Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 7/1 kr. 8-13
  • Yehowa, “Asase Nyinaa Temmufo” A Ɔnhwɛ Nnipa Anim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa, “Asase Nyinaa Temmufo” A Ɔnhwɛ Nnipa Anim
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yehowa Bu Atɛn
  • Nnipa Atemmufo wɔ Agyanom Mpanyimfo Mmere So
  • Israel Asɛnni Nhyehyɛe
  • Israel Atemmufo
  • Atemmu
  • Mpanyimfo, Momfa Trenee Mmu Atɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Mmara a Onyankopɔn De Maa Israel No, Ɛma Wɔbuu Atɛntrenee?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Atɛntrenee Ma Obiara Denam Onyankopɔn Temmufo A Wapaw No So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Yehowa Akwan A Yebesua Ahu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 7/1 kr. 8-13

Yehowa, “Asase Nyinaa Temmufo” A Ɔnhwɛ Nnipa Anim

“Agya no . . . nhwɛ nnipa anim na obu atɛn sɛnea obiara adwuma te.”​—1 PETRO 1:17, New World Translation.

1, 2. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ adwene a ɛne sɛ Yehowa ne Ɔtemmufo kɛse no kanyan hu ne awerɛkyekye nyinaa wɔ yɛn mu? (b) Dɛn ne Yehowa asomfo afã wɔ asɛm a ɔne amanaman no anya no mu?

YEHOWA ne “asase nyinaa temmufo” kɛse no. (Genesis 18:25, NW) Sɛ amansan yi Nyankopɔn Opumpuni no, ɔwɔ hokwan koraa sɛ obu n’abɔde atɛn. Eyi yɛ nsusuwii a ɛkanyan hu na ɛyɛ awerɛkyekye wɔ bere koro no ara mu nso. Mose kaa asɛm a ɛte sɛ nea ɛbɔ ne ho abira yi ho asɛm ɔkwan a ɛkanyan nkate so sɛ: “Na [Yehowa] mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn ne awurade mu Awurade, Onyankopɔn kɛse no, otumfoɔ a ne ho ye hu a ɔnhwɛ nnipa anim na onnye adanmude; obu atɛn ma ayisaa ne okunafo, na ɔdɔ ɔhɔho ma no aduan ne nkataho.”​—Deuteronomium 10:17, 18.

2 Hwɛ sɛnea ɔkari pɛ ma ɛyɛ nwonwa! Onyankopɔn a ɔyɛ ɔkɛseɛ, otumfoɔ a ne ho ye hu, nanso ɔnhwɛ nnipa anim na ofi ɔdɔ mu bɔ nyisaa, akunafo, ne ahɔho yiyedi ho ban. Hena na obetumi anya ɔtemmufo a ɔwɔ ɔdɔ sen Yehowa? Yehowa da ne ho adi sɛ ɔne Satan wiase mu amanaman no anya asɛm, na ɔto nsa frɛ n’asase so asomfo sɛ wɔnyɛ n’adansefo. (Yesaia 34:8; 43:9-12) Ɛnyɛ wɔn adanse so na obegyina de akyerɛ Nyankopɔn a ɔyɛ ne sɛnea ne tumidi fata. Nanso ɔma n’adansefo no hokwan a ɛda nsow kɛse na wɔde adi adanse akyerɛ adesamma nyinaa sɛ wogye tom sɛ ɔkorɔn sen obiara. N’adansefo no ankasa brɛ wɔn ho ase hyɛ ne trenee tumidi ase, na wɔnam wɔn baguam asɛnka no so kanyan afoforo ma wɔde wɔn ho hyɛ Ɔtemmufo Pumpuni no tumi ase.

Sɛnea Yehowa Bu Atɛn

3. Ɔkwan bɛn so na wobetumi abɔ sɛnea Yehowa bu atɛn no mua, na ɔkwan bɛn so na eyi daa adi wɔ Adam ne Hawa asɛm no mu?

3 Wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase no, Yehowa ankasa buu abɔnefo binom atɛn. ‘Sɛnea odii atemmu nsɛm ho dwuma no bɛyɛɛ nhwɛso maa n’asomfo mu wɔn a na akyiri yi wɔbɛma wɔn asɛyɛde sɛ wonni nsɛm wɔ ne nkurɔfo mu no. (Dwom 77:11, 12) Yebetumi abɔ sɛnea obu atɛn no mua sɛ: ɔyɛ pintinn bere a ɛho hia, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔda mmɔborɔhunu adi. Wɔ Adam ne Hawa a wɔyɛ nnipa abɔde a na wɔyɛ pɛ a wofii wɔn pɛ mu tew atua no fam no, na wɔmfata mmɔborɔhunu biara. Enti, Yehowa buu wɔn kumfɔ. Nanso ne mmɔborɔhunu no dii dwuma maa wɔn asefo. Yehowa ankum Adam ne Hawa ntɛm ara, na ɔnam saa kwan no so maa wɔn kwan ma wɔwoo mma. Ofi ɔdɔ mu maa wɔn asefo no nyaa ogye fi bɔne ne owu nkoasom mu ho anidaso.​—Genesis 3:15; Romafo 8:20, 21.

4. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so ne Kain dii nsɛm, na dɛn nti na yɛn ani gye asɛm yi ho titiriw?

4 Ɔkwan a Yehowa faa so ne Kain dii no yɛ nea yɛn ani gye ho titiriw, efisɛ ɛne kyerɛwtohɔ a edi kan a ɛfa Adam ne Hawa asefo a wɔtɔ sin, na ‘wɔatɔn wɔn ahyɛ bɔne ase’ no mu biako ho. (Romafo 7:14) So Yehowa buu eyi ho akontaa ma enti ɔne Kain dii nsɛm wɔ ɔkwan a ɛyɛ soronko wɔ sɛnea ɔne n’awofo dii nsɛm no ho so anaa? Na so nnɛyi Kristofo ahwɛfo betumi anya asuade bi afi eyi mu anaa? Momma yɛnhwɛ. Esiane sɛ Yehowa huu sɛnea Kain yɛɛ ade ɔkwan a ɛmfata so bere a wannye n’afɔrebɔ no nti, ofi ɔdɔ mu bɔɔ no kɔkɔ wɔ asiane a ɔwom no ho. Tete abebusɛm bi se: ‘Bɔne anosiw ye sen n’asiesie.’ Yehowa yɛɛ nea obetumi nyinaa denam kɔkɔbɔ a ɔde maa Kain wɔ ne bɔne su a ɔbɛma anya ne so nkɛntɛnso no ho. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa no na ‘wayɛ nea eye.’ (Genesis 4:5-7) Eyi ne bere a edi kan a Onyankopɔn ka kyerɛɛ onipa bɔnefo bi sɛ ɔnsakra n’adwene. Bere a Kain ankyerɛ ahonu na ɔkɔyɛɛ ne bɔne a anibere wom no akyi no, Yehowa pam no fii faako a na ɔwɔ no de twee n’aso, na ɔde ahyɛde a ɛbaraa kum a nnipa afoforo bekum no no kaa ho.​—Genesis 4:8-15.

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne awo ntoatoaso a edii Nsuyiri no anim no dii nsɛm fae? (b) Dɛn na Yehowa yɛe ansa na ɔrebu wɔn a wɔwɔ Sodom ne Gomora no atɛn?

5 Ansa na Nsuyiri no reba, bere a ‘Yehowa hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so no, ɛyɛɛ no yaw wɔ ne komam.’ (Genesis 6:5, 6) “Onuu ne ho” efisɛ ɛyɛɛ no yaw sɛ awo ntoatoaso a edii Nsuyiri no anim no mufo dodow no ara de hokwan a wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ no dii dwuma ɔkwammɔne so, ma enti na ɛsɛ sɛ ɔde atemmu ba wɔn so. Nanso, ɔde kɔkɔbɔ a ɛsɛ maa wɔn, na ɔde Noa dii dwuma mfe pii sɛ “treneekafo.” Ɛno akyi no, na biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ Yehowa ‘twentwɛn ne nan ase wɔ asotwe a ɔde bɛba saa abɔnefo wiase no so no ho.’​—2 Petro 2:5.

6 Saara na na ɛsɛ sɛ Yehowa di Sodom ne Gomora nkurow no mufo a wɔn bra asɛe no asɛm. Nanso hyɛ sɛnea odii ho dwuma no nsow. Na wate saa nnipa yi abrabɔ a ɛyɛ ahobow no ho “nteɛm,” sɛ na ɛnam ɔtreneeni Lot mpaebɔ so nkutoo mpo a. (Genesis 18:20; 2 Petro 2:7, 8) Nanso ansa na obedi ho dwuma no, ɔnam n’abɔfo so ‘sian kɔɔ hɔ’ kɔhwɛe sɛ nsɛm no te saa ampa anaa. (Genesis 18:21, 22; 19:1) Ogyee bere nso de maa Abraham awerɛhyem sɛ ɔremmu atɛnkyea.​—Genesis 18:23-32.

7. Asuade ahorow bɛn na mpanyimfo a wɔsom sɛ asɛnni boayifo betumi anya afi ɔkwan a Yehowa fa so bu atɛn ho nhwɛso ahorow mu?

7 Dɛn na nnɛyi mpanyimfo betumi asua afi nhwɛso ahorow yi mu? Wɔ Adam ne Hawa fam no, Yehowa kyerɛe sɛ ɔdɔ wɔn a wonni fɔ wɔ asɛm no mu no, na odwen wɔn ho, ɛwom sɛ wɔyɛ abɔnefo no abusuafo de. Ohuu Adam ne Hawa asefo mmɔbɔ. Wɔ Kain fam no, Yehowa dii kan huu asiane a Kain wom no na ofi ayamye mu ne no susuw ho, bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wakwati bɔne a ɔbɛyɛ no. Bere a Yehowa pam Kain akyi mpo no, na odwen ne ho. Bio nso, Yehowa tɔɔ ne bo ase kyɛe ansa na ɔde atemmu reba awo ntoatoaso a wɔtraa ase ansa na Nsuyiri no reba no so. Bere a wɔkɔɔ so de mpiyɛ yɛɛ bɔne no, ɛyɛɛ Yehowa “yaw ne komam.” Ɛyɛɛ ne yaw sɛ nnipa tew ne trenee nniso so atua ma enti na ɛsɛ sɛ obu wɔn fɔ. (Genesis 6:6; fa toto Hesekiel 18:31; 2 Petro 3:9 ho.) Wɔ Sodom ne Gomora fam no, Yehowa hwehwɛɛ nsɛm no mu huu sɛ ɛte saa ampa ansa na ɔredi ho dwuma. Nhwɛso a ɛkyɛn so bɛn ara na eyi yɛ ma wɔn a nnɛyi ɛsɛ sɛ wodi nsɛm mmara kwan so no sɛɛ!

Nnipa Atemmufo wɔ Agyanom Mpanyimfo Mmere So

8. Yehowa mmara atitiriw bɛn na na wonim wɔ agyanom mpanyimfo no bere so?

8 Ɛwom sɛ ɛda adi sɛ na mmara a wɔakyerɛw biara nni hɔ saa bere no de, nanso na agyanom mpanyimfo mmere sofo no nim Yehowa mmara atitiriw, na na ɛyɛ n’asomfo asɛde sɛ wodi so. (Fa toto Genesis 26:5 ho.) Asɛm a esii Eden no ma wohuu sɛnea ehia sɛ wɔyɛ osetie na wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa tumidi ase. Kain asɛm no ma ɛdaa adi sɛ Yehowa mpene awudi so. Nsuyiri no akyi ara pɛ na Onyankopɔn de sɛnea nkwa yɛ kronkron, awudi, kumfɔ, ne mogyadi ho mmara ahorow maa adesamma. (Genesis 9:3-6) Yehowa kasa tiaa awaresɛe anibere so wɔ Abraham, Sara, ne Gerar a ɛbɛn Gasa no hene Abimelek ho asɛm no mu.​—Genesis 20:1-7.

9, 10. Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ na asɛnni nhyehyɛe bi wɔ hɔ wɔ agyanom mpanyimfo no mmusua mu?

9 Saa nna no mu no, na mmusua ti yɛ atemmufo na wodii nsɛm ahorow wɔ mmara kwan so. Yehowa kaa Abraham ho asɛm sɛ: “Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fifo a ebedi n’akyi sɛ wonni [Yehowa] kwan so nyɛ ade trenee, mmu atɛntrenee.” (Genesis 18:19) Abraham daa ayamye ne nhumu adi bere a osiesiee ne mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo ntam akasakasa bi no. (Genesis 13:7-11) Bere a Yuda yɛɛ ade sɛ agya panyin ne ɔtemmufo no, obuu n’asebea Tamar kumfɔ sɛ wonsiw no abo nkum na wɔnhyew no, efisɛ osusuwii sɛ ɔyɛ ɔwaresɛefo. (Genesis 38:11, 24; fa toto Yosua 7:25 ho.) Nanso, bere a ohuu asɛm no mu nokwasɛm nyinaa no, ɔkae sɛ ɔteɛ sen ɔno ankasa. (Genesis 38:25, 26) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yehu nokwasɛm no nyinaa ansa na yɛabu atɛn!

10 Hiob nhoma no ka asɛnni nhyehyɛe bi ho asɛm na ɛkyerɛ sɛnea na nnipa anim a wɔnhwɛ mmfa mmu atɛn no yɛ adepa. (Hiob 13:8, 10; 31:11; 32:21) Hiob ankasa kae bere bi a na ɔyɛ ɔtemmufo a wobu no a ɔtraa kurow apon ano buu atɛntrenee na odii okunafo ne ayisaa asɛm maa wɔn no. (Hiob 29:7-16) Enti, adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔ agyanom mpanyimfo abusua mu no, na “mpanyimfo” di dwuma sɛ atemmufo wɔ Abraham asefo ntam mpo ansa na Israel man no retu afi Misraim, na Onyankopɔn de ɔmanyɔ mmara no ama wɔn. (Exodus 3:16, 18) Nokwarem no, “mpanyimfo,” anaa Israel mpanyimfo a na wogyina nnipa no ananmu no na Mose bɛkaa Mmara apam no mu ahyɛde ahorow no ho asɛm kyerɛɛ wɔn.​—Exodus 19:3-7.

Israel Asɛnni Nhyehyɛe

11, 12. Sɛnea Bible mu adenimfo baanu kyerɛ no, dɛn na ɛmaa Israel asɛnni nhyehyɛe no yɛɛ soronko wɔ aman afoforo de ho?

11 Na atɛn a wobu wɔ Israel no nte sɛ mmara mu nhyehyɛe ahorow a na wɔde di dwuma wɔ aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no mu no koraa. Wɔamfa nsonsonoe biara anto hokwan ahorow a obi ankasa wɔ ho mmara ne nsɛmmɔnedi ho mmara ntam. Na n’abien nyinaa ne abrabɔ pa ne ɔsom mu mmara ahorow nyinaa adi afra. Sɛ obi fom ne yɔnko a, na wafom Yehowa. Wɔ ne nhoma The People and the Faith of the Bible no mu no, ɔkyerɛwfo André Chouraqui kyerɛw sɛ: “Ná ɔkwan a Hebrifo no fa so di nsɛm no yɛ soronko wɔ aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no de ho, ɛnyɛ wɔ sɛnea ɛkyerɛkyerɛ bɔne ne asotwe ahorow mu no nkutoo mu, na mmom wɔ nea mmara horow no kyerɛ ankasa mu. . . . Na Torah [Mmara] no nyɛ nea ɛmfa da biara da asetra ho; ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ da biara da asetra yɛ denam nhyira anaa nnome a ɛde mae no so. . . . Wɔ Israel no, . . . na ɛkame ayɛ sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wobehu nsonsonoe pefee bi wɔ kurow no mu asɛnni ho nsɛm mu. Na ɛne asetra bi a emu atirimpɔw nyinaa ne sɛ ɛbɛma wɔayɛ Nyankopɔn teasefo no apɛde no mu biakoyɛ adi afra.”

12 Saa tebea a ɛda nsow yi maa atɛn a na wobu wɔ Israel no korɔn koraa sen wɔn bere so aman afoforo mu de no. Bible mu ɔdenimfo Roland de Vaux kyerɛw sɛ: “Ɛmfa ho sɛnea Israelfo mmara ahorow mu nsɛm ne Mfinimfini Apuei Fam de di nsɛ no, nsonsonoe kɛse wɔ ɛne Mfinimfini Apuei Fam ‘nhyehyɛe ahorow’ no mu ahyɛde ne ‘mmara ahorow’ no mu ahwehwɛde ahorow no ntam. Ɛyɛ ɔsom mu mmara. . . . Wɔrentumi mfa Mfinimfini Fam Apuei mmara biara ntoto Israelfo mmara a wɔkyerɛ sɛ ne nyinaa fi Onyankopɔn a ɔno na ɔma wɔkyerɛw hɔ no ho. Sɛ ɔkwan pa a wɔfa so yɛ ade ne amanne mu ahyɛde ahorow wom, na mpɛn pii no adi afra a, na eyi te saa efisɛ ɛfa Apam a wofi soro de mae no nyinaa ho, ne sɛ saa Apam yi kyerɛɛ nnipa ntam abusuabɔ ne wɔne Onyankopɔn ntam de nyinaa kwan nti.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ Mose bisae sɛ: “Ɔman kɛse bɛn na ɛwɔ ahyɛde ne atemmude trenee sɛ mmara a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa?”​—Deuteronomium 4:8.

Israel Atemmufo

13. Nneɛma bɛn mu na Mose yɛ nhwɛso pa ma mpanyimfo nnɛ?

13 Esiane asɛnni nhyehyɛe a ɛkorɔn sɛɛ a na ɛwɔ hɔ nti, na onipa bɛn na wohia na wayɛ ɔtemmufo? Bible no ka ɔtemmufo a odi kan koraa a wɔpaw no wɔ Israel no ho asɛm sɛ: “Na ɔbarima Mose de, odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” (Numeri 12:3) Na onni n’ankasa ho mu ahotoso mmoroso. (Exodus 4:10) Ɛwom sɛ na wɔhwehwɛ sɛ obu nkurɔfo no atɛn de, nanso na ɛtɔ mmere bi a, ɔyɛ wɔn kamafo wɔ Yehowa anim, na ɔsrɛ ne hɔ bɔne fafiri ma wɔn, ka sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔre ama wɔn mpo. (Exodus 32:11, 30-32) Ɔkaa no anwensɛm kwan so sɛ: “Me kasa ngu sɛ obosu, sɛ nwura so nsuwɔnsea ne nhaban so nyankommeremmere.” (Deuteronomium 32:2) Wamfa ne ho anto ne nyansa so ammu nkurɔfo no atɛn koraa, na mmom ɔkae sɛ: “Sɛ wonya asɛm bi a, wɔba me nkyɛn, na mibu onipa ne ne yɔnko ntam atɛn, na mekyerɛ wɔn Onyankopɔn ahyɛde ne ne mmara.” (Exodus 18:16) Bere a onhu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ no, ɔde asɛm no kɔdan Yehowa. (Numeri 9:6-8; 15:32-36; 27:1-11) Mose yɛɛ nhwɛso pa maa mpanyimfo a ‘wɔyɛn Onyankopɔn nguan’ nnɛ na wosi asɛnni mu gyinae ahorow no. (Asomafo no Nnwuma 20:28) Ɛmmra sɛ wɔne wɔn nuanom ntam abusuabɔ no bɛyɛ sɛ “nwura so nsuwɔnsea.”

14. Na dɛn ne honhom fam ahwehwɛde ahorow a ɛsɛ sɛ mmarima a Mose paw wɔn sɛ Israel atemmufo no nya?

14 Bere bi akyi no, Mose nkutoo antumi ansoa nsɛm a obedi ama nkurɔfo ho adesoa no. (Exodus 18:13, 18) Ɔpenee nyansahyɛ a n’ase de mae sɛ ɔnhwehwɛ mmoa no so. Ɛha nso, nnipa bɛn na wɔpawee? Yɛkenkan sɛ: “Yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafo na wɔnyɛ sikanibere . . . Na Mose yiyii Israel nyinaa mu nnipa a wɔyɛ den, na ɔde wɔn sisii ɔman no so atitiriw, apem apem so, ɔha ɔha so, aduonum aduonum so ne du du so mpanyin. Na wobuu ɔman no atɛn bere nyinaa mu: nsɛm a ɛyɛ den no, wɔde brɛɛ Mose, na nsɛm nketewa de, wɔn ara dii.”​—Exodus 18:21-26.

15. Na dɛn ne ahwehwɛde ahorow a ɛsɛ sɛ nnipa a wɔsom sɛ Israel atemmufo no du ho?

15 Yetumi hu sɛ na ɛnyɛ mfe a wɔadi nkutoo so na wogyina paw mmarima sɛ atemmufo. Mose kae sɛ: “Munyiyi mmarima anyansafo ne animdefo a [wɔwɔ osuahu] mo mmusuakuw no mu, na memfa wɔn minsisi mo so atitiriw.” (Deuteronomium 1:13) Na Mose nim asɛm a aberante Elihu kae mfe pii a atwam no yiye: “Ɛnyɛ wɔn a wɔanyin pii na wonim nyansa, na ɛnyɛ mpanyin na wohu atemmu mu.” (Hiob 32:9) Nokwarem no, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛpaw wɔn no yɛ nnipa a ‘wɔwɔ osuahu.’ Nanso nea ɛsen biara no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, anokwafo a wɔnyɛ sikanibere na wɔyɛ anyansafo ne animdefo. Enti, ɛda adi sɛ na “atitiriw” ne “atemmufo” a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Yosua 23:2 ne 24:1 no nyɛ soronko wɔ “mpanyimfo” a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ nkyekyem koro no ara mu no ho, na mmom wɔpaw wɔn fii wɔn mu.​—Hwɛ Insight on the Scriptures, Po 2, kratafa 549.

Atemmu

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow nnɛ wɔ ahyɛde ahorow a Mose de maa atemmufo a na wɔapaw wɔn foforo no ho?

16 Ɛdefa ahyɛde ahorow a Mose de maa atemmufo a ɔpaw wɔn yi ho no, ɔkae sɛ: “Na mehyɛɛ mo atemmufo no mmara bere no mu sɛ: Muntie mo nuanom ntam nsɛm, na mummu atɛntrenee onipa ne ne nua ne ne hɔho ntam. Monnhwɛ nnipa anim atemmu mu, muntie aketewa sɛ ɔkɛse, munnsuro onipa anim, efisɛ atemmu yɛ Onyankopɔn dea; na asɛm a ɛyɛ den sen mo na momfa mmrɛ me [Mose], na mintie.”​—Deuteronomium 1:16, 17.

17. Henanom na wɔpaw wɔn sɛ atemmufo, na kɔkɔbɔ bɛn na Ɔhene Yehosafat de maa wɔn?

17 Nokwarem no, na ɛyɛ bere a Mose te ase no nkutoo na wobetumi de asɛm bi abrɛ no. Enti wɔyɛɛ nhyehyɛe afoforo na wɔde nsɛm a ɛyɛ den akɔma asɔfo, Lewifo, ne atemmufo atitiriw bi a wɔapaw wɔn. (Deuteronomium 17:8-12; 1 Beresosɛm 23:1-4; 2 Beresosɛm 19:5, 8) Ɔhene Yehosafat ka kyerɛɛ atemmufo a ɔpaw wɔn wɔ Yuda nkurow mu no sɛ: “Monhwɛ nea moreyɛ yiye, na ɛnyɛ onipa na morebu atɛn ama no, na mmom [Yehowa] . . . Saa na monyɛ [Yehowa] suro mu, nokwaredi ne koma a edi mũ mu. Na ɔham asɛm biara a ɛba mo nkyɛn a efi mo nuanom a wɔtete wɔn nkurow mu no nkyɛn no, . . . ɛsɛ sɛ mobɔ wɔn kɔkɔ na wɔamfom Yehowa na abufuw amma mo ne mo nuanom so. Saa na monyɛ na moanni sõ.”​—2 Beresosɛm 19:6-10, NW.

18. (a) Na nnyinasosɛm ahorow a ɛsɛ sɛ Israel atemmufo de di dwuma no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Ná dɛn na ɛsɛ sɛ atemmufo no ma ɛtra wɔn adwenem, na kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ nea efii eyi a wɔn werɛ fii no mu bae?

18 Nnyinasosɛm a na ɛsɛ sɛ Israel atemmufo de di dwuma no binom na edidi so yi: atɛntrenee koro no ara ma asikafo ne ahiafo nyinaa (Exodus 23:3, 6; Leviticus 19:15); nnipa anim a wɔrenhwɛ koraa (Deuteronomium 1:17); adanmude a wɔrennye. (Deuteronomium 16:18-20) Na ɛsɛ sɛ atemmufo kae mmere nyinaa sɛ wɔn a wɔrebu wɔn atɛn no yɛ Yehowa nguan. (Dwom 100:3) Nokwarem no, nea ɛmaa Yehowa pow honam fam Israel no mu biako ne sɛ wɔn asɔfo ne nguanhwɛfo no ammu atɛn wɔ trenee mu na wɔne nkurɔfo no dii no atirimɔden so.​—Yeremia 22:3, 5, 25; 23:1, 2; Hesekiel 34:1-4; Malaki 2:8, 9.

19. Mfaso bɛn na yenya fi Yehowa atɛntrenee ho gyinapɛn ahorow ansa na Yɛn Bere yi reba no mu nhwehwɛmu yi mu, na dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Yehowa nsakra. (Malaki 3:6) Ɛsɛ sɛ sɛnea anka ɛsɛ sɛ wobu atɛntrenee wɔ Israel ne sɛnea Yehowa buu atɛntrenee a wɔde kamee afoforo no ho asɛm tiawa a yɛasusuw ho yi ma mpanyimfo a wɔn na ɛyɛ wɔn asɛyɛde nnɛ sɛ wodi nsɛm si gyinae ahorow no susuw nsɛm ho yiye. Yehowa nhwɛso sɛ Ɔtemmufo, ne asɛnni ho nhyehyɛe a ɔyɛe wɔ Israel no, de nnyinasosɛm bi a ɛyɛɛ sɛnea wobebu atɛntrenee wɔ Kristofo asafo no mu ho nhwɛso sisii hɔ. Eyi ne nea yebehu wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Ntĩmu Nsemmisa

◻ Ɔkwan bɛn so na wobetumi abɔ sɛnea Yehowa bu atɛn no mua?

◻ Ɔkwan bɛn so na wohu sɛnea Yehowa yɛ ade no ho nhwɛso wɔ sɛnea ɔne Kain ne awo ntoatoaso a wɔtraa ase ansa na Nsuyiri no reba no dii nsɛm fae no mu?

◻ Henanom na wɔyɛɛ atemmufo wɔ agyanom mpanyimfo no mmere so, na ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ saa?

◻ Dɛn na ɛmaa Israel asɛnni nhyehyɛe no yɛɛ soronko wɔ aman afoforo de ho?

◻ Nnipa bɛn na wɔpaw wɔn sɛ Israel atemmufo, na nnyinasosɛm ahorow bɛn na anka ɛsɛ sɛ wodi so?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Wɔ agyanom mpanyimfo no mmere so ne wɔ Israel no, mpanyimfo a wɔapaw wɔn buu atɛn wɔ kurow no pon ano

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena