Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 11/15 kr. 28-31
  • Ɔkwan Bɛn So Na Na Yesu Kristo Yɛ Odiyifo Te Sɛ Mose?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan Bɛn So Na Na Yesu Kristo Yɛ Odiyifo Te Sɛ Mose?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔsɛ wɔ Wɔn Adwuma Mfiase
  • Wɔn Baanu Nyinaa Hyɛɛ Yehowa Anuonyam
  • Nsɛdi Afoforo a Ɛho Hia
  • Tie Nkɔmhyɛ
  • Mose—Sɛnea N’asetra Ka Wo
    Nyan!—2004
  • Momma Yennye Mose Ɔkɛseɛ No Ntom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Yehowa Akwan A Yebesua Ahu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Suasua Mose Gyidi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 11/15 kr. 28-31

Ɔkwan Bɛn So Na Na Yesu Kristo Yɛ Odiyifo Te Sɛ Mose?

YEHOWA NYANKOPƆN nni atoro. (Tito 1:2; Hebrifo 6:18) Enti, wotumi de ho to n’Asɛm Bible no mu nkɔmhyɛ ahorow no so, na ɛyɛ nokware. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛbam.

Saa ɔsoro nkɔmhyɛ ahorow a efi honhom mu no biako ne nea odiyifo Mose hyɛ faa Mesia no ho no. Mose faa Yehowa asɛm kae sɛ: “Mɛma odiyifo so mama wɔn [Israelfo no] wɔn nuanom mu sɛ wo [Mose]; na mede me nsɛm mɛhyɛ n’anom, na waka nea mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn.”​—Deuteronomium 18:17, 18.

Ɔsomafo Petro kae sɛ nkɔmhyɛ yi fa Yesu Kristo ho bere a ɔkae sɛ: “Mose nso kae sɛ: Odiyifo a ɔte sɛ me na [Yehowa] mo Nyankopɔn bɛma no so ama mo mo nuanom mu; ɔno na muntie no, sɛnea ɔbɛka akyerɛ mo nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 3:22) Nokwarem no, Yesu ankasa kae sɛ: “Na sɛ mugye Mose di a, anka mubegye me adi; na me ho nsɛm na ɔno kyerɛwee.” (Yohane 5:46) Yesu ne Mose sɛ wɔ akwan bɛn so?

Wɔsɛ wɔ Wɔn Adwuma Mfiase

Wɔankum Mose ne Yesu nyinaa bi bere a wokunkum mmabanin a wosusuae no. Wɔde akokoaa Mose hintawee demmire mu wɔ Asubɔnten Nil ano, ma enti wɔankum no bere a Misraim Farao hyɛe sɛ wonkunkum Israelfo nkokoaa a wɔyɛ mmarimaa no. Bere a Yesu nso yɛ akokoaa no, wɔankum no bi bere a wokunkum mmarimaa a wɔadi kosi mfe abien wɔ Betlehem ne ne mantam mu no. Te sɛ Farao no, Ɔhene Herode Ɔkɛseɛ a na ɔyɛ Onyankopɔn ne Ne nkurɔfo tamfo no na ɔhyɛe sɛ wonni saa awu no.​—Exodus 1:22-2:10; Mateo 2:13-18.

Mose ne Yesu nyinaa daa odwo honhom adi. Ɛwom sɛ wɔtetee Mose wɔ Misraim hene bi a ɔwɔ tumi fie de, nanso ɔbɛyɛɛ obi a “odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” (Numeri 12:3) Ntotoho kwan so no, na Yesu asom sɛ ɔbapɔmma Mikael a ɔwɔ tumi wɔ soro, nanso ofi ahobrɛase mu baa asase so. (Daniel 10:13; Filipifo 2:5-8) Afei nso, na Yesu wɔ ayamhyehye ma nnipa, na otumi kae sɛ: “Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu.”​—Mateo 11:29; 14:14.

Yehowa som nti, Mose ne Yesu, gyaw dibea a ɛkorɔn ne ahonyade kɛse hɔ. Sɛnea ɛbɛyɛ na wasom Yehowa ne ne nkurɔfo no, Mose pow ahode ne dibea a na ɔwɔ wɔ Misraim no. (Hebrifo 11:24-26) Saa ara nso na Yesu gyaw dibea kɛse ne ahode wɔ soro na ama wasom Onyankopɔn ne Ne nkurɔfo wɔ asase so.​—2 Korintofo 8:9.

Mose ne Yesu nyinaa bɛyɛɛ wɔn a Onyankopɔn asra wɔn. Odiyifo Mose som sɛ nea Yehowa asra no maa Israel man. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, Mose ‘buu Kristo [yɛ a na ɔyɛ nea wɔasra no] sɛ ahonya kɛse mmom sen Misraim ahonyade.’ (Hebrifo 11:26; Exodus 3:1-4:17) Bere bɛn na Yesu bɛyɛɛ Kristo, anaasɛ Nea wɔasra no? Ɔbɛyɛɛ saa bere a wɔde Onyankopɔn honhom kronkron, adeyɛ tumi, sraa no wɔ n’asubɔ mu no. Yesu de adanse mae wɔ Samariani bea no anim wɔ Yakob abura ho wɔ Sikar, ne wɔ Israel sɔfo panyin anim bere a wɔredi n’asɛm sɛ ɔne Mesia anaasɛ Kristo no.​—Marko 14:61, 62; Yohane 4:25, 26.

Mose ne Yesu nyinaa dii mmuada nnafua 40. Wɔ Mose adwuma sɛ Onyankopɔn kasamafo mfiase pɛɛ no, odii mmuada nnafua 40 bere a na ɔwɔ bepɔw Sinai so no. (Exodus 34:28) Yesu dii mmuada nnafua 40 wɔ sare so, na afei ɔko tiaa Satan sɔhwɛ wɔ n’adwuma sɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no mfiase pɛɛ.​—Mateo 4:1-11.

Wɔn Baanu Nyinaa Hyɛɛ Yehowa Anuonyam

Yehowa de Mose ne Yesu nyinaa dii dwuma ma woyii Ne din kronkron no ayɛ. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnkɔ Israelfo no nkyɛn wɔ ‘Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn’ no din mu. (Exodus 3:13-16) Mose gyinaa Onyankopɔn ananmu wɔ Farao a wɔma ɔkɔɔ so traa nkwa mu sɛnea ɛbɛyɛ na Yehowa atumi ayi ne tumi adi akyerɛ no, na wɔaka Ne din ho asɛm asase nyinaa so no anim. (Exodus 9:16) Yesu nso baa wɔ Yehowa din mu. Sɛ nhwɛso no, Kristo kae sɛ: “Mebae m’Agya din mu, na munnye me.” (Yohane 5:43) Yesu hyɛɛ n’Agya anuonyam, na ɔmaa nnipa a Onyankopɔn de wɔn maa no no huu Yehowa din, na ɔma wohuu din no yiye wɔ asase so.​—Yohane 17:4, 6, 26.

Mose ne Yesu baanu nyinaa de ɔsoro tumi yɛɛ anwonwade ahorow a ɛhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Mose yɛɛ anwonwade ahorow de kyerɛe sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔsomaa no. (Exodus 4:1-31) Wɔ n’adwuma no nyinaa mu no, Mose a Onyankopɔn de no dii dwuma maa Po Kɔkɔɔ no mu paee no kɔɔ so yɛɛ anwonwade ahorow de hyɛɛ Yehowa anuonyam. (Exodus 5:1-12:36; 14:21-31; 16:11-18; 17:5-7; Dwom 78:12-54) Yesu nso nam anwonwade ahorow pii a ɔyɛe no so hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam saa ara. Yesu yɛɛ pii araa ma otumi kae sɛ: “Munnye me nni sɛ mewɔ agya no mu, na agya no nso wɔ me mu; na sɛ ɛnte saa a, nnwuma no ara nti munnye me nni!” (Yohane 14:11) Anwonwade ahorow a ɔyɛe no mu bi ne ahum bi a ano yɛ den a ɔma egyaee, ma enti Galilea Po no yɛɛ dinn.​—Marko 4:35-41; Luka 7: 18-23.

Nsɛdi Afoforo a Ɛho Hia

Mose ne Yesu baanu nyinaa de aduan mae wɔ anwonwa kwan so. Na Mose ne Yehowa diyifo bere a wɔnam anwonwa kwan so de aduan maa Israelfo no. (Exodus 16:11-36) Saa ara nso na mpɛn abien wɔ Bible kyerɛwtohɔ mu no, Yesu nam anwonwa kwan so maa nnipadɔm aduan.​—Mateo 14:14-21; 15:32-38.

Wɔde mana a efi soro bataa Mose ne Yesu baanu nyinaa som ho. Na Mose na odi Israelfo no anim bere a wɔde mana a efi soro maa wɔn no, sɛ yɛbɛka no saa a. (Exodus 16:11-27; Numeri 11:4-9; Dwom 78:25) Wɔ ntotoho kwan a ehia yiye so no, Yesu de n’ankasa honam mae sɛ mana a efi soro de gyee adesamma asoɔmmerɛfo nkwa.​—Yohane 6:48-51.

Mose ne Yesu baanu nyinaa dii nkurɔfo anim fii nkoasom mu kɔɔ ahofadi mu. Onyankopɔn de Mose dii dwuma ma odii Israelfo no anim fi Misrifo nkoasom mu kɔɔ ahofadi mu sɛ Ne nkurɔfo. (Exodus 12:37-42) Saa ara na Yesu Kristo redi n’akyidifo anim akɔ ahofadi mu. Kristo bedi adesamma asoɔmmerɛfo anim akɔ ahofadi mu afi Satan Ɔbonsam ahyehyɛde no ne bɔne ne owu nso nkoasom mu.​—1 Korintofo 15:24-26; Kolosefo 1:13; 1 Yohane 5:19.

Mose ne Yesu baanu nyinaa yɛɛ apam ntamgyinafo. Na Mose ne Mmara Apam a Yehowa ne Israelfo no yɛe no ntamgyinafo (Exodus 19:3-9) Yesu ne apamfo foforo a Onyankopɔn ne honhom mu Israel yɛe no Ntamgyinafo.​—Yeremia 31:31-34; Luka 22:20; Hebrifo 8:6-13.

Wɔde atemmu hyɛɛ Mose ne Yesu baanu nyinaa nsa. Mose som sɛ ɔtemmufo ne mmarahyɛfo maa honam fam Israel. (Exodus 18:13; Malaki 4:4) Yesu som sɛ Ɔtemmufo, na ɔde honhom mu “Onyankopɔn Israel” mmara ne ahyɛde ahorow ama wɔn. (Galatifo 6:16; Yohane 15:10) Kristo ankasa kae sɛ: “Na Agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmu nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa, sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Nea onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.”​—Yohane 5:22, 23.

Wɔde Onyankopɔn fi so tiyɛ maa Mose ne Yesu nyinaa. Mose dii nokware sɛ Onyankopɔn fie no ti wɔ tete Israel. (Numeri 12:7) Ntotoho kwan so no, wɔyɛɛ Yesu sɛ Yehowa honhom mu mma ofi no Ti, na wadi so wɔ nokware mu. Nokwarem no, na Yesu ‘dii nea ɔde no sii hɔ no nokware sɛ Mose nso dii Nyankopɔn fi nyinaa mu nokware no. Na oyi de, wɔabu no sɛ anuonyam bebree sɛ no sen Mose, te sɛ nea osi ofi wɔ nidi bebree sen ofi no. Na Mose de, odii Nyankopɔn fi nyinaa mu nokware sɛ ɔsomfo, sɛ obedi nsɛm a wɔrebɛka da bi no ho adanse. Na Kristo de, odi ne fi so sɛ Ɔba; nso ne fi no ne yɛn, nanso gye sɛ yeso anidaso no ho nnam ne ahohoahoa mu pintinn kosi ase.’​—Hebrifo 3:2-6.

Wɔ owu mpo mu no, na Mose ne Yesu sɛ. Ɔkwan bɛn so? Yehowa yii Mose amu, ma enti wamma nnipa angu ho fĩ anaasɛ wɔansom. (Deuteronomium 34:5, 6; Yuda 9) Saa ara na Onyankopɔn yii Yesu amu, na wamma anhu porɔwee, ma enti ammɛyɛ akwanside amma gyidi.​—Dwom 16:10; Asomafo no Nnwuma 2:29-31; 1 Korintofo 15:50.

Tie Nkɔmhyɛ

Eyinom ka akwan horow a Yesu Kristo nam so daa ne ho adi sɛ ɔyɛ odiyifo te sɛ Mose no ho. Hwɛ sɛnea asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose wɔ saa odiyifo no ba ho no baa mu!

Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa maa ne nkɔmhyɛ bɔhyɛ a ese ɔbɛma odiyifo bi a ɔte sɛ Mose so no baa mu. Deuteronomium 18:18 mu nsɛm nyaa mmamu wɔ Yesu asetra ne ne osuahu ahorow mu. Na mmamu a ɛte sɛɛ no ma yenya nea yebegyina so anya Onyankopɔn Asɛm mu nkɔmhyɛ afoforo mu ahotoso. Enti, ma yentie Bible nkɔmhyɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena