Nnye Onyankopɔn Ahofadi A Ɔde Ma No Kwa
“Nea [Yehowa] honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadi wɔ.”—2 KORINTOFO 3:17.
1. Dɛn nti na Yesaia 65:13, 14 mu nsɛm fa Yehowa Adansefo ho?
YEHOWA yɛ ahofadi Nyankopɔn. Na nhyira bɛn ara na ahofadi a Onyankopɔn de ma yɛ sɛɛ yi! Esiane sɛ Amansan Hene Yehowa nkoa a wɔahyira wɔn ho so wɔ ahofadi a ɛte sɛɛ nti, ne nsɛm yi fa wɔn ho: “Hwɛ, me nkoa bedidi, na mo de, mubedi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo de, mubedi sukɔm; hwɛ, me nkoa ani begye, na mo de, mo ani bewuwu; hwɛ, me nkoa de koma pa bɛto ahurusi dwom, na mo de, mode koma mu yaw bɛteɛm, na mode honhom a abubu asu yɔɔ.”—Yesaia 65:13, 14.
2. Dɛn nti na Yahowa nkurɔfo di yiye wɔ honhom mu?
2 Onyankopɔn nkurɔfo wɔ honhom mu yiyedi tebea yi mu efisɛ ne honhom, anaasɛ adeyɛ tumi na ɛkyerɛ wɔn kwan. Ɔsomafo Paulo se: “[Yehowa] ne Honhom no; na nea [Yehowa] honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadi wɔ.” (2 Korintofo 3:17) Ahofadi a Onyankopɔn de ama no atirimpɔw ne dɛn? Na dɛn na wɔhwehwɛ sɛ yɛyɛ na yɛde adi dwuma akosi ase?
Ahofadi a Onyankopɔn Wɔ No
3. Ahofadi bɛn na Onyankopɔn wɔ, na dɛn ntia?
3 Yehowa nkutoo na ɔwɔ ahofadi a edi mũ. N’abɔde biara rentumi nto ahofadi a ɔwɔ no ano hye efisɛ ɔne Ade Nyinaa so Tumfo Nyankopɔn ne Amansan Hene. Sɛnea ɔbarima nokwafo Hiob kae no: “Hena na obetumi asianka no? Hena na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woreyɛ yi?” (Hiob 9:12, New World Translation) Saa ara nso na wɔhyɛɛ Babilon Hene Nebukadnesar ma ogye toom sɛ: “Na obi nni hɔ a ɔbɛbɔ [Onyankopɔn] nsa akyene na waka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woyɛ yi?”—Daniel 4:35.
4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa to n’ahofadi ano hye?
4 Nanso Yehowa ankasa trenee nnyinasosɛm ahorow to saa ahofadi a edi mũ no ano hye. Ɔyɛɛ eyi ho mfatoho bere a Sodomfo asɛm haw Abraham ma obisae sɛ: “Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee anaa?” no. Mmuae a Onyankopɔn de mae no kyerɛ sɛ ogye asɛyɛde a ɔwɔ sɛ ɔyɛ nea ɛteɛ no tom. Sɛ ɛkaa atreneefo bi wɔ Sodom a, anka ɔrensɛe hɔ. (Genesis 18:23-33) Onyankopɔn to n’ahofadi ano hye nso efisɛ ne dɔ ne nyansa ma ne bo kyɛ fuw, na ɔda ahosodi adi.—Yesaia 42:14.
Nnipa Ahofadi Mu Anohyeto Ahorow
5. Nneɛma a ɛto onipa ahofadi ano hye no bi ne nea ɛwɔ he?
5 Ɛwom sɛ Yehowa wɔ ahofadi a edi mũ de, nanso afoforo nyinaa yɛ wɔn ade wɔ anohyeto a wɔn su, nneɛma a wotumi yɛ ne baabi a wɔte, ne nneɛma te sɛ adesamma abɔnefo nkwa nna a ɛso atew no de to wɔn so no mu. Onyankopɔn de ahofadi a ɛyɛ pɛ bɔɔ onipa sɛ ɔnyɛ ade wɔ beae a Onyankopɔn de ama no no. Nneɛma afoforo pii nso nti, wɔato onipa ahofadi no ano hye, enni mũ.
6. Akontaa a yebebu akyerɛ Onyankopɔn fa yɛn ahofadi ho dɛn?
6 Nea edi kan ne sɛ esiane sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ onni N’atirimpɔw ho dwuma nti, wato onipa ahofadi ano hye. Yehowa ‘fata sɛ ogye anuonyam ne nidi ‘ne tumi, efisɛ ɔno na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, na ne pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.’ (Adiyisɛm 4:11) Enti onipa bebu akontaa akyerɛ ne Yɛfo, a ɔnam ɔkwan a ɛteɛ so ayɛ mmara ahorow a ɔnam so bedi onipa so no. Na Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wokum nnipa a wɔde ne din di dwuma ɔkwammɔne so, anaasɛ wobu Homeda mmara no so no wɔ tete Israel a na ɛwɔ Mose Mmara no ase no. (Exodus 20:7; 31:14, 15; Leviticus 24:13-16; Numeri 15:32-36) Ɛwom sɛ Kristofo nni Mmara no ase de, nanso wɔato yɛn ahofadi ano hye efisɛ yebebu akontaa akyerɛ Yehowa, a ɔne yɛn Temmufo, Mmarahyɛfo, ne Ɔhene no.—Yesaia 33:22; Romafo 14:12.
7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na abɔde mmara to onipa ahofadi ano hye? (b) Onyankopɔn mmara afoforo bɛn na ɛto nnipa ahofadi ano hye?
7 Nea a ɛto so abien ne sɛ wɔato nnipa ahofadi ano hye esiane Onyankopɔn abɔde ho mmara nti. Sɛ nhwɛso no, esiane gravity (tumi a ɛtwe ade ba fam) ho mmara nti, obi rentumi nhuruw mfi abansoro dan tenteenten so a ompira anaasɛ onwu. Ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn abɔde ho mmara to ahofadi a nnipa wɔ sɛ ɔyɛ nneɛma bi no ano hye.
8 Nea ɛto so abiɛsa ne sɛ wɔato onipa ahofadi ano hye esiane Onyankopɔn mmara a ɛfa abrabɔ ho no nti. Ebia woahu nea Paulo kyerɛwee wɔ Galatifo 6:7, 8 no mmamu: “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa. Nea ogu gu honam mu betwa porɔwee, na nea ogu gu honhom so no fi honhom mu betwa daa nkwa.” Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa Nyankopɔn mmara a ɛfa abrabɔ ho no nso to yɛn ahofadi ano hye, nanso ɛso a yebedi no bɛma yɛanya nkwa.
9. Ɔkwan bɛn so na adesamma abusua no mufo a yɛyɛ no to yɛn ahofadi ano hye?
9 Nea ɛto so anan ne sɛ wɔato onipa ahofadi ano hye, efisɛ ɔyɛ adesamma abusua no muni. Enti ɛsɛ sɛ onya ahofadi kodu baabi a ɛrensɛe afoforo de nkutoo. Ɛsɛ sɛ Kristofo brɛ wɔn ho ase ma nniso “atumfo a wɔkorɔn” no, mpɛn dodow a ɛmma yemmu Onyankopɔn mmara so no. (Romafo 13:1; Asomafo no Nnwuma 5:29) Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ yedi towtua, mmirika a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn kar tu, ne ade ho mmara ahorow so. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛsɛ sɛ yedi “Kaesare” mmara ahorow a ɛte saa so no kyerɛ bio nso sɛ wɔato ahofadi a Onyankopɔn de ama yɛn no ano hye.—Marko 12:17; Romafo 13:7.
Dɛn Nti na Wɔato Ahofadi Ano Hye?
10, 11. Dɛn nti na Yehowa maa nnipa ahofadi a wɔato ano hye?
10 Dɛn nti na Onyankopɔn de ahofadi a wɔato ano hye maa nnipa? Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ ɛbɛma Onyankopɔn atumi anya abɔde a wɔwɔ nyansa wɔ asase so, a wɔnam wɔn nsɛm ne wɔn abrabɔ pa so de nidi ne ayeyi bɛbrɛ no. Nnipa betumi ayɛ saa, nanso mmoa ntumi nyɛ. Mmoa a nkate kyerɛ wɔn kwan nnim abrabɔ ho hwee. Wubetumi atete ɔkraman sɛ ɔmmfa biribi, nanso wuntumi nkyerɛ no sɛ korɔn yɛ bɔne. Aboa a wɔde ne nneyɛe adua ne mu, sɛnea yɛbɛka no no, rentumi mfi ase mfa ayeyi ne anuonyam mmrɛ Yehowa, nanso onipa betumi afi ne pɛ mu apaw sɛ obefi ɔdɔ ne anisɔ mu asom ne Yɛfo.
11 Onyankopɔn de ahofadi yi maa nnipa nso na wɔanya mfaso ne anigye. Wɔnam adɔe ne biakoyɛ a wɔbɛda no adi no so betumi de wɔn ahofadi a wɔato ano hye no adi dwuma. Nnipa wɔ ahofadi nso sɛ wɔpaw nea wɔpɛ wɔ nneɛma te sɛ adwuma ne baabi a wɔbɛtra no mu. Ɛnnɛ, sikasɛm ne amammui mu nsɛm taa to saa adepaw mu ahofadi a onipa wɔ no ano hye, nanso ebia na efi onipa pɛsɛmenkominya, na emfi ɔkwan a Onyankopɔn faa so bɔɔ adesamma mfiase no.
12. Dɛn nti na adesamma mu fã kɛse no ara wɔ nkoasom mu?
12 Ɛwom sɛ Yehowa maa nnipa ahofadi kɛse de, nanso wɔn mu fã kɛse no ara wɔ abasamtu nkoasom mu nnɛ. Asɛm bɛn na esii? Nnipa baanu a wodi kan no, Adam ne Hawa, gyee ahofadi a Onyankopɔn de maa wɔn no kwa. Wɔyɛɛ ade traa wɔn ahofadi no mu anohyeto ahorow, na wotwaa teɛ a ɛteɛ sɛ Onyankopɔn di wɔn so sɛ Amansan Hene Yehowa no mpoa. (Genesis 3:1-7; Yeremia 10:10; 50:31) Esiane sɛ na wɔn ani nsɔ sɛ wɔde wɔn ahofadi no bɛhyɛ Yehowa anuonyam nti, wɔde dii dwuma wɔ pɛsɛmenkominya kwan so, ma wɔn nkutoo de sii nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ no gyinae, na wɔnam saayɛ so kɔkaa Satan ho wɔ atua a ɔtew tiaa Yehowa no mu. Nanso, sɛ anka wobenya ahofadi pii mmom no, abɔnefo Adam ne Hawa, de wɔn ho kɔhyɛɛ anohyeto ahorow a emu yɛ den ne nkoasom mu, wɔn ahofadi so tewee, na awiei koraa no, wowuwui. Ahofadi a wɔhweree yi bɛyɛɛ wɔn asefo apɛgyade. “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.” “Bɔne so akatua ne owu.”—Romafo 3:23; 5:12; 6:23.
13. Dɛn nti na Satan atumi de nnipa ayɛ nkoa?
13 Eden atuatew no nti, Adam ne Hawa ne wɔn asefo nso bɛyɛɛ Satan Ɔbonsam nkoa. “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu”! (1 Yohane 5:19) Satan tumi a ɛkorɔn ne nea otumi yɛ nti, watumi adaadaa adesamma a wɔatwe wɔn ho afi Yehowa Nyankopɔn ho no nyinaa de wɔn ayɛ nkoa. Afei nso, nnipa pɛsɛmenkominyafo adi wɔn mfɛfo nnipa so ma adan wɔn bɔne. (Ɔsɛnkafo 8:9) Enti, mprempren adesamma abusua no yɛ bɔne ne owu, Satan ne n’adaemone, ne wiase no amammui, sikasɛm ne nyamesom nhyehyɛe ahorow nkoa.
Nokware Ahofadi Atumi Aba
14. Adesamma anidaso a wɔwɔ sɛ wobenya nokware ahofadi no bata dɛn ho?
14 Ahofadi a wobenya afi bɔne, Owu, ne Ɔbonsam ne ne wiase no mu no bata sɛnea Onyankopɔn asi ne bo sɛ obedi ɔsɛmpɔw a Satan ma ɛsɔree wɔ teɛ a n’ankasa amansan tumidi teɛ ho dwuma no ho kɛse. Esiane sɛ Satan na ɔmaa ɔsɛmpɔw yi sɔree nti, Yehowa ama wakɔ so atra nkwa mu, sɛnea ɔmaa Farao traa nkwa mu koduu bere bi no. Yehowa ayɛ saa sɛnea ɛbɛma watumi ada ne tumi adi koraa, na wama wɔabɔ ne din wɔ asase so nyinaa. (Exodus 9:15, 16) Ɛrenkyɛ Onyankopɔn bebu ne ho bem sɛ Amansan Hene, na watew ne din kronkron no ho denam ahohorabɔ a Satan, Adam ne Hawa atuatew de aba so a obeyi afi hɔ no so. Enti, wobeyi nnipa a wosuro Yehowa no afi bɔne ne owu nkoasom mu, na wɔde wɔn akɔ wiase foforo a ahofadi a Onyankopɔn de ama wom mu.—Romafo 8:19-23.
15. Dɛn na Yesu yɛe wɔ ahofadi a wɔbɛsan de ama adesamma no mu?
15 Nea ɛbɛyɛ na adesamma asan anya ahofadi no, Onyankopɔn somaa ne Ba baa asase so sɛ onipa. Onyankopɔn Ba Yesu Kristo nam ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ, a ofii ne pɛ mu de mae no so de agyede afɔrebɔ, nea wobegyina so ama adesamma ade wɔn ho no mae. (Mateo 20:28) Ɔbɔɔ ahofadi nkrasɛm dawuru nso. Wɔ ne som adwuma mfiase no, ɔkaa nsɛm yi faa n’ankasa ho sɛ: “Asafo Yehowa honhom wɔ me so, efisɛ Yehowa asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ wɔn a wodwo. Wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ, mempae ahofadi menkyerɛ nnommum, na memmue anifuraefo aniwa yiye.”—Yesaia 61:1, NW; Luka 4:16-21.
16. Na nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ afeha a edi kan no mu Yudafo yɛ na wɔanya nokware ahofadi?
16 Ɔkwan bɛn so na nnipa bɛfa anya saa ahofadi? Yesu se: “Sɛ motra m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa; na mubehu nokware, na nokware no [bɛma moade mo ho].” Yesu akyidifo nam saa kwan no so anya honhom mu ahofadi. (Yohane 8:31, 32, 36) Bio nso, Yesu ka kyerɛɛ Roma amrado Pontio Pilato sɛ: “Wo na woka sɛ meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.” (Yohane 18:37) Yudafo a wogyee nokware no toom sɛnea Yesu kaa ho asɛm, na ɔyɛɛ ho nhwɛso no nuu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho, wogyaee wɔn bɔne no yɛ, wɔde wɔn ho maa Yehowa, na wɔbɔɔ wɔn asu sɛnea wɔbɔɔ Yesu asu no. (Mateo 3:13-17; Asomafo no Nnwuma 3:19) Saa kwan yi so no, wobenyaa ahofadi a Onyankopɔn de ama a wato ano hye.
17. Dɛn nti na Yehowa ma ne nkoa ahofadi?
17 Yehowa ma ne nkoa anokwafo ahofadi, na asan n’ankasa tumidi ho titiriw, na ama wɔanya awerɛkyekye ne mfaso nso. Ogyee lsraelfo no fii Misraim nkoasom mu na wɔatumi ahyɛ no anuonyam sɛ ahenni asɔfokuw, n’adansefo. (Exodus 19:5, 6; Yesaia 43:10-12) Saa ara na Yehowa yii ne nkurɔfo fii Babilon nkoasom mu, ne titiriw no, na wɔasan asi asɔrefi no na wɔde nokware som asan asi hɔ. (Esra 1:2-4) Bere a saa nnommum no maa honam fam nneɛma a ɛbɛma wɔn ahotɔ nkutoo ho asɛm hiaa wɔn no, Yehowa somaa n’adiyifo Hagai ne Sakaria ma wɔkɔkaee wɔn asɛyɛde ahorow a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim. Esiane sɛ wɔnam saa kwan no so ma wohuu ahofadi a Onyankopɔn de maa wɔn no yiye nti, ɛma wosii asɔrefi no wiei ma ɛhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na ɛde ahotɔ ne yiyedi nso brɛɛ ne nkurɔfo.
Ahofadi a Onyankopɔn De Ama a Yɛrennye No Kwa
18. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ Yehowa nnɛyi nkoa nnyee ahofadi a Onyankopɔn de ama wɔn no kwa?
18 Na nnɛyi Onyankopɔn nkoa nso ɛ? Sɛ ahyehyɛde no, wonnyee ahofadi a Onyankopɔn de ama wɔn no kwa. Wɔ 1870 mfe no mu no, wofii ase dee wɔn ho fii Babilon mfomso ho, na wonyaa Kristofo ahofadi a ɛyɛ kɛse. Na eyi ne Mmebusɛm 4:18 hyia, nea ese: “Treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.” Nanso, sɛnea wɔde Onyankopɔn tete nkurɔfo kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon kosii bere bi no, Yehowa nkoa kɔɔ Babilon Kɛse no nkoasom bi mu wɔ 1918 mu. (Adiyisɛm 17:1, 2, 5) Saa wiase nyinaa atoro som ahemman no mufo dii ahurusi, bere a sɛnkyerɛnne kwan so “adansefo baanu” no deda hɔ a wɔawuwu wɔ honhom mu no. Nanso, Onyankopɔn dom nti, onyanee ne nkoa a wɔasra wɔn no, na wɔdee wɔn ho wɔ honhom mu. (Adiyisɛm 11:3, 7-11) Esiane sɛ wɔde ahofadi a Onyankopɔn de ama wɔn no dii dwuma nti, wɔbɛyɛɛ Ɔsorosoroni no adansefo a wɔyɛ nnam. Enti, hwɛ sɛnea ɛfata sɛ wɔ 1931 mu no, wɔde anigye gyee edin Yehowa Adansefo no toom! (Yesaia 43:10-12) Efi 1935 titiriw reba no, “nnipakuw kɛse” a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase so no abɛka Adansefo a wɔasra wɔn no ho. Wɔn nso wonnyee ahofadi a Onyankopɔn de ama wɔn no kwa.—Adiyisɛm 7:9-17.
19, 20. (a) Dɛn ne ɔkwan titiriw biako a Yehowa nkurɔfo nam so de wɔn ahofadi a Onyankopɔn de ama wɔn no di dwuma yiye? (b) Ɔkwan titiriw foforo bɛn na Yehowa Adansefo nam so de ahofadi a Onyankopɔn de ama wɔn no di dwuma yiye?
19 Yehowa nkurɔfo de ahofadi a Onyankopɔn de ama wɔn no redi dwuma yiye wɔ akwan atitiriw abien so. Biako ne sɛ wɔde bu bra pa. (1 Petro 2:16) Din pa a wɔwɔ bɛn ara ni! Sɛ nhwɛso no, bere bi ɔbarima bi baa Ahenni Asa so wɔ Zurich, Switzerland, bɛkae sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo. Wobisaa no nea enti a ɔpɛ sɛ ɔyɛ bi no, ɔkae sɛ na ne nuabea yɛ Ɔdansefo, nanso ɔbrasɛe nti wɔatu no. Ose, ‘Ɛno ne ahyehyɛde a mepɛ sɛ mede me ho bɔ—nea ɛmpene ɔbrasɛe so.’ Ɛnde ntease pa nti na The Catholic Encyclopedia no aka sɛ Yahowa Adansefo anya din pa sɛ “akuw a wobu bra pa sen biara wɔ wiase no mu biako.”
20 Yehowa Adansefo de wɔn ahofadi a Onyankopɔn de ama wɔn no di dwuma nso denam wɔn ahyɛde a ese wɔnka Ahenni no ho asɛmpa sɛnea Yesu yɛe no ho dwuma a wɔredi no so. (Mateo 4:17) Wɔnam nsɛm a wɔde wɔn ano ne nhoma ka, bɔnnɔ so ne nea ɛnyɛ bɔnnɔ so no so rebɔ asɛmpa no dawuru. Saa a wɔyɛ no ma wɔn ankasa nya mu mfaso kɛse denam wɔn gyidi ne wɔn anidaso a ɛhyɛ no den no so. Afei nso, dwumadi yi begye wɔn ankasa ne wɔn atiefo nso nkwa. (1 Timoteo 4:16) Nhoma Dynamic Religious Movements no ka dwumadi yi ho asɛm sɛ: “Ɛbɛyɛ den sɛ wubehu kuw foforo bi mufo a wɔyere wɔn ho wɔ wɔn som mu sɛnea Adansefo no yɛ no.”
21. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa rehyira ne nkurɔfo ɔsom adwuma so?
21 Hwɛ sɛnea Yehowa Nyankopɔn rehyira yɛn bere a yɛredi ahofadi a Onyankopɔn de ama yɛn no atirimpɔw ho dwuma no! Yebetumi ahu eyi wɔ afe a etwaam no asɛnka akontaabu no mu—dodow nkɔanim a ɛsen biara a ɛyɛ adawurubɔfo ɔpepem anan ne akyi, ne nnipa ɔpepem du ne akyi a wɔbaa Yesu wu Nkae no ase. Wɔ nhwehwɛmu biako mu no, Ireland nyaa ɔsram biara adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛtoatoa so 29; Mexico nyaa dodow nkɔanim 78 wɔ asram 80 mu; Japan nyaa dodow nkɔanim 153 toatoaa so!
Fa Ahofadi a Onyankopɔn De Ama Wo no Di Dwuma Yiye
22. Nsɛm a ɛkanyan nsusuwii a yebetumi abisa yɛn ho no mu binom mu asɛntitiriw ne dɛn?
22 Sɛ woyɛ Yehowa Ɔdansefo a woahyira wo ho so a, so wode ahofadi a Onyankopɔn de ama wo no redi dwuma yiye? Yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ: ‘So mehwɛ yiye sɛ mede ahofadi a Onyankopɔn de ama me no bedi dwuma na mamfa abrabɔ bɔne anto obiara hintidua? So mebɔ mmɔden di Kaesare mmara so sɛnea ɛsɛ, ɛwom sɛ mede Onyankopɔn mmara di kan de? So me ne mpanyimfo no yɛ biako wɔ asafo no mu kosi ase? So mede ahofadi a Onyankopɔn de ama me no redi dwuma kosi ase de ka asɛmpa no? So mewɔ ‘pii yɛ wɔ Awurade adwuma no mu’ bere nyinaa? So mede anigye kɛse redi honam fam adwuma akyi, bere a anka metumi de ahofadi a Onyankopɔn de ama me no adi dwuma pa de atrɛw me som mu, na mapete adu asɛyɛde akɛse ho wɔ asafo no mu anaasɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu no?—1 Korintofo 15:58.
23. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛannye ahofadi a Onyankopɔn de ama yɛn no kwa?
23 Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa ‘bɛka ahwɛ na yɛahu sɛ Yehowa ye.’ (Dwom 34:8) Mommma yennya no mu ahotoso, yenni ne mmara so, na yɛnhyɛ ne din anuonyam denam nnamyɛ a yɛde bɛbɔ n’Ahenni no dawuru no so. Kae sɛ ‘wɔn a wogu nhyira so no betwa nhyira so.’ (2 Korintofo 9:6) Enti momma yɛmfa ɔsom a efi koma nyinaa mu mma Yehowa, na yɛnkyerɛ sɛ yennyee ahofadi a Onyankopɔn de ama yɛn no kwa.
Wubebua Dɛn?
◻ Ahofadi bɛn na Onyankopɔn wɔ?
◻ Anohyeto ahorow bɛn na ɛwɔ onipa ahofadi mu?
◻ Ɛyɛɛ dɛn na nokware ahofadi tumi bae?
◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛannye ahofadi a Onyankopɔn de ama no kwa?
[Mfonini wɔ kratafa 9]
Nneɛma te sɛ gravity (Tumi a ɛtwe ade ba fam) no to onipa ahofadi ano hye