Afrikafo Bible Nkyerɛase Ahorow
Wodii kan kyerɛɛ Bible mũ no nyinaa ase kɔɔ Afrikafo kasa bi mu wɔ Egypt. Wɔfrɛ no Coptic nkyerɛase, na wogye di sɛ wɔyɛe wɔ efi afeha a ɛto so abiɛsa anaa anan Y.B. mu. Bɛyɛ mfeha abiɛsa akyi no, wɔkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Etiopia Yudafo kasa mu.
Ná ɛsɛ sɛ kasa horow ɔhaha pii a na wɔnkyerɛw a wɔka wɔ Etiopia ne Sahara kesee fam no twɛn kosi bere a asɛmpatrɛwfo no bae wɔ afeha 19 mu. Wɔ 1857 mu no, wɔyɛɛ ade titiriw bi bere a Robert Moffat kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Tswana a ɛyɛ Afrika kesee fam kasa bi mu wiei no. Otintimii n’afã horow nkakrankakra wɔ tintim afiri bi a wɔde nsa kyinkyim so. Na eyi ne Bible mũ a edi kan a wotintimii wɔ Afrika ne nea edi kan a wɔkyerɛɛ ne nyinaa ase kɔɔ Afrikafo kasa bi a na anka wɔnkyerɛw mu. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ Moffat de Onyankopɔn din Yehowa dii dwuma wɔ ne nkyerɛase no mu. Wɔ 1872 de a British and Foreign Bible Society no tintimii no mu no, wɔde edin Yehowa no dii dwuma wɔ nsɛntitiriw a Yesu kae a wɔakyerɛw wɔ Mateo 4:10 ne Marko 12:29, 30 no mu.
Ebeduu 1990 no, na wɔakyerɛ Bible mũ no nyinaa ase akɔ Afrikafo kasa horow 119 mu, a n’afa horow bi nso wɔ kasa afoforo 434 mu.