Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 6/1 kr. 30-31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahoɔfɛ Ntoaso Ne Agude a Yɛde Siesie Yɛn Ho—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Wo Ntadehyɛ ne W’ahosiesie So Ɛfa Onyankopɔn Ho?
    Nyan!—1998
  • Ahosiesie a Ɛfata Kyerɛ Obu a Yɛwɔ Ma Onyankopɔn
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Ahosiesie a Eye
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 6/1 kr. 30-31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

◼ So ɛfata sɛ Kristoni bea de agude anaa nnuru a wɔde keka anim bedi dwuma, ɔde aduru bɛsakra ne ti nhwi ani hwɛbea, anaasɛ ɔbɛyɛ nneɛma a ɛtete saa anaa?

Mmere a atwam no mu ne yɛn bere yi so no, wɔn a wose wodi Bible so no anya ahosiesie ho adwene a emu yɛ den nanso nsonsonoe wom koraa.a

Asɔre ahorow bi mu mmea mfa nnuru a wɔde keka anim ne agude nni dwuma korakora. Sɛ nhwɛso no, nhoma The Amish People bɔ amanneɛ sɛ “wɔto wɔn ahosiesie ano hye efisɛ wɔte nka sɛ wɔn mu biara a ɔkyerɛ wiase ahosiesie ho anigye ba asiane mu, efisɛ ɛsɛ sɛ wonya honhom fam nneɛma ho anigye mmom sen honam fam nneɛma. Ebinom . . . de Kyerɛwnsɛm begyina eyi akyi.”

Kyerɛwsɛm a na wɔka ho asɛm ne 1 Samuel 16:7: “[Yehowa] ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tentenyɛ . . . Onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa] de, ɔhwɛ komam.” Nanso, na saa kyerɛwsɛm no reka Dawid nuabarima Eliab tentenyɛ ho asɛm. Nea na wɔreka ho asɛm no ma ɛda adi pefee sɛ na ɛnyɛ ahosiesie sɛ ebia Dawid anaa ne nuanom mmarima no siesiee wɔn ti nhwi ɔkwan pɔtee bi so anaa wɔde nneɛma bi bobɔɔ wɔn ntade mu, anaasɛ wɔanyɛ saa, ne nea na Onyankopɔn reka ho asɛm.​—Genesis 38:18; 2 Samuel 14:25, 26; Luka 15:22.

Eyi kyerɛ sɛ wɔn a wɔka sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo de nnuru a wɔde keka anim anaa agude siesie wɔn ho no, bɔ mmɔden sɛ wɔde kyerɛw nsɛm a wɔmfa nni dwuma yiye begyina nea wɔka akyi. Nokwarem no, Bible no nka ahosiesie ho asɛm pii; na ɛnkamfo nnuru bi a wɔde siesie ho nkyerɛ na ɛmmara afoforo. Nea ɛde ma ne akwankyerɛ a ntease wom. Momma yensusuw eyinom ho na yɛnhwɛ sɛnea yebetumi de adi dwuma nnɛ.

Ɔsomafo Paulo fi honhom mu de afotu yi mae sɛ: “Mepɛ sɛ mmea hyɛ ntade a ɛfata, ahobrɛase ne adwenemtew nyinaa mu, ɛnyɛ mmɛsawɔw anaa sika anaa nhene pa anaa ntade a ɛwɔ bo mu.” (1 Timoteo 2:9, New World Translation) Petro nso kyerɛw saa ara sɛ: “Mommma mo ahyehyɛde nnyɛ honam ani de, mmɛsawɔw ne sikahyɛ anaa ntadehyɛ, na mmom momma ɛnyɛ komam kokoam nipa de, odwo ne kommyɛ honhom atade a ɛmporɔw, a ne bo yɛ den Onyankopɔn anim, no mu.”​—1 Petro 3:3, 4, NW.

Hela nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase sɛ “hyɛ,” “ɛfata,” ne “ahyehyɛde” no yɛ asɛmfua koʹsmos a wɔde adi dwuma akwan horow so, na ɛno ara nso mu na asɛmfua “cosmetic” a asekyerɛ ne “nea wɔde ma honam ani hwɛbea [titiriw] yɛ fɛfɛɛfɛ,” no fi. Enti saa kyerɛw nsɛm no boa yɛn ma yebua nsemmisa a ɛfa nnuru a wɔde siesie ho, agude, ne nneɛma afoforo a mmea de siesie wɔn ho ho.

So na Paulo ne Petro reka sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo kwati mmɛsawɔw, nhene pa ne sika agude hyɛ, anaa, nnuru a wɔde srasra honam ani anaa? Dabi. Ka a yɛbɛka sɛ saa na na wɔreka no bɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo anuawanom ‘hyɛ ntade.’ Nanso, na wɔpɛ Dorka a Petro nyan no fii owu mu no asɛm efisɛ ɔyɛɛ “ntade” maa anuanom mmea afoforo. (Asomafo no Nnwuma 9:39) Enti, 1 Timoteo 2:9 ne 1 Petro 3:3, 4 nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ anuanom mmea kwati mmɛsawɔw, nhene pa, ntade, ne nea ɛkeka ho. Mmom no, na Paulo resi sɛnea ahobrɛase ne adwenemtew ho hia wɔ mmea ahosiesie mu no so dua. Petro kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ mmea ma wɔn ani ku sɛnea wɔte wɔ wɔn mu no ho kɛse, na ama wɔanya wɔn kununom a wɔnyɛ gyidifo no, na ɛnsɛ sɛ wosi wɔn ahosiesie so dua.

Sɛ wɔbɛka no tiawa a, Bible no mmara mmɔden a obi bɛbɔ sɛ ɔbɛma ne ho ayɛ fɛ no nyinaa. Onyankopɔn asomfo mmarima ne mmea binom de agude siesiee wɔn ho. (Genesis 41:42, Exodus 32:2, 3; Daniel 5:29) Ɔnokwafo Ester penee so sɛ wɔde ngo, nnuhuam ne sra nnuru a ne bo yɛ den besiesie ne ho. (Ester 2:7, 12, 15; fa toto Daniel 1:3-8 ho.) Onyankopɔn kae sɛ sɛnkyerɛnne kwan so no, ɔde nkapo, kɔnmuade, hwene mu dwinne, ne asonkaa hyehyɛɛ Israel. Eyinom boa maa ne “ho yɛɛ fɛ pa ara.”​—Hesekiel 16:11-13.

Nanso, Hesekiel kyerɛwtohɔ no ma yenya adwene a yɛde besi ahosiesie so mmoroso ho asuade bi. Onyankopɔn kae sɛ: “Nanso wode wo ho too w’ahoɔfɛ so, na wobɔɔ aguaman guu wo din so, na wuhwiee w’aguamammɔ guu obiara a ɔretwam so.” (Hesekiel 16:15; Yesaia 3:16, 19) Enti, Hesekiel 16:11-15 si nyansa a ɛwɔ Paulo ne Petro afotu a wɔde mae akyiri yi sɛ ɛnsɛ sɛ wosi ahosiesie so dua mmoroso mu no so dua. Sɛ ɔbea bi paw sɛ ɔde agude besiesie ne ho a, ɛsɛ sɛ ne dodow no ne nea ɔde di dwuma no da ahobrɛase adi, ɛnsɛ sɛ ɛdɔɔso mmoroso anaa ɛtwetwe adwene ba ne so, ɛwowɔ ani so.​—Yakobo 2:2.

Na sɛ Kristoni bea bi de nnuru a wɔde srasra ho, te sɛ nnuru a wɔde keka ano, afono ho, ani akyi ne ade di dwuma nso ɛ? Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma wɔ Israel ne mmeae a ɛbemmɛn akohu nneɛma a wɔde nnuru a wɔde srasra guu mu ne nhwehwɛ. Yiw, tete Apuei Fam mmea de nnuru a wɔde srasra wɔn ho a na ɛte sɛ nnɛyi de no pii dii dwuma. Ɛbɛyɛ sɛ Hiob babea a ɔde Keren-Hapuk no din asekyerɛ ne “Adubiri (a Wɔde Keka Ani Akyi) Mmɛn.” anaasɛ nea wɔde aduru a wɔde keka ani akyi gu mu.​—Hiob 42:13-15.

Wɔde nnuru a wɔde srasra ho dii dwuma wɔ Israel, nanso Bible nhwɛso ahorow ma yehu asiane a ɛwɔ yɛ a wɔbɛyɛ ma aboro so no mu. Isebel bɛyɛɛ Israel hemmaa akyi mfe pii no, ‘ɔkekaa n’aniwa ho adubiri na ɔhyehyɛɛ ne ti fɛfɛɛfɛ.’ (2 Ahene 9:30) Akyiri yi, bere a Onyankopɔn reka sɛnea Israel ne abosonsom aman bɔɔ aguaman ho asɛm no, ose ‘ɔde sika ahyehyɛde hyehyɛɛ ne ho, na ɔde adubiri kekaa n’aniwa, na ɔyɛɛ ne ho fɛfɛɛfɛ.’ (Yeremia 4:30: Hesekiel 23:40) Saa nkyekyem yi anaa afoforo biara nka sɛ ɛyɛ bɔne sɛ obi de nnuru bedi dwuma ma ne ho ayɛ fɛ. Nanso, Isebel ho asɛm no kyerɛ sɛ ɔde adubiri a ɛdɔɔso a ɛbɛma Yehu mpo a ɔwɔ ahemfie no akyi no afi akyiri ahu no no, kekaa n’ani akyi. Asuade bɛn na ɛwom? Mfa nnuru nkeka w’anim mmoroso sɛnea ɛmfata.b

Nokwarem no, ɔbea biara nni hɔ a ɔde agude anaa nnuru a wɔde keka anim di dwuma, a ɔbɛka sɛ sɛnea ɔyɛ no anaa dodow a ɔde di dwuma no mfata. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ esiane gye a ɔbea bi nnye ne ho nni anaa nkɛntɛnso a aguade ho dawurubɔ nya wɔ ne so nti, ɛbɛyɛ ne su sɛ ɔde nnuru bɛkeka n’anim ma aboro so. Ebia sɛnea ɛma n’anim yɛ no bɛkokwaw no araa ma ɔrenhu sɛ ɛne Kristofo mmea dodow no ara ‘ahobrɛase ne adwenemtew’ nhyia.​—Hwɛ Yakobo 1:23, 24.

Ɛwom, ɛsono nea obiara pɛ; mmea binom de nnuru a wɔde keka anim ne agude kakraa bi pɛ na edi dwuma, afoforo pɛ nea ɛdɔɔso sen saa. Enti nyansa wom sɛ yɛrenkasa ntia obi a nnuru a ɔde keka n’anim ne agude a ɔde siesie ne ho dodow ne yɛn de nyɛ pɛ no. Ade foforo nso ne baabi amammerɛ. Sɛ wɔpene nneɛma yɛbea so wɔ ɔman foforo bi so (anaasɛ abu so wɔ tete mmere mu) a, ɛno nkyerɛ sɛ nyansa wom sɛ wobɛyɛ wɔ beae a wote no nnɛ.

Kristoni bea onyansafo besusuw n’ahosiesie ho bere ne bere mu, abisa ne ho nokwarem sɛ: ‘So metaa de agude a ɛdɔɔso ne nnuru a wɔde keka anim pii di dwuma sen Kristofo mmea pii a wɔwɔ faako a mewɔ no? So misiesie me ho te sɛ nnipa ahopɛfo anaa sini mu nnipa a wɔde wɔn ahoɔfɛ hoahoa wɔn ho no, anaa so mema afotu a ɛwɔ 1 Timoteo 2:9 ne 1 Petro 3:3, 4 kyerɛ me kwan titiriw? Yiw, so m’ahosiesie da ahobrɛase adi, a ɛkyerɛ nokware obu ma afoforo nsusuwii ne nkate ampa anaa?’​—Mmebusɛm 31:30.

Mmea a wɔn kununom yɛ Kristofo betumi abisa wɔn nsusuwii ne afotu. Bio nso, sɛ wofi nokwaredi mu bisa a, wobetumi anya afotu pa afi anuanom mmea afoforo nkyɛn. Nanso sɛ anka wobɛkɔ wo yɔnko bi a wo ne no pɛ ade koro nkyɛn no, ɛbɛyɛ papa mmom sɛ wo ne anuanom mmea mpanyimfo a wobu sɛnea wɔkari pɛ ne wɔn nyansa no bɛkasa. (Fa toto 1 Ahene 12:6-8 ho.) Bible no se ɛsɛ sɛ mmea mpanyimfo a wosuro Nyankopɔn no “tew mmabaa adwenem . . . na wɔadwen adwempa, ahwɛ wɔn ho so yiye . . . .na wɔanka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.” (Tito 2:2-5) Kristoni a ne ho akokwaw biara rempɛ sɛ esiane agude anaa nnuru a wɔde keka anim a ɔmfa nni dwuma ɔkwan a ɛda ahobrɛase adi so nti no, wɔbɛka Onyankopɔn Asɛm anaa ne nkurɔfo ‘ho asɛmmɔne.’

Bible no kyerɛwtohɔ a ɛfa Tamar ho no ma yehu sɛ ɔbea bi ahosiesie betumi ama wɔahu nipa ko a ɔyɛ, na ada ne ho biribi adi pefee. (Genesis 38:14, 15) Dɛn na sɛnea Kristoni bea bi ahyehyɛ ne ti nhwi ne ani hwɛbea (sɛ wasakra ani hwɛbea a) anaa sɛnea ɔde agude anaa nnuru a wɔde keka anim di dwuma no, ka wɔ ne ho? So ɛka sɛ: Onyankopɔn afenaa a ne ho tew, ɔbrɛ ne ho ase, na ɔkari pɛ ni?

Ɛsɛ sɛ obi a ohu Kristofo wɔ asɛnka adwuma mu, anaa ɔba yɛn nhyiam horow no ani gye nea ohu ho. Mpɛn pii no, wɔn ani gye nea wohu no ho. Kristofo mmea dodow no ara nsiesie wɔn ho ɔkwan a ɛbɛma obi a ɔwɔ asafo no akyi asusuw sɛ wɔnyɛ wosee, anaasɛ wɔasiesie wɔn ho ma aboro so; mmom no. wosiesie wɔn ho sɛnea ɛsɛ “mmea a wosuro Onyankopɔn.”​—1 Timoteo 2:10, NW.

[Ase hɔ asɛm]

a Afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. mu no. Tertullian kae sɛ mmea a “Wɔde nnuru srasra wɔn honam ani, wɔde nnuru kɔkɔɔ keka wɔn afono so, na wɔde nnuru tuntum keka wɔn ani akyi no, yɛ bɔne tia No.” Ɔkasa tiaa wɔn a wɔde nnuru sakra wɔn ti nhwi ani hwɛbea nso. Tertullian amfa Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 5:36 no anni dwuma yiye, na ɔkasa tiae sɛ: “Wɔpow wɔn Awurade! Wɔka sɛ: ‘Hwɛ, sɛ anka [yɛn ti nhwi] bɛyɛ fitaa anaa tuntum no, yɛyɛ no akokɔ srade. Ɔde kaa ho sɛ: “Wubehu ebinom mpo a wɔfɛre sɛ wɔanyinyin, ma enti wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra wɔn ti nhwi fitaa no ayɛ no tuntum.” Na ɛno yɛ Tertullian ankasa nsusuwii. Nanso okyinkyim nsɛm, efisɛ na nea ɔreka no nyinaa gyina ne nsusuwii sɛ mmea na wɔde nnome baa nnipa so, enti ɛsɛ sɛ ‘wɔyɛ sɛ Hawa, di bɔne a edi kan no animguase ho yaw na wɔkyerɛ ahonu.’ Bible no nka biribi a ɛte saa; Onyankopɔn de adesamma bɔne ho asodi too Adam so.​—Romafo 5:12-14; 1 Timoteo 2:13, 14.

b Nnansa yi ara, United States nsɛm ho amanneɛbɔfo kaa TV so ɔsɛnkafo bi a aniwusɛm bi too no no ho asɛm pii, na ne yere nso ho baa asɛm saa ara. Sɛnea nsɛm ho amanneɛbɔ kyerɛ no, onyin a na osusuw sɛ “nnuru a wɔde keka anim ne sini nyinaa” yɛ bɔne, nanso akyiri yi, ɔsakraa ne nsusuwii na obegyee din sɛ obi a ‘ɔde nnuru keka n’anim mmoroso araa ma ɔyɛ sɛ abaduaba a wɔasen.’

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Nneɛma a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma hui wɔ Mfinimfini Fam Apuei: nnuru a wɔde srasra ho adaka asonse, ahwehwɛ ne sika ne carnelia kɔnmuade

[Mfonini Fibea]

All three: Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena