Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 8/1 kr. 25
  • Wɔma Wɔn Hann Hyerɛn wɔ India

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔma Wɔn Hann Hyerɛn wɔ India
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Momma Mo Kanea Nhyerɛn” Na Ɛnhyɛ Yehowa Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • “Momma Mo Kanea Nhyerɛn”
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • “Momma Mo Kanea Nhyerɛn”
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Yɛn Hann a Yɛbɛma Akɔ so Ahyerɛn
    Yɛn Ahenni Som—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 8/1 kr. 25

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Wɔma Wɔn Hann Hyerɛn wɔ India

ADANSEFO 11,524 a wɔwɔ anigye na wɔreka Ahenni no ho asɛmpa no wɔ India. (Mateo 24:14) Nnipa 1,066 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ 1991 ɔsom afe no mu no yɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔrema wɔn hann ahyerɛn ama afoforo. Anigye bɛn ara na obiara nyae sɛɛ yi, sɛ wohui sɛ nnipa 28,866 na wɔbaa Kristo wu Nkaedi afahyɛ no ase!

◻ Nnipa pii nam bɔnnɔ so adansedi so na wɔtee Ahenni anidaso no ho asɛm nea edi kan. Sɛ nhwɛso no, Ɔdansefo bi kaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ ne mfɛfo adwumayɛfo a wɔn nyinaa yɛ dua adwumfo. Adwumayɛfo no biako gye toom na ofii ase maa ne hann hyerɛn maa n’abusuafo ne ne nnamfonom. Wɔn nso de anigye kaa Ahenni nkrasɛm a ɛyɛ nwonwa yi ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Sɛnea amanneɛbɔ ahorow kyerɛ no, wɔ mfe kakraa bi mu no, ‘nnipa bɛboro 30 gyee nokware no toom.’ Yehowa hyiraa ɔne ne honhom fam nuanom afoforo no sɛ wɔmaa wɔn hann hyerɛn.

◻ Onua kumaa bi a ɔwɔ asafo foforo mu maa ne hann hyerɛn denam ne mfɛfo sukuufo a odii wɔn adanse wɔ bɔnnɔ so no so. Na wɔn mu binom ani gye Ahenni anidaso no ho, na na ɔtaa kyerɛkyerɛ wɔn Bible no mu kosi sɛ ɔdasu betwam. Wɔn mu biako a na ɔyɛ Katolekni gyinaa nokware no afã pintinn wɔ nsɛnnennen a ebefi kɔ a ɔbɛkɔ so ne Ɔdansefo no abɔ mu aba ho kɔkɔbɔ a ɔsɔfo no de maa no nyinaa akyi. Nanso, na osuani no gye di sɛ nea ɔresua afi Adansefo no nkyɛn no yɛ Bible mu nokware, na ɔkɔɔ so suaa nimdeɛ. Akyiri yi no, wɔbɔɔ no asu na mprempren ɔsom sɛ asafo mu ɔsomfo wɔ asafo no mu. Odi ahurusi wɔ anidaso a ɛnam nokware hann a ɛyɛ nwonwa no so ba no mu!​—Romafo 12:12.

◻ Obi foforo a otiee osuani kumaa yi ne osuani bi a na wonim no yiye, obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a na ɔtaa di wɔn a wɔka sɛ wogye Onyankopɔn di no ho fɛw no, nanso da koro bi de ɔde ne ho hyɛɛ nkɔmmɔbɔ no mu na obisaa nsɛm pii. Ɛyɛɛ no nwonwa sɛ onyaa ne nsemmisa no nyinaa ho mmuae a ntease wom, na obehui sɛ Bible no ne Onyankopɔn Asɛm. Onyaa nkɔanim wɔ Bible mu nimdeɛ mu na awiei koraa no wɔbɔɔ no asu. N’agya a ɔyɛ Hinduni no sɔre tiaa no araa kosii sɛ ɔpam no fii ne fie. Nanso, aberantewa yi nyaa nokware no afa a ogyinae pintinn no so akatua bere a ne honam fam nuanom baanu ne ne nnamfonom baanu gyee nokware no toom na wɔbɔɔ wɔn asu no. Mprempren ne nuanom no mu biako som wɔ baa dwumadibea a ɛwɔ India no.

◻ Osuani panyin bi nso de ne ho hyɛɛ wɔne Ɔdansefo kumaa no nkɔmmɔbɔ no mu. Na ɔnom sigaret ne nsã pii. Bere bi no na ɔpɛ sɛ ɔhwe ne mfɛfo sukuufo baanu bi a wosuaa nokware no wɔ Ɔdansefo no nkyɛn no. Esiane nokware no a wogye toom nti, wɔampene so sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ sukuu mu basabasayɛ bi mu, na wɔantwe wɔn mogya amma nso wɔ mogya a wɔtwe ma afoforo ho ɔsatu bi a osuani panyin no yɛɛ ho nhyehyɛe no mu, Mprempren aberante yi ani gye sɛ ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo hann kurafo.

◻ Sɛ wɔka wɔn nyinaa bom a, osuani a odii kan maa ne hann hyerɛn no atumi aboa ne mfɛfo no mu 15 ma wɔahyira wɔn ho so abɔ asu denam bɔnnɔ so adanse a odii wɔn no so.

Ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛ saa ɔman kɛse no mu nnipa pii regye Onyankopɔn wiase foforo ho anidaso a ɛwɔ Bible no mu no atom na wɔbɛka wiase nyinaa onuayɛ kuw a Yehowa Nyankopɔn reboaboa wɔn ano na wɔatra ase daa wɔ n’Ahenni ase no ho no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena