Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 1/1 kr. 3-4
  • Som Onyankopɔn Bɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Som Onyankopɔn Bɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Atoro Anyame Sɔre
  • Amansan Mu Asenni a Ɛfa Wo Ho No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • So Wobɛyɛ Ɔdansefo ama Nokware Nyankopɔn No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Onyankopɔn Bɛn Na Ɛsɛ Sɛ Wosom No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Onyankopɔn Bɛn Na Wosom No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 1/1 kr. 3-4

Som Onyankopɔn Bɛn?

ESIANE sɛ yɛn a yɛyɛ nnipa no nte sɛ mmoa nti, yetumi som. Eyi yɛ yɛn adebɔsu fã fi awo mu. Yɛwɔ abrabɔ pa ho adwene nso, ahonim a ɛbɛkyerɛ yɛn nea eye ne nea enye. Yɛn nyinaa di saa ahonim no akyi wɔ akwan horow so, na wɔ saayɛ mu no, pii hwehwɛ onyame anaa anyame bi hɔ akwankyerɛ.

Wɔ afeha biako anaa abien a atwam no mu no, wiase animdefo binom agye ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ hɔ no ho akyinnye. Wɔ 1844 mu no, Karl Marx kae sɛ nyamesom yɛ “aduru a ɛsɛe nkurɔfo adwene.” Akyiri yi, Charles Darwin de adannandi nkyerɛkyerɛ bae. Afei Bolshevik ɔman anidan no bae. Wɔ Europa Apuei Fam no, Onyankopɔn biara a wonnye no nni bɛyɛɛ adwene a wɔde di dwuma wɔ aban mu, na wɔkae sɛ nyamesom ne 1917 awo ntoatoaso no mufo befi hɔ bere koro no ara mu. Nanso saa nnipa a wonnye Onyankopɔn biara nni no antumi ansakra nnipa awosu. Nyamesom ho anigye a wɔresan anya wɔ Europa Apuei Fam no yɛ eyi ho adanse.

Nanso, sɛnea Bible no kyerɛ no, “ɔsoro oo, asase so oo, ade a wɔfrɛ wɔn anyame wɔ hɔ sɛ anyame pii ne awurade pii wɔ hɔ no.” (1 Korintofo 8:5) Adesamma asom anyame mpempem pii wɔ mmere a abɛsen no mu. Wɔasom abawo, ɔdɔ, akodi, ne nsã ne agobɔne anyame ahorow. Anyame ɔpepem pii wɔ Hindusom nkutoo mu.

Anyame baasakoro ahorow aba Babilon, Asiria, Misraim, ne Budhafo nsase so pii. Kristoman nso wɔ wɔn Baasakoro “kronkron.” Nkramosom a ɛpow Baasakoro no nni “onyame foforo biara ka Allah ho.” Bio nso, wɔn a wodi ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn bi a wonhu no ho adwene no ho fɛw no wɔ wɔn ankasa anyame. Sɛ nhwɛso no, Bible no ka nnipa a wɔatɔ honam fam ade dodowpɛ akyidi afiri mu no ho asɛm wɔ Filipifo 3:19 sɛ: “Wɔn nyame ne yafunu.”

Nnipa dodow no ara som ɔman anaa abusua a wɔwoo wɔn wom no mu nyame anaa anyame. Eyi ma nsemmisa sɔre. So ɔsom ahorow nyinaa kɔ faako​—te sɛ akwan a ɛkɔ bepɔw bi atifi te no? Anaa so nyamesom ahintasɛm akwan no pii kɔ ɔhaw mu​—te sɛ anammɔnkwan a ɛkɔ ɔbotan bi so anaa? So akwan pa a wɔfa so som pii na ɛwɔ hɔ anaa biako pɛ? So anyame a wɔfata ayeyi pii na wɔwɔ hɔ anaa Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn biako pɛ a ɔfata yɛn ahofama a edi mu ne ɔsom nkutoo na ɔwɔ hɔ?

Atoro Anyame Sɔre

Ɛfata sɛ yɛyɛ atifi hɔ nsemmisa no mu nhwehwɛmu yiye. Dɛn ntia? Efisɛ nyamesom ho nhoma a wɔkyerɛw akyɛ sen biara, Bible no, ka sɛnea atoro nyame bi nam ɔwɔ bi so daadaa yɛn nenanom a wodi kan no ma wɔkɔfaa amanehunu kwan bi so ho asɛm. Yɛahu ɔhaw a ne nnaadaa kwan no de aba no de abesi nnɛ. (Genesis 3:1-13, 16-19; Dwom 51:5) Yesu, “Onyankopɔn Ba no”, kaa saa onyame otuatewfo no ho asɛm sɛ “wi yi ase sodifo.” Yesu asomafo no biako frɛɛ no sɛ “wi yi ase nyame.” (Yohane 1:34; 12:31; 16:11; 2 Korintofo 4:4) Wɔ Adiyisɛm ti 12, nkyekyem 9 no, wɔka ne ho asɛm sɛ “ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa.” Wiase nyinaa atoro som ahemman bi hyɛ Satan tumi ase.

Satan ne ɔdaadaafo kɛse no. (1 Timoteo 2:14) Ɔde ɔpɛ a adesamma fi awosu mu wɔ sɛ wɔbɛsom no di dwuma anifere kwan so denam anyame ahorow pii a ɔma wɔsom wɔn no so​—nananom a wɔawuwu ahonhom, ahoni, mfonini ahorow, Madona ahorow. Ɔma wɔsom nnipa sɛ anyame mpo, te sɛ sodifo atumfo, asahene nkonimdifo, ne sini ne agumadi mu nnipa a wɔagye din. (Asomafo no Nnwuma 12:21-23) Eye sɛ yɛbɛhwɛ yɛn ho yiye, na yɛbɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛhwehwɛ nokware Nyankopɔn no na yɛasom ɔno nkutoo, a nokwarem no, “ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware” no.​—Asomafo no Nnwuma 17:27.

Ɛnde, hena ne Onyankopɔn a ɔda nsow yi a ɛsɛ sɛ yɛsom no no? Bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni no, Bible odwontofo no kaa ne ho asɛm sɛ ‘Ɔsorosoroni . . ., Ade Nyinaa so Tumfoɔ no . . ., me Nyankopɔn a mede me ho meto wo so,’ na ɔde n’anuonyam din​—‘Yehowa’​—frɛɛ no. (Dwom 91:1, 2) Na Mose adi kan aka ne ho asɛm sɛ: ‘Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.’ (Deuteronomium 6:4) Na odiyifo Yesaia faa Onyankopɔn ankasa asɛm a ɔkae no kae sɛ: ‘Mene Yehowa. Me din ne no; na meremfa m’anuonyam mma obi, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.’​—Yesaia 42:8.

Yehowa Nyankopɔn abɔ ne tirim sɛ obeyi ahohora a atoro nyame Satan de aba ne din so no nyinaa afi hɔ. Ɔyɛɛ sɛnea ɔbɛyɛ eyi no ho nhwɛso wɔ afe 1513 A.Y.B. mu, bere a ɔnam ne diyifo Mose so yii Israelfo no fii Misraim nhyɛso ase no. Saa bere no, Onyankopɔn de nsɛm a edi so yi kaa ne din ho asɛm sɛ: “Mene nea mene.” (Exodus 3:14, 15) Na ɔbɛsan ne din ho wɔ Misrifo Farao anim, nanso odii kan ka kyerɛɛ saa sodifo tirimɔdenfo no sɛ: “Eyi nti na mema wugyina hɔ, sɛ meyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.”​—Exodus 9:16.

Tebea no te saara nnɛ. Te sɛ Farao a ɔtraa ase tete no, wiase yi nyame, Satan, bu Yehowa Nyankopɔn animtiaa na ɔnam nnɛɛdɛe so ko tia nnipa a wɔdɔ trenee ne nokware no wɔ honhom fam. (Efesofo 6:11, 12, 18) Yehowa abɔ ne tirim bio sɛ ɔbɛma ne din ayɛ kɛse wɔ Satan ɔsɔretia yi mu. Nanso, ansa na Yehowa bɛkyerɛ ne tumi denam Satan ne ne nnwuma nyinaa a ɔbɛsɛe no so no, ɔsoma n’asomfo sɛ wɔnkɔka Ne din ho asɛm wɔ asase so nyinaa. Ne din ho adansedi yi yɛ nokware som fã titiriw.

Ɔkwan a ɛfata so no, Onyankopɔn ankasa aka sɛ saa asomfo yi bɛyɛ n’adansefo, Yehowa Adansefo, “ɔman a manwene wɔn mafa no, na wɔaka m’ayeyi akyerɛ.” (Yesaia 43:10-12, 21) Ɔkwan bɛn so na wɔka Yehowa ayeyi kyerɛ? Wɔka asɛm na wakyerɛkyerɛ wɔ baguam ne wɔ afie afie, na wɔka asɛmpa a ɛne sɛ Yehowa Ahenni, a ne Ba Yesu Kristo di so no, de daa nhyira horow bɛbrɛ adesamma asoɔmmerɛfo wɔ asase yi so. Enti, ‘wonnyae’ Onyankopɔn som, sɛnea nokware Kristofo yɛe wɔ afeha a edi kan no mu no. (Asomafo no Nnwuma 5:42; 20:20, 21) So wɔanya ɔsoro nhyira wɔ eyi yɛ mu anaa? Nkratafa a edidi so no bebua.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena