So Aweredi Yɛ Mfomso?
Wɔ Amerika lɔre kwan bi so no, kar bi anyɛ ntɛm annyina ma kar foforo bi atumi atwam. Kar a ɛto so abien no kafo tow afiri a ɛrehaw n’adwene no tuo de tuaa no so ka, na okum kar no muni bi a ɔnyɛɛ no hwee ɛ.
Wɔde abeawa bi a onnii mfe aduonu afã a ɔwɔ wɔ sukuu agorudi bi mu maa abeawa foforo. Abeawa a odi kan no bɔ no so were denam abeawa foforo no mpena a ɔkɔka kyerɛɛ no sɛ abeawa no ne abarimaa foforo retwe mpena wɔ sukuu foforo mu no so. Ɔnam saa kwan no so sɛee abeawa no ne ne mpena no ntam abusuabɔ no.
NNIPA pii te nka sɛ ɛteɛ sɛ bere a wosusuw sɛ obi adi wɔn mfomso bi no, wɔyɛ no biribi de tua no so ka. Ɔkwan bi so no, wodi asɛm a wɔka sɛ: “Mma wo bo mfuw, yɛ bi tua ka mmom,” no so. Ɛnnɛ, ɔyɔnko dɔ ano abrɛ ase koraa, na aweredi honhom rekɔ soro.—Mateo 24:12.
Nanso, wubu aweredi dɛn? Sɛ wugye Bible no di a, ebia wote nka sɛ aweredi ankasa de, ɛyɛ mfomso. Nanso esiane sɛ yɛte wiase bɔne mu nti, ebia wobɛte nka sɛ mpɛn pii no, fafiri a ɛne aweredi bɔ abira no, nyɛ nea ntease wom. Sɛ wosisi wo anaa wotwa wo dwow a, dɛn na wobɛyɛ? Sɛ obi bu n’ani gu wo so anaa sɛ ɔka wo ho asɛmmɔne kyerɛ afoforo a, so woyɛ no biribi de tua no so ka? So wudi were anaa wode firi?
Aweredi Su Pira
Nokwarem no, anibere a ɛwɔ mfomso mu gu ahorow. Nanso wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ obi biribi de tua nea wayɛ wɔn no so ka no mu pii nyɛ wɔn a wɔatwa wɔn dwow anaa wɔadi wɔn nsɛmmɔne “Mfomso ahorow” a wɔkaa ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no nyɛ nea anibere wom ahe biara, ɛwom sɛ ɛyɛɛ kɛse wɔ wɔn a wosii gyinae sɛ wɔbɛyɛ biribi de atua so ka no adwenem de.
Bible no se ɛnsɛ sɛ yenya aweredi su. Mmebusɛm 24:29 tu fo sɛ: “Nka sɛ: Sɛ ɔyɛɛ me no, saa na mɛyɛ no.” Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa? Nea edi kan no, su a ɛte sɛɛ sɛe ade wɔ nkate ne honam fam nyinaa. Aweredi ho nsusuwii yi asomdwoe fi hɔ na ɛmma wontumi nsusuw nneɛma ho yiye. Susuw atesɛm amanneɛbɔ yi ho: “Akuafo baanu a wɔtete wɔn kar mu totow wɔn ho tuo kunkum wɔn ho wɔ faako a wɔde kar sisi, na ɛno de mfirihyia 40 mansotwe bi a efii ase bere a wɔyɛ mmofra no baa awiei.” Susuw sɛnea aweredi honhom a ɛkɔɔ so yɛɛ kɛse sɛee mmarima baanu yi adwene wɔn nkwa nna nyinaa no ho hwɛ.—Mmebusɛm 14:29, 30.
Ade foforo nti a ɛnsɛ sɛ yenya aweredi honhom ne sɛ wɔn a wodi mfomso—wɔn a wodi mfomso a anibere wom mpo—betumi asakra. Sɛ nhwɛso no, bere bi ɔsomafo Paulo ‘penee so sɛ wonkum’ osuani Stefano, na ‘ɔhomee ahunahuna ne okum home guu Awurade asuafo so.’ Nanso ɔsakrae. Mfe bi akyi no, ɔsomafo Petro—a Paulo nti ne nkwa baa asiane mu wɔ saa mmere no mu no—frɛɛ Paulo sɛ “yɛn nua dɔfo Paulo.” (Asomafo no Nnwuma 8:1; 9:1; 2 Petro 3:15) Anka Kristofo betumi abɔ mmɔden adi Paulo were, titiriw bere a na ɔretwɛn wɔ Damasko, a n’ani afura no. (Asomafo no Nnwuma 9:3-15) Hwɛ sɛnea anka ɛno bɛyɛ mfomso a ɛyɛ awerɛhow!
Enti, na Paulo betumi de afotu ama ma afata wɔ Romafo 12:20 sɛ: “Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan! Sɛ osukɔm de no a, ma no biribi nnom.” Dɛn ntia? Efisɛ sɛ yetɔ yɛn tamfo so were a, yɛma osen ne kɔn na ɔtan a ɛwɔ yɛne no ntam no mu yɛ den. Nanso sɛ yɛyɛ obi a odi yɛn mfomso anaa opira yɛn no papa a, ebia yɛbɛma ne suban no ano abrɛ ase na ama nea anka ɔyɛ yɛn tamfo no abɛyɛ yɛn adamfo.
Yɛn ankasa mmerɛwyɛ ahorow a yehu nso boa yɛn ma yedi ɛyawdi a ɛma obi kɔn dɔ aweredi no so nkonim. Odwontofo no bisae sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛ akyi a, [Yehowa], hena na anka obegyina?” (Dwom 130:3) Yɛn nyinaa ayɛ afoforo biribi da anaa yɛadi wɔn mfomso pɛn. Sɛ wɔammɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ yɛn biribi de atua yɛn so ka a, so yɛn ani annye ho? Ɛnde, so ɛnsɛ sɛ yedi yɛn ho so saa ara? Yesu de afotu mae sɛ: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Mateo 7:12.
Ampa, Bible no se: “Munkyi bɔne.” (Dwom 97:10; Amos 5:15) Nanso ɛnka nkyerɛ yɛn sɛ yɛntan onii a ɔyɛ bɔne no. Nokwarem no, Yesu hyɛe sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo.” (Mateo 5:44, New World Translation) Sɛ yɛde bɔne tua bɔne so ka a, na yɛresuasua ɔbɔnefo no suban no bi. Tete bɛ bi se: “Nka sɛ: Mɛhyɛ bɔne ananmu. Twɛn [Yehowa], na ɔbɛboa wo.” (Mmebusɛm 20:22) Su a nyansa wom bɛn ara ni! Hwɛ sɛnea eye koraa sɛ yɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ nkonimdifo denam sɔhwɛ a ɛbɛma yɛasuasua abɔnefo a yɛbɛko atia no so.—Yohane 16:33; Romafo 12:17, 21.
Asotwe—Hena na Ɔde Bɛba?
Nokwarem no, nneyɛe bi yɛ nea anibere wom sen sɛ wobedi yɛn mfomso anaasɛ wobepira yɛn. Sɛ wodi yɛn nsɛmmɔne nso ɛ? Yɛn awosu ne sɛ yɛbɛte nka sɛ atɛntrenee nti, ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi. Nanso dɛn na wɔbɛyɛ? Wɔ mmeae bi no, nea wɔtaa yɛ ne sɛ obi ankasa bedi were ama ne ho. Nanso eyi de mansotwe a wokunkum nnipa wom na aba mmeae a ɛte sɛɛ. Ɛnnɛ, Onyankopɔn mmara ahorow ne mpɛn pii no, onipa mmara ahorow mma kwan sɛ ankorankoro bedi nsɛmmɔne a wɔadi wɔn no so were ama wɔn ho, na ntease pa wɔ eyi mu. Basabasayɛ a wɔde ho hyem saa no de basabasayɛ pii na ɛba.
Ɛnde, so ɛsɛ sɛ obi a wodi no nsɛmmɔne pene so ma wɔhaw no a ɔnka hwɛe? Ɛnkyerɛ saa ankasa. Sɛ wɔyɛ yɛn biribi anaasɛ wɔsɛe yɛn agyapade a, atumfo bi wɔ hɔ a yebetumi akɔdan wɔn. Ebia wobɛpɛ sɛ wofrɛ polisifo. Sɛ ɛyɛ adwumam a, kohu wo panyin. Sɛ ɛyɛ sukuu a, ebia wobɛpɛ sɛ wukohu sukuu panyin no. Ɛno ne nea enti a wɔwɔ hɔ no biako —sɛ wɔbɛhwɛ ma atɛntrenee akɔ so. Bible no kyerɛ yɛn sɛ aban atumfo yɛ “Onyankopɔn asomfo a wodi were de abufuw ba nea ɔyɛ bɔne no so.” (Romafo 13:4) Atɛntrenee hwehwɛ sɛ aban no de ne tumi di dwuma, ɛma wogyae nsɛmmɔnedi, na ɛtwe nsɛmmɔnedifo aso.
Ampa, ɛtɔ mmerɛ bi a, wonni atɛntrenee ho dwuma ntɛm. Ɔkyerɛwfo bi a wiase mu nsɛm tebea afono no kae sɛ: “Atɛntrenee te sɛ keteke bi a ɛkame ayɛ sɛ ɛka akyiri mmere nyinaa.” Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a, keteke no mma koraa. Wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ betumi anya tumi araa ma atumfo no rentumi nyɛ wɔn biribiara. Nanso ahosodi ne adeyɛ a nyansa wom ara. Bible no sɛ: “Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafo dwudwo no ma ɛka akyiri.”—Mmebusɛm 29:11.
Aweredi—Hena na Ɔde Bɛba?
Enti, aweredi mu ahosodi a yebenya no de mfaso horow bɛbrɛ yɛn, na yebetumi ayɛ komm atwɛn, a yenim sɛ sɛ ɛfata sɛ wobu atɛntrenee a, Onyankopɔn bɛyɛ saa wɔ bere a ɛsɛ mu. Yehowa nim sɛ sɛ wɔansiw nsɛmmɔnedi ano a, ɛde bɔne a anibere wom ba. (Ɔsɛnkafo 8:11) Ɔremma abɔnefo a wɔasen wɔn kɔn no kwan ma wɔnhyɛ adesamma so daa. Enti na ɔsomafo Paulo tuu yɛn fo sɛ: “Adɔfo, munnnidi mo ho were, na mmom munnyaw mma [Onyankopɔn] abufuw! Na wɔakyerɛw sɛ: Me na aweredi wɔ me, me ara metua ka, [Yehowa] na ose.” (Romafo 12:19) Nokwarem no, Bible no ka Ɔbɔadeɛ no aweredi da bi ho asɛm. Aweredi da yi bɛyɛ dɛn? Na henanom na Onyankopɔn aweredi bɛba wɔn so? Yɛbɛka eyi ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Adaka wɔ kratafa 4]
Sɛnea ɛbɛyɛ na woatumi adi aweredi nkate so no, kae sɛ
□ Onyankopɔn dwen atɛntrenee ho
□ aweredi su a yebenya no pira
□ ayamye a obi yɛ tew ɔne afoforo ntam nsɛnnennen so
□ wɔabu ani agu yɛn ankasa bɔne ahorow pii so
□ wɔn a wodi mfomso betumi asakra
□ yedi wiase no so nkonim denam n’akwan a yɛko tia no so