔtee ɔnantew nka wɔ baka nnua no atifi—ebia ɔde mframa bi a ano yɛ den na ɛyɛɛ saa. Mpofirim na Dawid ne ne dɔm no fii ahintawee hɔ na wɔtow hyɛɛ Filistifo a wɔn adwene wɔ baabi foforo no so, na wɔde okunkɛse dii wɔn so nkonim. Wɔboaboaa nyamesom ahoni a Filistifo no gyaw guu akono hɔ ano sɛee no.—2 Samuel 5:17-25; 1 Beresosɛm 14:8-17.
3. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Yesaia bere so Yudafo no hyɛ Yehowa adeyɛ a ɛyɛ nwonwa no nsow, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoman hyɛ no nsow nnɛ?
3 Na eyi yɛ anwonwadwuma, adeyɛ a ɛyɛ nwonwa, a Yehowa yɛ maa ne hene a wasra no de tiaa Filistifo no. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ saa adeyɛ a ɛda nsow yi nsow titiriw efisɛ odiyifo Yesaia bɔɔ kɔkɔ sɛ Yehowa bɛyɛ biribi a ɛyɛ nwonwa na tumi wom saa ara atia Yuda honhom fam asabofo no. Enti, na ɛhia sɛ Yesaia bere so nyamesom akannifo a wɔanni nokware no hyɛ no nsow. Ɛsɛ sɛ Kristoman nso hyɛ no nsow nnɛ, efisɛ nea esii Yuda no yɛ nea awiei koraa no ɛbɛba Kristoman so no nsusuwso.
“Nnae no Nware”
4, 5. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesaia yɛ ne bere so nyamesom akannifo tebea a ɛyɛ ateetee no ho nhwɛso a emu da hɔ pefee? (b) Dɛn na ama Kristoman ho teetee wɔn nnɛ?
4 Nea edi kan no, Yesaia daa nokwasɛm yi adi sɛ apam ahorow a saa tete honhom fam asabofo no de wɔn ho too so no yɛ nnaadaa, atoro. Afei ɔyɛɛ tebea a ɛyɛ ateetee a wɔn a wɔwɔ saa atoro no mu anidaso wom ho nhwɛso a emu da hɔ pefee. Ɔkae sɛ: “Na nnae no nware sɛ obi bɛteɛ ne mu wɔ so, na mmuatam no nsõ sɛ ɔde bebum no so.” (Yesaia 28:20) Obiara a ɔda mpa a ɛnware papa so no nan ho da hɔ wɔ awɔw mu. Nanso, sɛ ɔponopono n’anankroma sɛnea ɛbɛyɛ na wakɔ mpa a ɛnware no so a, mpasotam no ntumi nkata ne ho nyinaa, na ne nipadua no fã kɛse no ara ho da hɔ ara. Ɛmfa ho nea ɔbɛyɛ biara no, ne ho fã bi da hɔ wɔ awɔw no mu.
5 Na sɛnkyerɛnne kwan so no, saa na Yesaia bere sofo a wɔde wɔn ho too atoro guankɔbea so no tebea te. Ɛno ara nso ne tebea a ɛyɛ ateetee a wɔn a wɔde wɔn ho to Kristoman atoro guankɔbea so nnɛ no wom. Ɛte sɛ nea wɔda awɔw mu, sɛ yɛbɛka no saa a. Ɛnyɛ eyi ne bere a wɔhwehwɛ ahotɔ fi wiase nhyehyɛe ma asomdwoe ne ahotɔ no mu. Wɔ Onyankopɔn atemmu a ɛreba Kristoman so no mu no, apam biara a wɔne amammui atumfo yɛ no remma wonnya ɔhyew a ɛma ahotɔ biara.
Yehowa Adeyɛ a Ɛyɛ Nwonwa
6. Ɔkwan bɛn so na na Yehowa bɛyɛ ade atia Yuda, na ɔkwan bɛn so na ɔbɛyɛ ade atia Kristoman?
6 Yesaia kaa ne bere so Yerusalem a anni nokware no tebea a ɛyɛ ateetee—ne nnɛyi Kristoman a anni nokware no de—ho asɛm pefee akyi no, ɔkɔɔ so kae sɛ: “[Yehowa] bɛsɔre sɛ ɔyɛe Perasim Bepɔw so no, na ne bo ahuru sɛ Gibeon bon mu, na wayɛ n’ade bi a ɛyɛ anwonwade, na wayɛ adwuma bi a ɛyɛ ananadwuma.” (Yesaia 28:21) Yiw, Yesaia bɔɔ kɔkɔ sɛ na ɛrenkyɛ Yehowa bɛsɔre sɛnea ɔyɛe wɔ Baal-perasim no. Nanso saa bere yi de, na ɔbɛyɛ ade atia ne nkurɔfo a wɔnkyerɛ gyidi no, na ɔbɛyɛ saa te sɛ nsu a ɛde ahoɔden nam tokuru bi a ɛwɔ nsu mu ban a ɛrebubu mu no mu. Na Yerusalem apam a ɛne owu ayɛ no bɛda adi sɛ nea ɛho nni mfaso. Saara na Yehowa bɛyɛ ade atia Kristoman nnansa yi ara, na ebehu sɛ ɛne wiase yi asabow nhyehyɛe ahorow a wɔyɛe no renkosi baabiara. N’ahyehyɛde kɛse no bɛsɛe na emufo no ahwete. N’atoro anyame no bɛhyew dwerɛbee.
7. Dɛn nti na wɔkaa Yehowa atirimpɔw wɔ Yuda ho no ho asɛm sɛ “anwonwade ne sɛ ‘anwonwadwuma’?
7 Dɛn nti na Yesaia frɛ Yehowa adeyɛ a etia Yerusalem yi sɛ anwonwadwuma? Wiɛ, na Yerusalem ne Yehowa som beae titiriw ne Yehowa hene a wasra no no kurow. (Dwom 132:11-18) Enti, na wɔnsɛee no pɛn ɛ. Na wɔnhyewee ɛhɔ asɔrefi no pɛn ɛ. Na efi bere a wɔhyehyɛɛ Dawid adehye fie no, na wontu ngui pɛn ɛ. Na wonsusuw sɛ nsɛm a ɛte saa betumi asisi. Na ɛbɛyɛ nwonwa yiye sɛ Yehowa besusuw ho sɛ ɔbɛma kwan ma nsɛm a ɛtete saa asisi.
8. Kɔkɔbɔ bɛn na Yehowa de mae wɔ n’anwonwadwuma a ɔrebɛyɛ no ho?
8 Nanso Yehowa de kɔkɔbɔ a ɛfata nam n’adiyifo so mae sɛ nsɛm a ɛyɛ ahodwiriw rebesisi. (Mika 3:9-12) Sɛ nhwɛso no, odiyifo Habakuk, a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so ason A.Y.B. mu no, kae sɛ: “Monhwɛ amanaman mu na munhu, na mo ho nnwiriw mo odwiriw pa ara, na mereyɛ adwuma bi, mo bere so, wɔka kyerɛ mo a, morennye nni. Na hwɛ, merehwanyan Kaldeafo, ɔman a wɔn tirim yɛ den na wɔn ho yɛ hare a wɔnantew fa asase so nyinaa fa trabea a ɛnyɛ wɔn de di. Wɔn ho yɛ nwonwa ne hu.”—Habakuk 1:5-7.
9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa ne kɔkɔbɔ a etia Yerusalem no baa mu?
9 Wɔ 607 A.Y.B. mu no, Yehowa maa ne kɔkɔbɔ no baa mu. Ɔmaa Babilon asraafo kwan ma wɔbɛtow hyɛɛ Yerusalem so sɛee kurow no ne asɔrefi no nyinaa. (Kwadwom 2:7-9) Bio nso, ɔmaa kwan ma wɔsɛee Yerusalem ne mprenu so. Dɛn ntia? Wiɛ, wodii mfe 70 wɔ nnommumfa mu akyi no, Yudafo a wɔanu wɔn ho san kɔɔ wɔn asase so, na awiei koraa no wosii asɔrefi foforo wɔ Yerusalem. Nanso, Yudafo no fii Yehowa akyi bio. Afeha a edi kan Y.B. mu no, Paulo faa Habakuk nsɛm no ka kyerɛɛ ne bere so Yudafo no, de bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ saa nkɔmhyɛ no bɛsan abam daakye. (Asomafo no Nnwuma 13:40, 41) Yesu ankasa hyɛɛ da bɔɔ kɔkɔ sɛ esiane gyidi a Yudafo no nni nti, wɔbɛsɛe Yerusalem ne n’asɔrefie no. (Mateo 23:37-24:2) So saa afeha a edi kan Yudafo no tiei? Dabi. Wɔpow Yehowa kɔkɔbɔ no korakora te sɛ wɔn agyanom no ara pɛ. Enti, Yehowa san yɛɛ n’adwuma a ɛyɛ nwonwa no bio. Wɔnam Roma asraafo so sɛee Yerusalem ne n’asɔrefi no wɔ afe 70 Y.B. mu.
10. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛyɛ ade atia Kristoman nnansa yi ara?
10 Ɛnde, dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi susuw sɛ Yehowa rennyɛ biribi a ɛte saara wɔ yɛn bere yi nso mu? Nokwasɛm no ne sɛ, ɔbɛma n’atirimpɔw no ayɛ hɔ ɛwom sɛ ɛyɛ wɔn a wɔn adwenem yɛ wɔn naa no nwonwa de. Saa bere yi de, ɔbɛyɛ n’ade yi atia Kristoman, a te sɛ tete Yuda no, ese ɛresom Onyankopɔn nanso aporɔw a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye no. Yehowa nam ne Dawid Ɔkɛse, Yesu Kristo so bɛba Kristoman “Filistifo” no so wɔ dɔn a wɔnhwɛ kwan mu. Ɔbɛyɛ n’anwonwadwuma no akosi sɛ obeyi Kristoman nyamesom ahyehyɛde ahorow no afã horow nyinaa afi hɔ.—Mateo 13:36-43; 2 Tesalonikafo 1:6-10.
Yehowa Dwumadi ho Kɔkɔbɔ
11, 12. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo abɔ Yehowa atemmu a ɛreba no ho kɔkɔ?
11 Yehowa Adansefo de mfe pii abɔ Yehowa atemmu a ɛreba yi ho kɔkɔ. Wɔada no adi sɛ Yerusalem ne n’asɔrefi no sɛe wɔ 607 A.Y.B. mu, ne afei nso wɔ 70 Y.B. mu no, yɛ nkɔmhyɛ kwan so kɔkɔbɔ a ɛkyerɛ nea ɛbɛba Kristoman so. Bio nso, wɔakyerɛ sɛ Kristoman nam wae a awae no so abɛyɛ wiase nyinaa atoro som ahemman, Babilon Kɛse no fã. Enti, Onyankopɔn atemmu a ɛreba Babilon Kɛse so no bɛba Kristoman so titiriw, efisɛ ɔne saa ahyehyɛde bɔne no fã a odi fɔ sen biara.—Adiyisɛm 19:1-3.
12 Yehowa Adansefo atwe adwene asi Bible no nkɔmhyɛ kwan so kɔkɔbɔ a ɛne sɛ Yehowa bere a ɛfata mu no, wɔn a Babilon Kɛse ne wɔn bɔ amammui mu aguaman no bɛsɔre atia no no so. Adiyisɛm reka eyinom ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so sɛ aboa kɔkɔɔ bi mmɛn du no, ɛbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Na mmɛn du a wuhui no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtan aguaman no [Babilon Kɛse], na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no.” (Adiyisɛm 17:16) Wɔbɛhyew nyamesom a ɛne Kristoman no, na wɔasɛe ɔne atoro som afoforo nyinaa. Eyi na ɛbɛyɛ Yehowa adeyɛ a ɛyɛ nwonwa, n’anwonwadwuma ma yɛn da yi.
13. Ɔkwan bɛn so na nea wɔyɛ wɔ Yehowa kɔkɔbɔ ho nnɛ no ne nea Yesaia hyiae no sɛ?
13 Sɛ Yehowa Adansefo de ɔsɛe a ɛreba yi ho kɔkɔbɔ rema a, wɔtaa serew wɔn de di wɔn ho fɛw. Nkurɔfo bisa sɛ henanom na ɛyɛ wɔn sɛ wɔyɛ nti a wɔkeka nsɛm a ɛtete saa. Ɛte sɛ nea Kristoman gyina hɔ pintinn, ase atim yiye. Ebinom te nka sɛ ɛrenya nkɔso mpo. Nniso ahorow a na anka wɔhyɛ no so no ama wanya ahofadi a ɛdɔɔso kakraa nnansa yi ara. Nanso, nokwasɛm no ne sɛ, ɛsɛ sɛ Kristoman tie Yesaia afotu a ɛne sɛ: “Na afei munnni fɛw bio, na mo nkyehama no mu anyɛ den. Na mate ɔsɛe pasaa a wɔasua ato hɔ, [Yehowa], asafo [Yehowa] nkyɛn, sɛ ɛreba asase nyinaa so.”—Yesaia 28:22; 2 Petro 3:3, 4.
14. Ɔkwan bɛn so na Kristoman nkyehama no mu bɛyɛ den?
14 Kristoman bɛkɔ so asɔre atia Ɔhene no ne Ahenni no titiriw. (2 Tesalonikafo 2:3, 4, 8) Nanso, bere koro no ara mu no, ne nkyehama no mu bɛkɔ so ayɛ den. Ɔkwan foforo so no, ɛreda adi bere nyinaa sɛ ɔsɛe a ɛreba ne so no bɛba ampa. Yehowa rensesa n’adwene wɔ ne gyinaesi sɛ ɔbɛma wɔasɛe Kristoman no ho, sɛnea wansesa n’adwene wɔ ne gyinaesi sɛ ɔbɛma wɔasɛe Yerusalem ne n’asɔrefi no wɔ afe 607 A.Y.B. mu no ho ara pɛ no.
“Mumfi no Mu”
15. Ɔkwan a wɔbɛfa so aguan bɛn na ɛwɔ hɔ ma ankorankoro komapafo?
15 Obi bɛyɛ dɛn akwati nea ɛrebɛba Kristoman so no? Tete Israel mmere so no, Yehowa somaa adiyifo anokwafo sɛ wɔnkɔdan nnipa komapafo mmra ɔsom kronn ho bio. Wayi n’Adansefo, a mprempren wɔn dodow yɛ ɔpepem pii no asi hɔ ama atirimpɔw koro no ara nnɛ. Wɔde akokoduru pa Kristoman honhom fam owu tebea no ho ntama. Wɔ saayɛ mu no, wɔde nokwaredi ka abɔfo torobɛnto nnyigyei no mu nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm atiri 8 ne 9 no bi. Bio nso, wɔde nsiyɛ abɔ afotu a ɛwɔ Adiyisɛm 18:4 no dawuru sɛ: “Me man, mumfi no mu, . . . na moannya ne haw no bi.” Nea wɔreka ne ho asɛm wɔ ha sɛ “no” no ne Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman, a nea odi mu akoten ne Kristoman.
16. Ɔkwan bɛn so na nnipa ɔpepem pii aguan afi atoro som mu?
16 Efi 1919, ne titiriw no fi 1922 no, ahobrɛasefo a wɔkɔ so dɔɔso a wotie saa afotu no, afi Babilon Kɛse mu. Mfiase no, nnipa mpempem, afei ɔpehaha pii, ne mprempren ɔpepem pii atwe wɔn ho afi atoro som, titiriw Kristoman ho, na wɔaguan aba ɔsom kronn mu. (Yesaia 2:2-4) Wonim sɛ Babilon Kɛse no mu a wobefi sɛɛ yi nkutoo ne ɔkwan a wɔnam so bekwati ne haw ahorow a ɛbɛkɔ akowie ne sɛe mu, bere a bere bedu sɛ Yehowa ye n’anwonwadwuma no.
17, 18. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ayɛ anuonyam abotiri ne ahoɔfɛ ahenkyɛw ama ne nkurɔfo?
17 Odiyifo Yesaia kyerɛkyerɛ anigye tebea a wɔn a wogyina ɔsom kronn afã wom no mu. Ose: “Ɛda no na asafo [Yehowa] bɛyɛ anuonyam abotiri ne ahoɔfɛ ahenkyɛw ama ne man nkae no, ne atemmu honhom ama nea watra ase rebu atɛn no, ne mmaninyɛ ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsan kɔ, wɔn kurow pon ano no.”—Yesaia 28:5, 6.
18 Esiane nokware a akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no mufo di ma nokware no nti, Yehowa yɛ anuonyam abotiri a enwu da ma wɔn. Eyi ayɛ nokware titiriw fi 1926 mu. Saa afe no mu no, January 1 The Watch Tower no sii sɛnea Yehowa din a wɔbɛma ayɛ kɛse ho hia no so dua wɔ asɛm a ɛkanyan anigye a eti asɛm ne “Henanom na Wobedi Yehowa Ni?” no mu. Efi saa bere no, Kristofo a wɔasra wɔn no aka saa din no ho asɛm wiase nyinaa sen bere biara a atwam. Wɔ 1931 mu no, wɔnam edin Yehowa Adansefo a wogye toom no so ma wohuu wɔne Yehowa ntam abusuabɔ no yiye. Bio nso, nguan foforo mu nnipakuw kɛse nso afi Kristoman ne Babilon Kɛse afã horow nkae mu. Eyinom nso agye Onyankopɔn din atom. Dɛn na afi mu aba? Yehowa ankasa—ɛnyɛ bere tiaa mu ɔman ahofadi bi—abɛyɛ anuonyam abotiri ne ahoɔfɛ ahenkyɛw ama nnipa bɛboro ɔpepem anan a wɔwɔ nsase ne nsupɔw 212 so. Hwɛ nidi ara a ɛyɛ ma eyinom sɛ nokware Nyankopɔn teasefo koro pɛ no din da wɔn so!—Adiyisɛm 7:3, 4, 9, 10; 15:4.
‘Yehowa Honhom Besi no So’
19. Hena ne nea watra ase rebu atɛn no, na ɔkwan bɛn so na Yehowa ayɛ atemmu honhom ama no?
19 Yehowa ayɛ “atemmu honhom” ama Yesu a “watra ase rebu atɛn no.” Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔpowee sɛ ɔbɛma wiase apam ahorow honhom no abow no. Ɛnnɛ, sɛ Ɔhene a Yehowa de no asi ahengua so no, honhom kronkron ahyɛ no ma, na ɛkyerɛ no kwan ma ɔde adwenemtew si gyinae ahorow a ɛkari pɛ. Nkɔmhyɛ yi abam wɔ Yesu so sɛ: “Na [Yehowa] honhom besi no so, nyansa ne nhumu honhom, afotu ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne [Yehowa] suro honhom.” (Yesaia 11:2) Nokwarem no, Yehowa nam Yesu so de ‘atɛntrenee bɛyɛ susuhama, na ɔde trenee ayɛ nsenia.’ (Yesaia 28:17) Bere a wɔbɛsɛe atamfo a wɔabobow honhom fam no pasaa no, wobebu Yehowa din kronkron ne n’amansan tumidi atɛntrenee.
20, 21. Ɔkwan bɛn so na nsɛm a ɛwɔ Yesaia 28:1-22 no ka wo?
20 Ɛnde, hwɛ sɛnea Yesaia ti 28 nkɔmhyɛ no kyerɛ biribi kɛse ma yɛn nnɛ! Sɛ yɛkwati Kristoman honhom fam asabofo no na yɛbata ɔsom kronn ho a, yebenya ahobammɔ bere a Yehowa yɛ n’ade a ɛyɛ nwonwa ne n’anwonwadwuma no. Hwɛ sɛnea eyi a yenim no ma yedi ahurusi! Na hwɛ sɛnea yenya anigye bere a yesusuw ho sɛ sɛ eyinom nya bam a, wɔbɛhyɛ obiara ma wahu sɛ asafo Yehowa adi nneɛma ho dwuma ama ne nkurɔfo anokwafo ne n’ankasa ho bembu a ɛnam Yesu Kristo so ba no!—Dwom 83:17, 18.
21 Enti ɛmmra sɛ nokware Kristofo nyinaa bɛkɔ so de akokoduru abɔ Yehowa adeyɛ a ɛyɛ nwonwa ho kɔkɔ. Wɔnkɔ so nka n’anwonwadwuma ho asɛm nkyerɛ. Sɛnea wɔyɛ dedaw no, wɔnka nkyerɛ nnipa nyinaa sɛ yɛn anidaso a enhinhim ne Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ ne Hene a ɔde no asi ahengua so nsam no. Ɛmmra sɛ wɔn nnamyɛ, wɔn bo a wɔasi, ne wɔn nokwaredi de daa ayeyi bɛma ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn, Yehowa.—Dwom 146:1, 2, 10.
So Wubetumi Akae?
◻ Dɛn nti na Kristoman wɔ tebea a ɛyɛ ateetee mu?
◻ Dɛn na na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ Yerusalem, na dɛn nti na na eyi yɛ “anwonwade” ne ‘anwonwadwuma’?
◻ Kristoman ho kɔkɔbɔ bɛn na Yehowa Adansefo de ama, na nnipa ayɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?
◻ Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo bɛfa akwati nea ɛreba Kristoman so no?
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Saa bere yi de, Yehowa bɛsan ayɛ n’ade a ɛyɛ nwowa no atia Kristoman