Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 6/15 kr. 8-13
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Gyinabea a Ɛnsakra wɔ Mogya Ho
  • Mogya a Ɛwɔ Aduru mu Anaa sɛ Aduru
  • So Egye Nkwa wɔ Aduruyɛ Mu?
  • So Biribi Wɔ Hɔ a Wɔde Besi Mogya Ananmu?
  • Mogya a Ɛsom Bo Sen Biara
  • Kronkron A Mogya Yɛ—Asɛm A Wogyee Ho Akyinnye Wɔ Tete Bere No Mu
    Nyan!—1987
  • Obu A Nyamesuro Wom Ma Mogya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Bu Nkwa A Wɔde Ama Wo No Sɛ Akyɛde A Ɛfata
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 6/15 kr. 8-13

Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?

“Fa nkwa . . . na tie [Onyankopɔn] nne na bata ne ho, efisɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodow.”​—DEUTERONOMIUM 30:19, 20.

1. Ɔkwan bɛn so na nokware Kristofo da nsow wɔ obu a wɔwɔ ma nkwa no mu?

NNIPA pii ka sɛ wɔwɔ obu ma nkwa, na wɔde adwene a wokura wɔ kumfɔ, nyinsɛn a wotu gu, anaasɛ ahayɔ ho na edi ho adanse. Nanso, ɔkwan titiriw bi wɔ hɔ a Kristofo fa so kyerɛ obu ma nkwa. Dwom 36:9 se: “Wo [Onyankopɔn] nkyɛn na nkwa nsuti wɔ.” Esiane sɛ nkwa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ nti, Kristofo gye mogya a nkwa wom ho adwene yi tom.

2, 3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw Onyankopɔn ho wɔ mogya ho asɛm no mu? (Asomafo no Nnwuma 17:25, 28)

2 Yɛn nkwa gyina mogya a ɛde mframa pa kɔ yɛn nipadua mu, na eyi mframa bɔne fi mu, ema yetumi gyina wim ɔhyew mu nsakrae ano, na ɛboa yɛn ma yɛko tia nyarewa no so. Onii a ɔmaa yɛn nkwa no na ɔyɛɛ ade nsunsu a ɛyɛ nwonwa a ɛma nkwa a wɔfrɛ no mogya no, na ɔde mae nso. Eyi da sɛnea n’ani gye ho bere nyinaa sɛ ɔbɛkora ɔdesani nkwa so no adi.​—Genesis 45:5; Deuteronomium 28:66; 30:15, 16.

3 Ɛsɛ sɛ Kristofo ne nnipa nyinaa bisa wɔn ho sɛ: ‘So mogya betumi agye me nkwa denam ne dwumadi wɔ nipadua no mu nkutoo so, anaa mogya betumi agye nkwa wɔ ɔkwan titiriw bi so?’ Ɛwom sɛ nnipa pii nim abusuabɔ a ɛda nkwa ne mogya dwumadi wɔ nipadua no mu ntam no de, nanso nneɛma pii wom ankasa sen saa. Kristofo, Nkramofo, ne Yudafo abrabɔ pa ho nnyinasosɛm nyinaa twe adwene si Nkwamafo a ɔdaa adwene a okura wɔ nkwa ne mogya ho adi no so. Yiw, yɛn Bɔfo no wɔ pii ka wɔ mogya ho.

Onyankopɔn Gyinabea a Ɛnsakra wɔ Mogya Ho

4. Dɛn na Onyankopɔn ka faa mogya ho wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ?

4 Wɔbɔ mogya din bɛboro mpɛn 400 wɔ Onyankopɔn Asɛm a ɛne Bible no mu. Yehowa mmara yi ka nea edi kan koraa no ho: “Biribiara a ɛte ase na ɛkeka ne ho bɛyɛ aduan ama mo. . . . Nanso ɛnsɛ sɛ mudi nam a ne mogya a nkwa wom da so ara wom.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɔkwan biara so no mɛma wɔabu akontaa wɔ mo mogya a nkwa wom ho.” (Genesis 9:3-5, New International Version) Yehowa kaa saa nsɛm no kyerɛɛ Noa, adesamma abusua no nana. Enti, wɔka kyerɛɛ adesamma nyinaa sɛ Ɔbɔadeɛ no bu mogya sɛ egyina hɔ ma nkwa. Enti ɛsɛ sɛ obiara a ose ogye Onyankopɔn tom sɛ Nkwamafo no hu sɛ Ɔpaw gyinabea a ɛnsakra wɔ mogya a nkwa wom a wɔde di dwuma ho.

5. Dɛn titiriw nti na na Israelfo nni mogya?

5 Onyankopɔn san bɔɔ mogya din bere a na ɔde Mmara no rema Israel no. Sɛnea Jewish Tanakh nkyerɛase no kyerɛ no, Leviticus 17:10, 11 kenkan sɛ: “Sɛ obiara a ofi Israel fi anaasɛ ahɔho a wɔte wɔn mu no di mogya biara a, Mɛma m’ani asa onipa a odi mogya no, na Metwa no afi n’abusua mu. Efisɛ ɔhonam no nkwa wɔ mogya no mu.” Na saa mmara no betumi ayɛ nea akwahosan mu mfaso wom, nanso na pii wom sen saa. Na ɛsɛ sɛ Israelfo no de wɔn ho to Onyankopɔn so na wɔanya nkwa denam mogya a wobebu no sɛ ade titiriw no so. (Deuteronomium 30:19, 20) Yiw, na ɛnyɛ ade titiriw nti a ɛnsɛ sɛ wodi mogya no ne sɛ ebetumi ama wɔayare, na mmom na ɛkyerɛ biribi titiriw ma Onyankopɔn.

6. Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Yesu kuraa Onyankopɔn gyinabea wɔ mogya ho no mu?

6 Afa bɛn na Kristosom gyina wɔ mogya a wɔde begye onipa nkwa no mu? Na Yesu nim nea n’Agya kae wɔ mogya a wɔde bedi dwuma no ho. Yesu “anyɛ bɔne biara, [na] wɔanhu nnaadaa biara wɔ n’anom.” Ɛkyerɛ sɛ odii Mmara no so pɛpɛɛpɛ, a mogya ho mmara no nso ka ho. (1 Petro 2:22, Knox) Ɔnam saayɛ so yɛɛ nhwɛso maa n’akyidifo, a obu ma nkwa ne mogya ho nhwɛso ka ho.

7, 8. Ɔkwan bɛn so na ɛbɛdaa adi pefee sɛ Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho no fa Kristofo ho?

7 Abakɔsɛm da nea esii akyiri yi adi bere a Kristofo sodikuw bagua bi susuw ho sɛ ebia ɛsɛ sɛ Kristofo di Israelfo mmara nyinaa so no. Wɔ ɔsoro akwankyerɛ ase no, wɔkae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ Kristofo sɛ wonni Mose mmara no so, na mmom “ehia” sɛ ‘woyi wɔn ho fi nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ mu.’ (Asomafo no Nnwuma 15:22-29) Enti wɔkyerɛɛ pefee sɛ mogya a wɔbɛkwati no ho hia wɔ abrabɔ fam te sɛ abosonsom ne ɔbrasɛe a anibere wom a wɔbɛkwati ara pɛ.a

8 Tete Kristofo no dii saa ɔsoro mmara no so. Britaniani nhomanimfo Joseph Benson reka ho asɛm no, ose: “Wɔnsakraa mogya a wɔbaraa ne di yi a wɔka kyerɛɛ Noa ne ne nkyirimma nyinaa, na wɔsan tĩĩ mu kyerɛɛ Israelfo no . . . da, na mmom wɔasi so dua wɔ Apam Foforo no mu, Asomafo no Nnwuma xv.; ma enti ɛyɛ asɛyɛde a ɛwɔ hɔ daa.” Nanso, so nea Bible no ka wɔ mogya ho no bara dwuma a wɔde bedi wɔ aduruyɛ nnɛ, te sɛ mogya a wɔde ma, a ɛda adi pefee sɛ wɔamfa anni dwuma wɔ Noa nna no mu anaasɛ asomafo no mmere so no?

Mogya a Ɛwɔ Aduru mu Anaa sɛ Aduru

9. Ɔkwan bɛn so na wɔde mogya dii dwuma sɛ aduru wɔ tete mmere no mu, na ɛne Kristofo gyinabea bɛn na ɛbɔ abira?

9 Mogya a wɔde di dwuma sɛ aduru no nyɛ nnɛ bere yi mu adeyɛ. Nhoma Flesh and Blood, a Reay Tannahill kyerɛwee no da no adi sɛ bɛyɛ mfe 2,000 no, na “wobu mogya sɛ kwata ano aduru a ɛyɛ nnam” wɔ Misraim ne mmeae afoforo. Romafo gye dii sɛ wobetumi asa abiribiriw denam onipa mogya a wɔbɛnom so. Tertullian kyerɛwee mogya a wɔde di dwuma sɛ “aduru” ho asɛm sɛ: “Munsusuw wɔn a wɔde adifudepɛ fa nsɛmmɔnedifo mogya wɔ beae a wɔde nnipa goru atɔprɛ . . . na wɔde kɔ kɔsa wɔn abiribiriw no ho.” Na eyi ne nea Kristofo yɛe no bɔ abira yiye: “Yɛmfa mmoa mogya nka yɛn aduan ho mpo . . . Sɛ moredi Kristofo asɛm a, mode nam a mogya ka ho ma wɔn. Nokwarem no, mugye di sɛ mmara bara wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wodi.” Susuw nea ɛkyerɛ no ho: Sɛ anka tete Kristofo no bedi mogya a egyina hɔ ma nkwa no, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto asiane mu mmom.​—Fa toto 2 Samuel 23:15-17 ho.

10, 11. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn gyinapɛn wɔ mogya ho no bara mogya a wobegye?

10 Ɛwom, saa bere no na wɔmfa mogya mma nkurɔfo, efisɛ wofii ase sɔɔ mogya a wɔde ma no hwɛe wɔ bɛyɛ afeha a ɛto so 16 no mu. Nanso, wɔ afeha a ɛto so 17 no mu no, Copenhagen Sukuupɔn mu nipadua akwaa ho ɔbenfo bi se: ‘Ɛte sɛ nea wɔn a wɔde onipa mogya di dwuma de sa nipadua no mu nyarewa no de di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so, na wɔyɛ bɔne a anibere wom. Wobu wɔn a wodi nnipa nam fɔ. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yekyi wɔn a wɔde onipa mogya gu wɔn menewam fĩ no? Saa ara na obi foforo mogya a efi ntini a wɔatwa mu a wogye no te, sɛ wɔde fa anom anaasɛ wɔde fa mfiri a wɔde mogya fa mu so ma no. Ɔsoro mmara no ma wɔn a wɔde oprehyɛn yi bae bɔ hu.’

11 Yiw, mfehaha a atwam no mpo mu no, nkurɔfo hui sɛ Onyankopɔn mmara bara mogya a wogye fa ntini mu, ne mogya a wodi fa anom. Eyi a wobehu no betumi aboa nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no ma wɔate gyinae a Yehowa Adansefo si, nea ɛne Onyankopɔn gyinabea hyia no ase. Ɛwom sɛ nokware Kristofo bu nkwa sɛ ɛsom bo yiye, na wɔkyerɛ ayaresa wɔ ayaresabea ho anisɔ de, nanso wobu nkwa sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ, enti wɔmmɔ mmɔden sɛ wobegye mogya na ama wɔn nkwa atra hɔ.​—1 Samuel 25:29.

So Egye Nkwa wɔ Aduruyɛ Mu?

12. Mmadwemma betumi de ntease asusuw mogya a wɔde ma mu ade bɛn ho?

12 Abenfo akyerɛ mfe pii sɛ mogya gye nkwa. Ebia nnuruyɛfo bɛka sɛ wɔmaa obi a na ne mogya so atew kɛse no mogya, na ne ho tɔɔ no. Enti nkurɔfo bebisa sɛ, ‘Aduruyɛ fam no, nyansa a ɛwɔ Kristofo gyinabea no mu anaa ennim no ne dɛn?’ Ansa na ɔbadwemma bi besusuw ayaresa bi a asiane wom ho no, ɔbɛhwɛ mfaso ne asiane ahorow a ebetumi afi mu aba no ho. Na mogya a wɔde ma nso ɛ? Nokwasɛm no ne sɛ asiane pii wɔ mogya a wɔde ma no mu. Ebetumi akum wo mpo.

13, 14. (a) Akwan horow bɛn so na ada adi sɛ mogya a wɔde ma mu wɔ asiane ahorow no? (b) Ɔkwan bɛn so na paapa no osuahu no ma yehu akwahosan mu asiane a ɛwɔ mogya mu?

13 Nnansa yi ara Nnuruyɛfo L. T. Goodnough ne J. M. Shuck kae sɛ: “Ayaresabea adwumayɛfo fi bere tenten ahu sɛ ɛwom sɛ yetumi bɔ mogya a wonya no ho ban na nyarewa antra mu sɛnea yebetumi de, nanso asiane wɔ mogya a wɔde ma mu bere nyinaa. Ɔhaw a ɛtaa fi mogya a wɔde ma mu ba no da so ara yɛ mmerɛbo mu yare a wɔato din sɛ non-A, non-B (NANBH) a wonya; nea ɛka ɔhaw ahorow a ebetumi afi mu aba ho ne mmerɛbo mu yare a wɔato din sɛ B, tumi a nipadua no nya de pow biribiara a ɛba mu, nea nipadua no yɛ wɔ mogya a wɔde ma ho, nipadua no mu mmoawa a wɔko tia nyarewa no dwumadi a egyae, ne iron mmoroso.” Amanneɛbɔ no reka asiane a anibere wom no biako pɛ ho asɛm ‘kakraa bi’ no, ɛde kaa ho sɛ: “Wɔhwɛ kwan sɛ nnipa bɛyɛ 40,000 [wɔ United States nkutoo] benya NANBH (mmerɛbo mu yare) afe biara, na eyinom mu ɔha biara mu nkyem 10 benya mmerɛbo mu akisikuru.”​—The American Journal of Surgery, June 1990.

14 Esiane sɛ nnipa pii ahu sɛ wobetumi anya ɔyare afi mogya a wɔde ma mu no nti, nkurɔfo resusuw adwene a wokura wɔ mogya a wɔde ma ho no bio. Sɛ nhwɛso no, bere a wɔtow paapa no tuo wɔ 1981 mu akyi no, wɔsaa no yare wɔ ayaresabea bi na woyii no. Akyiri yi ɔsan kɔdaa hɔ asram abien, na ne yare no mu yɛ den araa ma, na ɛte sɛ nea obegyae asɔfodi sɛ ɔyarefo. Dɛn ntia? Onyaa ɔyare bi a ɛmaa mogya mu nkwa mmoawa honhon fii mogya a wɔde maa no no mu. Ebinom betumi abisa sɛ, ‘Sɛ ɔyare wɔ mogya a wɔde maa paapa no mpo mu a, ɛnde mogya a wɔde ma yɛn nnipa a yɛba fam no nso ɛ?

15, 16. Dɛn nti na asiane wɔ mogya a wɔde ma mu, sɛ wɔahwehwɛ mu sɛ wobehu nyarewa wom mpo a?

15 Obi betumi abisa sɛ: ‘Nanso so wontumi nhwehwɛ mogya mu nhwɛ sɛ nyarewa wom?’ Wiɛ, susuw nhwehwɛmu a wɔyɛ de hwehwɛ mmerɛbo mu yare a wɔfrɛ no hepatitis B no ho sɛ nhwɛso. Patient Care (February 28, 1990) daa no adi sɛ: “Mmerɛbo mu yare a wonya wɔ mogya a wɔde ma akyi no so tewee, bere a wɔhwehwɛɛ [ɛno] wɔ mogya mu wɔ wiase nyinaa no akyi, nanso mmerɛbo mu yare a wɔfrɛ no hepatitis B no ara na ɛma wonya mmerɛbo mu yare wɔ mogya a wɔde ma no akyi no mu ɔha biara mu nkyem 5-10.”

16 Mfomso a wodi wɔ nhwehwɛmu a ɛte sɛɛ mu no nso yɛ nea mogya mu yare foforo​—AIDS ma wohu. AIDS yare a atrɛw no ama nkurɔfo ahu asiane a ɛwɔ mogya a ɔyare wom no mu. Ɛyɛ ampa sɛ mprempren wɔyɛ mogya mu nhwehwɛmu na ama wɔahu sɛ ɔyare no aboawa no wom anaa. Nanso ɛnyɛ mmeae nyinaa na wɔhwehwɛ mogya mu, na ɛte sɛ nea AIDS aboawa no betumi atra nkurɔfo mogya mu mfe pii a mprempren nhwehwɛmu mma wonhu. Enti ayarefo betumi anya AIDS​—na wɔanya AIDS​—afi mogya a wɔhwehwɛɛ mu na wɔkyerɛe sɛ ebi nnim no mu.

17. Ɔkwan bɛn so na mogya a wɔde ma no betumi apira obi a wɔrenhu no ntɛm?

17 Nnuruyɛfo Goodnough ne Shuck kaa “nipadua no mu mmoawa a wɔko tia nyarewa no dwumadi a egyae” ho asɛm. Yiw, wɔrenya adanse pii a ɛkyerɛ sɛ mogya a wɔde atoto ho yiye ahwɛ mpo betumi asɛe ɔyarefo bi nipadua mu mmoawa a wɔko tia nyarewa no, na abue kwan ma wanya akisikuru na wawu. Enti Canadafo nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ “ayarefo a wɔwɔ eti ne kɔn ho akisikuru” ho no kyerɛe sɛ wɔn a wogyee mogya, bere a wɔreyi ahonhon bi no nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no dwumadi ano brɛɛ ase akyiri yi. (The Medical Post, July 10, 1990) Na Southern California Sukuupɔn mu nnuruyɛfo de amanneɛbɔ ama sɛ: “Wɔn a wɔannye mogya a wɔn menewam akisikuru san bae no dodow yɛ ɔha biara mu nkyem 14, na wɔn a wogyee mogya no dodow yɛ ɔha biara mu nkyem 65. Wɔn a wɔyare anom akisikuru, menewam akisikuru ne hwene anaa eti mu kuru a wɔannye mogya nanso wɔn yare no san bae no dodow yɛ ɔha biara mu 31, wɔn a wogyee mogya na ɛsan bae no dodow yɛ ɔha biara mu 71.” (Annals of Otology, Rhinology & Laryngology, March 1989) Ɛte sɛ nea nipadua no mu mmoawa a wɔko tia nyarewa no dwumadi a egyae no di nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔn a wɔma wɔn mogya wɔ oprehyɛn mu no benya nyarewa no ho adanse.​—Hwɛ adaka no, kratafa 10.

So Biribi Wɔ Hɔ a Wɔde Besi Mogya Ananmu?

18. (a) Mogya a wɔde ma mu asiane ahorow rema nnuruyɛfo ayɛ dɛn? (b) Nneɛma a wɔde si mogya ananmu ho asɛm bɛn na wubetumi aka akyerɛ wo duruyɛfo?

18 Ebia ebinom bɛte nka sɛ, ‘Asiane wɔ mogya a wɔde ma mu, nanso so biribi wɔ hɔ a wɔde besi ananmu?’ Nokwarem no, yɛpɛ ayaresabea ayaresa a etu mpɔn yiye, enti so akwan pa a etu mpɔn wɔ hɔ a wɔbɛfa so asa nyarewa a emu yɛ den a wɔremfa mogya nni dwuma wom? Nea ɛyɛ anigye no, mmuae no yɛ yiw. The New England Journal of Medicine (June 7, 1990) bɔɔ amanneɛ sɛ: “Esiane sɛ nnuruyɛfo kɔ so hu asiane a ɛne [AIDS] ne nyarewa afoforo a wonya fi mogya a wɔde ma mu no nti, wɔresan asusuw mogya a wɔde ma mu mfaso ne asiane horow ho, na wɔde nneɛma afoforo resi ananmu, a mogya a wɔde ma a wɔkwati koraa ka ho.’”b

19. Dɛn nti na wubetumi anya ahotoso sɛ wubetumi apow sɛ wubegye mogya, nanso wɔasa wo yare ma ayɛ yiye?

19 Yehowa Adansefo fi bere tenten apow sɛ wobegye mogya, a ɛnyɛ akwahosan mu asiane ahorow nti na wɔyɛ saa, na mmom Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho so a wodi no nti. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Nanso, nnuruyɛfo a wɔn ho akokwaw atumi ahwɛ ayarefo a wɔyɛ Adansefo a wɔamfa mogya a asiane ahorow wom no anni dwuma. Sɛ nhwɛso pii a wɔaka ho asɛm wɔ aduruyɛ nhoma mu biako pɛ no, Archives of Surgery (November 1990) kaa koma foforo a wɔde ma ayarefo a wɔyɛ Adansefo a wɔn ahonim maa saa adeyɛ no ho kwan, a wɔamma wɔn mogya no ho asɛm. Amanneɛbɔ no se: “Mfe bɛboro 25 a wɔde ayɛ Yehowa Adansefo koma oprehyɛn no ama wɔatumi de koma afoforo ama a wɔamfa nneɛma a mogya wom anni dwuma . . . Wɔanwu ansa na wɔreyɛ oprehyɛn no anaa wɔ oprehyɛn no akyi, bere a wɔda ayaresabea no, na nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ akyi ntɛm ara no akyerɛ sɛ saa ayarefo yi nipadua ampow akwaa afoforo a wɔde maa wɔn no kɛse.”

Mogya a Ɛsom Bo Sen Biara

20, 21. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye na wɔannya su a ɛkyerɛ sɛ “Mogya yɛ adubɔne”?

20 Nanso, asemmisa a wɔde pɛɛpɛɛ ho mu a ehia sɛ yɛn mu biara bisa ne ho wɔ hɔ. ‘So masi gyinae sɛ merennye mogya, na dɛn ntia? Nokwarem no, dɛn titiriw nti na merennye?’

21 Yɛaka sɛ nneɛma a etu mpɔn a wɔde besi mogya ananmu a ɛremma obi nhyia asiane ahorow pii a wɔde bata mogyaa wɔde ma ho no wɔ hɔ. Asiane ahorow te sɛ mmerɛbo mu yare anaa AIDS ama nnipa pii pow sɛ wobegye mogya a ɛnyɛ ɔsom nti na wɔyɛ saa. Ebinom ka eyi ho asɛm kɛse te sɛ nea wokura frankaa a wɔakyerɛw mu sɛ “Mogya Yɛ Adubɔne” retu aprenten. Wobetumi atwetwe Kristoni ma wakɔtu saa aprenten no bi. Nanso ɛyɛ aprententu a hwee remfi mu mma. Ɔkwan bɛn so?

22. Nkwa ne owu ho adwene a ntease wom bɛn na ɛsɛ sɛ yenya? (Ɔsɛnkafo 7:2)

22 Nokware Kristofo nim sɛ sɛ wonya ayaresa a ɛsen biara wɔ ayaresabea a ɛsen biara mpo mu a, edu bere bi a, nnipa wu. Sɛ wɔma mogya anaasɛ wɔamma mogya a, nkurɔfo wu. Saa a yɛka no nkyerɛ sɛ yegye nkrabea di. Ɛkyerɛ sɛ yegye nokwasɛm tom. Owu yɛ asetra mu nokwasɛm nnɛ. Mogya taa pira nnipa a wobu Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho so no ntɛm ara anaa akyiri yi. Mogya a wɔde ma no kum ebinom mpo. Nanso sɛnea ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hu no, wɔn a wonwu wɔ mogya a wɔde maa wɔn no mu no nnyaa daa nkwa ɛ, enti ɛnnaa adi sɛ mogya agye wɔn nkwa koraa. Ɔkwan foforo so no, wɔn a wogyina ɔsom ne/anaa aduruyɛ so pow sɛ wɔbegye mogya, nanso wɔpene ayaresa foforo so no ho tɔ wɔn yiye. Wobetumi anya mfe pii aka wɔn nkwa nna ho​—nanso ɛnyɛ daa.

23. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho no fa abɔnefo a yɛyɛ a yehia agyede no ho?

23 Yɛ a nnipa a wɔte ase nnɛ nyinaa nyɛ pɛ, na wowuwu nkakrankakra no twe yɛn adwene si nea Bible ka fa mogya ho no mu asɛntitiriw no so. Onyankopɔn ka kyerɛɛ adesamma nyinaa sɛ ɛnsɛ sɛ wodi mogya. Dɛn ntia? Efisɛ egyina hɔ ma nkwa. (Genesis 9:3-6) Ɔhyɛɛ mmara ahorow a ɛka nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa nyinaa yɛ abɔnefo no ho asɛm wɔ Mmara no mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔnam mmoa afɔrebɔ so betumi akyerɛ sɛ ehia sɛ wɔpata wɔn bɔne. (Leviticus 4:4-7, 13-18, 22-30) Ɛwom sɛ ɛnyɛ eyi na ɔhwehwɛ afi yɛn hɔ nnɛ de, nanso ɛkyerɛ biribi nnɛ. Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔde afɔrebɔ bi a ebetumi apata gyidifo nyinaa bɔne bɛma: agyede no. (Mateo 20:28) Enti na ehia sɛ yenya adwene a Onyankopɔn kura wɔ mogya ho no bi.

24. (a) Dɛn nti na ɛbɛyɛ mfomso sɛ yebebu akwahosan mu asiane ahorow sɛ mogya ho ade titiriw? (b) Dɛn ankasa na ɛsɛ sɛ ɛyɛ adwene a yekura wɔ mogya a yɛde bedi dwuma no ho nnyinaso?

24 Ɛbɛyɛ mfomso sɛ yɛde yɛn adwene besi mogya mu asiane ahorow ma akwahosan so titiriw, efisɛ ɛnyɛ ɛno so na Onyankopɔn de n’adwene sii. Israelfo no nyaa akwahosan mu mfaso denam mogya a wɔanni no so, te sɛ nea wonyaa prakonam ne mmoa a wodi funu a wɔanni no mu mfaso no. (Deuteronomium 12:15, 16; 14:7, 8, 11, 12) Nanso, kae sɛ bere a Onyankopɔn maa Noa kwan sɛ onni nam no, wammara no sɛ onnni mmoa a wɔte sɛɛ no nam. Nanso ɔhyɛɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ nnipa di mogya. Enti na ɛnyɛ akwahosan mu asiane a wobetumi ahyia titiriw so na Onyankopɔn de n’adwene sii. Na ɛnyɛ ɛno ne mmara a ɛfa mogya ho no mu ade titiriw. Na ɛsɛ sɛ n’asomfo pow sɛ wɔde mogya bɛma wɔn nkwa akɔ so atra hɔ, efisɛ ɛnyɛ ade kronkron, na ɛnyɛ sɛ ɛbɛma wɔn yare titiriw nti. Ɛnyɛ sɛ nyarewa wɔ mogya mu nti na wɔpowee, na mmom esiane sɛ ɛsom bo nti. Afɔre no mogya nkutoo so na wɔnam betumi anya fafiri.

25. Ɔkwan bɛn so na mogya betumi agye nkwa daa?

25 Ɛte saa ara wɔ yɛn fam. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu wɔ Efesofo 1:7 sɛ: “Ɔno [Kristo] mu na yɛanya ogye a ɛnam ne mogya so, ɛne mfomso fafiri no, ne dom bebree.” Sɛ Onyankopɔn de obi bɔne firi no, na obu onii no sɛ ɔtreneeni a, onipa no wɔ daa nkwa ho anidaso. Enti Yesu agyede mogya no tumi gye nkwa​—daa, nokwarem no daa daa.

[Ase hɔ asɛm]

a Mmara no baa awiei sɛ: “Sɛ mohwɛ yiye twe mo ho fi nneɛma yi ho a, mubedi yiye. Mo ho nsan mo yiye!” (Asomafo no Nnwuma 15:29, New World Translation) Asɛm “Mo ho nsan mo yiye” no nyɛ bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ, ‘Sɛ motwe mo ho fi mogya anaasɛ aguamammɔ ho a, mubenya akwahosan pa.’ Na wɔde wie krataa no ara kwa, te sɛ ‘Yekyia mo.’

b Wɔasan aka nneɛma afoforo a etu mpɔn a wɔde besi mogya a wɔde ma ananmu no ho asɛm wɔ How Can Blood Save Your Life? nhomawa a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii wɔ 1990 mu no mu.

So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Dɛn titiriw nti na Yehowa Adansefo pow sɛ wobegye mogya?

◻ Adanse bɛn na esi so dua sɛ Bible no gyinabea wɔ mogya ho no nyɛ nea ntease nnim wɔ aduruyɛ mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na agyede no fa Bible mmara a ɛfa mogya ho no ho?

◻ Ɔkwan biako pɛ bɛn so na mogya betumi agye nkwa daa?

[Adaka wɔ kratafa 10]

MOGYA A WƆDE MA NE NYAREWA AFOFORO A WONYA

Bere a Oduruyɛfo Neil Blumberg san yɛɛ nhwehwɛmu kɔɔ akyiri sɛ ebia obehu sɛ mogya a wɔde ma no betumi ama ayɛ mmerɛw kɛse sɛ ɔyarefo bi benya ɔyare foforo no, ɔkae sɛ: “Mihui wɔ [asɛm no] ho nhwehwɛmu 12 a meyɛe wɔ ayaresabea no mu 10 mu sɛ mogya a wɔde ma nkurɔfo ma asiane a ɛbɛma a wɔanya nyarewa mmoawa no yɛ kɛse. . . Afei nso, mogya a wɔde ma bere tenten bi ansa na wɔayɛ oprehyɛn no betumi aka sɛnea ɔyarefo nipadua tumi ko tia nyarewa afoforo, sɛ tumi a mogya a wɔde ma no nya wɔ nipadua no mu mmoawa a wɔko tia nyarewa no so tra hɔ kyɛ sɛnea nhwehwɛmu bi kyerɛ no a . . . Sɛ wobetumi ama nokwasɛm yi atrɛw na wɔasi so dua a, ɛte sɛ nea nyarewa a emu yɛ den a wonya wɔ oprehyɛn akyi no betumi ayɛ ɛhaw titiriw biako pɛ a efi mogya a wɔde ma mu ba.”​—Transfusion Medicine Reviews, October 1990.

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Mogya mu nkwa mmoawa kɔkɔɔ a wɔama wɔayɛ akɛseakɛse. “Nkwa mmoawa kɔkɔɔ ɔpepem 4 kosi ɔpepem 6 wɔ mogya ounce 0.00003 biara mu.”​—“The World Book Encyclopedia”

[Mfonini Fibea]

Kunkel-CNRI/​PHOTOTAKE NYC

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena