Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 1/1 kr. 26-30
  • Onyankopɔn Werɛ Mfi “Ɔdɔ a Mokyerɛɛ Ne Din Ho No”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Werɛ Mfi “Ɔdɔ a Mokyerɛɛ Ne Din Ho No”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Kan Soviet Union Nsasesin
  • Romania
  • Kan Yugoslavia Nsasesin
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 1/1 kr. 26-30

Onyankopɔn Werɛ Mfi “Ɔdɔ a Mokyerɛɛ Ne Din Ho No”

“NA ONYANKOPƆN nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a mokyerɛɛ ne din ho no, sɛ moasom ahotefo na moda so som wɔn.” (Hebrifo 6:10, New World Translation) Ɔsomafo Paulo nsɛm yi yɛ nokware wɔ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Europa Apuei Fam no ho. Wɔ nokwaredi a wɔde asom wɔ Nyankopɔn din ho mu no, wɔde mfe dudu pii ayɛ adwuma denneeennen wɔ anohyeto a kan aban ahorow a na wɔhyɛ Sovietfo ase de too wɔn so no ase. Yehowa kae wɔn nnwuma pa no na ɔma wonya Ahenni nhyira pii. Sɛ nhwɛso no, momma yɛnhwɛ ɛhɔnom mmeae abiɛsa pɛ ɔsom afe a atwam no amanneɛbɔ.

Kan Soviet Union Nsasesin

Nsasesin a ɛwɔ kan Soviet Union no bɔ amanneɛ sɛ wɔ 1992 ɔsom afe mu no, Ahenni adawurubɔfo dodow kɔɔ soro ɔha mu nkyem 35​—fi 49,171 kosi 66,211! Nanso ɛnyɛ ne nyinaa nen, efisɛ saa adawurubɔfo no ayɛ adwuma yiye, sɛnea ɛda adi wɔ Bible nhoma ahorow, a nsɛmma nhoma ka ho dodow a wɔde mae no kɔ a akɔ soro no mu no. Wɔde brochure ne nhomawa ahorow nso adi dwuma yiye, ama 1,654,559. Eyi boro 477,235 a wɔde mae wɔ afe a atwam no mu no so mmɔho abiɛsa. Dɛn na afi nhoma a wɔde mae yi nyinaa mu aba? Ofie Bible adesua dodow mmɔho abien. Mprempren wɔreyɛ Bible adesua 38,484.

Afei, dodow a wonyaa akwampaefo boafo adwuma no mu kyɛfa no kɔɔ anim ɔha biara mu nkyem 94. Ɛda adi sɛ eyi ka ho bi na ɛma wonyaa asuafo afoforo a wɔbɔɔ wɔn asu dodow 26,986 no, na sɛ wɔde toto afe a etwaam no de 6,570 no ho a, ɛyɛ nkɔanim ɔha biara mu nkyem 311 a ɛyɛ nwonwa yiye!

Ɛyɛɛ dɛn na afoforofo a wɔbɔɔ wɔn asu yi ani fii ase gyee asɛmpa no ho? Ná ɛtɔ mmere bi a, sɛnea Ɔdansefo a ɔreyɛ adesua no dwen osuani no ho yiye no ka ho. Ɔhwɛfo guamtrani bi a ofi Moldova bɔ amanneɛ sɛ:

“Me ne me yere kɔsraa ɔbea bi a na wakyerɛ Bible nokware ho anigye pɛn. Yɛne no fii Bible adesua ase. Nanso, ne kunu ankyerɛ ho anigye biara. Da koro bi a na yɛrekɔsra no na yɛakɔtoa adesua no so no, na wim yɛ nwunu kɛse na sukyerɛmma retɔ. Ná obiara nni mmɔnten no so, nanso yekoduu fie hɔ bere a yɛhyɛe no pɛpɛɛpɛ. Ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ:’Woahu sɛnea nkurɔfo yi dwen yɛn ho fa? Wɔaba bere ano wɔ sukyerɛmma a ɛretɔ no nyinaa akyi.’ Nea esii yi maa ne kunu no susuw nneɛma ho. Ɔsakraa n’adwene na ɔbɛkaa adesua no ho, na nnɛ ɔne ne yere yɛ Adansefo a wɔabɔ wɔn asu.”

Wɔ mmere afoforo mu no obu a Ɔdansefo no da no adi tumi kanyan asɛmpa no ho anigye. Ɔpanyin bi a ɔno nso fi Moldova nyaa osuahu yi:

“Ná ɔbarima bi a mekɔsraa no wɔ m’asɛnka asasesin mu no ani nnye Yehowa Adansefo ho. Ɔkae sɛ ɔyɛ Ortodoksni, te sɛ n’agya ne ne nanabarima. Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ mimfi fie hɔ nkɔ. Nanso, ansa na mefi hɔ no, ɔmaa me kwan sɛ menka nea enti a mebae nkyerɛ no. Metwee adwene sii Mateo 28:19 so a ese:’Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, mmɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.’ Afei memaa no beae a yehyiam hɔ address na mifii hɔ kɔe. Nea ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ, dapɛn biako akyi no, ɔbarima yi baa yɛn nhyiam ase! Ɔtraa hɔ kɔpem dwumadi no awiei. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔtee afobu nka dapɛn mũ no nyinaa wɔ adamfofa a wanna no adi ankyerɛ me no ho. Yefii Bible adesua ase wɔ hɔ ara, na nnɛ ɔyɛ yɛn nuanom mu biako.”

Ɔsom afe no mu ade foforo a ɛda nsow ne yɛn nuanom ahiade ahorow a wɔadi ho dwuma ma aboro so no. Wɔ 1991/92 awɔwbere mu no, wɔde nnuan bɛyɛ tɔn 400 ne mmarima, mmea ne mmofra ntade pii kɔmaa wɔn a ahia wɔn. Ɛkame ayɛ sɛ wɔkyekyɛɛ nneɛma yi wɔ kan Soviet Union nsasesin nyinaa mu, koduu Irkutsk a ɛwɔ Siberia ne Khabarovsk a ɛbɛn Japan no mpo. Nokwarem no, eyi yɛ adanse fɛfɛ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa werɛ mfii ɔdɔ a yɛn nuanom no kyerɛɛ wɔ ne din ho no! Saa onuadɔ ho adanse a Yehowa honhom kanyan yi nso aka wɔne wɔn wiase nyinaa abusua no abom. Sɛ nhwɛso no, onuawa bi a ɔwɔ Ukraine kyerɛw baa dwumadibea no sɛ:

“Mmoa a mode maa yɛn no kaa yɛn koma kɛse. Ɛma yesui na yɛdaa Yehowa ase sɛ ne werɛ amfi yɛn. Ɛyɛ nokware sɛ yehyia honam fam ahokyere de, nanso mmoa a yenya fii yɛn nuanom a wɔwɔ Atɔe Fam hɔ no nti, yɛatumi agyina yɛn anan so bio wɔ honam fam. Mprempren, esian mo mmoa nti, yɛn abusua no betumi anya bere pii ama Yehowa som. Sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ a, me ne me babea bɛyɛ akwampaefo aboafo wɔ ahohuru bere mu asram no mu.”

Bio nso, ahiade ahorow a wɔde kɔmaa wɔn yi yɛɛ adanse maa wɔn a wɔnyɛ gyidifo no efisɛ wɔn a wohui no huu sɛ Adansefo no da ɔdɔ adi wɔ wɔn nneyɛe mu. Abusua bi a wɔwɔ asafo foforo mu kyerɛw sɛ: “Yɛn nsa kaa honam fam mmoa a ɛyɛ aduan ne ntade no. Ɛdɔɔso pa ara! Mo mmoa ne nkuranhyɛ no yɛ asuade ma yɛn sɛ yɛn nso yɛyɛ afoforo yiye. Wɔn a wɔnyɛ gyidifo ne anigyefo ne wɔn mmusua nso huu ɔdɔ adeyɛ yi; ayɛ nokware onuayɛ ho adansedi kɛse.” Ɔmantam nhyiam ahorow anum ne amanaman ntam nhyiam biako a wɔyɛɛ wɔ June ne July a etwaam yi mu a eti asɛm ne “Hann Kurafo” no, yɛ Yehowa nhyira a ɛwɔ n’Adansefo adwumaden ne ɔdɔ a wɔada no adi sɛ wɔama wɔahu ne din no ho adanse foforo. Nnipa 91,673 na wokɔɔ nhyiam horow no ase, na wɔbɔɔ 8,562 asu. Nea wɔkɔe sen biara ne St. Petersburg de no, faako a woyɛɛ amanaman ntam nhyiam, na nnipa 46,214​—a nhyiamfo a wofi wiase no mu aman bɛyɛ 30 so ka ho​—​hyiaam wɔ Kirov Agumadibea no.

Wɔ Siberia no, ɔbarima bi a wadi mfe 60 baa nhyiambea a ɛwɔ Irkutsk sɛ ɔrebɛhwɛ nea ɛrekɔ so ara kɛkɛ. Ɔkae sɛ: “Wɔn a wɔbae no nyinaa asiesie wɔn ho yiye, wɔn anim yɛ serew serew, na wɔda ayamye adi kyɛrɛ wɔn ho wɔn ho. Nkurɔfo yi te sɛ abusua biako a wɔaka abom. Wotumi hu sɛ ɛnyɛ agumadibea ha nkutoo na wɔyɛ nnamfo na mmom wɔ asetra mu nso. Me nsa kaa Bible nhoma a eye kyɛn so na mihuu ahyehyɛde ko a eyi yɛ no yiye. Mepɛ sɛ mekɔ so ne Yehowa Adansefo bɔ na me ne wɔn sua Bible no.”

Wɔ Irkutsk nhyiam a nnipa 5,051 kɔe no ara ase no, ɔbea onigyeni bi a ofi Yakut Mantam a ɛwɔ Siberia no kae sɛ: “Sɛ mehwɛ nkurɔfo no a ɛyɛ me sɛ memfa anigye nteɛm. Meda Yehowa ase yiye sɛ ɔma mihuu nkurɔfo a wɔte saa. Me nsa aka nhoma wɔ nhyiam yi ase, na mepɛ sɛ me ne afoforo bɔ mu nkɔmmɔ. Mepɛ yiye sɛ meyɛ Yehowa somfo.” Central Agumadibea a ɛwɔ Alma Ata, Kazakhstan a nnipa 6,605 kɔɔ hɔ nhyiam no panyin kaa nea edi so yi: “M’ani agye mo suban ho kɛse. Afei de migye midi sɛ mo nyinaa, mmofra ne mpanyin yɛ nnipa a mofata obu. Mintumi nka sɛ migye Nyankopɔn di, nanso migye nnɛema kronn a mo onuayɛ no ma ɛda adi, wɔ mo honhom ne honam fam nneɛma a ɛsom bo no mu no di.”

Polisini bi a ɔkɔɔ Alma Ata nhyiam no kae sɛ: “Me ne mo nkurɔfo yi ahyia mpɛn abien, ne nyinaa wɔ nhyiam bi ase. Ɛyɛ anigye kɛse sɛ wone Yehowa Adansefo bɛyɛ adwuma.”

Romania

Yehowa werɛ mfii ɔdɔ a Romania anuanom no nso akyerɛ wɔ ne din ho no ɛ. Ɔsom afe a etwaam no de anigyesɛm pii brɛɛ Adansefo no. Nea edi kan no, wɔsan buee baa dwumadibea wɔ Bucharest. Mmara kwan so dwumadi a etwa to no baa awiei wɔ 1949 mu. Anuanom mmarima ne mmea bɛyɛ 20 na wɔyɛ adwuma wɔ dwumadibea foforo hɔ. Baa dwumadibea no di adawurubɔfo 24,752 ahiade ho dwuma​—nkɔso a ebi mmae da a ɛyɛ afe a etwaam no dodow nkyekyem so nkɔanim ɔha mu nkyem 21. Mfe pii a adawurubɔfo no de adi adanse wɔ kokoam akyi no, afie afie baguam adansedi adwuma no afi ase rekokwaw wɔn. Osuahu bi a efi Mures Mansin mu no kyerɛ sɛnea Adansefo binom de hokwan biara a wobenya no di afoforo adanse, sɛ woretu kwan mpo a. Baa dwumadibea no kyerɛw sɛ:

“Ɔdawurubɔfo bi sii gyinae sɛ obedi adanse fi keteke ɔdan biako mu akɔ foforo mu. Nnipa dodow no ara tiei, nanso wɔ ɔdan a etwa to no mu no nsɛnnennen bi sɔree. Akwantufo no biara ampɛ sɛ ogye yɛn nsɛmma nhoma no bi. Awiei koraa no, ɔbarima biako a ne bo afuw sɔree na ɔteɛm sɛ: ‘Merebɛtow wo nsɛmma nhoma no nyinaa afa mfɛnsere no mu agu! Dɛn nti na wode wo som rehaw yɛn saa?’ Ɔdawurubɔfo no fi ayamye mu kae sɛ, sɛ ɔtow nsɛmma nhoma no gu mpo a, ne nneyɛe no ho betumi aba obi foforo mfaso​—wɔn a ebia wɔbɛtase nsɛmma nhoma no. Ɔbarima no hyɛɛ odwo a ɔdawurubɔfo no daa no adi no nsow na ɛyɛɛ no fɛ araa ma ogyee nsɛmma nhoma no na n’ankasa fii ase kyekyɛ maa akwantufo afoforo a wɔwɔ keteke dan no mu no. Anwonwasɛm ne sɛ, wɔn nyinaa gyee nsɛmma nhoma no bi. Ɔbarima no kyekyɛ wiei no, ɔno ankasa annya bi. Enti ɔdawurubɔfo no bisaa no sɛ: ‘Owura, wo de wompɛ bi anaa?’ Afei ɔbarima no hwim nsɛmma nhoma biako fii ɔkwantuni bi a onyaa abien hɔ na ɔkae sɛ: ‘Afei me nso manya biako!’”

Wɔ aman pii mu no, Yehowa Adansefo asɛnka adwuma no ahyia Kristoman asɔfo ɔsɔretia wɔ mmere bi mu. Wɔ Romania no, Ortodoks Asɔre no asɔfo bo taa fuw Adansefo no. Nanso eyi ntumi nsiw nhyira a Yehowa de ma ne nkurɔfo wɔ ɔdɔ a woakyerɛ wɔ ne din ho no kwan. Ɔmansin sohwɛfo bi kyerɛw sɛ: “Yɛne asafo a yɛkɔsraa wɔn no kɔɔ asɛnka wɔ nkuraase hɔ. Ná anuanom dodow si ɔha. Yɛfaa bɔs bi a ɛde yɛn kɔɔ akuraase kurow ketewa bi a ɛyɛ akwansin 35. Yɛtoo nsa frɛɛ nnipa pii sɛ wommetie baguam ɔkasa a na wabɛma wɔ Amammerɛ Suabea hɔ no. Nhyiam no fii ase ara pɛ na Ortodoks sɔfo no bae se ɔrebɛsɛe yɛn nhyiam no. Polisifo no bɔɔ mmɔden sɛ wobesiw ɔsɔfo no kwan. Nanso wampene sɛ ɔbɛyɛ dinn. Otumi maa nhyiam no gyaee bere a ɔbɔɔ ɔpon a wɔfa hyɛn mu no ahwehwɛ no. Nanso, ɛhɔfo no pii ampene ɔsɔfo no nneyɛe no so koraa. Afei na yebetumi adi adanse fefeefe akyɛre wɔn a wobae no, na yɛde nhoma pii mae.”

Awerɛhosɛm ne sɛ, Adansefo kakraa bi na wɔwɔ ɔman no afã horow bi. Bere a edi kan a daa ɔkwampaefo bi kɔɔ Olt mantam mu no, ohyiaa anuanom baakron pɛ ne asasesin kɛse a obedi mu adanse. Afe biako akyi no, Adansefo no dodow duu 27, a baanum yɛ adawurubɔfo a wɔasan akanyan wɔn. Ɔkwampaefo no kɔtraa Corabia kurow a na Adansefo biara nni hɔ no mu. Adansefo no dii nnafua 45 pɛ wɔ hɔ no, ɛhɔ sɔfo no kasa tiaa wɔn adwuma no wɔ Craiova radio so. Ɔkae sɛ wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ no “abɛhyɛ” Corabia kurow no mu, na wɔrebɔ mmɔden ama nkurɔfo asakra wɔn som. Ntua ahorow no kɔɔ so a atirimpɔw a na ɛwɔ akyi ne sɛ wɔbɛma wɔagyae adwuma no na wɔasɛe Adansefo a wɔwɔ hɔ no din. Emu yɛɛ den bere a anuanom no kɔɔ Bucharest ɔmantam nhyiam no. Corabia Ortodoks sɔfo no wiee asɔre no, ɔde nkaebɔ a emu yɛ den yi mae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ ɔyɛkyerɛ wɔ mmɔnten so na akanyan Polisifo ma wɔayɛ ade atia Adansefo no a wɔde wɔn nhoma ahorow ahyɛ kurow yi nyinaa mu, na wɔasɛe nkurɔfo adwene no.” Nanso anwonwade bi sii anadwo a ade rebɛkye ma wɔayɛ wɔn nhyiam no. Nsɛmmɔnedifo kuw bi sɛee asɔredan no ne kuropɔn no mu Amammerɛ Suabea no. Enti, ɔsɔretia nhyiam no amma so da!

Kan Yugoslavia Nsasesin

Ɔsom afe ma 1992 no ayɛ nea emu yɛ den sen biara ama Yugoslavia mansin no mu anuanom no. Nanso, bere koro no ara mu no, wɔanya osuahu ahorow a ɛyɛ anigye. Yɛde aseda ma sɛ Yehowa werɛ mfi wɔn adwuma ne ɔdɔ a wɔkyerɛ maa ne din no.

Ɔko fii ase wɔ Slovenia, afei Croatia, ne akyiri yi Bosnia ne Herzegovina. Wɔ afe biako mu no, Aman afoforo anum a wofi ɔman kɛse biako mu bɔɔ mmɔden sɛ wobenya wɔn ankasa ahye, mmara, ne sika. Ná ɛsɛ sɛ Adansefo ɔhaha pii fi wɔn ankasa afi mu kɔpɛ ahobammɔ wɔ wɔn nuanom a wɔwɔ mmeae afoforo nkyɛn. Sɛnea ɛte wɔ Europa Apuei Fam aman afoforo mu no, wɔpaw boayikuw ahorow a wobedi nnɛema a egye ntempɛ ho dwuma wɔ nkurow akɛse mu, na wɔhwɛe ma yɛn nuanom a ahia wɔn no nyaa dabere, aduan, ne ntade. Wɔ ɔsom afe no mu no, wɔkyekyɛɛ aduan bɛyɛ tɔn 55 maa anuanom a wɔwɔ asafo ahorow a ɛwɔ mmeae a ɔhaw aba hɔ mu no. Nsa aka nkrataa pii a wɔde kyerɛ anisɔ. Anuanom a wɔwɔ Dubrovnik no de mmoa a wonyae no ho aseda mae. Bere a onuawa biako de n’aduan boaa no rekɔ fie no, ne fipamfo bi bisaa no sɛ ɔtɔɔ nkesua no wɔ he. Onuawa no ka kyerɛɛ no sɛ ne honhom fam anuanom a wɔwɔ baabi foforo na wɔde manaa no. Ɛyɛɛ ofipamfo no nwonwa. Ɔbarima bi a ofi Slovenia a wonnim no frɛɛ ɔpanyin bi na ɔkae sɛ: “Mate sɛ Yehowa Adansefo rekyekyɛ aduan a wonya fii wɔn nuanom hɔ no ɔkwan a ɛfata so. Mede akyɛde pii amana nkurɔfo; nanso wɔn nsa anka. So metumi de nneɛma a ɛte saa ama mo, na moakyekyɛ?” Afei wɔde yɛn mmoa a yɛde ma wɔn a ahia wɔn no ho amannɛebɔ pa mae wɔ atesɛm nkrataa mu ne radio so.

Onua bi a wɔbɔɔ no asu wɔ 1991 amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ Zagreb ase no huu nsɛnnennen a na ɛresɔre no na ɔtɔɔ aduantɔnbea mũ bi. Ɔde aduan no kɔɔ ne fie a ɛbɛn baabi a wɔreko no. Bere a ɔkɔm no mu yɛɛ den no, saa aduan yi bɛyɛɛ nhyira maa anuanom no.

Etumi yɛɛ yiye sɛ wobenya hokwan krataa a ɛbɛma wɔatumi de lɔre kɛse bi a nnuan wom akɔma anuanom a wɔaka wɔn ahyɛ wɔ Sarajevo no. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛka sɛ wotumi de kɔe a biribiara ansi.

Ɔko no aka wɔn a wɔnyɛ asraafo. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔsom afe no baa awiei no, na yɛn nuanom mmarima ne mmea baasia ne anigyefo baanu ahwere wɔn nkwa, na na ebinom apirapira.

Nanso, osuahu pii kyerɛ sɛ Yehowa Adansefo no mu biako a obi yɛ no taa yɛ ahobammɔ. Bere bi a na anuanom retu kwan akɔ ɔmantam nhyiam bi wɔ Belgrade no, asraafo gyinaa bɔs no bisaa wɔn sɛ ebia nyamesom kuw pɔtee bi mufo ka wɔn ho anaa. Anuanom no buae sɛ ebi nka wɔn ho. Ná ɛsɛ sɛ wɔde nkratasin a ɛkyerɛ nnipa ko a wɔyɛ kyerɛ, na na wɔn mu bi wɔ din a ɛkyerɛ sɛ ebia wɔyɛ saa nyamesom kuw no mufo. Asraafo no kae sɛ wɔredi atoro, nanso ná anuanom no kura krataa a ɛkyerɛ sɛ wɔagyae saa asɔre no kɔ; ɛwom sɛ wɔwoo wɔn too saa osom no mu de, nanso wɔkae sɛ afei de woyɛ Yehowa Adansefo, na wɔretu kwan akɔ wɔn nhyiam. Eyi akyi no asraafo no ma wɔtoaa wɔn akwantu no so.

Akwampaefo no de nnamyɛ a ano mmrɛ ase gu wɔn som adwuma so, na eyi ahyɛ adwuma no mu den ankasa. Wɔkyerɛ Ɔwɛn- Aban a akyi mfonini yɛ anigye na wɔayɛ wɔ kɔla ahorow no nyinaa mu no ase kɔ ɔmansin no mu kasa atitiriw no nyinaa mu bere koro mu. Ɛde wɔn a wɔdɔ nokware ne trenee no honhom mu “aduan a ɛyɛ wɔn de bere a ɛsɛ mu” ma wɔn. (Luka 12:42) Wɔ 1992 ɔsom afe no mu no, wɔbɔɔ anuanom mmarima ne mmea afoforofo 674 asu.

Nokwarem no, Onyankopɔn werɛ mfii anuanom a wɔwɔ Europa Apuei Fam no adwuma, ne ɔdɔ a wɔakyerɛ wɔ ne din ho no. Afei nso, ɔhwehwɛ sɛ n’asomfo nyinaa, ɛmfa ho baabi a wɔwɔ no, di afotu fɛfɛ a Paulo de toa so wɔ Hebrifo 6:11 no so, nea ese: “Yepɛ sɛ mo nyinaa mmiako mmiako da nsiyɛ koro yi ara adi kyerɛ na ama mo nsa aka anidaso no mu awerehyem no de akodu ase.”​—NW.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena