Dɛn Nti Na Nnipa Pa Hu Amane?
NÁ AFE no yɛ 1914, na na wiase no reko. Atiridiinini bi sii Serbia nnommum atrae bi mu mpofirim. Nanso na ɛyɛ ɔyare no mfiase kɛkɛ. Ɔyare a ɛyɛ hu no trɛw kaa ɔmanfo a wɔnyɛ asraafo, na ekunkum nnipa 150,000 wɔ asram asia pɛ mu. Ɔyare no kunkum nnipa ɔpepem abiɛsa wɔ ɔko tebea horow ne ɔman anidan a ɛbae wɔ Rusia no mu. Ɛnyɛ mfomso sɛ ebia wobɛka sɛ nnipa pa ne wɔn abusuafo a wɔawu agyaw wɔn hɔ no ka ho bi.
Eyi yɛ amanehunu a adesamma hyia ho nhwɛso biako pɛ. Ebia amanehunu a nyarewa a ɛbɔ yɛn adɔfo, akwanhyia a wonya, ne asiane afoforo a ɛto wɔn ma ɛba no bi ato woankasa pɛn. Ebia, wudi awerɛhow bere a ɔyare bi a enni sabea ma onipa trenee bi te ɛyaw nka no. Ebia wo werɛ how yiye bere a onipa pa bi—te sɛ ɔbarima bi a ɔwɔ abusua a ɔbɔ ne ho mmɔden—wu wɔ akwanhyia bi mu no. Awerɛhow a wɔn a wawu agyaw wɔn no di no betumi ama woadi yaw wɔ wo komam ama wɔn.
Nnipa pii te nka sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma onipa pa hu amane. Ebinom mpo bu amane a obi hu no sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo. Saa na mmarima baasa a wɔtraa ase bɛyɛ mfe 3,600 a atwam ni no kyerɛe. Ná wɔyɛ onipa pa bi a ne din de Hiob bere sofo. Ma yɛnsan nkɔ wɔn bere so bere a yefi ase hwehwɛ asemmisa a ese Dɛn nti na nnipa pa hu amane ho mmuae no?
Hiob Amanehunu Ahorow
Bere a mmarima baasa a wose wɔyɛ Hiob nnamfo kɔsraa no no, na ɛyaw ne ɔyare ama ɔrehu amane a enni kabea. Na ne mma du awu, na na wahwere ne honam fam ahode nyinaa. Na nnipa a anka wobu Hiob yiye mpo no mpɛ no ahu no. Ne yere mpo powee no, na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnnome Onyankopɔn na onwu.—Hiob 1:1-2:13; 19:13-19.
Hiob nsrahwɛfo no traa ase dinn hwɛɛ n’amanehunu no nnanson, adekyee ne adesae. Afei wɔn mu biako bɔɔ no sobo sɛ bɔne bi a wayɛ nti na ɛbɛyɛ sɛ wɔretwe n’aso no. Ɔbarima Elifas kae sɛ: “Kae ɛ, hena na ɔnyɛɛ bɔne bi na wɔasɛe no pɛn, anaa ɛhe na wɔapopa atreneefo pɛn? Manya nhui sɛ wɔn a wɔfɛntɛm amumɔyɛ na wogu mmusu no, ɛno ara na wotwa. Onyankopɔn home sɛe wɔn, na wɔhyew, n’abufuw mframa ano.”—Hiob 4:7-9.
Enti Elifas kyerɛe sɛ Onyankopɔn retwe Hiob aso wɔ ne bɔne ho. Ɛnnɛ nso, ebinom kyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔma amanehunu ahorow ba na ɔde atwe nnipa aso wɔ wɔn bɔne ho. Nanso na Yehowa ntwe Hiob aso wɔ nneɛma bɔne a wayɛ ho. Yenim eyi efisɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Elifas akyiri yi sɛ: “Me bo afuw wo ne wo mfɛfo baanu no, efisɛ moanka me ho asɛm a ɛteɛ sɛ m’akoa Hiob.”—Hiob 42:7.
Emfi Onyankopɔn
Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii—akyinnye biara nni ho sɛ nnipa pa pii ka ho—redi hia, na wɔreyɛ adi kɔm. Nnipa binom bo fuw, na wɔka sɛ wɔn amanehunu no fi Onyankopɔn. Nanso ɛnyɛ ɔno na ɔma ɔkɔm ba. Nokwarem no, Ɔno na ɔma adesamma aduan.—Dwom 65:9.
Ebia pɛsɛmenkominya, adifudepɛ ne su afoforo remma wɔmfa aduan nkɔma wɔn a wodi kɔm. Akodi ka nneɛma a ɛde ɔkɔm ba no ho. Sɛ nhwɛso no, The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Ɔko betumi ama ɔkɔm aba, sɛ akuafo pii gyaw wɔn mfuw hɔ kɔyɛ asraafo a. Asraafo ahyɛ da ama ɔkɔm aba wɔ nsɛm bi mu ma ɔkɔm no ma atamfo no de wɔn akode gu hɔ. Asraafo no sɛe nnuan a wɔde asie ne nnɔbae a ɛrenyin no, na wosiw akwan na atamfo no nsa anka wɔn nnuan. Akwan a wosisiw amma wɔantumi amfa nnuan ankɔ Biafra mantam mu wɔ Nigeria Ɔmanko (1967-1970) no mu. Ɛde ɔkɔm bae, na ebia Biafrafo ɔpepem biako ne akyi dii kɔm.”
Ebinom nunuu Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so wɔ Wiase Ko II no mu titiriw, bere a nnipa pa pii huu amane na wowuwui no. Nanso nnipa bu Onyankopɔn mmara so denam tan a wɔtentan wɔn ho wɔn ho, na wɔko tia wɔn ho wɔn ho no so. Bere a wobisaa Yesu Kristo sɛ mmara asɛm a “edi ne nyinaa kan” ne nea ɛwɔ he no, obuae sɛ: “Israel, tie, [Yehowa] yɛn Nyankopɔn yɛ [Yehowa] koro; na dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa. Na nea ɛto so abien no ni: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Mmara nsɛm bi nni hɔ a ɛkyɛn eyinom.”—Marko 12:28-31.
Sɛ adesamma kunkum nnipa bebree de bu Onyankopɔn mmara ahorow so, na amanehunu fi mu ba a, so obi betumi de asodi no ato Onyankopɔn so ma ateɛ? Sɛ ɔwofo bi ka kyerɛ ne mma sɛ ɛnsɛ sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho ko ntɔkwaw, na wɔantie n’afotu pa no, na wopirapira a, so ɔno na ɔyɛe? Ɛnyɛ ɔwofo no na ɔyɛe, te sɛ nea ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma nnipa hu amane bere a nnipa bu Onyankopɔn mmara ahorow so no.
Ɛwom sɛ sɛ wobu Onyankopɔn mmara ahorow so a, amanehunu befi mu aba de, nanso Bible no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔma amanehunu ankasa ba na ɔde atwe nnebɔneyɛfo aso. Bere a nnipa baanu a wodi kan no yɛɛ bɔne no, Onyankopɔn nhyira ne n’ahobammɔ a ɛda nsow no fii wɔn nsa. Wɔ nsɛm a wofi soro de ho gye mu na Yehowa atirimpɔw ahorow ayɛ hɔ akyi no, Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm yi na ɛkyerɛ nea ɛba adesamma so wɔ bere ne bere mu no: “Ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam, na ɛbere ne [akwanhyia] to wɔn nyinaa.”—Ɔsɛnkafo 9:11.
Nnipa Pa ne Nnipa Bɔne Nyinaa Hu Amane
Nokwarem no, nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa hu amane, esiane bɔne ne sintɔ a yenya fii awo mu nti. (Romafo 5:12) Sɛ nhwɛso no, nyarewa a ɛyɛ yaw ka atreneefo ne nnipa bɔne nyinaa. Ná Kristoni nokwafo Timoteo ‘taa yareyare.’ (1 Timoteo 5:23)
Ebia na ɔsomafo Paulo reka honam fam yare bi ho asɛm bere a ɔkaa ne ‘honam mu nsɔe’ ho asɛm no. (2 Korintofo 12:7-9) Mprempren Onyankopɔn nyi mmerɛwyɛ anaa nneɛma a yenya fii awo mu a ɛma yetumi yare no mfi hɔ mma ne nkoa anokwafo mpo.
Ebia nnipa a wosuro Onyankopɔn nso behu amane, esiane sɛ wɔamfa atɛmpa anaasɛ Kyerɛwnsɛm mu afotu anni dwuma mmere bi nti. Mfatoho ni: Obi a ontie Onyankopɔn na ɔware obi a ɔnyɛ gyidini no betumi ahyia aware mu ɔhaw ahorow a anka obetumi akwati. (Deuteronomium 7:3, 4; 1 Korintofo 7:39) Sɛ Kristoni anni nnuan pa annye n’ahome sɛnea ɛsɛ a, n’akwahosan a wasɛe no nti, obetumi ahu amane.
Sɛ yɛma mmerɛwyɛ di yɛn so na yebu ɔbra bɔne a, ebetumi ama yɛadi komam yaw. Aware a Ɔhene Dawid ne Bat-seba sɛee no no ma ohuu amane pii. (Dwom 51) Bere a na ɔrebɔ mmɔden akata bɔne so no, ɔhaw kɛse. Ɔkae sɛ: “Na mimuaa m’ano no, me nnompe gurowee, m’apini a misii daa nyinaa nti. . . . Me mu nsu twee, na mikisae sɛ awia bere mu.” (Dwom 32:3, 4) Bɔne ho yawdi maa Dawid ahoɔden so huanee te sɛ nea ebia dua bi hwere nsu a ɛmma enwu wɔ ɔpɛ anaasɛ ahohuru bere mu ɔhyew mu no. Ebia ohuu amane wɔ adwenem ne honam fam nyinaa. Nanso, Dwom 32 kyerɛ sɛ obi betumi anya amanehunu a ɛte sɛɛ mu ahotɔ denam ahonu a ɔde bɛka ne bɔne akyerɛ na wanya Onyankopɔn fafiri no so.—Mmebusɛm 28:13.
Ahohwibra na ɛtaa ma nnipa bɔne a wɔde wɔn ho hyem no hu amane, na ɛnyɛ asotwe a efi soro. Herode Ɔkɛseɛ no subammɔne nti, onyaa nyarewa pii. Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus se: “Herode nkwa nna a etwa to mu no, “ohuu aninyanne a ɛyɛ hu. Na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den yiye sɛ obetiti ne ho, na n’ayamde ho atutu akisikuru, na na akisikuru wɔ n’awode ho na adɔ mmoawa. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde Callirrhoe asuten no mu nsuhyew bɛma sɛnea ɔhome a ensi so ne n’abiribiriw no agyae, nanso ɔkwa. . . . Afei Herode tee ɛyaw kɛse nka araa ma ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛwɔ ne ho sekan . . ., nanso ne nua bi siw no kwan.”—Josephus: The Essential Writings, Paul L. Maier ne asekyerɛfo ne samufo.
Onyankopɔn mmara sodi ma yenya ahobammɔ bi wɔ nneɛma te sɛ nyarewa a wonya fi nna mu ho. Nanso, dɛn nti na ɛte sɛ nea nnipa pa a wɔhwehwɛ n’anim dom nso hu amane pii?
Nea Enti a Nnipa a Wosuro Onyankopɔn Hu Amane
Ade titiriw nti a nnipa a wosuro Onyankopɔn hu amane no ne sɛ wɔyɛ atreneefo. Agya panyin Yakob ba Yosef asɛm no kyerɛkyerɛ eyi mu. Ɛwom sɛ Potifar yere kɔɔ so hyɛɛ Yosef sɛ ɔne no nna de, nanso obisae sɛ: “Na ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?” (Genesis 39:9) Eyi ma wɔde Yosef too afiase wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so, na ɔtreneeni a ɔyɛ nti, ohuu amane.
Nanso dɛn nti na Onyankopɔn ma kwan ma ne nkoa anokwafo hu amane? Mmuae no da adi wɔ ɔsɛmpɔw bi a ɔbɔfo otuatewfo Satan Ɔbonsam maa ɛsɔree no mu. Ɔsɛmpɔw yi fa mudi mu a wokura ma Onyankopɔn ho. Yɛyɛ dɛn tumi hu? Efisɛ eyi daa adi wɔ ɔbarima ɔtreneeni Hiob a yɛadi kan aka ne ho asɛm no asɛm no mu.
Wɔ nhyiam bi a Onyankopɔn mma abɔfo yɛe wɔ ɔsoro ase no, Yehowa bisaa Satan sɛ: “So woadwen m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho?” Mmuae a Ɔbonsam mae no da no adi sɛ akyinnyegye bi wɔ sɛ ebia nnipa bekura wɔn mudi mu ama Yehowa wɔ sɔhwɛ mu anaasɛ wɔnyɛ saa no ho. Satan kae sɛ honam fam nhyira horow a na Hiob nya nti na na ɔsom Onyankopɔn, na ɛnyɛ ɔdɔ nti. Afei Satan kae sɛ: “Na afei teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome anaa!” Yehowa buae sɛ: “Hwɛ, nea ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, na ɔno ankasa de, mfa wo nsa nka no.”—Hiob 1:6-12.
Nea Satan tumi yɛe nyinaa akyi no, Hiob kɔɔ so yɛɛ adetrenee, na ɔdaa no adi sɛ ɔdɔ nti na ɔsom Yehowa. Nokwarem no, Hiob ka kyerɛɛ n’anototofo sɛ: “Ɛmpare me sɛ mebu mo bem; meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu.” (Hiob 27:5) Yiw, mudi mu kurafo a wɔte sɛɛ no wɔ ɔpɛ bere nyinaa sɛ trenee nti, wobehu amane. (1 Petro 4:14-16) Bible no ka nnipa pii a wɔwɔ ɔdɔ a ɛto ntwa da ma Onyankopɔn, a wɔatra ase sɛ atreneefo de ahyɛ no anuonyam de akyerɛ sɛ asɛm a Satan kae sɛ obetumi adan adesamma nyinaa afi Yehowa ho no nyɛ nokware no ho asɛm. Obiara a ohu amane esiane ne mudi mu a okura ma Onyankopɔn nti no betumi anya anigye sɛ ɔreda no adi sɛ Ɔbonsam yɛ ɔtorofo, na ɔrema Yehowa koma ani agye.—Mmebusɛm 27:11.
Ɛnyɛ sɛ amane a Onyankopɔn nkoa anokwafo hu no mfa ne ho. Odwontofo Dawid se: “[Yehowa] wowaw wɔn a wɔhwe ase nyinaa, na ɔma wɔn a wɔakotow nyinaa so gyina.” (Dwom 145:14) Ebia na wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa no ankasa nni ahoɔden a ɛsɛ a wɔde begyina asetra mu amanehunu ne ɔtaa ahorow a wohyia sɛ ne nkurɔfo no ano. Nanso Onyankopɔn hyɛ wɔn den na ɔwowaw wɔn, na ɔma wɔn nyansa a wohia na wɔde agyina wɔn sɔhwɛ ahorow nyinaa ano no. (Dwom 121:1-3; Yakobo 1: 5, 6) Sɛ ɛba sɛ ataafo kum Yehowa asomfo anokwafo no mu binom mpo a, wɔwɔ anidaso a Onyankopɔn de ama a ɛne owusɔre no. (Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15) Sɛ ɛba saa mpo a, Onyankopɔn betumi ayi amane biara a wɔn a wɔdɔ no no hui no afi hɔ. Ɔmaa Hiob amanehunu to twae, na ohyiraa saa ɔbarima a ɔteɛ no pii. Na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa rempa ne nkurɔfo akyi wɔ yɛn nna yi mu.—Hiob 42:12-16; Dwom 94:14.
Ɛrenkyɛ—Amanehunu To Betwa!
Enti, sintɔ a yenya fii awo mu ne nneɛma nhyehyɛe bɔne yi mu asetra nti, obiara hu amane. Nnipa a wosuro Onyankopɔn nso betumi ahwɛ kwan sɛ wobehu amane esiane wɔn mudi mu a wokura ma Yehowa nti. (2 Timoteo 3:12) Nanso, wobetumi adi ahurusi, efisɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛma nusu, owu, awerɛhow, osu ne ɛyaw aba awiei. Ɔsomafo Yohane kyerɛw eyi ho asɛm sɛ:
“Na mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan soro ne kan asase no atwam, na ɛpo nni hɔ bio. Na mihuu kurow kronkron no, Yerusalem foforo, sɛ efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian, na wɔasiesie no sɛ ayeforo a wɔahyehyɛ no ama ne kunu. Na metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam. Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”—Adiyisɛm 21:1-5.
Ɔsomafo Petro nso kae sɛ: “Sɛnea [Yehowa Nyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:13) Anidaso akɛseakɛse bɛn ara na ɛda yɛn anim pɛɛ sɛɛ yi! Asetra wɔ paradise asase so betumi ayɛ hokwan a anigye wom ama wo. (Luka 23:43) Enti, mma nnɛ bere yi mu amanehunu nhyɛ wo abufuw. Mmom no, fa anidaso pa hwɛ daakye kwan. Fa wo ho to Onyankopɔn wiase foforo a abɛn pɛɛ no so na nya mu awerɛhyem. Bu ɔbra a ɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani, na wubetumi atra ase daa wɔ wiase a amanehunu biara nnim mu.
[Mfonini wɔ kratafa 4]
Ɛwom sɛ Hiob huu amane de, nanso ɔbɔɔ bra a ɛsɔ Yehowa ani
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Wubetumi atra wiase bi a amanehunu biara nnim mu
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Collier’s Photographic History of the European War