Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 8/15 kr. 3-4
  • Kasa Foforo A Wɔka​—Adeyɛ A Ɛrenya Nkɔso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kasa Foforo A Wɔka​—Adeyɛ A Ɛrenya Nkɔso
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Nnɛ Wɔpɛ sɛ Wonya Kasa Foforo Akyɛde No?
  • Dɛn na Obi Nya?
  • Kasa Foforo A Wɔka—So Efi Onyankopɔn?
    Nyan!—1987
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Kasa Horow Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • So Kasa Foforo Akyɛde no Yɛ Nokware Kristosom Fã?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nnɛyi Kasa Horow A Wɔka​—Efi Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 8/15 kr. 3-4

Kasa Foforo A Wɔka​—Adeyɛ A Ɛrenya Nkɔso

“OBI a onyaa osuahu a ɛyɛ nwonwa a ɛne “kasa foforo a wonnim” a ɔkae no se: “Na tumi bi aso me tɛkrɛma mu, na meworoo nsɛm te sɛ nsu. Anigye bɛn ara ni! Na mete nka sɛ me ho atew mmoroso. Me tebea asakra fi saa bere no.”

Sɛnea obi kyerɛkyerɛɛ “kasa foforo a wonnim” a ɔka ho osuahu a edi kan a onyae no mu nen. Ebinom betumi abisa ma afata sɛ: ‘Nanso ɛno yɛ dɛn ade?’ Ɛyɛ nsɔre bi a emu mmarima ne mmea kyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom ka wɔn ma wɔka anana kasa anaa kasa foforo a wonnim mu nneyɛe anaa gyidi bi.

Ɛyɛ nyamesom mu adeyɛ bi a ɛrenya nkɔso. Kasa foforo a wɔka no nnɛ a anka bere bi wobu no sɛ Honhom sɔrefo nkutoo na wɔka no ahyɛn nsɔre a akyɛ te sɛ Baptist, Episcopal, Lutheran, Methodist, Presbyterian, ne Roman Katolek mu. Wɔaka onipa a ɔwɔ tebea ‘yi mu tebea ho asɛm sɛ watɔ piti, wahaw, ade atɔ no so, na biribi anya n’adwene so tumi. Ebinom mpo frɛ no nteɛteɛm adeyɛ. Ahintasɛm bi wɔ kasa foforo a wɔka no mu.

Dɛn Nti na Nnɛ Wɔpɛ sɛ Wonya Kasa Foforo Akyɛde No?

Cyril G. Williams ka wɔ ne nhoma Tongues of the Spirit no mu sɛ ɛbɛyɛ sɛ “abusuabɔ bi wɔ nkogudi ne pɛ a wɔpɛ sɛ wɔka ‘kasa foforo’ no ntam.” Ɔka ho asɛm sɛ ɛyɛ biribi a ɛma ahotɔ a “ɛwɔ ayaresa tumi a ɛbrɛ adwennwene ase,” na “ɛma haw a wɔahaw no gyae.” Wɔaka asɔre adwuma mu abasamtu, basaayɛ, asetra mu adwuma mu nkogudi, ɔdɔfo bi wu, fie adwennwene, anaasɛ ɔyare wɔ abusua no mu ho asɛm sɛ nneɛma a ɛma wɔka kasa a ɛte saa no bi.

Saa ara nso na John P. Kildahl ka wɔ The Psychology of Speaking in Tongues no mu sɛ “dadwen nso yɛ ade a ɛma wotumi ka kasa foforo.” Ɔnam n’ankasa nhwehwɛmu ne nsɛm a ɔde boasetɔ bisaa afoforo so hui sɛ “wɔn a wɔka kasa foforo no mu ɔha biara mu nkyem 85 wɔ dadwen pɔtee bi ansa na wɔrefi ase aka kasa foforo no.” Sɛ nhwɛso no, na ɛna bi pɛ sɛ ɔka kasa foforo ‘na ama watumi abɔ mpae ama ne babarima a ɔyare akisikuru. Ɔbarima bi fii ase kaa kasa foforo bere a ontumi nsi adwuma mu dibea a wɔde rema no no ho gyinae no. Ɔbea bi fii ase kaa kasa foforo wɔ dapɛn biako ntam bere a ne kunu kɔdɔm ahyehyɛde bi a ɛboa asadweam ma wɔadi wɔn haw no so no.

Dɛn na Obi Nya?

Obi foforo a ɔkaa kasa foforo bere a edi kan no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Metee ɔhyew nka wɔ me nipadua mu nyinaa, awɔw dee me, na me ho fii fifiri atɔwatɔw akɛseakɛse, me ho popoe na m’apɔw so yɛɛ me bɛtɛɛ.” Nea ɛka kasa foforo no ka ho ne nneyɛe soronko bi a ebinom hu sɛ ɛhaw adwene. Sɛ nhwɛso no, “anka ntasu a ɛtram abeawa bi reyɛ akum no bere a ɔda akongua bi so, ne kɔn da akyi, ne nantin sisi fam, na n’anan asinsen no.” Wɔ asafo bi nhyiam ase no, “ɔbarima bi buu afurupata toatoaa so fi asɔredan no ti kɔpem ti.”

Ɔbenfo William J. Samarin kyerɛw sɛɛ “Wɔ ebinom fam no, kasa foforo no ka yɛ ade a wogyina so bɔ wɔn asu wɔ Honhom Kronkron mu.” Sɛ wɔnka bi a, “wɔma wɔte nka sɛ wɔtɔ sin kakra.” Wobu no nso sɛ “mpaebɔ ho mmuae, awerɛhyem a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn na ogye wɔn tom.” Afoforo nso aka sɛ ɛma wɔte akomatɔyam, anigye, ne asomdwoe nka, na “wɔte nka sɛ wɔwɔ tumi kɛse,” “na wodi mu yiye.”

So kasa a wɔtɔ piti ka no yɛ honhom kronkon no dwumadi ho adanse ankasa? So ne ka ma wohu obi sɛ ɔyɛ nokware Kristoni? So kasa foforo a wɔka yɛ ɔsom a wogye tom nnɛ no fã? Ɛnsɛ sɛ yɛde ahopere bua nsemmisa yi. Dɛn ntia? Efisɛ yɛpɛ sɛ yɛn som sɔ Onyankopɔn ani na ohyira so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena