Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 12/1 kr. 6-8
  • So Ɔsom Biara Ye Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɔsom Biara Ye Ankasa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsonsonoe Titiriw Bi
  • Sɛnea Ehia sɛ Wɔpaw
  • Sɛnea Wobɛpaw Ɔsom a Eye
  • Nokware ne Abasow
  • Nnipa de Wɔn ho Ahyɛ Nokware Som mu Nnɛ
  • Sɛn Na Atoro Som Agu Onyankopɔn Din Ho Fĩ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Atoro Som Awiei Abɛn!
    Atoro Som Awiei Abɛn!
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wususuw Ɔsom Afoforo Ho?
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Wo Som Fa Ho Ankasa
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 12/1 kr. 6-8

So Ɔsom Biara Ye Ankasa?

“Nea ɛbɛba yɛn bere yi so no yɛ awerɛhow. Yehia ɔsom bi, nanso yennya Onyankopɔn bi a ɔfata ɔsom no wɔ baabiara.”​—Lucian Blaga, Romaniani anwensɛm kyerɛwfo ne nyansapɛfo

“Nyamesom ne asɔfo ayɛ nkɔso ne ahofadi atamfo a wɔsen biara no bi, na ebia wɔbɛkɔ so ayɛ saa bere tenten.”​—Khristo Botev, Bulgariani anwensɛm kyerɛwfo

NKURƆFO nsɛm a wɔaka wɔ ha yi no da tebea a ɛkyere adwene a nnipa pii wom no adi. Wɔte nka wɔ wɔn mu sɛ wohia nyamesom, nanso Onyankopɔn a wonhu no yiye a asɔfo no kyerɛkyerɛ ne ho asɛm no nyɛ Onyankopɔn a wobetumi ate no ase na wɔadɔ no. Bio nso, wohu sɛ asɔfo ne wɔn ɔsom horow no ayɛ pii de asiw nnipa nkɔso ne ahofadi kwan. Yiw, ɛwom sɛ sɛnea nnipa anokwafo pii hu sɛ wohia ɔsom no kɔ so yɛ kɛse de, nanso wɔrennɔm ɔsom biara kɛkɛ.

Nsonsonoe Titiriw Bi

Nyamesom wɔ afã titiriw bi wɔ sɛnea adesamma su te ne wɔn abakɔsɛm mu. The New Encyclopœdia Britannica ka nyamesom ho asɛm sɛ “adesamma osuahu, amammerɛ, ne abakɔsɛm mu nokwasɛm” na ɛde ka ho sɛ: “Nyamesom mu nneyɛe ne nokwaredi ho adanse ahorow wɔ nnipa asetra afã biara mu.” Nanso abakɔsɛm kyerɛ sɛ wiase ɔsom atitiriw no mu biara nni hɔ a ɛde nhyira abrɛ adesamma.

Indiani ɔmanyɛfo Jawaharlal Nehru kae bere bi sɛ: “Nea wɔfrɛ no nyamesom, anaa nyamesom a wɔahyehyɛ a yehu wɔ India ne mmeae afoforo no, ama ehu aka yɛn.” Sɛ wususuw akodi ahorow a akɔ so ne nsɛmmɔne a wɔadi wɔ nyamesom din mu no ho a, so wubetumi afi nokwaredi mu aka sɛ wo ne no nyɛ adwene?

Afeha a ɛto so 18 mu no, Franseni nyansapɛfo Voltaire kyerɛɛ nsonsonoe titiriw bi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Moka sɛ nyamesom de nnebɔne pii aba. Ɛsɛ sɛ moka sɛ gyidi hunu mmom, gyidi hunu a ɛredi yɛn asase a ɛso yɛ awerɛhow yi so tumi no na ayɛ saa. Gyidi hunu yɛ ɔsom kronn a ɛsɛ sɛ yɛde ma Opumpuni no tamfo tirimɔdenfo a ɔsen biara.” Voltaire ko tiaa ne bere so nyamesom ho koma a wonni no, nanso ɔkɔɔ so kuraa Onyankopɔn mu gyidi a ɔwɔ sɛ amansan no Bɔfo mu. Ohui sɛ nsonsonoe bi wɔ nokware som ne atoro som ntam.

Sɛnea Ehia sɛ Wɔpaw

Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔne Voltaire yɛ adwene. Ebinom se nyamesom ahorow nyinaa ye; enti, wonhu sɛ ehia ankasa sɛ wɔhwehwɛ nokware som. Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔte sɛɛ no tie odiyifo Yesaia kɔkɔbɔ a ɔde mae bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Wonnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa, ne papa sɛ bɔne, wɔn a wɔde sum yɛ hann, na wɔde hann yɛ sum, wɔde nwenenwene yɛ fremfrem, na wɔde fremfrem yɛ nwenenwene!” (Yesaia 5:20) Atoro som de nea ennye abrɛ adesamma. Nea afi mu aba ne honhom mu sum na ama nnipa komapafo di ho yaw pii.

Enti, nea ɛsɛ sɛ obi paw no nyɛ sɛ́ ɔbɛyɛ obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaa sɛ́ obegye ɔsom biara adi. Ɛnyɛ asɛntiaa saa. Sɛ obi hu sɛ ohia Onyankopɔn a, ɛsɛ sɛ onii ko hwehwɛ nokware som no. Sɛnea nhwehwɛmufo Émile Poulat kaa no yiye wɔ Le Grand Atlas des Religions (Nyamesom Ahorow ho Nhoma Kɛse) mu no: “Nneɛma a [nyamesom ahorow] kyerɛkyerɛ na ɛhwehwɛ no gu ahorow yiye araa ma ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wobegye ne nyinaa adi.” Fransefo Encyclopœdia Universalis (Universal Encyclopedia) ne no yɛ adwene sɛ: “Sɛ afeha a ɛto so 21 no de nnipa san kɔ nyamesom mu a, . . . ebehia sɛ onipa hwɛ hu sɛ akronkronne a wɔde ma no no yɛ nokware anaa atoro.”

Sɛnea Wobɛpaw Ɔsom a Eye

Dɛn na ɛbɛboa yɛn wɔ ɔsom a eye no paw mu? Encyclopœdia Universalis no ka nokware bere a esi hia a nokware hia so dua no. Ɔsom a ɛkyerɛkyerɛ atosɛm no rentumi nyɛ nokware. Odiyifo a ɔsen biara a watra asase so pɛn no kae sɛ: “Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.”​—Yohane 4:24.

Saa odiyifo no ne Yesu Kristo, na ɔkae nso sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye wɔ atoro nyamesom akyerɛkyerɛfo a wɔba mo nkyɛn sɛ nguan nanso wɔyɛ mpataku adifudepɛfo no ho. Mode wɔn aba na ebehu wɔn. . . . Dua pa biara sow aba pa, nanso dua bɔne sow aba bɔne.” (Mateo 7:15-17, Phillips) Bere a wohu aba bɔne a wiase no nyamesom “akɛse,” ne fekuw ne akuw ahorow a aba no mpo asow no, nnipa komapafo pii abehu sɛ wɔyɛ ‘nnua bɔne,’ a ɛmfata. Nanso wɔbɛyɛ dɛn ahu nokware som no?

Ɛda adi sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ obi bɛhwehwɛ ɔsom mpempem pii a ɛka Kristoman ho ne nea ɛnka ho no nyinaa mu ansa na wapaw nea ɔpɛ. Nanso, sɛ​—sɛnea Yesu kae no​—yɛde nokware ne abasow di dwuma sɛ susudua a, yebetumi ahu nea ɛyɛ nokware som.

Nokware ne Abasow

Yesu kaa nokware ho asɛm. Ɛdefa eyi ho no, gyidifo kuw bɛn na wɔpow nyamesom mu atosɛm a efi tete anansesɛm ne Hela nyansapɛ mu a abu so wɔ ɔsom ahorow pii mu no? Atosɛm yi biako ne nkyerɛkyerɛ a ese onipa kra yɛ nea entumi nwu da no.a Saa nkyerɛkyerɛ yi de hellgya ɔkyerɛkyerɛ a ɛbɔ Onyankopɔn ahohora no na aba.

Yesu kaa abasow nso ho asɛm. Ɛdefa eyi ho no, so wunim ɔsom bi a ayɛ nokware amanaman ntam onuayɛ kuw bi a wɔnam ɔdɔ ne ntease a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn so adi mmusua, kasa, ne ɔman ho dɔ mu akwanside ahorow so nkonim anaa? So wunim ɔsom ahyehyɛde bi a ɛwɔ wiase nyinaa a emufo bɛpene so sɛ wɔntaa wɔn mmom sen sɛ wɔbɛma amammui ne nyamesom akannifo akanyan wɔn ma wɔatan wɔn nuanom mmarima ne mmea, na wɔakunkum wɔn wɔ ɔman ho dɔ ne nyamesom din mu anaa? Ɔsom a ɛpow nyamesom mu atosɛm ahorow na ɛsow aba a ɛte sɛɛ no de adanse a emu yɛ den ma sɛ ɛne nokware som no, ɛnte saa?

Nnipa de Wɔn ho Ahyɛ Nokware Som mu Nnɛ

So ɔsom bi a ɛte saa wɔ hɔ? Yiw, ɛwɔ hɔ. Nanso ɛsɛ sɛ wugye tom sɛ ɛnyɛ wiase nyamesom atitiriw no bi. So ɛsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa? Dabi. Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu sɛ: “Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii. Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.”​—Mateo 7:13, 14.

Enti ɛhe na wobehu nokware som? Ɛsɛ sɛ yefi ahobrɛase ne nokwaredi nyinaa mu ka sɛ Yehowa Adansefo yɛ amanaman ntam ahyehyɛde bi a wɔnam ‘ɔkwan teateaa ne hihiaa’ no so. Ampa, ɔsom akɛse no di Yehowa Adansefo ho fɛw frɛ wɔn sɛ fekuw bi. Nanso saa pɛpɛɛpɛ na afeha a edi kan Y.B. mu nyamesom akannifo awaefo no frɛɛ tete Kristofo no.​—Asomafo no Nnwuma 24:1-14.

Dɛn nti na Yehowa Adansefo wɔ ahotoso sɛ wɔn na wɔwɔ nokware som no? Wiɛ, wɔyɛ amanaman ntam onuayɛ kuw bi a wɔwɔ nsase bɛboro 200 so na wɔredi mpaapaemu a aman a wofi so, mmusua, kasa, ne asetra mu dibea de ba no so nkonim. Na wɔpow sɛ wobegye nkyerɛkyerɛ​—ɛmfa ho sɛ akyɛ​—a ɛne nea Bible no ka bɔ abira pefee no adi. Nanso ɛyɛɛ dɛn na wɔbaa tebea a ɛyɛ akɔnnɔ sɛɛ mu? Na dɛn na ɛwɔ nokware som a wɔde ho hyem no mu? Yɛbɛka eyi ne nyamesom ho nsemmisa afoforo ho asɛm wɔ nsɛm abien a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ adanse a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ yiye a ɛkyerɛ sɛ gyidi yi fi anansesɛm mu a, hwɛ nhoma Mankind’s Search for God, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no, nkratafa 52-7.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Kristoman ne Nkramofo ntam akodi ahorow no yɛ aba bɔne a atoro som asow no bi

[Mfonini Fibea]

Bibliothèque Nationale, Paris

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Nokware som sow aba pa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena