Nnɛyi Atoro Adiyifo
YEREMIA somee sɛ Onyankopɔn diyifo wɔ Yerusalem bere a na abosonsom, ɔbrabɔne, porɔwee, ne mogya a ɛho nni asɛm a wɔhwie gu abu so wɔ kurow no mu. (Yeremia 7:8-11) Na ɛnyɛ ɔno nkutoo ne odiyifo a ɔyɛ adwuma saa bere no, nanso na afoforo no mu dodow no ara yɛ pɛsɛmenkominya na wɔaporɔw. Ɔkwan bɛn so? Yehowa ka sɛ: “Efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so, wɔn nyinaa yɛ nkontompofo. Na wɔsa me man kuru adwenhare so ka sɛ: Asomdwoe, asomdwoe! Nso asomdwoe nni hɔ.”—Yeremia 6:13, 14.
Atoro adiyifo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ayɛ sɛ ɔman no mu porɔwee nyinaa akyi no, biribiara ye na asomdwoe wɔ nnipa no ne Onyankopɔn ntam; nanso na ɛnte saa. Na Onyankopɔn atemmu rebɛba wɔn so, sɛnea Yeremia de akokoduru paee mu kae no. Nokware diyifo Yeremia asɛm no baam, ɛnyɛ atoro adiyifo no, bere a Babilon asraafo sɛee Yerusalem pasaa wɔ 607 A.Y.B. mu, sɛee asɔrefi no, na wokunkum nnipa no anaasɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babilon a ɛwɔ akyirikyiri no. Nnipa mmɔborɔfo kakraa bi a wɔkaa asase no so no guan kɔɔ Misraim.—Yeremia 39:6-9; 43:4-7.
Na dɛn na atoro adiyifo no ayɛ no? “Hwɛ, me ne adiyifo no anya, [Yehowa] asɛm ni, nnipa a wowiawia me nsɛm wɔn yɔnkonom nkyɛn no.” (Yeremia 23:30) Atoro adiyifo no wiaa nea ebefi Onyankopɔn asɛm tie mu aba no denam nkurɔfo no a wɔhyɛɛ wɔn nkuran ma wotiee atosɛm sen sɛ wobetie nokware kɔkɔbɔ a efi Onyankopɔn nkyɛn no so. Na wɔnka “Onyankopɔn ade kɛse,” na mmom wɔka wɔn ankasa nsusuwii ahorow, nsɛm a nnipa no pɛ sɛ wɔte kyerɛ wɔn. Na Yeremia nkrasɛm no fi Onyankopɔn nkyɛn ampa, na lsraelfo no yɛɛ ho biribi a, anka wobenya nkwa. Atoro adiyifo no ‘wiaa Onyankopɔn nsɛm’ na wɔde nkurɔfo no kɔɔ amanehunu mu. Ɛte sɛ nea Yesu ka faa ne bere so nyamesom akannifo a wɔanni nokware no ho ara pɛ: “Wɔyɛ anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan; na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.”—Asomafo no Nnwuma 2:11; Mateo 15:14.
Te sɛ Yeremia bere so no, atoro adiyifo a wose wɔyɛ Bible mu Nyankopɔn no ananmusifo wɔ hɔ nnɛ; nanso wɔn nso wowia Onyankopɔn nsɛm denam nsɛm a wɔka a ɛtwe nkurɔfo adwene fi nea Onyankopɔn nam Bible no so ka ankasa so no so. Ɔkwan bɛn so? Ma yɛmfa Bible ɔkyerɛkyerɛ titiriw a ɛne Ahenni no sɛ susuhama mfa mmua saa asemmisa no.
Ahenni no ho Nokwasɛm
Na Onyankopɔn Ahenni no ne Kristo nkyerɛkyerɛ mu ade titiriw, na wɔbɔ din bɛboro mpɛn ɔha wɔ Nsɛmpa no mu. Yesu kae wɔ ne som adwuma no mfiase sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni no ho asɛmpa mekyerɛ; efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.” Ɔkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Ma w’ahenni mmra.”—Luka 4:43; 11:2, New World Translation.
Ɛnde, dɛn ne Ahenni no? Sɛnea The New Thayer’s Greek English Lexicon kyerɛ no, nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase sɛ “ahenni” wɔ Bible mu no, kyerɛ nea edi kan ne, “ahenni tumi, ahenni, tumidi, nniso” na nea ɛto so abien no, ɛkyerɛ “asasesin a ɔhene bi di so.” Yegyina eyi so tumi hu ɔkwan a ntease wom so sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban ankasa a Ɔhene bi di so. So saa na ɛte?
Yiw, ɛte saa, na Yesu Kristo ankasa ne Ɔhene no. Ansa na wɔrewo Yesu no, ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ Maria sɛ: “Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no Nea Ɔwɔ Sorosoro no Ba; na [Yehowa] Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no.” (Luka 1:32) Ahengua a wɔde bɛma Yesu no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Ɔhene, aban Sodifo. Yesaia nkɔmhyɛ yi nso yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Ahenni no yɛ aban ankasa: “Wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na aban no bɛda ne mmati so . . . n’aban ne asomdwoe no mu trɛw remma awiei da.”—Yesaia 9:6, 7, King James Version.
Ɛhe na Yesu di tumi? Yerusalem? Dabi. Odiyifo Daniel hui sɛ wɔde Ahenni no rema Yesu wɔ anisoadehu mu, na anisoadehu no kyerɛ sɛ na Yesu wɔ soro. (Daniel 7:13, 14) Eyi ne sɛnea Yesu kaa Ahenni no ho asɛm no hyia. Na ɔtaa frɛ no “ɔsoro ahenni.” (Mateo 10:7; 11:11, 12) Ɛne asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Pilato bere a wɔredi n’asɛm wɔ n’anim no nso hyia: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.” (Yohane 18:36) So wo sɔfo akyerɛ wo sɛ Yesu Ahenni no yɛ aban ankasa a efi soro di tumi anaa? Anaasɛ wakyerɛ wo sɛ Ahenni no yɛ biribi a ɛwɔ komam ara kwa? Sɛ eyinom na wakyerɛ wo a, ɛnde na ɔrewia Onyankopɔn nsɛm afi wo hɔ.
Abusuabɔ bɛn na ɛda Ahenni aban no ne nnipa aban ahorow no ntam? Sɛnea The Encyclopedia of Religion a Mircea Eliade yɛ ne samufo kyerɛ no, bere a Ɔsesɛwfo Martin Luther reka Ahenni no ho asɛm no, ɔde too gua sɛ: “Wiase aban no . . wobetumi afrɛ ɛno nso Onyankopɔn ahenni.” Ebinom kyerɛkyerɛ sɛ nnipa nam wɔn ankasa mmɔdenbɔ so betumi ama nnipa aban ahorow asɛ Onyankopɔn Ahenni no kɛse. Wɔ 1983 mu no, World Council of Churches sii so dua sɛ: “Bere a yɛde nnwuma pɔtee bi di ɔpɛ ankasa a yɛwɔ sɛ yebenya asomdwoe ho adanse no, Onyankopɔn Honhom betumi de yɛn mmɔden kakra a yɛbɔ no adi dwuma de ama wiase no ayɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no.” Nanso, hyɛ no nsow sɛ wɔ Awurade Mpaebɔ (“yɛn Agya a Ɔwɔ Soro”) no mu no, Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ mpae na Onyankopɔn Ahenni no mmra na ɛno ansa na ɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Ma wo [Onyankopɔn] pɛ nyɛ asase so sɛnea ɛte wɔ soro.” (Mateo 6:10) Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, ɛnyɛ nnipa na wɔnam Onyankopɔn apɛdeyɛ so bɛma Ahenni no aba. Ɛyɛ Ahenni no ba no na ɛbɛma wɔayɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so. Ɔkwan bɛn so?
Tie nea Daniel ti 2, nkyekyem 44 nkɔmhyɛ no ka: “Na ahene [awiei mmere no mu sodifo a wɔyɛ nnipa] no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da. . . . Ebebubu ahenni ahorow no nyinaa ma asã.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu kae sɛ n’Ahenni no nyɛ wiase yi fã! Mmom no, Ahenni no rebɛsɛe asase yi so ahenni ahorow, aban ahorow, na asi wɔn ananmu adi adesamma so tumi. Sɛ adesamma aban a efi Onyankopɔn nkyɛn no, ɛbɛhwɛ ma wɔayɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so afei. Sɛ yesusuw nea odi wiase yi so tumi no ho a, ɛma yɛte nea enti a Ahenni no bedi dwuma a anibere wom yi ase pefee. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) “Ɔbɔne no” ne Satan Ɔbonsam a Paulo frɛɛ no “wi yi ase nyame” no. (2 Korintofo 4:4) Wɔrentumi mfa wiase a Satan Ɔbonsam yɛ ne nyame no mu ahyehyɛde ahorow no mmata Onyankopɔn Ahenni no ho ɔkwan biara so.
Eyi ne ade biako nti a Yesu amfa ne ho anhyɛ amammuisɛm mu no. Bere a Yudafo amampɛfo bɔɔ mmɔden sɛ wobesi no hene no, ɔkwatii wɔn. (Yohane 6:15) Sɛnea yɛahu no, ɔka kyerɛɛ Pilato pefee sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase.” Na ɔkaa n’akyidifo ho asɛm ma ɛne eyi hyiae sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 17:16) Enti, nyamesom akannifo a wɔkyerɛkyerɛ sɛ nneɛma nhyehyɛe yi mu ɔsesɛw a wɔbɛyɛ no ma Onyankopɔn Ahenni no ba yɛ ntɛm, na wɔhyɛ wɔn nguankuw no nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden nyɛ saa no yɛ atoro adiyifo. Wɔmma nnipa nhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ nea Bible no ka ankasa no ho.
Dɛn Nti na Ɛho Hia?
So eyi nyinaa yɛ adwenkyerɛ ara kwa? Dabida. Onyankopɔn Ahenni ho atoro nkyerɛkyerɛ adaadaa nnipa pii na anya abakɔsɛm so nkɛntɛnso mpo. Sɛ nhwɛso no, nhoma Théo, a ɛyɛ Roma Katolekfo encyclopedia bi no se: “Onyankopɔn nkurɔfo rekɔ wɔn anim akɔ Onyankopɔn Ahenni bi a Kristo fii ase wɔ asase so mu . . . Asɔre no ne saa Ahenni no mfiase.” Katolek Asɔre no a wɔde bataa Onyankopɔn Ahenni no ho no maa asɔre no nyaa aban ahorow so tumi kɛse wɔ Mfinimfini Mfe a na gyidi hunu abu so wom no mu. Nnɛyi mpo, asɔre mu atumfo bɔ mmɔden sɛ wobenya wiase nsɛm so nkɛntɛnso, wɔboa amammui ahyehyɛde ahorow bi na wɔsɔre tia afoforo.
Nsɛnkyerɛwfo bi kaa adwene foforo bi a nnipa pii kura nnɛ ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Ɔman anidan kwan no ne ahenni no efisɛ ɔman anidan no ne sɛ nnipa bɛbom sɛ adesamma kuw foforo, a nea ɛkanyan wɔn ne ɔsoro sɛnkyerɛnne bi a wɔnam ɔnokwafo bi —Yesu . . . Gandhi . . . Berrigan anuanom no so de ma.” Sɛnea wɔkyerɛkyerɛ sɛ wɔnam ho a wɔde hyɛ amammuisɛm mu betumi ama Onyankopɔn Ahenni anya nkɔso, ne ani a wobu gu Ahenni no ho nokwasɛm ahorow so no ama nyamesom akannifo pii abɔ mmɔden sɛ wobenya amammui mu dibea bi. Ama afoforo de wɔn ho ahyɛ ɔman basabasayɛ ne akodi a wɔde sɔre tia aban ahorow mu. Eyinom mu biara ne nokwasɛm a ɛne sɛ Ahenni no mfi wiase yi no nhyia. Na nyamesom akannifo a wɔde wɔn ho hyɛ amammuisɛm mu fefeefe no nyɛɛ wɔn ho koraa sɛ womfi wiase, sɛnea Yesu kae sɛ ne nokware asuafo bɛyɛ no. Wɔn a wɔkyerɛkyerɛ sɛ ɛnam amammui dwumadi so na wobenya Onyankopɔn Ahenni no yɛ atoro adiyifo. Wɔrewia Onyankopɔn nsɛm afi nnipa no nkyɛn.
Sɛ Kristoman nyamesom akannifo no kyerɛkyerɛ nea Bible no ka no ampa a, anka wɔn nguan no behu sɛ Onyankopɔn Ahenni no bedi ɔhaw ahorow te sɛ ohia, nyarewa, mmusua binom nsisi, ne nhyɛso ho dwuma ampa. Nanso Onyankopɔn bɛyɛ saa wɔ ne bere a ɛfata mu ne wɔ n’ankasa kwan so. Ɛrenyɛ nea ɛnam ɔsesɛw a wɔyɛ wɔ amammui nhyehyɛe horow a sɛ Ahenni no ba a ebetwam no mu no so bɛba. Sɛ asɔfo yi yɛ nokware adiyifo a, anka wɔbɛkyerɛ wɔn nguan no sɛ bere a wɔretwɛn Onyankopɔn Ahenni no dwumadi no, wobetumi anya mmoa pa ankasa a efi Onyankopɔn nkyɛn na ama wɔatumi adi ɔhaw ahorow a wiase yi mu nsisi de ba no ho dwuma.
Nea etwa to no, anka wɔbɛkyerɛ wɔn nguan no sɛ wɔkaa asase so nsɛm tebea a ɛkɔ so sɛe a ɛma wohu amane pii no ho asɛm siei wɔ Bible no mu, na ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ Ahenni no ba abɛn. Yiw, ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba na abesi mprempren amammui nhyehyɛe ahorow no ananmu. Nhyira bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛɛ yi!—Mateo 24:21, 22, 36-39; 2 Petro 3:7; Adiyisɛm 19:11-21.
Adesamma wɔ Onyankopɔn Ahenni Ase
Onyankopɔn Ahenni no ba bɛkyerɛ dɛn ama adesamma? Wiɛ, so wubetumi asusuw ho sɛ wobɛsɔre anɔpa biara a wowɔ ahoɔden? Ɛnyɛ nea obiara a wunim no no yare anaasɛ ɔrewu. Wɔnam owusɔre bi so de w’adɔfo a wɔawuwu mpo asan abrɛ wo. (Yesaia 35: 5, 6; Yohane 5:28, 29) Sikasɛm ho dadwen ahorow a pɛsɛmenkominya aguadi ne sikasɛm nhyehyɛe ahorow a ɛnyɛ pɛ de ba biara nni hɔ bio. Wowɔ w’ankasa fie pa ne asase kɛse a wode bedua aduan a w’abusua behia nyinaa. (Yesaia 65:21-23) Wubetumi anantenantew baabiara awia anaa anadwo a wunsuro sɛ obi bɛtow ahyɛ wo so. Akodi nni hɔ bio—biribiara nni hɔ a ɛbɛma w’ahobammɔ aba asiane mu. Obiara susuw wo yiyedi ho. Abɔnefo afi hɔ. Ɔdɔ ne trenee wɔ baabiara. Wubetumi ayɛ bere a ɛte saa ho mfonini wɔ w’adwenem? Wiase a ɛte sɛɛ na Ahenni no de bɛba.—Dwom 37:10, 11; 85:10-13; Mika 4:3, 4.
So eyi yɛ biribi a ɛrentumi mma mu? Dabi. Kenkan kyerɛw nsɛm a ɛwɔ nkyekyem a edi eyi anim no mu no, na wubehu sɛ biribiara a wɔaka wɔ hɔ no yɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ankasa. Sɛ ɛde besi saa bere yi wunnyaa nea Onyankopɔn Ahenni betumi ayɛ na ɛbɛyɛ ama adesamma no ho nokware nimdeɛ yi a, ɛnde na obi awia Onyankopɔn nsɛm afi wo hɔ.
Anigyesɛm ne sɛ ɛho nhia sɛ nneɛma kɔ so yɛ sɛnea ɛte no ara. Yesu kae sɛ yɛn nna yi mu na “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Nsɛmma nhoma a worekenkan yi yɛ saa asɛnka adwuma no fã bi. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ mma atoro adiyifo nnaadaa wo. Hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu kɔ akyiri na woahu Onyankopɔn Ahenni no ho nokware. Afei, brɛ wo ho ase hyɛ saa Ahenni a ɛyɛ nsiesiei a efi Oguanhwɛfo Kɛse, Yehowa Nyankopɔn nkyɛn no ase. Nokwarem no, ɛne onipa anidaso koro pɛ, na ɛrenni huammɔ.
[Mfonini wɔ kratafa 5]
Luther kyerɛkyerɛɛ sɛ wobetumi abu nnipa aban sɛ Onyankopɔn Ahenni
[Mfonini Fibea]
Courtesy of the Trustees of the British Museum
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Te sɛ Oguanhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ no, Yehowa nam n‘Ahenni no so de tebea horow a onipa biara rentumi mfa mma bɛba