Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 2/1 kr. 7-8
  • Wɔsakraa Wɔn Asetra Kwan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔsakraa Wɔn Asetra Kwan
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsakrae no Fapem
  • Afoforo Pɛ sɛ Wosua Bible No
  • Bible mu Nokware Sakra Nkurɔfo Asetra
  • Me Ba Ayera!
    Nyan!—1984
  • Asɛmpa a Efi Norway
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 2/1 kr. 7-8

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Wɔsakraa Wɔn Asetra Kwan

AKYINNYE biara nni ho sɛ woahu wɔn sɛ wɔne afoforo rekasa wɔ mmɔnten so, wɔrekɔ afie afie, anaasɛ Kristofo nhyiam horow wɔ wɔn Ahenni Asa ahorow so. Yɛreka Yehowa Adansefo mmofra a wosiesie wɔn ho yiye no ho asɛm. Ebia wususuw sɛ wɔyɛ Adansefo efisɛ wɔn awofo na akyerɛkyerɛ wɔn ma wɔayɛ saa, na saa na ɛte wɔ wɔn mu pii fam. Nanso mmofra yi mu binom wɔ hɔ a ɛsono wɔn kan tebea koraa a na wɔn kan asetra kwan yɛ soronko koraa wɔ wɔn mprempren asetra ho. Nokwarem no, ná wɔn a wɔn mfonini wɔ kratafa a edi hɔ no ne akuw a nsɛmmɔnedi ne nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so kɔ so wom daa na ɛbɔ. Dɛn na ɛma wɔsakraa wɔn asetra korakoa saa? Ma yɛnkɔsra Norway kurow bi mu nkohyia mmofra a wɔayɛ nsakrae ahorow a ɛte sɛɛ no binom.

Nsakrae no Fapem

Bere a Adansefo baanu a wɔreyɛ afie afie asɛnka adwuma hyiaa Annette no, na wadi mfe 19. Ɔkae sɛ: “Ná wɔaka akyerɛ me mpɛm pii sɛ ɛnsɛ sɛ me ne Yehowa Adansefo kasa da, nanso na mepɛ sɛ mihu biribi, enti mema wɔbaa me nkyɛn.” Ná ɔde nnɔbɔne adi dwuma fi bere a odii mfe 11 no, na na ɔde ne ho ahyɛ nkurɔfo afie mu a wɔhyɛn kowia ade ne kar wia ahorow pii mu.

N‘ani gyee Ahenni no ho asɛmpa no ho. Esiane sɛ ne maame wui bere a na wadi mfe anum nti, owusɔre anidaso no titiriw hyɛɛ no nkuran. Enti ɔpenee so sɛ wɔne no besua Bible a ontua hwee na ofii ase kɔɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so. Ɔkaa nea na ɔresua no ho asɛm kyerɛɛ ne mpena ne afoforo. Wɔyɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho? Wɔampɛ sɛ wɔde wɔn ho behyem koraa na wɔka kyerɛɛ Annette sɛ wɔresɛe n’adwene. Nanso wɔn a wɔsɔre tiae sen biara no mu bi fii ase suaa Bible no akyiri yi.

Yɛmfa Espen, aberante bi a wadi mfe 20 no sɛ nhwɛso. Ɔtee Ahenni asɛmpa no ho asɛm fii Annette mpena no hɔ, na ɛhɔ ara na ɔpɛe sɛ wɔne no sua Bible no. Nanso, na ɔretwɛn bere a ɛsɛ sɛ ɔkɔda afiase asram anan, efisɛ ná odi nnubɔne ho sum ase gua, na te sɛ Annette no, ɔde ne ho ahyɛ nkurɔfo afie mu a wɔhyɛn kowia ade mu. Ná ɔde tawa, wii, ne nnubɔne afoforo nso di dwuma. Afei, dɛn na ebetumi ama obi a na ɔde ne ho ahyɛ nneɛma a ɛte sɛɛ mu no bɛpɛ sɛ osua Bible no? Espen fii ase hui sɛnea mfaso ne atirimpɔw biara nni n‘asetra kwan no mu no. Ɔka sɛ: “M’ani gyee Bible no bɔhyɛ ahorow a ɛfa daakye bi a ɛmaa me asetra mu atirimpɔw no ho. Enti mifii ase suaa ade na ama matumi ahu sɛ nea wɔka kyerɛɛ me no yɛ nokware anaa.”

Afoforo Pɛ sɛ Wosua Bible No

Bɛyɛ saa bere yi ara, aberante bi a ofi mmofra kuw yi ara mu tee asɛmpa no, na ɔno nso fii ase suaa ade, kɔɔ nhyiam horow no. Afei wofii ase ne saa mmofra yi mu ɔfoforo bi suaa ade, na ofi ase kɔɔ nhyiam horow. Ɛno akyi bere tiaa bi no, aberante foforo bi nso bɛkaa ne nnamfonom ho ne wɔn suaa Bible no na onyaa honhom mu nkɔso no bi. Afei, saa kuw yi mu abofra foforo nso ani begyee nsakrae pa ahorow a na ne nnamfonom no reyɛ no ho, no bere tiaa bi akyi no, ɔpɛe sɛ wɔne no sua Bible no.

Afei Gilbert, aberante dwontofo bi a ofi saa kuw no ara mu fii ase suaa Bible no. Ná akisikuru akum n’awofo baanu nyinaa, enti Bible no mu owusɔre ho anidaso no kyekyee ne werɛ. (Yohane 5:28, 29) Ná ɔno nso nom wii na ɔde ne ho hyɛ ɔbrasɛe mu, na na ne botae ne sɛ ɔbɛyɛ odwontofo a wagye din. Nanso, bere kɔɔ so no, onyaa nkɔso pii na ankyɛ na osii gyinae sɛ ɔbɛyɛ Ɔdansefo ama Yehowa. Awiei koraa no, Espen nuabarima kumaa fii ase hwehwɛɛ Bible no mu na ɔne Adansefo no bɔe.

Bible mu Nokware Sakra Nkurɔfo Asetra

Nsakrae kɛse baa mmofra yi a na wosiesie wɔn ho basabasa, yɛ wɔn ti nhwi basaa, na wɔde wɔn ho hyɛ nnubɔnenom, korɔnbɔ ne nsɛmmɔnedi afoforo mu no asetra mu. Annette yɛ Ahenni no ho ɔdawurubɔfo pa, na ɔsom sɛ ɔkwampaefoɔ bɛyɛ afe biako. Espen ne Gilbert asom sɛ akwampaefoɔ aboafo, na wɔyɛ asafo mu asomfo nso. Wɔn baanu no nyinaa aware wɔ Kristofo asafo no mu. Kuw dedaw no mu nnipa afoforo anan nso yɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔyɛ nnam!

Na Espen asram anan afiasenna no nso ɛ? Esiane nsakrae ahorow a ɔyɛe wɔ n’asetram nti, wɔsakraa n’asotwe no yɛɛ no sɛ ɔmfa nnɔnhwerew 80 nyɛ kwasafo adwuma. Polisifo ne afoforo penee so ma ɔde nnɔnhwerew yi yɛɛ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ hɔ no mu adwuma. Polisifo no ani gyee nhyehyɛe yi ho yiye.

Yiw, mmere bi a atwam no, na mmofra afoforo pii a wɔwɔ wiase nyinaa no yɛ nsɛmmɔnedifo. Nanso Onyankopɔn Asɛm mu nokware ama wɔanya nsɛmmisa a ehia ho mmuae ne daakye anidaso a ɛrenni huammɔ. Enti afei wɔnyɛ nsɛmmɔnedifo anaa wɔn a wɔde nnubɔne di dwuma bio, na wonsiesie wɔn ho basabasa mfa nnantenantew. Esiane sɛ wɔasakra wɔn asetra kwan nti, wɔte sɛ nnipa a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ no ara pɛ ​—Yehowa Adansefo nkumaa a wosiesie wɔn ho yiye, ne wɔyɛ hyew. Wɔpɛ sɛ wɔma afoforo hu nsɛnneennen a mmofra pii hyia nnɛ no ano aduru ahorow a ɛtra hɔ daa a ɛwɔ Bible mu no.​—Hwɛ 1 Korintofo 6:9-11.

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Espen, Annette, ne Gilbert

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena