Mpaebɔ A Ɔkwan Biara So No Wɔbɛma Ho Mmuae
MPAEBƆ bi wɔ hɔ a ɔkwan biara so no wobebua. Emu nsɛntitiriw no wɔ nhwɛso a Yesu Kristo de maa n’asuafo no mu bere a ɔkae eyi no: “Enti mommɔ mpae sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:9-13.
Wɔatĩ saa Yesu mpaebɔ nhwɛso no mu nsɛm no mu aka mpɛn ɔpepem pii. Ɛwom sɛ Kristo anhwɛ kwan sɛ ne nokware akyidifo betĩ mpaebɔ a ɛte sɛɛ mu nsɛm mu aka mpɛn pii kɛkɛ de, nanso ɔkwan biara so no wobebua wɔn adesrɛ a ɛda adwene a ɛte saa ara adi no. (Mateo 6:7, 8) Enti, dɛn na Onyankopɔn din a wɔbɛma ho atew no kyerɛ? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae sɛ n’Ahenni mmra? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yebisa sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn apɛde?
“Wo Din Ho Ntew”
Yehowa a ɔne “Ɔsorosoroni, asase nyinaa so” no ne Onii a Yesu ka ne ho asɛm sɛ “yɛn Agya a wowɔ soro” no. (Dwom 83:18) Onyankopɔn yɛɛ Israelfo no ‘agya’ denam Misraim nkoasom mu a ogyee wɔn fii na ɔne wɔn hyehyɛɛ apam no so. (Deuteronomium 32:6, 18; Exodus 4:22; Yesaia 63:16) Ɛnnɛ, Kristofo a wɔasra wɔn no wɔ obu a emu dɔ ma Yehowa sɛ wɔn Agya. (Romafo 8:15) Na wɔn ahokafo a wɔwɔ asase so anidaso no nso bɔ Yehowa Nyankopɔn mpae sɛ wɔn Agya.—Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:1-9.
Nanso dɛn nti na yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn din ho ntew? Efisɛ efi bere a nnipa baanu a wodi kan no tew atua wɔ Eden turo no mu no, wɔde ahohorabɔ aba din kronkron no so. Sɛ Yehowa rebua mpaebɔ a ɛte sɛɛ no a, ɔbɛpopa ahohorabɔ a wɔde aba ne din a wɔde kae no so no nyinaa afi hɔ. (Dwom 135:13) Ɔnam nsɛmmɔnedi a obeyi afi asase so no so na ɔbɛyɛ saa. Onyankopɔn nam ne diyifo Hesekiel so kaa saa bere no ho asɛm sɛ: “Na mɛyɛ me ho kɛse na mayɛ me ho kronkron, na mama wɔahu me, amanaman bebree anim, na wɔahu sɛ mene [Yehowa].”—Hesekiel 38:23.
Yehowa Nyankopɔn yɛ kronkron na ne ho tew. Enti ɛsɛ sɛ yɛtew ne din ho, anaasɛ yebu no sɛ ɛyɛ kronkron. Ɔnam ade a ɔbɛyɛ de atew ne ho wɔ abɔde nyinaa anim no so bɛda ne kronkronyɛ adi. (Hesekiel 36:23) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Yehowa anim dom ne daa nkwa de nidi bu Yehowa na wɔtew ne din ho denam bu a wobebu no sɛ ɛyɛ soronko na ɛkorɔn sen din afoforo nyinaa no so. (Leviticus 22:32; Yesaia 8:13; 29:23) Enti, Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Wo din ho ntew” anaasɛ “wommu no kronn; wommu no sɛ ɛyɛ kronkron.” Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bebua Yesu mpaebɔ nhwɛso no fã yi.
“W’ahenni Mmra”
Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo nso sɛ: “W’ahenni mmra.” Ɔkwan biara so no wobebua mpae a yɛbɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra no. Ahenni no ne Yehowa amansan nniso a ɔnam ɔsoro Mesia nniso a ne Ba, Yesu Kristo ne n’ahokafo “akronkronfo” di so ahene no so da no adi no. (Daniel 7:13, 14, 18, 22, 27; Yesaia 9:6, 7) Yehowa Adansefo fi bere tenten de Kyerɛwnsɛm no akyerɛ sɛ wɔde Yesu sii ahengua so sɛ ɔsoro Hene wɔ afe 1914 mu. Ɛnde, dɛn nti na ɛsɛ sɛ obiara bɔ mpae sɛ Ahenni no “mmra”?
Nokwarem no, Ahenni no a yɛbɔ mpae sɛ ɛmmra no kyerɛ sɛ yɛrebisa sɛ ɛmmɛsɛe wɔn a wɔsɔre tia ɔsoro nniso no a wɔwɔ asase so no nyinaa. Ɛrenkyɛ ‘[Nyankopɔn] ahenni bebubu [asase so] ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de ebegyina daa.’ (Daniel 2:44) Asɛm a ebesi yi bɛboa ma wɔatew Yehowa din kronkron no ho.
“Nea Wopɛ Nyɛ”
Yesu san hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ soro.” Eyi yɛ adesrɛ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nyɛ ade ma ɛne n’atirimpɔw ma asase no nhyia. Ɛte sɛ odwontofo no mpaemuka no ara pɛ: “Biribiara a [Yehowa] pɛ no, ɔyɛ, ɔsoro ne fam, ɛpo ne abun nyinaa mu. Ɔma amununkum fi asase ano ba, ɔyɛ anyinam ma osutɔ, oyi mframa fi ne korabea. Okum Misraim mmakan fi nnipa so kosi mmoa so. Ɔmaa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade baa wo, Misraim, mfinimfini, Farao ne ne nkoa nyinaa so. Ɔbobɔɔ amanaman pii, na okum ahene atumfo.”—Dwom 135:6-10.
Mpae a yɛbɔ sɛ Yehowa apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so no yɛ abisade a ɛkyerɛ sɛ ɔmma atirimpɔw a okura wɔ okyinsoroma yi ho no mmra mu. Nea ɛka eyi ho ne wɔn a wɔsɔre tia no a obeyi wɔn afi hɔ koraa, te sɛ nea oyii wɔn a wɔsɔre tiaa no binom fii hɔ wɔ tete no. (Dwom 83:9-18; Adiyisɛm 19:19-21) Akyinnye biara nni ho sɛ wobebua mpae a yɛbɔ sɛ wɔnyɛ Yehowa apɛde wɔ asase so ne amansan no mu nyinaa no.
Bere a Ahenni no Di Tumi
Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan a ɛnyɛ nsɛmmɔnedi a abu so mprempren wɔ adesamma abusua no mu, bere a Onyankopɔn Ahenni di tumi na wɔyɛ ɔsoro apɛde wɔ asase so sɛnea wɔyɛ wɔ ɔsoro no? Sɛnea ɔsomafo Petro kyerɛ no, “sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:13) “Ɔsoro foforo” no yɛ honhom mu tumidifo atreneefo—Yesu Kristo ne 144,000 yɔnko adedifo wɔ ɔsoro Ahenni no mu. (Romafo 8:16, 17; Adiyisɛm 14:1-5; 20:4-6) “Asase foforo” no nyɛ okyinsoroma foforo a ɛyɛ asase. Mmom no, ɛyɛ nnipa atreneefo abusua bi a wɔte asase no so.—Fa toto Dwom 96:1 ho.
Wɔ Ahenni nniso no ase no, wɔbɛma asase no adan paradise (Luka 23:43) Adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa benya nokware asomdwoe ne yiyedi. (Dwom 72:1-15; Adiyisɛm 21:1-5) Wubetumi ayɛ nnipa dɔm a wɔwɔ anigye no mu biako sɛ woyɛ Mesia nniso a edi asase so nkoa asoɔmmerɛfo so no dawurubɔfo nokwafo a. Saa nniso no adawurubɔfo bɔ mpae a emu yɛ den sɛ Yehowa din ho ntew, sɛ n’Ahenni mmra, na wɔnyɛ n’apɛde. Akyinnye biara nni ho sɛ obebua wɔn mpaebɔ a efi komam no.