Yehowa—Ɔyɛ Ɔmannifo Anaasɛ Adamfo Ma Wo?
“JOHN, metumi de m’adamfo yi akyia wo anaa? Oyi na wɔfrɛ no—mesrɛ wo, bɔ wo din kyerɛ me bio?”
So woate mfomso a wodi wɔ nkɔmmɔbɔ mu a ɛte sɛɛ no pɛn? Ɛyɛ sɛnea nnipa binom de asɛmfua “adamfo” di dwuma ɔkwan a ɛmfata so ho nhwɛso. Nokwarem no, nea wɔkyerɛ ara ne “ɔmannifo” anaa ɛtɔ mmere bi a nea ɛnte saa mpo. Sɛ́ wunim Owura Mensah sɛ ɔte bɛn wo no yɛ ade biako; na sɛ́ woyɛ n’adamfo no nso yɛ ade foforo koraa.
Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛkyerɛ “ɔmannifo” ase sɛ “obi a wo ne no akasa pɛn nanso ɔnyɛ obi a w’ankasa wobɛn no ahe biara.” Ɛkyerɛ sɛ “wunnim no ahe biara, wommɛn no, wo ne no mmɔ, na wunsusuw ne yiyedi ho pii te sɛ ADAMFO.”
Saa bɛn a wɔmmɛn obi kɛse no boa yɛn ma yehu nea enti a yɛntaa mfa yɛn adwene nkɔ nea ɛba amannifo so ahe biara, bere a yɛn ani gye ho sɛ yebehu yɛn nnamfo ho nsɛm nyinaa no. Yɛte wɔn anigye ne wɔn awerɛhow nka bi, na yɛma ɛka yɛn kɛse. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma nkate a yebenya wɔ wɔn nsɛm ho no annaadaa yɛn ma yɛamfa yɛn ho anhyehyɛ wɔn kokoam nsɛm mu.—1 Petro 4:15.
Bɛn a yɛbɛn yɛn nnamfo yiye no nso ma yehu nea enti a yɛtaa bɔ mmɔden sɛ yɛbɛsɔ wɔn ani no. Sɛ ɔmannifo bi hu sɛ ɔmpɛ yɛn suban anaasɛ ɛmfata a, ɛntaa mma sɛ n’ani a annye ho no bɛma yɛayɛ nsakrae. Nanso nokwarem no, sɛ ebia ɛyɛ ahosiesie, abrabɔ, ne suban ho nsɛm mu no, adamfo betumi anya yɛn so nkɛntɛnso kɛse.
Ɛdefa ahotoso, ɔdɔ, obu, ne nokwaredi ho no, emu asɛyɛde a ɛwɔ adamfofa mu no yɛ kɛse koraa sen ɔmannifo de. Nokwarem no, nea ɔpɛ sɛ ɔfa obi adamfo, nanso ɔmpɛ ho asɛyɛde biara no, na ɔpɛ sɛ onii ko yɛ ɔmannifo ara kɛkɛ na ɛnyɛ adamfo. Nnamfo a wɔbɛn wɔn ho yiye no ani gye ho sɛ wobedi asɛyɛde ahorow biara a wɔn ho a wɔbɛn yiye de ba no ho dwuma, na wohu sɛ eyinom ma wonya hokwan de kyerɛ sɛ wɔyɛ nnamfo ampa.
Onyankopɔn a Wɔfa no Adamfo
Sɛ́ Ɔbɔadeɛ no, Yehowa yɛ adesamma soro Agya na ɔfata sɛ yɛdɔ no, yetie no, na yebu no. Nanso ɔpɛ sɛ adesamma yɛ eyi esiane sɛ wɔbɛn no kɛse nti, na ɛnyɛ sɛ wɔte nka sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔyɛ saa ara kwa nti. (Mateo 22:37) Ɔpɛ sɛ wɔdɔ no sɛ Adamfo nso. (Dwom 18:1) Esiane sɛ “ɔno na ɔdɔɔ yɛn kan” nti, ɔno ankasa ato nhyɛase a edi mũ ama adamfofa a ɛte saa.—1 Yohane 4:19.
Na yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, ne Yehowa yɛ amannifo. Na asemmisa no ne sɛ: So wɔbɛpene adamfo a na ɔpɛ sɛ ɔfa wɔn no so? Awerɛhosɛm ne sɛ wɔampene so. Pɛsɛmenkominya mu a wofi pɛe sɛ wɔbɛde wɔn ho afi Onyankopɔn ho no kyerɛe sɛ na wɔnte nka sɛ wɔbɛn no yiye. Na wɔpɛ sɛ wonya adamfo a na ɔpɛ sɛ ɔne wɔn fa no mu nhyira horow no, nanso na wɔmpɛ sɛ wodi emu asɛyɛde ahorow no ho dwuma. Na ɛte sɛ nea wɔpɛ sɛ wonya wɔn Paradise fie a ahotɔ wom no mu ahotɔ ne ahobammɔ nso wɔmpɛ sɛ wotua ho ka.
Yɛn nyinaa anya saa bonniayɛ ne fahodi honhom yi bi, na ebinom de sen afoforo de. (Genesis 8:21) Sɛ nhwɛso no, mmofra binom ama kwan ma ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛde wɔn ho no ama wɔnkyerɛ wɔn awofo ho anisɔ. Eyi ama adamfofa a ɛsom bo sen biara a ɛsɛ sɛ ɛtra wɔne wɔn awofo ntam wɔn nkwa nna nyinaa no asɛe. Eyi yɛ awerɛhosɛm, nanso yɛne yɛn soro Agya no ntam adamfofa a ɛbɛsɛe no yɛ aniberesɛm koraa sen ɛno. Nokwarem no, ebetumi akyerɛ owu ama yɛn!
Adamfofa ho Ahwehwɛde Ahorow
Sɛ́ ɛyɛ wɔne nnipa anaa wɔne Onyankopɔn ntam de no, abusuabɔ biara nni hɔ a sɛ ahotoso nnim a, ɛbɛtra hɔ akyɛ. Agya panyin Abraham tee eyi ase, na ɛno nti na ɔkyerɛɛ Onyankopɔn mu ahotoso koraa mpɛn pii no. Kenkan Genesis 12:1-5 ne 22:1-18, na hwɛ ahotoso a onyae wɔ Yehowa mu no ho nhwɛso abien a ɛda nsow. Yiw, “Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wobuu ɛno trenee maa no.” Ɛno nti na “wɔfrɛɛ no, Onyankopɔn adamfo” no.—Yakobo 2:23.
Yɛne Onyankopɔn adamfofa mu ahwehwɛde foforo bi ne sɛ yebedi asɛyɛde ahorow a adamfofa yi de ba no ho dwuma. Esiane sɛ, sɛ wɔde yɛn toto Yehowa ho a, yɛba fam koraa nti, ntease wom sɛ asɛyɛde ahorow yi bɛkorɔn asen sɛnea yɛne nnipa adamfofa mu de bɛyɛ. Ɛkɔ akyiri sen ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsɔ n’ani wɔ nneɛma binom mu—te sɛ nea yɛbɛyɛ ɔdesani adamfo no. Nea ɛka ho ne ɔpɛ a yebenya sɛ yɛbɛsɔ n’ani wɔ nneɛma nyinaa mu. Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ba ne n’adamfo a ɔbɛn no sen biara no daa eyi adi bere a ɔkaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa” no.—Yohane 8:29.
Enti, yentumi ne Yehowa, anaa ne Ba no mfa adamfo a asɛyɛde biara nka ho; egyina tra a yɛbɛtra ase ma ɛne adamfofa mu ahwehwɛde ahorow a wɔn ankasa de asisi hɔ ahyia no so. (Hwɛ Dwom 15:1-5.) Yesu daa eyi adi pefee wɔ ɔne n’asuafo no nkɔmmɔbɔ mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ moyɛ nea mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.”—Yohane 15:14.
Adamfofa mu ahwehwɛde foforo ne nkitahodi a nokwaredi wom. Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no ɛda a owui no sɛ: “Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ; na mafrɛ mo nnamfo, efisɛ nneɛma a mate m’Agya nkyɛn no nyinaa maka makyerɛ mo.” (Yohane 15:15) Wɔ ne nsusuwii a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ ne nnamfo no mu no, na Yesu resuasua ne soro Agya a Amos 3:7 ka asɛm a edi hɔ no fa ne ho no nhwɛso: “Na [Amansan Hene Yehowa] renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.”
So ɛnyɛ ade a nnamfo taa yɛ nen? Ebia yɛrente nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛka yɛn osuahu ahorow kyerɛ Owura Mensah a ɔte bɛn yɛn no. Na saara na nea ɛte biara no, yɛrempɛ sɛ yɛka yɛn tirim asɛm ne atenka ahorow a ɛwɔ yɛn mu tɔnn no kyerɛ no. Ɔyɛ ɔmannifo ara kwa. Nanso, yɛn nnamfo de, mpɛn pii no, yentumi ntwɛn mpo sɛ yɛbɛka nsɛm a ɛtete saa akyerɛ wɔn!
Saara na yɛne Onyankopɔn ntam adamfofa te. Yentumi ntwɛn mpo sɛ yɛne no bɛkasa wɔ mpaebɔ mu, ama wahu yɛn ahiade, nea yɛhwehwɛ, ne atenka ahorow a ɛwɔ yɛn mu tɔnn no. Nokwarem no, sɛ onipa biako pɛ na ɔkasa wɔ nkitahodi mu a, ɛrenkyɛ na adamfofa no asɛe. Enti ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ nso sɛ yɛbɛma Onyankopɔn ne yɛn akasa. Yɛyɛ eyi denam ahwɛyiye a yɛde betie n’Asɛm a wɔakyerɛw no, asusuw n’afotu ho, na afei yɛde adi dwuma sɛnea yebetumi biara no so.
Yehowa Adamfofa Som Bo Ma wo Dɛn?
Nea ɛbɛboa wo ma woabua asemmisa yi, susuw ɔdesani adamfofa titiriw bi ho. Sɛ woyɛ aberante anaa ababaa a, ebia w’ani gye adamfofa bi a ebetumi akowie aware mu ho. Nokwarem no, wunim sɛ, sɛ́ wo ne nea wopɛ sɛ ɔyɛ wo hokafo daakye no bɛyɛ amannifo kɛkɛ no nyɛ ɔkwan pa a wɔfa so hyehyɛ aware. Ɛsɛ sɛ mudi kan ma amannifo a moyɛ no dan adamfofa. Afei mubetumi ama adamfofa yi akɔ anim ma adan abusuabɔ a emu yɛ den a awiei koraa no, ɛbɛyɛ ɔkwan pa a mubegyina so ahyehyɛ aware a ɛde anigye ba.
Afei susuw ho hwɛ. Mmɔden a nkurɔfo bɔ sɛ wobenya adamfofa a ɛte sɛɛ no mu yɛ den kosi he? Mmere ne sika ahe na wɔde di dwuma na ama wɔanya, na wɔakɔ so akura mu? Mmere ahe na wɔde susuw ho? Wɔyɛ nhyehyɛe—anaa wɔda ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe no mu nsakrae—a ɛbɛma abusuabɔ yi akɔ anim na wɔakɔ so akura mu no adi kosi he?
Afei bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ wɔde eyi toto mmɔden a mebɔ sɛ mɛfa me Bɔfo no adamfo anaasɛ mɛma anya nkɔso na emu ayɛ den no ho a, ɛte dɛn? Mmere ahe na mede yɛ saa? Misusuw me ne Yehowa adamfofa no ho kosi he? Meyɛ nhyehyɛe—anaa meda ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛyɛ nhyehyɛe mu nsakrae—na ama abusuabɔ yi akɔ anim na makɔ so akura mu no adi kosi he?’
Ɛsɛ sɛ Kristofo mmofra hu sɛ adamfofa a ehia sɛ ɛba wɔne wɔn Bɔfo no ntam no ho hia koraa sen adamfofa biara, a nea awiei koraa no ekowie aware mu no nso ka ho. Ɛno nti na wɔhyɛ wɔn nkuran wɔ Ɔsɛnkafo 12:1 sɛ: “Kae wo Bɔfo wo mmerantebere mu” no. Pii reyɛ saa denam som a wɔsom sɛ Onyankopɔn asomfo no so, na wɔn mu dodow a wɔkɔ so dɔɔso no yɛ saa sɛ bere nyinaa asɛnkafo, anaa akwampaefo.
Ɛmfa ho sɛ nnipa pii a wonnye afoforo nni na wɔmpɛ nyamesom atwa wɔn ho ahyia no, eyinom de nnamyɛ kasa ma Yehowa bere biara a wɔte sɛ wotwa no mpoa na wɔbɔ no atoro sobo biara no. So ɛnyɛ eyi ne nea ɛsɛ sɛ Yehowa hwɛ kwan ɔkwan a ɛfata so sɛ ne nnamfo bɛyɛ? So ɛnyɛ eyi ne nea yɛbɛhwɛ kwan sɛ yɛn nnamfo bɛyɛ? Na so ɛremma yɛn koma ani nnye sɛ yebehu sɛ yɛn nnamfo de nsiyɛ ne gyidi a emu yɛ den reyɛ saa?—Fa toto Mmebusɛm 27:11 ho.
Yiw, yɛne Onyankopɔn adamfofa—te sɛ yɛne nnipa de no—de asɛyɛde ahorow a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma na ama adamfofa no atra hɔ akyɛ no ba. Nokwarem no, obi a ɔmpɛ sɛ ogye asɛyɛde ahorow yi tom, anaasɛ onsiesiee ne ho sɛ obehyira ne ho so ama Onyankopɔn na afei wadi ho dwuma no bɛyɛ obi a ɔne Yehowa yɛ amannifo. Nanso, na aka no sɛ obehu sɛnea ɛyɛ anigye sɛ obenya No sɛ n’Adamfo no.
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Abraham nyaa Onyankopɔn mu ahotoso ma enti wɔfrɛɛ no Yehowa adamfo