Dɛn Nti Na Atorodi Yɛ Mmerɛw Saa?
OBIARA mpɛ sɛ wodi atoro kyerɛ no. Nanso nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa didi atoro kyerɛ wɔn ho wɔn ho esiane nneɛma ahorow nti. Nhwehwɛmu bi a epuei wɔ The Day America Told the Truth nhoma a James Patterson ne Peter Kim kyerɛwee mu no daa no adi sɛ Amerikafo ɔha biara mu nkyem 91 di atoro daa. Nhoma akyerɛwfo yi se: “Ɛyɛ den ma yɛn mu fã kɛse no ara sɛ dapɛn biako betwam a yennii atoro. Wɔ nnipa baanum biara mu biako fam no, da koro mpo ntwam a ɔnyɛ saa—na nea yɛreka ho asɛm ne atorodi a wɔhyɛ da susuw ho.”
Atorodi abu so wɔ ɛkame ayɛ sɛ nnɛyi asetra afã horow nyinaa mu. Amammui akannifo di atoro kyerɛ wɔn nkurɔfo ne wɔn ho wɔn ho. Mpɛn pii na wɔba television so bɛka sɛ wonnim animguasesɛm bi a wɔka ho ankasa ma esii no ho hwee. Sissela Bok ka wɔ ne nhoma Lying—Moral Choice in Public and Private Life no mu sɛ: “Wɔ mmara ne nsɛnkyerɛw mu, wɔ aban ne asetra ho nsɛm mu, wobu nnaadaa sɛ ɛnyɛ hwee bere a wɔte nka sɛ wɔn a wodi atoro no betumi akyerɛkyerɛ mu na wɔn ara nso na ɛhyɛɛ ho mmara no.”
Ɛreka amammuisɛm mu atorodi wɔ United States ho asɛm no, Common Cause Magazine, May/June 1989 de no se: “Ɛda adi sɛ Watergate ne Vietnam ko no ne Iran-contra de no yɛ pɛ wɔ aban nnaadaa ne ahotoso a ɔmanfo nni no mu. Enti dɛn na ɛmaa Reagan mfe no yɛɛ bere soronko saa? Nnipa pii dii atoro, nanso wɔn mu kakraa bi na wodii yaw.” Enti ntease pa nti na ɔmanfo no nnye wɔn amammui akannifo nni no.
Wɔ amanaman ntam nsɛnnii ahorow mu no, ɛyɛ den ma akannifo a wɔte sɛɛ sɛ wobegye wɔn ho wɔn ho adi. Helani nyansapɛfo Plato kae sɛ: “Wobetumi ama Ɔman no sodifo kwan . . . ma wɔadi atoro a ɛho bɛba Ɔman no mfaso.” Wɔ amanaman ntam nsɛnnii ahorow mu no, ɛte sɛ nea Bible nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 11:27 ka no: ‘Na wɔbɛkɔ so aka atosɛm wɔ didipon biako ho.’
Wɔ aguadi mu no, aguade ne nneɛma a wodi ho atoro yɛ ade a pii yɛ. Ɛsɛ sɛ adetɔfo de ahwɛyiye yɛ adwuma ho nhyehyɛe ahorow, na wohu sɛ wɔate biribiara ase. Aman binom wɔ ahyehyɛde ahorow wɔ aban mu a wɔbɔ nkurɔfo ho ban wɔ nneɛma ho dawurubɔ a ɛyɛ atoro, aguade a epira nnipa a wɔka ho asɛm sɛ mfaso wɔ so anaa empira ne odwowtwa ho. Mmɔdenbɔ yi nyinaa akyi no, aguadifo atorofo kɔ so ma nkurɔfo bɔ ka.
Wɔ nnipa binom fam no, atorodi yɛ mmerɛw araa ma ɛdan wɔn su. Afoforo taa ka nokware, nanso sɛ wɔn ho kyere wɔn a, wobedi atoro. Nnipa kakraa bi pɛ na wɔpow sɛ wobedi atoro wɔ tebea biara mu.
Wɔkyerɛ atorodi ase sɛ “1. asɛm anaa adeyɛ a ɛnyɛ nokware, titiriw nea adwene no ne sɛ wɔde redaadaa obi . . . 2. biribiara a adwene anaa botae a ɛwɔ ho ne sɛ wɔrema wɔanya biribi anaa obi ho adwene a ɛnteɛ.” Adwene no ne sɛ wɔbɛma afoforo agye biribi a ɔtorofo no nim sɛ ɛnyɛ nokware no adi. Ɛdenam atorodi anaa nokware fã a ɔka so no, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa wɔn a wɔwɔ hokwan sɛ wohu nokware no.
Nea Enti a Wodi Atoro
Nneɛma pii nti na nkurɔfo di atoro. Ebinom te nka sɛ ɛsɛ sɛ wodi atoro wɔ nea wotumi yɛ ho na ama wɔadi yiye wɔ akansi wiase yi mu. Afoforo bɔ mmɔden sɛ wɔde atorodi bɛkata wɔn mfomso anaa afɔdi so. Afoforo nso di amanneɛbɔ ho atoro na ama wɔagye adi sɛ wɔayɛ adwuma a wɔnyɛe. Afei wɔn a wodi atoro de sɛe afoforo din, de kwati animguase, de kyerɛ sɛ atoro horow a wadi dedaw no teɛ, anaasɛ wɔde twa nkurɔfo dwow de gye wɔn sika nso wɔ hɔ.
Anoyi a wɔtaa de ma wɔ atorodi ho ne sɛ ɛbɔ onipa foforo ho ban. Ebinom bu eyi sɛ ɛyɛ atoro “fitaa,” efisɛ wosusuw sɛ empira obiara. Nanso so saa atoro “fitaa” yi mpira obiara?
Susuw Nea Efi Mu Ba no Ho
Atoro “fitaa” betumi ama obi akɔ so adi atoro a ebetumi ayɛ nea ɛfa nsɛm a anibere wom ho. Sissela Bok se: “Atoro a wɔka sɛ ɛyɛ ‘fitaa’ no nyinaa nyɛ nea wobetumi ama werɛ afi wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so saa. Nea edi kan no, atorodi a wɔka sɛ empira obiara no nyɛ nokware koraa. Ebia nea ɔtorofo no susuw sɛ empira obiara anaasɛ mfaso wɔ so mpo no nte saa wɔ nea wadaadaa no no ani so.”
Atorodi, ɛmfa ho sɛnea ɛbɛyɛ te sɛ nea asɛm biara nni ho no, sɛe nnipa ntam abusuabɔ pa. Ɛsɛe din pa a ɔtorofo no wɔ, na ebia ɛremma wonnye no nni bio. Ɔkyerɛwfo a wagye din, Ralph Waldo Emerson kyerɛwee sɛ: “Atorodi biara nyɛ ahodɔmdi bi mma ɔtorofo no nko, na mmom ɛsɛe adesamma abusua no nso.”
Ɛyɛ mmerɛw ma ɔtorofo sɛ obedi atoro afa onipa foforo ho. Ɛwom sɛ ɔmfa adanse biara mma de, nanso n’atorodi no de adwenem naayɛ ba na nnipa pii gye no di a wɔnhwehwɛ nea ɔka no mu. Enti ɔsɛe onipa a ne ho nni asɛm no din, na ɛma onya adwuma a ɛne sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ odi bem. Enti, ɛhaw adwene bere a nkurɔfo gye ɔtorofo no di mmom sen onipa a ne ho nni asɛm no, na ɛsɛe nea ne ho nni asɛm no ne ɔtorofo no ntam.
Ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔtorofo de atorodi bɛyɛ ne su. Atorodi biako taa ma odi atoro foforo. Kan Amerika ɔmanyɛfo Thomas Jefferson kae sɛ: “Su bɔne biara nni hɔ a ɛyɛ awerɛhow na ɛda atirimɔden ne animtiaabu adi te sɛ ɛno; na obiara a ɔma ne ho kwan ma odi atoro biako no hu sɛ ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ obedi nea ɛto so abien ne abiɛsa kosi sɛ awiei koraa no ɛbɛyɛ ne su.” Ɛsɛe abrabɔ pa.
Nea Enti a Atorodi Yɛ Mmerɛw
Atorodi fii ase bere a ɔbɔfo tuatewfo bi dii atoro kyerɛɛ ɔbea a odi kan no sɛ sɛ ɔyɛ asoɔden tia ne Bɔfo a ɔrenwu. Nea efii mu bae ne ɔhaw kɛse a ɛde aba adesamma abusua no nyinaa so a sintɔ, ɔyare ne owu ka ho.—Genesis 3:1-4; Romafo 5:12.
Efi asoɔdenfo Adam ne Hawa bere so no, atoro nyinaa agya yi nkɛntɛnso bɔne yi ama tebea bi akɔ so wɔ adesamma wiase no mu a ɛkanyan atorodi. (Yohane 8:44) Ɛyɛ wiase a asɛe a nokware nni afã titiriw biara. The Saturday Evening Post a wɔyɛe September 1986 kae sɛ atorodi ho ɔhaw no ka “nnwuma akɛse, aban, nhomasua, anigyede, ne mfɛfo ne afipamfo ntam da biara da nkitahodi. . . . Yɛagye asɛm a ɛfa atoro kɛse biako a ɛka sɛ nokware a edi mu biara nni baabiara ho no atom.”
Eyi ne wɔn a wɔde atorodi ayɛ wɔn su a wonni tema biara mma wɔn a wɔdaadaa wɔn no adwene. Atorodi yɛ mmerɛw ma wɔn. Ɛyɛ wɔn asetra kwan. Nanso ehu nti ebia afoforo a wɔmfaa atorodi nyɛɛ wɔn su de ahopere bedi atoro—ne ho a ɛbɛda hɔ ho suro, asotwe ho suro ne nea ɛtete saa. Ɛyɛ ɔhonam a ɛtɔ sin no mmerɛwyɛ. Ɔkwan bɛn so na wubetumi asi wo bo aka nokware de asi su yi ananmu?
Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woka Nokware?
Nokware ne gyinapɛn a yɛn Bɔfo kɛse no de asi hɔ ama yɛn nyinaa. N’Asɛm a wɔakyerɛw, Bible, no ka wɔ Hebrifo 6:18 sɛ: ‘Onyankopɔn ntumi nni atoro.’ Ne Ba Yesu Kristo a na ɔyɛ Onyankopɔn ankasa nanmusifo wɔ asase so no kuraa gyinapɛn koro no ara mu. Yesu ka kyerɛɛ Yudafo nyamesom akannifo a wɔpɛe sɛ wokum no no sɛ: “Afei morehwehwɛ me akum me, me a maka mo nokware a mate Onyankopɔn nkyɛn no. . . . Na sɛ meka sɛ minnim no a, mɛyɛ ɔtorofo sɛ mo.” (Yohane 8:40, 55) Ɔyɛɛ nhwɛso maa yɛn efisɛ “wanyɛ bɔne, nanso wɔanhu nnaadaa n’anom.”—1 Petro 2:21, 22.
Yɛn Bɔfo a ne din de Yehowa no kyi atorodi sɛnea Mmebusɛm 6:16-19 ka pefee no: “Ade asia yi na [Yehowa] tan, na ade ason na ɛyɛ ne kra akyide: ani a ɛtra ntɔn, atoro tɛkrɛma, ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu; koma a edwen mmusu adwene, nan a ɛyɛ hare tu mmirika kɔ bɔne mu; ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm, ne nea ɔhyɛ anuanom ntam takrawogyam.”
Onyankopɔn a ɔka nokware yi hwehwɛ sɛ yɛtra ase ma ɛne ne gyinapɛn ahorow hyia na yɛanya n’anim dom. N’Asɛm a ɔnam honhom so kyerɛwee no hyɛ yɛn sɛ: “Munnnidi atoro nnkyerɛkyerɛ mo ho. Munyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe ngu.” (Kolosefo 3:9) Onnye nnipa a wɔmpɛ sɛ wogyae atorodi no ntom; wɔrennya n’akyɛde a ɛne daa nkwa. Nokwarem no, Dwom 5:6 ka pefee sɛ Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔka atosɛm.’ Adiyisɛm 21:8 nso ka sɛ “atorofo nyinaa” kyɛfa ne “owuprenu” a ɛne daa ɔsɛe no. Enti adwene a Onyankopɔn kura wɔ atorodi ho a yebegye atom no ma yenya ntease a emu yɛ den a ɛbɛma yɛaka nokware.
Nanso dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ tebea a nokwaredi betumi de tebea a ɛhyɛ aniwu anaa ɛyawdi aba no mu? Atorodi nyɛ ano aduru da, nanso ɛtɔ mmere bi a, ka a worenka hwee no ne ano aduru. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wudi atoro a ɛremma wonnye wo nni a ebetumi ama ɔsoro dom abɔ wo kɛkɛ no?
Ehu ne onipa mmerɛwyɛ nti, ebia obi bɛbɔ mmɔden sɛ obedi atoro de abɔ ne ho ban. Ɛyɛ ade a ne yɛ nyɛ den anaasɛ ayamye a ɛnteɛ. Ɔsomafo Petro hwee sɔhwɛ a ɛte saa mu bere a ɔpow mprensa sɛ onnim Yesu Kristo no. Akyiri yi, atoro a odii no wowɔɔ ne komam. (Luka 22:54-62) Ne nokware ahonu no maa Onyankopɔn de firii no, sɛnea ɔsom mu hokwan ahorow pii a wɔde maa no akyiri yi di ho adanse no. Ahonu ne gyinaesi a wɔasi wɔn bo wom sɛ wobegyae atorodi ne ade a ɛde ɔsoro fafiri ba wɔ nea Onyankopɔn kyi a wɔyɛ no ho.
Nanso sɛ anka wubebisa fafiri bere a woadi atoro akyi no, kora wo ne wo Bɔfo no ntam abusuabɔ pa so, na ma afoforo nhu sɛ woyɛ ɔnokwafo denam nokware a woka so. Kae nea Dwom 15:1, 2 ka no: “[O Yehowa], hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu atra mu? Hena na ɔbɛtra wo bepɔw kronkron no so? Nea ɔnantew pɛpɛɛpɛ, na odi asɛntrenee, na ɔka ne komam nokware.”