Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 7/15 kr. 4-7
  • Wiase Foforo Bi Abɛn!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Foforo Bi Abɛn!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔahyɛ Wiase Foforo Bi Ho Bɔ
  • Wiase Foforo Bi Abɛn Yiye!
  • Nhyira Horow a Nnipa Ntumi Mfa Mma
  • Wɔadi Ahiade Atitiriw ho Dwuma Yiye
  • So Wobɛtra Hɔ Bi?
  • “Wiase Awiei” Abɛn!
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ?
    So Wiase Yi Bɛkɔ so Atra Hɔ?
  • Ɛnkyɛ Onyankopɔn Atirimpɔw Bɛbam
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 7/15 kr. 4-7

Wiase Foforo Bi Abɛn!

AMANYƐFO aka wiase nhyehyɛe foforo bi a wɔn ankasa reyɛ ho nsɛm pii. Wɔka ehu ne nnipa ne aman ntam biakoyɛ ho akwanside ahorow a wobeyi afi wiase no mu ho asɛm. Nanso so nnipa na ɛsɛ sɛ wɔde wiase nhyehyɛe foforo bi ba?

Adesamma anya mfehaha pii a wɔde bɛhyehyɛ wiase a asomdwoe ne ahotɔ wom. Akyinnye biara nni ho sɛ pii fi koma pa mu na wɔbɔɔ nneɛma a ɛtete saa ho mmɔden. Nanso, sɛnea nniso horow a nnipa anya adwene sɛ wɔbɛhyehyɛ de adi atirimpɔw a ɛte sɛɛ ho dwuma no te mfa ho, asɛm a Bible no kae no abam: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”​—Yeremia 10:23.

Wɔahyɛ Wiase Foforo Bi Ho Bɔ

Nanso, Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no ara ma yɛn awerɛhyem sɛ wiase foforo bi bɛba. Kristoni ɔsomafo Petro kae wɔ nneɛma nhyehyɛe dedaw no awiei ho nkɔm a ɔhyɛe no akyi sɛ: “Na sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.”​—2 Petro 3:10-13.

Eyi yɛ hena bɔhyɛ? Ɛnyɛ obiara na ɔde mae sɛ Yehowa. “Ɔsorosoroni, [wɔ] asase nyinaa so” no. (Dwom 83:18) Ɔbɛyɛ nea nnipa ntumi nyɛ. Yiw, Yehowa Nyankopɔn de wiase foforo bi bɛba. Nanso bere bɛn?

Wiase Foforo Bi Abɛn Yiye!

Ansa na Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no bɛba koraa no, ɛsɛ sɛ mprempren “wiase,” anaa “nneɛma nhyehyɛe” no ba n’awiei. Yesu Kristo asuafo no bisaa eyi ho asɛm sɛ: “Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛba, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3) Sɛnea New World Translation a ɛkyerɛ nsɛm ase yiye no ka no, Yesu akyidifo no bisaa no sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, Bere bɛn na eyinom bɛba, na dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne?”

Yesu rebua no, ɔkaa ne mmae a aniwa nhu sɛ honhom nipa wɔ ɔsoro Ahenni tumi mu ho sɛnkyerɛnne afã horow pii no ho asɛm. (1 Petro 3:18) Sɛ nhwɛso no, ɔkae sɛ: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so; na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.” Efi “awoko yaw mfiase” wɔ 1914 mu no, “awo ntoatoaso yi” a Yesu twee adwene sii so no ahu akodi a ɛrekɔ so, aduankɔm ne asasewosow sɛ ne mmae a aniwa nhu ho sɛnkyerɛnne no fã.​—Mateo 24:7, 8, 34.

Efi 1914 reba no, akodi asisi wɔ awo ntoatoaso yi mu wɔ ɔkwan a ebi mmae da so. Wiase Nyinaa Ko I kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 14. Wokunkum asraafo ne ɔmanfo ɔpepem 55 wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu. Nnipa bɛboro ɔpepem 100 ahwere wɔn nkwa wɔ ɔko mu fi 1914. Nokwarem no, eyi yɛ Yesu mmae ho sɛnkyerɛnne no fã.

Aduankɔm a Yesu hyɛɛ ho nkɔm no nso baa aman pii mu wɔ wiase nyinaa akodi ahorow abien no biara akyi. Nyansahu mu nkɔso nyinaa akyi no, wiase no mu nnipa bɛyɛ nkyem anan mu biako redi kɔm nnɛ. Aduan pa a wonnya nni ma mmofra ne nnipa afoforo ɔpepem pii wuwu afe biara. The World Book Encyclopedia se: “Afrika, Asia, ne Latin Amerika aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu pii nni aduan a ɛbɛso wɔn nkurɔfo di. Ɔkɔm de aman yi mu nnipa ɔpepem pii. Sɛ biribi nti aduan a wonya anaasɛ wɔkra fi amannɔne no so tew a, ɔkɔm tumi ba na nnipa mpempem anaa ɔpepem pii wuwu.”

Asasewosow akunkum nnipa pii wɔ awo ntoatoaso yi a ɛhyɛ “awiei bere no” agyirae no mu. (Daniel 12:4) Wɔn a asasewosow ka wɔn ho akontaabu nyɛ pɛ. Nanso fi 1914 reba no, nneɛma a asasewosow sɛe no akɔ soro wɔ wiase nyinaa, na akunkum nnipa ɔpehaha pii. October 19, 1989 Yorkshire Post no reka eyi mu abien pɛ ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Wɔ 1920 mu no, asasewosow a esii China Jiangsu ɔmantam mu no kunkum nnipa 180,000, na wɔ July 28, 1976 mu no, asasewosow a ɛsɛe ade sen biara wɔ China nnɛyi abakɔsɛm mu sii hɔ. Anyɛ yiye koraa no, nnipa 240,000 wuwui bere a ɛkame ayɛ sɛ asasewosow a anoden yɛ 7.8 wɔ Richter nsenia so sɛee kusuu fam apuei kurow Tangshan pasaa no.” Atesɛm krataa no bobɔɔ afeha a ɛto so 20 yi mu asasewosow atitiriw afoforo bɛboro 30 a aba din.

Wɔkaa Ahenni asɛnka dwumadi nso ho asɛm siei sɛ Yesu mmae a aniwa nhu ho sɛnkyerɛnne no afã horow mu biako. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo a wobisaa ho asɛm no sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Sɛnea Yesu hyɛɛ nkɔm no, mprempren Yehowa Adansefo bɛboro 4,000,000 reyɛ asɛmpaka adwuma yi wɔ asase so nyinaa wɔ nsase 212 so.

Nkɔmhyɛ ahorow yi ne afoforo a abam nnɛ kyerɛ sɛ yɛte “nna a edi akyiri” no mu ampa. (2 Timoteo 3:1-5) “Ahohiahia kɛse” a Yesu Kristo kaa ɛno nso ho asɛm siei no da yɛn anim pɛɛ. Ɛbɛkɔ akowie “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” mu wɔ Harmagedom, na ɛde mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no aba awiei. (Mateo 24:21; Adiyisɛm 16:14-16) Afei Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no bɛba.a

Nhyira Horow a Nnipa Ntumi Mfa Mma

Amanyɛfo de wiase nhyehyɛe foforo bi a wɔbɛyɛ hoahoa wɔn ho. Nanso Yehowa, ɔsoro ne asase Nyankopɔn no nkyerɛɛ nnipa da sɛ wɔmfa wiase foforo bi nsi mprempren nhyehyɛe no ananmu. Ɔno ankasa bɛyɛ saa wɔ da ne dɔn a ne nkutoo na onim mu. (Mateo 24:34, 36) Akwakoraa ɔsomafo Yohane dii kan huu nea ɛnyɛ onipa, na mmom Onyankopɔn bɛyɛ no:

“Na mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan soro ne kan asase no atwam, na ɛpo nni hɔ bio. Na mihuu kurow kronkron no, Yerusalem foforo, sɛ efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian, na wɔasiesie no sɛ ayeforo a wɔahyehyɛ no ama ne kunu. Na metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam. Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ meyɛ ade nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”​—Adiyisɛm 21:1-5.

“Ɔsoro foforo” no ne Yesu Kristo ɔsoro Ahenni no. “Asase foforo” no nyɛ asase okyinsoroma foforo, na mmom nnipa abusua foforo a wɔte okyinsoroma yi so​—wɔn nyinaa yɛ Kristo Ahenni no nkoa asoɔmmerɛfo a abusua, ɔman, anaasɛ kasa mu mpaapaemu nni wɔn mu. (Fa toto Dwom 96:1 ho.) Saa bere no na wɔasɛe mprempren sɛnkyerɛnne kwan so ɔsoro ne asase​—Ɔbonsam nneɛma nhyehyɛe no ne sɛnea wɔahyehyɛ ne nniso no a Satan ne n’adaemone wɔ so nkɛntɛnso no​—dedaw. (1 Yohane 5:19) Ɛwom sɛ ɛpo ankasa bɛkɔ so atra hɔ de, nanso sɛnkyerɛnne kwan so ɛpo a ɛne adesamma abɔnefo a wɔyɛ bagyabagya no befi hɔ. Yesu ɔsoro mfɛfo sodifo no na wɔka bom yɛ Yerusalem Foforo no, na wɔne no hyehyɛ ahyehyɛde titiriw bi a ebedi adesamma trenee abusua no so. Onyankopɔn ‘besi ntamadan’ wɔ adesamma asoɔmmerɛfo mu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so, bere a wɔnam Kristo so ka wɔne no bom koraa wɔ mfirihyia apem Atemmu Da no mu no.​—Adiyisɛm 14:1-4; 20:6.

Yebenya nneɛma pii a yebegyina so anya anigye wɔ Ahenni nniso ase. Awerɛhodi, osu, ne ɛyaw a nyarewa, awerɛhow, ne nneɛma a ɛtete saa de ba no bɛyɛ nneɛma a atwam. Owu mpo a efi yɛn ɔwofo a odi kan, Adam ɔbɔnefo, no so trɛw bɛkaa adesamma no befi bɔ. (Romafo 5:12) Anigye bɛn ara na ɛbɛba sɛɛ yi, bere a nea ɛma wosu wɔ wiase nyinaa afi hɔ koraa no!

Ɛnyɛ nnipa a wowu na mmom Onyankopɔn ankasa na ɔde nhyira horow yi ho awerɛhyem ma. Ɔno na ose: “Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo.” Yiw, Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔsomafo Yohane sɛ: “Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”

Wɔadi Ahiade Atitiriw ho Dwuma Yiye

Awiei koraa no, asase no bɛdan paradise wɔ wiase foforo a Onyankopɔn bɛyɛ no mu. Eyi bɛbam ampa, efisɛ Yesu hyɛɛ ɔdebɔneyɛfo a onuu no ho a wɔbɔɔ no asɛndua mu kaa ne ho no bɔ sɛ: “Nokware mise wo nnɛ sɛ, Wobɛka me ho wɔ Paradise.” (Luka 23:43, NW) Wɔbɛma nnipa nsa aka wɔn ahiade nyinaa te sɛ aduan ne dabere wɔ paradise tebea horow mu.

Aduankɔm rekunkum nnipa ɔpepem pii nnɛ. Nanso sɛnea mmɔden a ebia wɔbɔ sɛ wɔbɛma wɔn a ɔkɔm de wɔn no aduan no kɛse te biara no, adifudepɛ ne nneɛma afoforo siw ɔhaw ahorow a ɛte sɛɛ a onipa bedi ho dwuma no kwan. Sɛ nhwɛso no, Saturday Star atesɛm krataa bi a wɔyɛ no Johannesburg, South Africa, no bɔ amanneɛ sɛ: “Amammui mu akyinnyegye, petrol a ne bo ayɛ den, Afrika akodi ahorow a ɛte sɛ nea ɛremma awiei da no ho ɔbrɛ aka abom rema ogye nneɛma ka akyiri . . . Wɔ Sudan a ɛyɛ aman a ɔkɔm wom sen biara no mu biako mu no, ɔkɔm bɛde nnipa ɔpepem 5 kosi 6 wɔ 1991 mu.” Nanso yɛn werɛ befi ɔkɔm wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Wɔ Ahenni nniso ase no, “asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.”​—Dwom 72:16.

Dabere nso ne adesamma ahiade a nnipa pii nni bi wɔ yɛn bere yi mu. Ɔpepem pii tete adan nketenkete mu anaa wonni afie koraa. Sɛnea The New York Times kyerɛ no, Apuei Fam ɔman bi mu no, “ɛsɛ sɛ eletroniks adwumakuw bi . . . adwumayɛfo a wɔadi mfe 20 twɛn mfe 73 ansa na wɔanya adan,” na aban amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nnipa binom tra “adekora adan, office ne tiafi adan mpo mu.” Nanso hwɛ sɛnea tebea no bɛyɛ soronko wɔ wiase foforo no mu! Wɔ Paradise a ɛbɛba no mu no, “wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.”​—Yesaia 65:21, 22.

Abɔde a nkwa wom ne wɔn atrae ho ɔhaw ahorow befi hɔ wɔ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no mu. Nneɛma a ebetumi asɛe akwahosan ne mframa a ɛsɛe nnɔbae no rentra hɔ bio. Efi ne afifide ne mmoa atrae a ɛsɛe a mprempren ɛreyɛ atɔre afifide ne mmoa ahorow ase no renyɛ saa bio. Na nneɛma te sɛ mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so a ɛresɛe no remfa nkwa nto asiane mu wɔ asase so bio. Yebetumi agye adi sɛ Yehowa bedi ɔhaw ahorow yi nyinaa ho dwuma, efisɛ n’Asɛm hyɛ yɛn bɔ sɛ ɛrenkyɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’​—Adiyisɛm 11:18.

Wɔ wiase foforo no mu no, akodi bɛyɛ ade a atwam, nanso ɛnyɛ sɛ amanyɛfo atumi ama amanaman no de wɔn akode agu hɔ nti na ɛbɛba saa. Mmom no, Onyankopɔn bɛyɛ nea amammui sodifo antumi anyɛ no. Ɔbɛma adesamma asoɔmmerɛfo anya asomdwoe ma ɛne odwontofo no nsɛm yi ahyia: “Mommra mmɛhwɛ [Yehowa] nnwuma, ɔsɛe ko a wama aba asase so. Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam.” (Dwom 46:8, 9) Wɔ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ a abɛn yiye no mu no, nnipa renni ako bio, na mmom wobenya nokware asomdwoe ne ahotɔ.​—Mika 4:2-4.

So Wobɛtra Hɔ Bi?

Wubetumi anya wiase foforo a Yehowa Nyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu ahotoso. Onni atoro. (Hebrifo 6:17, 18) N’Asɛm a ɛne Bible no yɛ nokware, na nea ɛhyɛ ho bɔ no ba mu bere nyinaa.​—Yohane 17:17.

Asɛmpa a ɛne nhyira horow a ɛyɛ nwonwa ma adesamma asoɔmmerɛfo no ne nea Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛka ho asɛm akyerɛ nnipa komapafo nyinaa. Ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ wubenya ɔsoro atirimpɔw ho nimdeɛ mprempren, na woayɛ Kyerɛw Kronkron no mu bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa no ho ade. Eyi betumi ama woanya daa nkwa efisɛ Yesu se: “Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Ɛno na afei wubenya hokwan de anya bere a ɛda yɛn anim pɛɛ mu anigye, efisɛ Onyankopɔn wiase foforo no abɛn!

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no atiri 17 ne 18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena