Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 12/1 kr. 24-27
  • Onyankopɔn Ahyehyɛde A Mabata Ho Pintinn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Ahyehyɛde A Mabata Ho Pintinn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɔhwɛ Bere
  • Nsakrae Ma Akwampae Adwuma Yɛ
  • Yɛyɛ Akwampae Adwuma wɔ Kesee Fam
  • Betel Ɔsom Adwuma
  • Wɔsesa M’adwuma
  • Asetra A Etu Mpɔn A Manya Wɔ Yehowa Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • ‘Yɛayɛ Nea Ɛsɛ Sɛ Yɛyɛ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Gyinae a Misii Ama Yehowa Ahyira Me Pii
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Yehowa Kyerɛkyerɛɛ Me Fii Me Mmofraase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 12/1 kr. 24-27

Onyankopɔn Ahyehyɛde A Mabata Ho Pintinn

SƐNEA ROY A. RYAN KA KYERƐE

Sandhill, Missouri, yɛ beae a ɛhɔ din fata no, efisɛ ɛsen siw kɛse bi a ɛwɔ asase a nkoko wɔ so so no kakraa bi pɛ. Na saa nkwanta so akuraa yi wɔ Rutledge atɔe fam de kɔ bɛyɛ kilomita 5, na na afie awotwe anaa akron, Methodist asɔredan, ne ɔtomfo adwinnan ketewaa bi pɛ na ɛwɔ hɔ. Ɛhɔ na wɔwoo me wɔ October 25, 1900 mu.

NA ME papa ne akuraase hɔ ɔtomfo. Ɛwom sɛ na m’awofo ntaa nkɔ asɔre de, nanso Maame fii ase de me kɔɔ Sunday sukuu wɔ Methodist Asɔre no mu. Na mempɛ edin Methodist no efisɛ migye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔfrɛ obi sɛ Kristoni, nanso Bible mu nokware ho sukɔm dee me na minyaa daa nkwa ho anigye bi.

Midii mfe 16 no, mekɔyɛɛ adwuma maa Sante Fe keteke kwan ho adwumayɛfo. Amanaman Ntam Bible Asuafo (sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no) mu biako a wɔfrɛ no Jim ne yɛn keteke kwan adwumayɛfo kuw no bɛyɛɛ adwuma, na na me ne no taa bom yɛ adwuma. Jim kasae, na mitiee nea na ɔwɔ ka fa Bible no ho no. Ɛyɛɛ me dɛ, enti mibisaa no sɛ metumi afɛm ne nhoma no biako anaa.

Jim de Studies in the Scriptures, a C. T. Russell a na ɔyɛ Amanaman Ntam Bible Asuafo Kuw no muni yɛe no po a edi kan no fɛm me. Mesan de kɔmaa no no, mema ɔmaa me pii kaa ho. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Jim gyaee keteke kwan adwuma no yɛ, na bere a edi hɔ a mihuu no no, na ogyina mmɔnten so wɔ Rutledge, rema nkurɔfo akra nhoma a wɔayɛ mu mfonini a wɔfrɛ no Scenario of the Photo-Drama of Creation. Akyiri yi no ɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ akuw nhyiam a wɔyɛ wɔ ne fie no ase. Na menantew kilomita 5 kɔ nhyiam no wɔ Rutledge Kwasida biara.

Bere a Golden Age nsɛmma nhoma (mprempren ɛyɛ Nyan!) bae wɔ 1919 mu no, mepɛe sɛ mifi asɛnkakɔ ase. Na me ne Bible Osuani foforo bi asi yɛn bo sɛ yɛde nsɛmma nhoma foforo yi bɛkɔ akɔma wɔ apon ano. Na yɛn kuromfo nkyɛn a yɛbɛkɔ no ama yɛabɔ hu kakra, enti yɛde keteke kɔɔ kurow bi a ɛbɛn mu. Yekoduu hɔ anɔpa no, obiara faa ne kwan kɔbɔɔ apon mu kosii awia, ɛwom mpo sɛ na yennyaa dwumadi yi mu ntetee biara ɛ. Memaa nnipa baanu kraa nsɛmma nhoma, a obiako yɛ ɔbarima bi a me ne no yɛ keteke kwan adwuma no bi.

Wɔbɔɔ me asu October 10, 1920 mu wɔ asubura bi a ɛbɛn Rutledge mu. Na m’awofo mpɛ me ho a mede abɔ Amanaman Ntam Bible Asuafo no ho no. Eyi fi ɔsɔretia a asɔfo de baa Bible Asuafo no so wɔ 1914-18 ɔko mfe no mu no. Nanso, akyiri yi, me papa fii ase kɔɔ Bible Asuafo no nhyiam horow no bi ase, na ɔkenkan The Golden Age no nso. Ansa na me maame rewu no, ɔkyerɛɛ yɛn Bible nokware ho ntease no ho anigye kakraa sen kan no. Nanso m’abusuafo mu biara amma nokware yi anyɛ wɔn ankasa de da.

Sɔhwɛ Bere

Saa tete mmere no mu no, na nnipa baasa na wɔka me ho ma yɛkɔ Bible adesua nhyiam horow ase daa wɔ Rutledge. Akyiri yi, baasa yi fii ahyehyɛde no mu. Na obiako yɛ ɔkasafo a ne ho akokwaw yiye a ɔma baguam ɔkasa ahorow wɔ mpɔtam hɔ. Nanso ne mmɔdenbɔ no ma ɔhoman na ɔtee nka sɛ afie afie asɛnka a ɔbɛkɔ sɛnea tete Kristofo no yɛe no ba fam dodo ma no.​—Asomafo no Nnwuma 5:42; 20:20.

Bere a baasa yi gyaee sɛ wɔne Amanaman Ntam Bible Asuafo no bɛbɔ no, mekae sɛ metee nka sɛnea ɔsomafo Petro tee nka bere a Yesu kaa ‘Yesu honam a wobedi ne ne mogya a wɔbɛnom’ ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo no. Esiane sɛ ne nkyerɛkyerɛ no too wɔn hintidua nti, pii gyaee n’akyidi saa bere no. Ɛno na Yesu bisaa asomafo no sɛ: “Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa?” Petro buae sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.”​—Yohane 6:67, 68.

Ɛwom sɛ Petro ante nea Yesu asɛm a ɛne ‘Yesu honam a wobedi ne ne mogya a wɔbɛnom’ no kyerɛ ase yiye de, nanso ohui sɛ na Yesu wɔ nkwa nsɛm. Saa na metee nka wɔ ahyehyɛde no ho. Ɛno na ekura nokware no, ɛwom mpo sɛ na mente nea mekenkan wɔ nhoma ahorow mu no nyinaa ase yiye bere nyinaa de. Nanso, sɛ wɔka biribi a mente ase a, na minnye ho akyinnye. Akyiri yi no, wɔkyerɛkyerɛ asɛm no mu ma emu da hɔ, anaasɛ wɔyɛ ɛho adwene a wokura no mu nsakrae. Na m’ani gye bere nyinaa sɛ mɛtɔ me bo ase atwɛn nkyerɛkyerɛmu a ɛma nsɛm mu da hɔ no.​—Mmebusɛm 4:18.

Nsakrae Ma Akwampae Adwuma Yɛ

Wɔ July 1924 mu no, mekɔɔ amanaman ntam nhyiam bi wɔ Columbus, Ohio. The Golden Age no kaa ho asɛm sɛ “Bible Asuafo nhyiam kɛse a ɛsen biara a wɔayɛ pɛn wɔ mmere no mu.” Ɛhɔ na wogyee tirimbɔ a ɛkanyan anigye a ɛne “Afobu” no toom. Nsɛm a metee ne honhom a wɔdaa no adi wɔ saa nhyiam no ase no hyɛɛ me nkuran sɛ menyɛ bere nyinaa somfo, anaa ɔkwampaefo.

Mifii nhyiam no bae no, migyaee keteke kwan adwuma no, na me ne Bible Osuani foforo bi fii ase som sɛ akwampaefo boom. Nanso, bɛyɛ afe akyi no, m’awofo apɔwmuden so tew koduu nea na wohia me mmoa. Enti migyaee akwampae adwuma no na me ne adwumakuw bi a wɔyɛ nneɛma a wɔde fa ɔdorobɛn mu ho adwuma kɔyɛɛ adwuma. Nanso esiane ɛhɔnom adwumayɛfo no suban a ɛmfata nti, migyaee saa adwuma no na mifii ase sɛ mɛyɛn nnowa atɔn ɛwo no.

Ebeduu 1933 twabere mu no, na m’awofo nyinaa awuwu, ma minni asɛyɛde biara. Enti wɔ 1934 asusow bere mu no, mede me nnowa no maa obi foforo sɛ ɔnhwɛ wɔn, yɛɛ ɔdan ketewaa bi a wɔde afiri twe a mɛtra mu, na mifii bere nyinaa ɔsom adwuma ase bio sɛ ɔkwampaefo. Mfiase no, me ne Ɔdansefo bi a ne mfe akɔ anim yɛɛ adwuma wɔ Quincy, Illinois mpɔtam hɔ. Akyiri yi no, mesan kɔɔ Missouri, kɔkaa akwampaefo kuw bi ho wɔ hɔ.

Wɔ 1935 mu no, ɔpɛ bi a emu yɛ den sii wɔ Mfinimfini atɔe mantam no mu, na esiane sɛ na yɛyɛ adwuma wɔ baabi a mfuw nkutoo na wɔyɛ nti, nneɛma mu yɛɛ den. Na obiara nni sika, enti na wɔn a wɔn ani asɔ yɛn dwumadi no taa ma yɛn nnuan anaa nneɛma afoforo bere a yɛama wɔn nhoma no.

Yɛyɛ Akwampae Adwuma wɔ Kesee Fam

Saa awɔw bere no mu no, yetu kɔɔ Arkansas de guan awɔw no. Yetumi de nhoma pii memae wɔ saa mpɔtam hɔ na yɛn nsa kaa kankyee mu nnuan a ɛbɛsõ yɛn nyinaa. Na yɛtaa gye nneɛma afoforo a yebetumi atɔn anya sika ankasa nso, a aluminɔm nkankyee dedaw, kɔbere dedaw, kar ho nneɛma ne batere dedaw ka ho. Eyi ma yenyaa sika a yɛde bɛtɔ petrol agu me kar a yɛde yɛɛ asɛnka adwuma no mu.

Yɛyɛɛ adwuma wɔ Newton, Searcy, ne Carroll amansin a ɛwɔ Ozark Plateau a mmepɔw wɔ hɔ pii no mu. Osuahu ahorow a yenyae bere a yɛkaa asɛm no kyerɛɛ nnipa a wɔtete mmepɔw so wɔ Arkansas no betumi ayɛ nhoma biako. Esiane sɛ na akwan no nnye anaa ebi nni hɔ koraa saa mmere no nti, yɛyɛɛ yɛn adwuma no fã kɛse ara a na yɛnam fam. Na akwampaefo binom a wɔka yɛn kuw no ho no tra apɔnkɔ so kɔ nnipa a wɔwɔ mmepɔw so mmeae a ɛkɔ soro no nkyɛn.

Bere bi yɛtee ɔbarima bi a n’ani gye asɛm no ho a wɔfrɛ no Sam nka, na awiei koraa no yekohuu no wɔ ne fie wɔ bepɔw bi atifi. Ɔde anigye maa yɛn akwaaba na n’ani gyee ho sɛ yɛbɛda hɔ ma ade akye. Ɛwom sɛ na Sam yere ani nnye yɛn nkrasɛm no ho de, nanso na ne babarima Rex a wadi mfe 16 ani gye ho. Bere a yefii hɔ kɔe no, Sam too nsa frɛɛ yɛn sɛ ɛyɛ a yɛmmra hɔ bio. Enti, nnawɔtwe abien akyi no, yɛkɔɔ wɔn nkyɛn bio.

Bere a yɛrefi hɔ nea ɛto so abien no, Sam yere na ɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnsan mmra bio. Ɔkae sɛ yɛanya Rex so nkɛntɛnso pa. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɔpɛ kasafi ka yiye, nanso efi bere a mobaa ha yi, minnye nni sɛ waka kasafĩ pii.” Mfe bi akyi no, mihyiaa Rex bio bere a ɔbaa Gilead asɛmpatrɛwfo sukuu wɔ South Lansing, New York no. Osuahu ahorow a ɛtete sɛɛ no ama me akomatɔyam kɛse wɔ mfe no mu.

Betel Ɔsom Adwuma

Bere a mibisaa kwan sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo no, mibisaa kwan nso sɛ mɛsom wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti wɔ New York, a wɔfrɛ hɔ Betel no. Wɔ 1935 asusow bere mu no, wɔkyerɛw me sɛ wɔapene m’akwammisa no so na menkɔ Watchtower Society Kingdom Farm a ɛwɔ South Lansing, New York, no nkofi me Betel som adwuma ase. Meyɛɛ nhyehyɛe ntɛm ara na Ɔdansefo foforo bi abɛfa me dan a wɔde afiri twe a mede yɛ akwampae adwuma no ayɛ adwuma.

Mekaa me kar no kɔɔ New York, na mikoduu hɔ May 3, 1935 anɔpa nnɔndu ne fã. Bɛyɛ saa awia no dɔn koro no, wɔmaa me adwuma sɛ mempae gya. Adekyee no, wɔkyerɛɛ me sɛ menkɔ ɔdan a wɔyɛ nufusu ho adwuma wom no mu nkɔboa ma wonkyĩ nantwi nufusu. Meyɛɛ adwuma wɔ beae a wɔyɛ nufusu ho adwuma no mfe pii, na ɛtɔ mmere bi a mikyi nufusu anɔpa ne anwummere na me ne afum adwumayɛfo yɛ adwuma awia. Na meyɛn nnowa yi ɛwo no ma Betel abusua no nso. Wɔ 1953 mu no, woyii me kɔɔ faako a wɔyɛ kyiisi.

Obi a esiane nhwɛso a ɛda nsow a ɔyɛe wɔ ahobrɛase, nokwaredi, ne osetie ma Yehowa mu nti, onyaa m’asetra so nkɛntɛnso ne Walter John “Pappy” Thorn. Ɔyɛ Bible Asuafo 21 a wɔpaw wɔn wɔ 1894 mu sɛ wɔnyɛ kyinkyin asomfo​—mmarima a wɔyɛɛ adwuma a ɛte sɛ nea nnɛyi amansin so ahwɛfo yɛ no ara pɛ​—wɔkɔsra asafo ahorow bi hyɛ wɔn nkuran no, mu biako. Odii mfe pii wɔ akwantu adwuma no mu akyi no, Onua Thorn baa Kingdom Farm bɛyɛɛ adwuma wɔ faako a wɔyɛn nkokɔ. Metee mpɛn pii sɛ ɔreka sɛ: “Sɛ mihu sɛ meresusuw m’ankasa ho mmoroso a, metwe me ho gyina nkyɛn, sɛnea mɛka no no, na meka sɛ: ‘Wo mfutumawa. Dɛn na wowɔ nti a ɛsɛ sɛ woma wo ho so?’”

Ɔbarima ɔhobrɛasefo foforo a misuasuaa ne nhwɛso ne John Booth a mprempren ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no. Wɔ mfe a atwam no mu no, wɔafa ne nsɛm a ɔkae yi aka asɛm sɛ: “Ɛnyɛ faako a wosom no na ehia titiriw na mmom nea wosom no no.” Eyi yɛ asɛm tiawa, nanso hwɛ sɛnea ɛyɛ nokware! Yehowa a wɔsom no no yɛ hokwan a ɛsen biara!

Me Betel som bere mu nsɛntitiriw a esii no biako ne Gilead asɛmpatrɛwfo sukuu a wobuee ano wɔ Kingdom Farm wɔ 1943 mu no. Na akwampaefo a wofi wiase afanan nyinaa a me ne wɔn hyiae no yɛ anigye yiye. Saa mmere no, na adesuafo bɛyɛ ɔha na wɔwɔ adesuakuw biara mu, enti nnipa afoforo ɔha na wɔbaa Kingdom Farm asram asia biara. Na adesua wie dwumadi ahorow no taa ma nnipa mpempem pii ba saa adesuabea a ɛwɔ New York atifi mantam akuraase mmeae a wɔyɛ mfuw wɔ hɔ yi.

Wɔsesa M’adwuma

Bere a woyii Gilead sukuu no kɔɔ Brooklyn na wɔtɔn adan a wɔda mu ne nea wosua mu ade wɔ South Lansing no, wɔde nufusu ho adwumayɛbea no kɔɔ Watchtower Farms wɔ Wallkill, New York. Enti wɔ 1969 twabere mu no, woyii me kɔɔ afuw a ɛwɔ Wallkill no ma mekɔtoaa kyiisi yɛ so wɔ hɔ de kosii 1983. Afei wɔsesaa adwuma a meyɛ no, na mifii ase yɛɛ asase ani siesie adwuma.

Bere bi a na wɔrebisabisa me nsɛm no, wobisaa me sɛ misusuw m’adwuma a wɔsesae bere a mede mfe 30 ayɛ kyiisi akyi no ho dɛn. Mibuae pen sɛ: “Anhaw me, efisɛ na nokwarem no, mempɛ kyiisi yɛ.” Nea na mekyerɛ ne sɛ yebetumi anya Yehowa som mu anigye wɔ dwumadi biara mu bere a yenya ho adwempa na yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ teokrase akwankyerɛ ase no. Enti ɛwom sɛ na mempɛ kyiisi yɛ de, nanso m’ani gyee me dwumadi no ho efisɛ na ɛboa Betel abusua no. Sɛ yɛsom yɛn Nyankopɔn kɛse Yehowa wɔ nokwaredi mu a yennwiinwii a, yebetumi anya anigye a adwuma ko a yɛyɛ mfa ho.

Bere a me mfe akɔ anim yi mu no, minsusuw sɛ tebea bi ye ma me sen sɛ mɛsom wɔ Betel. Wɔhwɛ me yiye na matumi akɔ so ayɛ me nnwuma ahorow ɛmfa ho mpo sɛ madi mfe 90. Manya hokwan sɛ edu me so a, mɛtra ɔpon ti ahwɛ Betel abusua no anɔpa ɔsom dwumadi no so wɔ Watchtower Farms ha. Sɛ minya hokwan a, mehyɛ wɔn a wɔba Betel foforo no nkuran sɛ wɔmfa ɔsom hokwan ahorow a wobenya nyinaa nni dwuma yiye na wonsua sɛ wɔbɛma ɛno ara adɔɔso ama wɔn na wɔn ani agye ho.

Mfe a atwam no mu no, matumi akɔsra amannɔne mmeae bi mpɛn pii​—India, Nepal, Akyirikyiri Apuei Fam, ne Europa. Afotu a edi hɔ yi betumi ayɛ mmoa ama wɔn a wɔwɔ Yehowa nkurɔfo asafo ahorow mu wɔ wiase nyinaa no: Ma w’ani nnye wo tebea a wowom mprempren no ho na ma ɛno ara nnɔɔso mma wo, na sow aba wɔ honhom fam wɔ asase a wodua wo wom no mu.

Mapaw sɛ mɛkɔ so ayɛ ɔhokwafo, esiane sɛ aboa me ma m’ani akɔso aku me Nyankopɔn som ho nti. Yɛn Nyankopɔn ɔkɛseɛ no de daa nkwa ho anidaso ama yɛn sɛ nokwaredi ho akatua. Ɛno bɛkyerɛ nkwa a enni awiei wɔ paradise fie bi mu wɔ asase yi so ama nnipa pii. Yɛn mu afoforo nso hwɛ asetra a enni awiei wɔ soro kwan, faako a yɛbɛyɛ adwuma biara a wɔde bɛhyɛ yɛn nsa no.

Ebinom besusuw sɛ me mfe 90 no yɛ asetra tenten a etu mpɔn yiye. M’asetra ayɛ nea etu mpɔn, nanso ɛnware sɛnea ɛsɛ. Ɛdenam Onyankopɔn ahyehyɛde ne ne nokware nsɛm a yɛbɛbata ho pintinn so no, yebetumi atoa yɛn nkwa nna so afebɔɔ.a

[Ase hɔ asɛm]

a Bere a Roy Ryan rekyerɛw n’asetra mu osuahu ahorow no, ɔyare a emu yɛ den bɔɔ no. Owiee n’asase so dwumadi wɔ July 5, 1991 mu, bere a eduu no so ma ɔyɛɛ anɔpa som mu oguamtrani wɔ Watchtower Farms bere tiaa bi akyi no.

[Mfonini wɔ kratafa  26]

Onua Ryan a ogyina Model T kar bi ho wɔ ne mmeranteberem

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena