Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 5/15 kr. 9
  • Paulo Ne Plato Ntam Akyinnyegye Wɔ Owusɔre No Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Paulo Ne Plato Ntam Akyinnyegye Wɔ Owusɔre No Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Plato
    Nyan!—2013
  • Ɔkra No—So Ɛne Wo? Anaasɛ Ɛwɔ Wo Mu?
    Nyan!—1985
  • Wo Gyidi Wɔ Owusɔre Mu Yɛ Den Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • ‘Wobetu Owu Agu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 5/15 kr. 9

Paulo Ne Plato Ntam Akyinnyegye Wɔ Owusɔre No Ho

ƆSOMAFO Paulo kyerɛw owusɔre no ho asɛm wɔ 1 Korintofo 15:35-58 ne 2 Korintofo 5:1-10. Bere a ɔyɛɛ saa no, so odii Plato ne Helafo nyansapɛfo no ɔkra a enwu da no nsusuwii akyi, anaasɛ nea ɔkae no ne Yesu nkyerɛkyerɛ ne Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a aka no hyia?

Nhomawa a ɛne Immortality of the Soul or Resurrecution of the Individual: St. Paul’s View with Special Reference to Plato, a wɔkyerɛwee wɔ 1974 mu, a Amerika Kusuu Fam ne Kesee Fam Greek Orthodox Church no sɔfo panyin kyerɛw ne din wom de gye toom no de mmuae a ɛma wɔte asɛm no ase ma. Bere a nhoma no kyerɛwfo kaa sɛnea owusɔre no te wɔ kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din wɔ atifi hɔ no mu, ne bere no so Helafo nkɛntɛnso ho asɛm akyi no, ɔde baa awiei sɛ:

“Plato kyerɛkyerɛ sɛ ɔkra no kɔ so tra ase daa, a nipadua no nka ho. Plato ɔkra no fi awo mu nya asetra a owu nnim . . .Ɔhotefo Paulo nkyerɛkyerɛ adwene a ɛte saa na ɔnka nso sɛ ɔyɛ saa. . .

“Ɔkra anaa honhom a ɛyɛ nipadua no afa horow a enwu da a ɛsono emu biara no ho nhia ɔsomafo Paulo, na mmom onipa ɔkra-honhom nipadua mũ no nyinaa a ɛbom, a Kristo owusɔre no nti enya owusɔre no na na ɛho hia no.

Na adwene a Paulo wɔ wɔ owusɔre no mu nipadua ho no mfa adamoa mu afunu a wɔma ɛba nkwa mu no ho hwee.

“Wobetumi aka adwene a na ɔwɔ wɔ owusɔre no mu nipadua ho no ho asɛm yiye sɛ onipa mũ no nyinaa, onipa koro no ara, a ɔwɔ adwene ne nipadua mu su horow a ɛsakra, wɔbɔ no foforo, na wɔsan yɛ no foforo denam Onyankopɔn tumi so. Ɛnyɛ nneɛma a wɔde woo yɛn no nti na yebenya owusɔre, na mmom ɛyɛ anuonyam akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ no nti.”

Yiw, asetra a owu nnim nyɛ ade a onipa biara nya fi awo mu. Mmom no, ɛyɛ ɔdom akyɛde a ɛsom bo a Yehowa nam yɛn Awurade Yesu Kristo so de ma wɔn a wɔka bom yɛ Kristofo asafo no.​—1 Korintofo 15:20, 57; Filipifo 3:14.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Helani nyansapɛ Plato

[Mfonini Fibea]

Vatican Museum photograph

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena