Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 8/15 kr. 30
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Pow Wiase Nsusuwii Hunu, Di Ahenni Nneɛma A Ɛwɔ Hɔ Ankasa Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Dɛn Na Asawu Ne Mpataa No Kyerɛ Ma Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Yehowa Nsiesiei A Ɛne ‘Wɔn A Wɔde Wɔn Ama’ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Henanom Na Wobeguan Afi “Ahohia Bere” No Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 8/15 kr. 30

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Sɛ saa a, hwɛ sɛ wubetumi abua nsemmisa a edidi so yi anaa:

▫ Dɛn na ebetumi ayɛ ɔsom mu hokwan afoforo a wɔde maa Nethinim ne Salomo nkoa mma no ho mfonini yiye, bere a wɔsan fii nnommumfa mu wɔ Babilon bae no?

Ɛnnɛ, bere a honhom mu Israel nkaefo a wɔwɔ asase so dodow kɔ so huan no, nguan foforo no kɔ so dɔɔso. Te sɛ nea wɔyɛɛ Nethinim ne Salomo nkoa mma no, wɔde asɛyɛde a emu yɛ duru ahyɛ wɔn a wɔte sɛ nguan yi mu binom nsa wɔ nkaefo no hwɛ ase. (Yesaia 61:5)​—4/15, nkratafa 16-17.

▫ Na dɛn na odiyifo Sefania kyerɛ bere a ɔkaa eyi no: “Ebia wɔbɛkora mo so, [Yehowa] abufuw da no”? (Sefania 2:2, 3)

Obi ho ban a wɔbɛbɔ wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu nyɛ sɛ wogye no a, na wɔagye no ara nen. (Mateo 24:13, 21) Obi so a wɔbɛkora saa da no begyina kɔ a ɔbɛkɔ so ayɛ nneɛma abiɛsa yi: Ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ Yehowa, ɔhwehwɛ trenee ne ahobrɛase.​—5/1, nkratafa 15-16.

▫ Ɔkwan bɛn so na Mikael “bɛsɔre agyina” wɔ “awiei bere no” mu? (Daniel 12:1, 4)

Efi bere a wosii Mikael Hene wɔ 1914 mu no, “ogyina hɔ” ma Yehowa nkurɔfo. Nanso ɛrenkyɛ Mikael “bɛsɔre agyina” wɔ ɔkwan titiriw bi so​—sɛ Yehowa Odwumayɛmafo a obeyi amumɔyɛ nyinaa afi asase so ne sɛ Ogyefo ma Onyankopɔn nkurɔfo.​—5/1, kratafa 17.

▫ Dɛn so na nokware anigye gyina?

Nokware anigye gyina yɛne Yehowa ntam abusuabɔ a ɛsom bo, n’anim dom, ne ne nhyira so. (Mmebusɛm 10:22) Enti, yɛrentumi nkwati osetie a yɛbɛyɛ ama Yehowa ne anigye a yɛde bɛyɛ n’apɛde nnya nokware anigye. (Luka 11:28)​—5/15, nkratafa 16, 19.

▫ Bere a Yesu saa nyarewa anwonwa kwan so no, so na ehia sɛ nea ɔsaa na yare no nya gyidi bi?

Na ehia sɛ nnipa pii a wɔbaa Yesu nkyɛn sɛ ɔnsa wɔn yare no nya gyidi bi. (Mateo 8:13) Nanso, na wɔnhwehwɛ sɛ wɔka sɛ wɔwɔ gyidi ansa na Yesu ayɛ n’anwonwade ahorow no, sɛnea wɔanyɛ saa no bere a Yesu saa obubuafo bi a na onnim oniiko a Yesu yɛ yare no. (Yohane 5:5-13) Yesu san de ɔsɔfo panyin no akoa a na ɔka Yesu atamfo kuw bi ho aso a wotwae no taree hɔ maa no mpo. (Luka 22:50, 51) Ɔnam Onyankopɔn honhom kronkron no tumi so na ɔyɛɛ anwonwade ahorow yi, na ɛnyɛ ɔyarefo no gyidi so.​—6/1, kratafa 3.

▫ “Asawu” a wɔaka ho asɛm wɔ Yesu bɛ a ɛwɔ Mateo 13:47-50 no mu no gyina hɔ ma dɛn?

“Asawu” na gyina hɔ ma asase so adwinnade bi a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asafo a ɛboaboa ‘mpataa’ ano. Kristoman ne Kristofo asafo a wɔasra wɔn no nyinaa ka ho, na Kristofo a wɔasra wɔn no akɔ so aboaboa ‘mpataa a eye’ ano wɔ abɔfo akwankyerɛ ase ma ɛne Mateo 13:49 ahyia.​—6/15, kratafa 20.

▫ Nnyinasosɛm ahorow a na ɛsɛ sɛ Israel atemmufo de di dwuma bere a wɔreyɛ wɔn nnwuma no bi ne nea ɛwɔ he?

Ɛsɛ sɛ wobu adefo ne ahiafo nyinaa atɛntrenee, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nyiyim, na ɛnsɛ sɛ wogye adanmude. (Leviticus 19:15; Deuteronomium 16:19)​—7/1, kratafa 13.

▫ Dɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ denam asɛm a wodi so?

Wɔn botae biako ne sɛ wobɛhwehwɛ asɛm no mu nokwasɛm ahorow, na wɔbɛyɛ saa wɔ ɔdɔ mu. Sɛ wonya nokwasɛm ahorow yi a, mpanyimfo no bɛyɛ nea ehia biara de abɔ asafo no ho ban, na wɔama Yehowa gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn no akɔ so atra mu, na biribiara ansiw Onyankopɔn honhom no kwan. Asɛm a wodi no atirimpɔw nso ne sɛ, ɛbɛyɛ yiye a, wobegye ɔbɔnefo a ɔwɔ asiane mu no nkwa. (Fa toto Luka 15:8-10 ho.)​—7/1, nkratafa 18-19.

▫ Dɛn nti na ɔbarima ne ɔbea nna mu ɔbrasɛe ho nsusuwii hunu di awu saa?

Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 5:27, 28 no nti, wɔn a wonya ɔbarima ne ɔbea nna mu ɔbrasɛe ho nsusuwii hunu no resɛe aware wɔ wɔn komam. Na asiane wom sɛ nsusuwii hunu a ɛte sɛɛ no betumi ama wɔabu ɔbra bɔne.​—7/15, kratafa 15.

▫ Akwan bɛn so na Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛasusuw sɔhwɛ ahorow a yehyia no ho wɔ ɔkwan a ɛteɛ so, na yɛagyina ano?

Ebia mfɛfo gyidifo anaa Bible adesua bɛtwe yɛn adwene asi Kyerɛwnsɛm no so. Nsɛm a ebesisi denam Onyankopɔn akwankyerɛ so betumi aboa yɛn ma yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ebia abɔfo bɛma yɛn akwankyerɛ no bi, anaasɛ yɛn nsa bɛka akwankyerɛ denam honhom kronkron no so. (Hebrifo 1:14)​—7/1, kratafa 21.

▫ So Nicaea Bagua a wɔfrɛe wɔ 325 Y.B. mu no na ɛhyehyɛɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no anaa esii so dua?

Dabi, Nicaea Bagua no de Ɔba no totoo Agya no ho sɛ “wɔwɔ su koro” kɛkɛ. Ɛnyɛ saa bagua no anaasɛ tete Asɔre Agyanom no na wɔde adwene a ɛne sɛ Agya no, Ɔba no, ne honhom kronkron mu biara yɛ nokware Nyankopɔn​—Onyankopɔn baasa a wɔbom biako no bae.​—8/1, kratafa 20.

▫ So na Hiob nkutoo ne onipa a odi Yehowa nokware wɔ bere a ɔtraa ase no mu? (Hiob 1:8)

Dabi, Hiob nhoma no ankasa kyerɛ sɛ na Onyankopɔn gye Elihu tom. Afei nso, bere a na Hiob te ase no, na Israelfo pii tete Misraim, biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma yesusuw sɛ na eyinom nyinaa nyɛ anokwafo na Onyankopɔn annye wɔn antom.​—8/1, kratafa 31.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena