Yɛn Bɔfo Kɛse No Mu Ahurusidi
“Ma Israel ani nnye ne Yɛfo [kɛse] ho, ma Sion mma nni wɔn Hene ho ahurusi.”—DWOM 149:2.
1. Wɔ ka a wɔka sɛ “ahofadi aba afei” nyinaa akyi no, dɛn ne adesamma tebea ankasa?
ƐNNƐ wiase yi hyia ɔhaw a ɛne “awoko yaw.” Ɛno ne nsɛm a Yesu de dii dwuma wɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa “wiase awiei,” saa ɔhaw kɛse bere a efii ase wɔ wiase ko a edi kan wɔ 1914 mu ho no mu. (Mateo 24:3-8) Amanehunu ara ne nea amammuifo pii hu sɛ ɛbɛba daakye. Wɔ ka a wɔka sɛ “ahofadi aba afei” wɔ Europa Apuei Fam nyinaa akyi no, obi a na anka ɔyɛ ɔmampanyin wɔ saa beae hɔ no kaa tebea no ho asɛm tiawa bere a ɔkae sɛ: “Asase so nnipa a wɔredɔɔso dodo ne ɔhyew a aba asase so, mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so a ɛresɛe ne AIDS, nuklea akode a wɔde bedi nsɛmmɔne ho asiane ne sɛnea atifi fam aman no kɔ so di yiye sen anafo fam aman a wodi hia no, ɔkɔm ho asiane no, asase ne emu nkwa abɔde ne nneɛma afoforo a wɔresɛe no, Tv so dwumadi ahorow mu nkɛntɛnso ahorow a emu retrɛw ne amantam mu akodi ho asiane a ɛkɔ so yɛ kɛse no—eyinom nyinaa, ne nneɛma afoforo mpempem pii a ɛka ho, yɛ asiane kɛse ma adesamma nyinaa.” Onipa tumi biara nni hɔ a ebetumi ayi ɔhaw a ɛde ɔsɛe bɛba ho asiane yi afi hɔ.—Yeremia 10:23.
2. Hena na ɔwɔ adesamma ɔhaw ahorow ano aduru a ɛbɛtra hɔ daa, na dɛn na wadi kan ayɛ dedaw?
2 Nanso, yebetumi adi ahurusi sɛ yɛn Bɔfo Kɛse no wɔ ano aduru a ɛbɛtra hɔ daa. Wɔ Yesu nkɔmhyɛ no mu no, wɔde “wiase awiei” no bata ne “ba” a wɔmfa aniwa nhu no ho. (Mateo 24:3, 37-39) Nea ɛbɛyɛ na wabɔ “ɔsoro foforo” no, Yehowa de Yesu sii n’ahengua so sɛ Mesia Ɔhene, na nkɔmhyɛ mu adanse kyerɛ sɛ asɛm titiriw yi sii wɔ soro wɔ afe 1914 mu.a ((2 Petro 3:13) Sɛ́ Sodifo a ɔne Amansan Hene Yehowa di tumi no, wɔahyɛ Yesu sɛ ommu amanaman no atɛn na ɔmpaapae asase sofo a wɔbrɛ wɔn ho ase a wɔte sɛ nguan no ne kɔnseneefo a wɔte sɛ mpapo no mu. Wɔhyɛ “mpapo” abɔnefo no agyirae ma ‘daa ɔsɛe’ na wɔhyɛ “nguan” no agyirae ma daa nkwa wɔ Ahenni no asase so atrae ha.—Mateo 25:31-34, 46.
3. Dɛn nti na nokware Kristofo betumi adi ahurusi?
3 Honhom mu Israel nkaefo a wɔwɔ asase so, a mprempren saa nguan asoɔmmerɛfo yi mu nnipakuw kɛse abɛka wɔn ho no, wɔ nea wobegyina so adi Yehowa, daa Hene no mu ahurusi, bere a ɔnam ne Ba no Ahenni so de n’anuonyam atirimpɔw ahorow no ba awiei no. Wobetumi aka sɛ: “[Yehowa] mu na me ho sɛpɛw me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi, efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me . . . Sɛ asase ma ne mfifii pue, na turo ma nea wɔadua mu fifi no, saa ara na [Yehowa] Nyankopɔn bɛma trenee ne ayeyi afifi amanaman nyinaa anim.” (Yesaia 61:10. 11) Saa ade a “afifi” yi da adi wɔ nnipa ɔpepem pii a mprempren wɔreboaboa wɔn ano afi amanaman no mu ma wɔabeyi Yehowa ayɛ no mu.
‘Wɔma Ɛyɛ Ntɛm’
4, 5. (a) Ɔkwan bɛn so nɛ wɔhyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo anoboaboa no ho nkɔm? (b) Nkɔso ahorow a ɛda nsow bɛn na ebae wɔ 1992 ɔsom afe no mu
4 Anoboaboa no kɔ so ntɛmntɛm bere a Satan nhyehyɛe no awiei bɛn no. Yɛn Bɔfo Kɛse no ka sɛ: “Na wo man de, wɔn nyinaa bɛyɛ treneefo, . . . me tɛdua dubaa a afefɛw, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me anuonyam. Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, [Yehowa], mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.” (Yesaia 60:21, 22) Sɛnea wɔma ɛyɛ ntɛm yi da adi anwonwa kwan so wɔ Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa 1992 Ɔsom Afe Akontaabu, a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi mu nkratafa 12 kosi 15 no mu.
5 Ade a ɛda nsow wɔ amannɛebɔ yi mu ne Ahenni adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛne 4,472,787, kyerɛ sɛ nnipa 193,967 na abɛka ho—ɛboro afe a etwaam no de so ɔha mu nkyem 4. 5. Nnipa dodow a ɛsen biara 301, 002 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ 1992 mu no nso ma nokwasɛm a ɛne sɛ nnipadɔm regye Bible nokware atom no da adi. Hwɛ sɛnea yɛn ani gye sɛ wɔ ‘esum ne kusuuyɛ da yi mu no, ɔman bi a wɔdɔɔso na wɔyɛ den’ wɔ hɔ a, te sɛ mmoadabi no, wɔretrɛw Ahenni adansedi no mu “akɔpem asase ano nohɔ”! (Yoel 2: 2, 25; Asomafo no Nnwuma 1:8) Efi Alaska a ɛhɔ yɛ nwunu—faako a Ɔwɛn Aban Asafo no wimhyɛn no akɔsra nsasesin a sukyerɛmma atwa hɔ ahyia bɛboro mpɛn 50 no—kosi Mali ne Burkina Faso anhweatam a ɛso yɛ hyew ne Micronesia nsupɔw pii no so no, Yehowa nkoa rehyerɛn sɛ “amanaman hann, na [ne] nkwagye akodu asase ano.”—Yesaia 49:6.
6, 7. Nsɛm tebea mu nsakrae a wɔnhwɛ kwan bɛn na wohui wɔ nnansa yi mfe mu, na Yehowa asomfo ayɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?
6 Yehowa ayɛ sɛ guankɔbea ne aban dennen wɔ sɛnea ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban na ɔwowaw wɔn no mu. Yehowa Adansefo agyina atirimɔden nhyɛso ne ɔtaa ano mfe du du pii wɔ asase so mmeae ahorow (Dwom 37: 39, 40; 61: 3, 4) Nanso nnansa yi ara, wɔayi anohyeto ne akwanside ahorow afi hɔ anwonwa kwan so wɔ nsase 21 so, ma enti mprempren, Onyankopɔn nkurɔfo betumi abɔ dawuru sɛ yɛn Bɔfo Kɛse no de Kristo asi ahengua so sɛ asase so Hene a wonsuro.—Dwom 2:6-12.
7 So Yehowa nkurɔfo de wɔn ahofadi a wɔanya no foforo no redi dwuma yiye? Hyɛ nkɔso a aba Bulgaria, Romania, ne faako a anka ɛyɛ Soviet Union no wɔ Europa Apuei Fam ne nea aba Angola, Benin, ne Mozambique wɔ Afrika no nsow wɔ akontaabu pon no so. Nkɔso kɛse aba Zaire nso. Yɛn nuanom a wɔanya ahofadi no de anigye a efi komam gye ɔfrɛ yi so: “Monna [Yehowa] ase, na oye . . . Nea ne nko yɛ anwonwade akɛse, na n’adɔe wɔ hɔ daa.” (Dwom 136:1, 4) Wɔde aseda yi ma denam sɛnea wɔde nnamyɛ som de boaboa nnipa a wɔte sɛ nguan afoforo ano de ba Ahenni no afã no so.
8. Ɔkwan bɛn so na afoforo a woyi Yehowa ayɛ ‘atu sɛ omununkum’ aba wɔ Europa Apuei Fam? wɔ Afrika?
8 Wɔ Europa ahohuru bere a etwaam no mu no, nnipa dodow a wokɔɔ Yehowa nkurɔfo nhyiam horow a wɔyɛe wɔ nsase a na anka ɛyɛ Komunistfo de so no yɛ nwonwa yiye. Nea ɛyɛ nwonwa sen saa koraa ne nnipa dodow a wɔrebɔ wɔn asu wɔ saa nsase yi so no. Saara na wɔ Togo, Afrika no, woyii bara a wɔbaraa wɔn no fii hɔ wɔ December 10, 1991 mu. Ɔsram a edi hɔ no, wɔyɛɛ nhyiam kɛse wɔ ɔman no mu. Sɛ wɔde toto adawurubɔfo a wɔka asɛm no dodow nkyekyem 6,443 ɔsram biara no ho a, wɔn a wɔkɔɔ nhyiam horow yi dodow kɔɔ soro koduu 25,467, na wɔbɔɔ 556 asu—adawurubɔfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no ɔha biara mu nkyem 8.6. Sɛnea Yesaia 60:8 ka no, afoforofo a woyi Yehowa ayɛ ‘tu sɛ omununkum, ne mmorɔnoma a wɔba wɔn ahunaniankasa mu’—wɔ Yehowa nkurɔfo asafo ahorow mu.
9. Nsiesiei ahorow bɛn na wɔayɛ na ama Kristofo a wɔwɔ aman a wɔade wɔn ho nnansa yi mu no ‘adidi amee’?
9 Wɔrekum honhom fam aduan ho kɔm a ɛwɔ Europa Apuei Fam ne Afrika no nso. Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma tintimbea ahorow a ɛwɔ Germany, Italy, ne South Africa no de kasa horow mu nhoma a ayɛ lɔre pii ma akɔ aman a wodi honhom mu kɔm wɔ hɔ mu. Kan no, na nea ɛsɛ sɛ Adansefo no mu pii yɛ ne sɛ, sɛ obiako kenkan nsɛmma nhoma a ayɛ dedaw bi wie a, na ɔde ama ɔfoforo, nanso mprempren de, wɔn nsa ka honhom fam nnuan a ɛdɔɔso pii. Wɔn ani gye sɛ wonya nkɔmhyɛ a edi so yi mmamu mu kyɛfã: “Na moadidi amee, na moakamfo [Yehowa] mo Nyankopɔn din, sɛ ɔne mo adi anwonwasɛm.”—Yoel 2:26.
Nkɔso Foforo a Ɛba ho Dwumadi
10. Esiane sɛnea nnipa a wɔbaa Nkaedi no dɔɔso nti, ɔfrɛ bɛn na wɔde ma anigyefo nyinaa?
10 Wɔn a wɔbaa Yesu wu Nkaedi wɔ wiase nyinaa no dodow a ɛne 11,431,171 no yɛ nwonwa ampa, ɛyɛ dodow a wobaa afe a etwaam de no ase so nkɔanim 781,013, anaa ɔha mu nkyem 7.8. Akwaaba, mo afoforofo nyinaa! Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ anka anigyefo afoforofo yi nyinaa benya ofie Bible adesua a Yehowa Adansefo mu biako ne wɔn bɛyɛ mu mfaso! (Hwɛ Yesaia 48:17.) Ɔsom Afe Amanneɛbɔ no da no adi sɛ wɔreyɛ adesua ahorow a ɛte sɛɛ yi 4,278,086 ɔsram biara, na ɛyɛ nkɔanim ɔha biara mu nkyem 8.4 a eye paa. Nanso, pii betumi anya ɔsom yi ho mfaso. Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ akɔsra anigyefo daa na wɔne wɔn akɔyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee, na wɔnam saayɛ so aboa eyinom ma wɔde wɔn nan asi daa nkwa kwan no so pintinn. (Yohane 3:16, 36) Dɛn nti na wummisa sɛ wɔne wo nyɛ adesua a ɛte sɛɛ? Na kae se, wobegye wo fɛw so wɔ Ahenni Asa so hɔ!—Dwom 122:1; Romafo 15:7.
11, 12. (a) Nsɛnnennen bɛn na wɔrehyia wɔ aman bi so? (b) Ɔkwan bɛn so na nneɛma reyɛ “pɛpɛɛpɛ” wɔ aman a wɔanya wɔn ho ne wɔn a wodi hia no ntam?
11 Wɔahyira asafo ahorow a wɔwɔ Ahenni Asa fɛfɛ no yiye. Tebea no yɛ soronko wɔ nsase a Adansefo anokwafo agyina mfe pii a wɔde abara wɔn ano, na wohyiam wɔ kokoam sɛ akuw nketewaa no so. Wɔanya ahofadi afei wɔ mmeae a ɛte sɛɛ no pii, nanso Ahenni Asa kakraa bi pɛ na wɔwɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔ Afrika man bi a asafo ahorow 93 wɔ hɔ mu no, Ahenni Asa abiɛsa pɛ na wɔwɔ. Enti wɔtaa yɛ nhyiam horow wɔ nsase petee akɛse so. Asafo bi a emufo yɛ 150 betumi anya nnipa 450 a wɔba nhyiam horow yi daa.
12 Wɔ Europa Apuei Fam no, mpɛn pii no ɛyɛ den sɛ wobetumi atɔ asase anaa wɔasi dan, nanso wɔreyɛ ho biribi. Wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wobehyira baa dwumadibea foforo bi a ɛyɛ fɛ so November 28, 1992 wɔ Poland. Wɔde ntoboa a wɔde ayamye yi sɛ wɔmfa mmoa Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no yɛ no resi asa ahorow ne adan afoforo. Enti, anuanom a wofi wɔn honam fam nneɛma “mmoroso” mu yi ntoboa no ayamye boa ma wonya nea wɔde bedi asafo ahorow a wɔwɔ nsase a wonni hokwan ahorow pii no ho dwuma ma nneɛma yɛ “pɛpɛɛpɛ.”—2 Korintofo 8:13, 14.
Nnɔnhwerew Ɔpepepem Biako!
13. Nnɔnhwerew ahe na wɔde yɛɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ wɔ 1992 mu, na henanom mmɔdenbɔ na ɛda adi wɔ dodow yi mu?
13 Dɛn na anka wode nnɔnhwerew ɔpepepem biako bɛyɛ? Wɔn a wobenya daa nkwa nyinaa betumi de nnɔnhwerew dodow a ɛte saa, ne nea ɛsen saa mpo, ayɛ Yehowa som adwuma a ɛsow aba na ɛma akomatɔyam. Nanso susuw nnɔnhwerew dodow a ɛte saa a wɔde ne nyinaa di dwuma wɔ afe biako mu no ho! Ɛno ne nea Yehowa nkurɔfo tumi yɛe wɔ 1992 mu. Bere a yɛka Ahenni adawurubɔfo nyinaa nkontaabu nkorɛnkorɛ no bom no, yehu sɛ wɔde nnɔnhwerew dodow foforo 1,024,910,434 dii dwuma wɔ ɔkwan a eye sen biara a wobetumi de nnɔnhwerew adi dwuma so—wɔde yii yɛn Bɔfo Kɛse no ayɛ, de ‘kyerɛkyerɛɛ gua so ne afie mu.’ (Asomafo no Nnwuma 20:20) Sɛ wɔkyekyem a, na Adansefo 4,289,865 na wobu akontaa ɔsram biara. Wofi asetram tebea horow nyinaa mu. Bere a ebinom nya de yɛ Ahenni adwuma no sua. Wɔn a wɔka eyinom ho ne mmusua ti a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn mmusua; wɔn a wɔanyinyin; ne pii a wɔyare; ne mmofra a wɔda so ara kɔ sukuu nso. Nanso, akontaabu a wɔn mu biara de bae no kyerɛ ɔdɔ ma Yehowa.—Fa toto Luka 21:2-4 ho.
14. Ɔkwan bɛn so na mmofra ‘rekae wɔn Bɔfo Kɛse no’?
14 Mmofra awo ntoatoaso bi renyin wɔ Yehowa som mu, na anigyesɛm ne sɛ eyinom mu dodow no ara de Salomo nsɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 12:1 no redi dwuma: “Kae wo Bɔfo wo mmerantebere mu.” Wɔyere wɔn ho sua ade wɔ sukuu, na wɔn awofo a wɔatu wɔn ho ama nso de honhom fam nneɛma mu ntetee ma wɔn. Ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛ mmofra a wonnii mfe aduonu pii sɔre gyina hɔ wɔ nhyiam horow a wɔyɛ nnansa yi no ase, na wɔde wɔn ho ma sɛ wɔmmɔ wɔn asu. Ɛyɛ anigye nso sɛ yehu sɛ wɔn mu pii nam nsaanodwuma bi a wosua so resiesie wɔn ho ama akwampae adwuma no yɛ bere a woawie sukuu no. Wɔnam saa kwan yi so betumi ahwɛ wɔn ho bere ne bere mu, sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe denam ntamadanyɛ so no.—Asomafo no Nnwuma 18:1-4.
15, 16. Ɔkwan bɛn so na akwampaefo ne bere nyinaa asomfo afoforo aboa ma Ahenni adwuma no akɔ so, na nhyira horow bɛn na wɔn mu binom anya?
15 Mmoa kɛse bɛn ara na akwampaefo ne bere nyinaa asomfo afoforo de ma Ahenni adwuma no nkɔso sɛɛ yi! Akwampaefo no dodow kɔɔ anim koduu 931,521 wɔ afe a etwaam yi mu. Bere a eyinom ka asɛm no da biara wɔ afie afie na wɔne nkurɔfo yɛ Bible adesua wɔ wɔn afie mu no, wɔn ho kokwaw yiye wɔ sɛnea wɔka Kyerɛwnsɛm no ho asɛm mu. Bio nso, pii afata sɛ wɔbɛkɔ dapɛn abien Akwampaefo Ɔsom Sukuu no a ɛboa wɔn ma wotumi yɛ Onyankopɔn adwuma no yiye na wonya mu anigye kɛse no bi.
16 Akwampaefo anokwafo yi mu biara betumi aka nsɛm a ɛwɔ Yesaia 50:4 no bi: [Yehowa] Nyankopɔn ama me asuafo tɛkrɛma, sɛ minhu sɛnea mede asɛm mɛwaw nea wabrɛ.” Nnipa pii wɔ hɔ nnɛ a wiase a emu aporow a atwa wɔn ho ahyia no afono wɔn nanso wɔrenya ɔhome wɔ yɛn akwampaefo anokwafo yi nsɛm a wɔka no mu.—Fa toto Mmebusɛm 15:23; Hesekiel 9:4 ho.
Ɔdansi Dwumadi Kɛse Bi
17. Honhom mu adansi akyi no, honam fam adansi bɛn na akɔ so wɔ nnansa yi mfe mu?
17 Sɛnea Yehowa Adansefo redi yiye honhom mu wɔ wiase nyinaa no hwehwɛ sɛ wonya hoham fam nkɔso nso. Ɛho behia sɛ wɔtrɛw nhoma tintimbea ahorow, office ahorow, ne Betel afie mu na wosisi Ahenni ne Nhyiam Asa. Enti wɔhwehwɛ sɛ Yehowa Adansefo yɛ adansifo ankasa. Adansi a ɛte saara kɔɔ so wɔ Ɔhene Salomo bere so. Salomo sii asɔrefi no maa Yehowa som ma ɛne “adansi nhyehyɛe . . . a wɔnam honhom so de maa no” no hyiae, a Yehowa na ɔde eyi maa n’agya, Ɔhene Dawid. (1 Beresosɛm 28:11, 12, New World Translation) Enti, ɛnyɛ nyansa nsɛm a ɛsom bo kɛse nko na Salomo de hyɛɛ n’atiefo den, na mmom ɔhwɛ ma wosii ɔdan ankasa bi a ne fɛ sen ebiara a wiase no atumi ayɛ pɛn.—1 Ahene 6:1; 9:15, 17-19.
18, 19. (a) Adansi dwumadi a ɛrekɔ so ntɛmntɛm bɛn na Yehowa ahyehyɛde no redi ho dwuma? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa honhom no ada adi wɔ honam fam ne honhom fam adansi nyinaa mu?
18 Ɛnnɛ, ɛnyɛ adansi nhyehyɛe a wofi honhom mu de ama na Yehowa Adansefo de sisi adan, nanso wɔwɔ Onyankopɔn honhom. Te sɛ Israelfo bere so no, eyi kanyan wɔn ma wosisi adan wɔ ɔkwan a ɛma wiase no mufo ho dwiriw wɔn so. (Sakaria 4:6) Bere a aka no sua. Wohia Ahenni Asa ne adan afoforo ntɛm ara. Ahenni Asa a wɔde bere tiaa bi si abu so wɔ aman bi so. Sɛ nhwɛso no, wɔ mfe 10 a atwam ni no, Canada bɔ amanneɛ sɛ wɔasi Asa ahorow 306, a wɔde nea ennu nnanu na esii ebiara. Esiane sɛnea Yehowa adwuma no mu retrɛw ntɛmntɛm wɔ wiase nyinaa nti, mprempren baa dwumadibea afoforo a wɔresisi anaa wɔretrɛw mu anaa wɔreyɛ ho nhyehyɛe no dodow ano si 43. Bio nso, wɔreyɛ awie abansoro dan a ɛtoatoa so 30 a Betel adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama bɛyɛ apem betumi atra mu no si wɔ Brooklyn. Afei wɔ Patterson nso a ɛwɔ New York State no, Bible adesuabea a ɛyɛ ɔdansi adwuma a ɛso sen biara a Ɔwɛn Aban Asafo no adi ho dwuma pɛn no si rekɔ so ntɛmntɛm koraa sen sɛnea wɔyɛɛ ho nhyehyɛe.
19 Sɛnea adansi dwumadi ahorow yi rekɔ so pɛpɛɛpɛ ne sɛnea adwuma a wɔyɛ no ye no ma wiase adansi nnwuma a wɔwɔ adansi ho nimdeɛ yiye no ho dwiriw wɔn. Dɛn ntia? Esiane mmoa kɛse a Yehowa Adansefo a wɔahyira wɔn ho so de ma no nti. Ne honhom no ka wɔn ma ɛnyɛ honam fam mmoa nkutoo na wɔde ma, na mmom wofi wɔn komam nyinaa de wɔn bere ne ahoɔden nso ma. Adwumayɛfo a wonim adwuma yiye na wɔatu wɔn ho ama pii na wɔwɔ mmeae a wɔresisi adan yi. Adwumayɛfo no bo mfuw ma wonnyae adwuma, na wɔnyɛ adwuma no ho anihaw. Yehowa honhom no kanyan wɔn, sɛnea ɛkanyan wɔn a wosii ahyiae ntamadan no wɔ Mose bere so ne wɔn a wosii asɔrefi no wɔ Salomo bere so no. Su titiriw a wɔhwehwɛ wɔ adwumayɛfo yi ho ne wɔn honhom fam gyinabea.—Compare Exodus 35:30-35; 36:1-3; 39:42, 43; 1 Ahene 6:11-14.
20. (a) Wɔbɛkɔ so aka asɛmpa no akodu he? (b) Akwanhwɛ a nhyira wom bɛn na ɛretwɛn Yehowa nkurɔfo?
20 Salomo toaa n’adansi adwuma no so wɔ bere a owiee asɔrefi no si akyi. (2 Beresosɛm 8:1-6) Yennim faako a nnɛyi adansedi adwuma no—ne hia a ɛma asa ahorow ne adan afoforo si ho hia no—mu bɛtrɛw akodu. Nanso, yenim sɛ bere a wɔaka Ahenni no ho asɛmpa yi akodu faako a Yehowa ahyɛ ato hɔ no, afei awiei no, “ahohiahia kɛse” no bɛba. (Mateo 24:14, 21) Wɔ asase a nnipa adifudepɛfo rensɛe so bio so no, “ɔsoro foforo ne asase foforo” a Yehowa bɛhyehyɛ no de nhyira horow pii bɛbrɛ adesamma afei. Enti ɛmmra sɛ ‘yɛn ho bɛsɛpɛw yɛn na yɛadi ahurusi daa daa, ade a Onyankopɔn rebɔ no nti,’ na yɛmfa ayeyi nyinaa mma yɛn Bɔfo Kɛse no!—Yesaia 65:17-19, 21, 25.
[Ase Hɔ Asɛm]
a Hwɛ “Let Your Kingdom Come,” a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no, nkratafa 105-16, 186-9.
Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?
◻ Dɛn nti na yebetumi adi yɛn Bɔfo Kɛse no mu ahurusi?
◻ Nkɔso ahorow bɛn na wɔde ho amanneɛbɔ mae wɔ 1992 ɔsom afe no mu?
◻ Wɔ aman a na anka wɔabara asɛnka wɔ hɔ mu no, nhyira akɛse bɛn na wɔabɔ ho amanneɛ?
◻ Ɔkwan bɛn so na mmofra ne akwampaefo aboa ma nkɔso pii aba Yehowa ahyehyɛde no mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkurɔfo yɛ honam fam ne honhom fam nyinaa adansi nnwuma a wonni adagyew?
[Adaka wɔ kratafa 17]
Afe a etwaam no mu no, wɔde nnɔnhwerew bɛboro ɔpepem biako na ɛyɛɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 12-15]
YEHOWA ADANSEFO A WƆWƆ WIASE NYINAA 1992 ƆSOM AFE AKONTAABU
(Hwɛ bound volume)
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Nnipa mpempem pii a wɔbɔɔ wɔn asu afe a etwaam no mu no ma wohu sɛnea Yehowa nhyira wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no so no
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Mmofra pii ‘rekae wɔn Bɔfo Kɛse no’