Yehowa Kwan Ne Asetra Kwan A Eye Kyɛn So
SƐNEA ERKKI KANKAANPÄÄ KA KYERƐE
EFI me mmofraase no, na me botae ne sɛ mɛsom wɔ Finland Yehowa Adansefo baa dwumadibea, anaa Betel sɛnea wɔfrɛ hɔ no. Enti bere a ɔhwɛfo ɔkwantufo bi bisaa me wɔ 1941 ahohuru bere mu sɛ, “Nhyehyɛe bɛn na woayɛ ama daakye?” no, mibuae sɛ: “Mapɛ bere nyinaa sɛ mɛkɔ Betel.”
Ɔkae sɛ: “Ɛbɛyɛ papa sɛ wuyi saa anidaso no fi w’adwene mu; wɔremfrɛ wo nkɔ hɔ da.” Mfiase no, m’aba mu bui yiye, nanso afei misii gyinae sɛ mede asɛm no bɛma Yehowa. Asram kakraa bi akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔsom wɔ Betel.
Na meyɛ abarimaa bi a wadi mfe 17 a ofi akuraase na ɔfɛre ade bere a mekɔbɔɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Helsinki no ano pon mu wɔ November, 1941 mu da bi a awɔw wom na wim atew mu no. Ankyɛ na Kaarlo Harteva a ɔyɛ baa dwumadibea hɔ sohwɛfo no bɛmaa me akwaaba. Saa bere no, na baa dwumadibea no hwɛ Finland Adansefo 1,135 so.
Kristofo Agyapade Bi
Wɔ 1914 mu no, me papa nsa kaa Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma The Divine Plan of the Ages no bi. Nanso, ankyɛ na wiase ko a edi kan no fii ase, enti wantumi ankenkan. Finland man ahofadi ho aperepere no de ɔhaw pii bae. Wɔhyehyɛɛ akuw abien a wɔwɔ tumi—Whitefo ne Redfo. Na Whitefo no gyina hɔ ma kapitalistfo ne wɔn a wɔwɔ wɔn biribi di no, na Redfo no gyina hɔ ma adwumayɛfo no. Me papa bɔɔ mmɔden sɛ ɔrenkɔ afã biara, na ɔtwee ne ho fii akuw abien no nyinaa ho korakora. Nanso, wɔn nyinaa buu no sɛ ne ho yɛ hu.
Nea ɛbae ne sɛ wobuu Paapa kumfɔ mprenu, Whitefo no dii kan yɛɛ saa, na afei Redfo no nso yɛɛ saa. Bere bi a wodii ɔbarima bi awu na wɔanhu owudifo no ankyere no no, wobuu mmerante du a me papa ka ho kumfɔ. Me papa akyerɛkyerɛfo no mu biako a na ɔka atemmufo no ho no, kamfo kyerɛe sɛ wonyi no mfi mu, na wɔpenee so. Wokum mmerantewa baakron a aka no.
Bere foforo bi mu no, wogyee Paapa fii kumfɔ mu bio. Ɛno akyi no, osii gyinae sɛ obetu fam akɔhyɛ hɔ ankasa! Ɔne ne nuabarima tuu fam kɔhyɛɛ hɔ, na wɔtraa hɔ kosii sɛ ɔko no baa awiei. Wɔn nuabarima kumaa kɔmaa wɔn aduan ne nsu na ama wɔakɔ so atra ase.
Ɔko no baa awiei wɔ 1918 mu no, Paapa waree na osii fie wɔ baabi a ɛbɛn faako a otuu fam kɔhyɛɛ hɔ no. Akyiri yi no, mihuu hɔnom yiye, efisɛ mede hɔ yɛɛ m’agorudibea. Paapa ka kyerɛɛ me sɛ ɔbɔɔ mpae pii bere a okohintaw asase ase hɔ no. Ɔhyɛɛ Onyankopɔn bɔ sɛ sɛ ɛba sɛ ohu sɛnea ɔbɛsom No a, ɔbɛyɛ saa.
N’aware akyi bere tiaa bi no, Paapa sii gyinae sɛ ɔbɛfa nhoma bi akɔkenkan bere a ɔretu kwan akɔyɛ n’adwuma bi no. Okohuu The Divine Plan of the Ages a ɔtɔɔ mfe bi a atwam no wɔ ɔdan atifi adekorabea no mu. Obuee ti a ese “Yehowa Da No” na ɔkenkanee. Ɔkɔɔ so see ne ho sɛ: ‘Eyi ne nokware no, eyi ne nokware no.’ Ofi adekorabea hɔ sii fam no, ɔka kyerɛɛ me maame sɛ: “Mahu nokware som no.”
Ɛkame ayɛ sɛ mpofirim ara Paapa fii ase kaa nneɛma a ɔresua no ho nsɛm kyerɛɛ afoforo, na odii kan kasa kyerɛɛ n’abusuafo ne n’afipamfo. Afei ofii ase maa baguam ɔkasa horow. Ankyɛ na afoforo a wɔwɔ mpɔtam hɔ bɛkaa ne ho. Bere a Paapa hyiaa Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no akyi no, wɔbɔɔ no asu wɔ 1923 mu. Bere a wɔwoo yɛn mmofra no—awiei koraa no yɛbɛyɛɛ baanan—Paapa ammu n’ani angu nkyerɛkyerɛ a ɔde bɛma yɛn no so. Nokwarem no, bere a wɔhyehyɛɛ asafo wɔ hɔ no, wɔhwɛɛ kwan sɛ yɛbɛkɔ nhyiam biara.
Me Mmofraberem Nsɛm a Mekae
Nea mekae wɔ me mmofraberem ne nhyiam bi a wɔyɛɛ ho nhyehyɛe wɔ yɛn asafo no mu wɔ 1929 mu, bere a na madi mfe anum no. Nnipa pii fi asafo a ɛbemmɛn mu behyiaam wɔ hɔ, na baa dwumadibea ɔnanmusini bi nso bae bi. Saa bere no mu no, na wohyira mmofra wɔ nhyiam horow ase wɔ anyɛ yiye koraa no Finland. Enti onua a ofi Betel no hyiraa mmofra no sɛnea Yesu yɛe wɔ ne som adwuma no mu no ara pɛ. Me werɛ mfii ɛno da.—Marko 10:16.
Ade foforo a mekae wɔ me mmofraase ne edin Yehowa Adansefo a yegye toom wɔ 1931 mu no. Me papa a na onim sɛnea na eyi yɛ bere titiriw no de animduru kenkan amanneɛbɔ a ɛfa yɛn din foforo no ho no kyerɛɛ asafo no.
Efi bere a metumi akae no, na me ne me papa kɔyɛ asɛnka adwuma no. Mfiase no, na mitie nea ɔka no ara kɛkɛ, nanso akyiri yi no, na me nkutoo mitumi yɛ adwuma no. Wɔ 1935 mu, bere a ɔhwɛfo ɔkwantufo bi bɛsraa yɛn no, mekɔɔ yɛn afipamfo no nyinaa nkyɛn kɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra nhyiam no. Memaa wɔn nhomawa nso, na ebinom gyei.
Sukuu ne Gyinaesi Titiriw Bi
Na yɛn mmofra baanan no nkutoo na yɛn awofo yɛ Adansefo wɔ yɛn sukuu no mu, na na wɔtaa di yɛn ho fɛw esiane sɛ yɛne mmofra afoforo ammu bra a ɛmfata Kristofo no nti. Ɛwom sɛ mfɛfo sukuufo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa me na manom sigaret de, nanso manyɛ saa da. Wodii yɛn ho fɛw frɛɛ yɛn Russellfo (na Russell ne Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan) anaasɛ Hartevafo (na Harteva ne Finland baa no sohwɛfo saa bere no) nso. Ɛyɛ me anigye sɛ mɛka sɛ awiei koraa no, mmofra bi a na mmere bi wodi yɛn ho fɛw no bɛyɛɛ Adansefo.
Me kyerɛkyerɛfo hyɛɛ me nkuran sɛ mentoa m’adesua so, na bere bi mu no, misusuw ho sɛ ebia mɛyɛ mfiridwumayeni. Nanso wɔyɛɛ Yehowa Adansefo nhyiam bi wɔ Pori wɔ 1939 fefɛw bere mu, na ɛde nsakrae baa m’asetra mu. Me ne me nuabarima kumaa Tuomo nyinaa hyiraa yɛn ho so maa Yehowa na yɛde nsu mu asubɔ yɛɛ eyi ho sɛnkyerɛnne wɔ saa nhyiam no ase, wɔ May 28, 1939 mu. Afei, wɔ September mfiase mu no, Wiase Ko II fii ase.
Nsakrae akɛse baa Europa nsɛm tebea mu. Finland ne Soviet Union ntam sɛee yiye. Me papa sii so dua sɛ Harmagedon rebɛn na ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ akwampaefo. Enti, wɔ December 1940 mu no, me ne me nuabarima no fii ase yɛɛ akwampae adwuma no wɔ Finland kusuu fam.
Akwampae Adwuma ne Betel Som
Bere a yɛreyɛ akwampae adwuma no, yɛne Yrjö Kallio trae mpɛn pii. Na ɔyɛ onua bi a ɔbɛyɛɛ Bible Suani wɔ Pennsylvania wɔ United States bɛyɛ mfe 30 a na atwam no mu. Na Yrjö wɔ ayamye pii, na ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa na beae a yɛwɔ no ayɛ anigye. Ne honam fam nuabarima, Kyösti Kallio, yɛɛ Finland ɔmampanyin fi 1937 kosii 1940. Onua Yrjö ka kyerɛɛ yɛn sɛ na wadi ne nuabarima no adanse fefeefe, akyerɛkyerɛ no mu sɛ Onyankopɔn Ahenni no nkutoo na ɛde nniso pa ne wiase nyinaa asomdwoe a ɛbɛtra hɔ daa bɛba.
Bere kɔɔ so no, ɔpɛ a minyae sɛ mɛyɛ Betel abusua no muni no yɛɛ kɛse. Anigyesɛm ne sɛ wɔ ɔhwɛfo ɔkwantufo no kɔkɔbɔ sɛ ɛnsɛ sɛ mede m’ani to so pii nyinaa akyi no, wɔpenee m’akwammisa sɛ mɛsom wɔ Betel no so. Adwuma a midii kan yɛe wɔ hɔ ne sɛ wɔbɛsomasoma me. Nanso, ankyɛ na minyaa hokwan sɛ mɛyɛ adwuma wɔ nhoma tintimbea hɔ. Meyɛɛ adwuma wɔ hɔnom dwumadibea ahorow pii mu, a nhoma tintim dan ketewaa ne Ademana Dwumadibea no ka ho.
Mikura Afã Biara a Minni no Mu
Wɔ 1942 mu, bere a na madi mfe 18 no, wɔfrɛɛ me sɛ menkɔsom sɛ ɔsraani. Esiane sɛ mepowee sɛ mɛyɛ ɔsraani nti, wɔde bere tenten bisabisaa me nsɛm mpɛn pii, na wɔde tuo kyerɛɛ me so yɛɛ saa ne mprenu so. Mmere afoforo mu no, wɔhwee me ankasa. Afei nso, bere a wobisabisaa me nsɛm no, wɔde me too afiasedan bi a ɔhyew nni hɔ na awɔw wɔ hɔ yiye mu.
Awiei koraa no, wɔ January 1948 mu no, bere dui sɛ wɔbɛkyerɛ asotwe a wɔde bɛma me ne Adansefo afoforo bi. Ɔsraani panyin a obisabisaa yɛn nsɛm no kae sɛ ɛnsɛ sɛ bere a wɔde yɛn bɛto afiase no sua sen mfe du. Asraafo sɔfo no pɛe sɛ wɔde asotwe a emu yɛ den sen ɛno mpo ma yɛn, na ɔkyerɛw wɔ krataa bi mu sɛ wommu yɛn ‘kumfɔ anaasɛ wɔmfa saa amammɔefo yi ntra wimhyɛn mu nkɔ Rusia nkogyaw wɔn wɔ hɔ sɛ akwansrafo [ɛkame ayɛ sɛ nea ɛte biara no ɛbɛkɔ akowie yɛn wu mu] na ɛno ne asotwe a ɛfata wɔn.’
Wɔyɛɛ atoro asennii bi ho nhyehyɛe. Wɔfrɛɛ me kɔɔ asennibea hɔ na wobuu me kumfɔ. Nanso, na eyi yɛ mmɔden a na wɔrebɔ sɛ wobehunahuna yɛn no bi, efisɛ ɛno akyi wɔ saa da no ara mu no, wɔfrɛɛ me kɔɔ asennibea hɔ bio na wɔkyerɛe sɛ wɔde me bɛkɔ afiase mfe abiɛsa ne fa. Mesrɛe sɛ wɔnsan nsusuw asotwe no ho bio, na wɔtew bere a medi wɔ adase hɔ no so baa mfe abien.
Na afiase hɔ aduan sua, na nneduafo afoforo hunahunaa me. Mmarima a wɔne wɔn ho da bɛtow hyɛɛ me so mprenu, nanso anigyesɛm ne sɛ mitumi guanee. Wɔn mu biako hunahunaa me sɛ sɛ manyɛ nea ɔhwehwɛ sɛ meyɛ no a, obekum me. Nanso sɛnea meyɛe wɔ me sɔhwɛ ahorow no nyinaa mu no, misu frɛɛ Yehowa, na ɔboaa me. Nokwarem no, na ɔdeduani no ahunahuna no yɛ aniberesɛm, efisɛ wakum onipa pɛn. Woyii ɔbarima no fii afiase no, okodii awu bio ma ɔsan kɔdaa afiase.
Akyinnye biara nni ho sɛ esiane sɛ wonim Yehowa Adansefo sɛ wotumi de ho to wɔn so nti na ankyɛ biara wɔmaa me dwumadi ahorow a hokwan wom no. Na m’adwuma ne sɛ mɛkyekyɛ aduan ama nneduafo afoforo no, na wɔmaa me kwan sɛ metumi anantenantew afiase hɔ baabiara. Enti, ɛnyɛ sɛ minyaa aduan a ɛdɔɔso maa me ho nko na mmom mitumi hwɛ hui sɛ me nuanom Kristofo no nso benya nea wohia. Onua biako mpo yɛɛ kɛse bere a na ɔwɔ afiase hɔ no, biribi a na ɛntaa nsi esiane sɛnea na aduan nnɔɔso no nti!
Woyii me fii afiase wɔ September 1944 mu, da a woyii Onua Harteva fii afiase no ara. Na afiase a woyii me fii no kyerɛ sɛ mɛsan akɔsom wɔ Betel. Mekae wɔ me tirim sɛ, ‘Nnɔnhwerew 16 adwumadenyɛ wɔ Betel no ye koraa sen afiasenna.’ Efi saa bere no, menkwatii adwumayɛ da!
Ɔsom Mu Hokwan Ahorow
Akyiri yi, wɔ 1944 mu no, mihyiaa Margit, ɔkwampaefo kumaa ɔhoɔfɛfo bi a ɔpenee ne ho anigye a mekyerɛe no so, na yɛwaree February 9, 1946 mu. Yɛn afe a edi kan sɛ awarefo no mu no, mesom wɔ Betel na Margit yɛɛ adwuma wɔ Helsinki sɛ ɔkwampaefo. Afei, wɔ January 1947 mu no, wɔmaa yɛn dwumadi wɔ ɔmansin adwuma no mu.
Wɔ akwantu adwuma no mu no, na yɛtaa tra mmusua bi nkyɛn ne wɔn da ɔdan biako mu. Na yenim sɛ nea wobetumi nyinaa na wɔde ma yɛn no, na yɛanwiinwii wɔ ho da. Na saa bere no amansin no susuae, na asafo ahorow bi wɔ hɔ a wonni Adansefo a wɔabɔ wɔn asu koraa!
Wɔ 1948 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnsan nkɔsom wɔ Betel. Mfe abien akyi no, Wallace Endres fi United States baa Finland, na ankyɛ na wɔpaw no sɛ baa dwumadibea no sohwɛfo. Ofi ɔdɔ mu hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so nsua Engiresi kasa, na yɛyɛɛ saa. Enti, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu no asɛmpatrɛw adesua a ɛto so 19, a wofii ase wɔ South Lansing. New York, wɔ February 1952 mu no.
Yewiee adesua no, wɔsan maa yɛn dwumadi wɔ Finland. Nanso, ansa na yɛrefi United States no, wɔkyerɛɛ me sɛnea wɔde nhoma tintim mfiri a ɛwɔ Yehowa Adansefo amanaman ntam adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York no yɛ adwuma.
Yɛsan kɔɔ Finland no, wɔmaa yɛn dwumadi wɔ akwantu adwuma no mu, nanso afei wɔ 1955 mu no, wɔsan too nsa frɛɛ yɛn kɔɔ Finland baa dwumadibea hɔ. Saa afe no mu no, meyɛɛ nhoma tintimbea hɔ sohwɛfo, na mfe abien akyi, wɔ 1957 mu no, wɔpaw me sɛ baa dwumadibea no sohwɛfo. Efi 1976 no, masom sɛ Finland Baa Boayikuw no titrani.
Anigyesɛm ne sɛ me papa ne me maame nyinaa kɔɔ so dii nokware kosii wɔn wu mu. Bere bi akyi no, Paapa abusuafo bɛboro ɔha bɛyɛɛ Adansefo. Na ɛde besi nnɛ no, me nuabarima ne me nuabeanom ne wɔn mmusua nyinaa resom Yehowa, na me nuabea biako yɛ ɔkwampaefo.
Asetra a Nhyira ne Akatua Wom
Nnwuma a meyɛ no akɔ so adɔɔso wɔ mfe no mu, nanso esiane sɛ ɛyɛ Onyankopɔn adwuma nti, ayɛ nea nhyira ne akatua wom ampa. (1 Korintofo 3:6-9) Ɛnyɛ bere nyinaa na biribiara akɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ m’asetram. Mahyia ɔhaw ne ahokyere ahorow nso. Misuae fi me mmofraase pɛɛ sɛ ɛsɛ sɛ wusua sɛnea wobɛteɛ wo ho so. Worentumi nyɛ nea wopɛ bere nyinaa. Na wɔtaa teɛ me so, na nkakrankakra no, misuaa asetra kwan a ɛfata no.
Sɛ nhwɛso no, sɔhwɛ ne ohia a mihuu mu amanne wɔ ɔko no mu no kyerɛɛ me sɛnea wɔkwati taamudi de tra ase. Misuaa sɛnea metumi ahu sɛ biribi yɛ nea ɛho hia ankasa anaasɛ ɛnte saa. Ayɛ me su besi nnɛ sɛ mebisa me ho sɛ mihia biribi anaasɛ minhia. Afei, sɛ mihu sɛ ɛho nhia ahe biara a, mentɔ ade ko no.
Akwankyerɛ a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de ama no ada adi pefee. Manya anigye a ɛne sɛ mahu sɛnea Yehowa Adansefo dodow akɔ anim fi 1,135 akodu 18,000 ne akyi wɔ mfe a mede asom wɔ Finland baa dwumadibea ha no mu! Nokwarem no, mitumi hu sɛ wɔahyira m’adwuma no so, nanso minim sɛ wɔahyira so efisɛ adwuma no yɛ Yehowa dea, na ɛnyɛ yɛn de. (1 Korintofo 3:6, 7) Mepaw Yehowa kwan no fi me mmofraase pɛɛ, na ada adi sɛ ɛyɛ asetra kwan a eye kyɛn so ampa.
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Erkki Kankaanpää ne ne yere Margit, nnɛ