Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 2/15 kr. 12-17
  • “Wonni Aware Ni Nnipa Nyinaa Mu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Wonni Aware Ni Nnipa Nyinaa Mu”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tebea a Ɛresakra
  • Aka Kristofo Asafo No
  • Ɛdaadaa No na Ɛsɔ no Hwɛ
  • Ɔkwan a Yɛbɛfa So Ako Atia
  • Sɔhwɛ Ahorow a Ɛto Nnipa Nyinaa
  • Aware Betumi Agyina Wɔ Nnɛ Wiase Yi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ma Yehowa Nhyɛ W’awareɛ Mu Den na Ɔmmɔ Ho Ban
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • “Momma Aware Ho Mmra Nyam”
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Sɛ Aware Reyɛ Agu A
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 2/15 kr. 12-17

“Wonni Aware Ni Nnipa Nyinaa Mu”

“Wonni aware ni nnipa nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi.”​—HEBRIFO 13:4, New World Translation.

1. Dɛn na nnipa pii asua afa aware a ɛyɛ yiye ho?

WƆ MMERE a awaregu nyɛ den mpo yi mu no, nnipa ɔpepem pii nya aware a ɛtra hɔ kyɛ. Wɔ nipasu ne ntetee a nsonsonoe wom nyinaa akyi no, wɔanya ɔkwan bi a wɔfa so ma wɔn aware yɛ yiye. Wohu aware ahorow a ɛte sɛɛ no wɔ Yehowa Adansefo mu. Wɔ aware no mu fã kɛse no ara mu no, awarefo yi begye atom sɛ wɔafa bere pa ne bere bɔne nyinaa mu, na wonya wɔn ho wɔn ho nsɛm bi mpo. Nanso, wɔasua sɛnea wogyina aware mu nsɛnnennen nketenkete ano, na wɔama wɔn aware no akɔ so ayɛ papa. Nneɛma a ama wɔatumi akɔ so aware no mu bi ne dɛn?​—Kolosefo 3:13.

2. (a) Nneɛma pa a ɛma aware gyina no bi ne dɛn? (b) Nneɛma a ebetumi asɛe aware no bi ne dɛn? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 14 no mu.)

2 Nsɛm a ebinom a wɔn Kristofo aware ayɛ nea anigye wom na atra hɔ akyɛ ka no ma yehu no yiye. Okunu bi a ɔde mfe 16 aware kae se: “Bere biara a ɔhaw bi sɔre no, yɛbɔ mmɔden ankasa sɛ yebetie adwene a obiara kyerɛ wɔ ho no.” Eyi si nneɛma a ɛma aware pii yɛ den no biako so dua​—nkitahodi a wɔda nneɛma adi pefee wom. Ɔyere bi a ɔde mfe 31 aware kae sɛ: “Yɛn nsa mu a yeso ne anigyede a yɛyɛ de ma ɔdɔ no tra yɛn ntam no ayɛ ade a edi kan bere nyinaa.” Ɛno yɛ nkitahodi fã foforo. Awarefo foforo a wɔde bɛyɛ mfe 40 aware sii hia a ehia sɛ woyi aseresem, wotumi serew wɔn ankasa ho ne wɔn ho wɔn ho so dua. Wɔkae nso sɛ ɛboae ma wohuu nea eye sen biara ne nea ennye koraa wɔ wɔn ho wɔn wɔn ho ho, nanso wɔdaa nokware dɔ adi. Okunu no kaa ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobegye wɔn mfomso ahorow atom na afei wɔapaw kyɛw ho asɛm. Faako a woyɛ fakaa no, aware no bɛyɛ fakaa sen sɛ ebegu.​—Filipifo 2:1-4; 4:5, Kingdom Interlinear.

Tebea a Ɛresakra

3, 4. Su horow mu nsakrae bɛn na aba wɔ aware mu nokwaredi ho? So wubetumi de ho nhwɛso horow ama?

3 Wɔ mfe du du kakra a atwam no mu no, adwene a wokura wɔ aware mu nokwaredi ho no asakra wɔ wiase nyinaa. Awarefo binom gye di sɛ mfomso biara nni aware akyi mpenatwe ho, ne titiriw sɛ ne hokafo no nim na ɔpene so a.

4 Kristoni ɔhwɛfo bi kaa tebea no ho asɛm sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ wiase no apow mmɔden biara a anibere wom a wɔbɛbɔ sɛ wɔde abrabɔ pa ho mmara bɛtra ase no. Wobu abrabɔ a ɛho tew sɛ ne bere atwam.” Amammui, agumadi ne agodi mu nnipa a wɔagye din bu Bible mu gyinapɛn ahorow a ɛfa abrabɔ pa ho no so pefee, na wɔkɔ so bu saa nnipa no sɛ nnipa a wɔwɔ din. Ɛkame ayɛ sɛ wommu abrabɔ bɔne anaa ahohwi biara sɛ ɛyɛ aniwude. Wɔntaa mmu abrabɔ pa ne mudi mu kura sɛ nea mfaso wɔ so wɔ wɔn a wose wɔyɛ adefo no mu. Afei, ɛdefa nnyinasosɛm a ese ‘nea eye ma asiamasi ye ma ɔbenten’ ho no, nnipa afoforo a wɔaka no suasua saa nhwɛso no na wɔpene nea Onyankopɔn kasa tia no so. Ɛte sɛ nea Paulo kae no: “Esiane sɛ wɔn ani nwu ade bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwi, na wɔyɛ afide nyinaa anibere mu.”​—Efesofo 4:19; Mmebusɛm 17:15; Romafo 1:24-28; 1 Korintofo 5:11.

5. (a) Onyankopɔn gyinabea wɔ awaresɛe ho ne dɛn? (b) Asɛmfua “aguamammɔ” a Bible no de di dwuma no ka dɛn ho asɛm?

5 Onyankopɔn gyinapɛn ahorow nsakrae. Ne gyinabea ne sɛ tra a wɔtra bom a wɔnyɛ awarefo no yɛ aguamammɔ. Obi akyi a wofi wɔ aware mu no da so ara yɛ awaresɛe.a Ɔsomafo Paulo kaa pefee sɛ: “Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo, nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da . . . rennya Onyankopɔn ahenni no. Sɛnea anka mo mu bi te ne no; na afei wɔaguare mu, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.”​—1 Korintofo 6:9-11.

6. Nkuranhyɛ bɛn na yebetumi ahu wɔ Paulo nsɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 6:9-11 no mu?

6 Saa kyerɛwsɛm no mu nkuranhyɛsɛm bi ne asɛm a Paulo kae sɛ, “Sɛnea anka mo mu bi te ne no; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho.” Yiw, nnipa pii a bere a atwam no wotuu mmirika wɔ wiase no “sakasaka dontori” no mu ani aba wɔn ho so, wɔagye Kristo atom, na wɔaguare wɔn. Wɔapaw sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani denam abrabɔ pa a wobu no so, ma enti wɔwɔ anigye kɛse.​—1 Petro 4:3, 4.

7. “Ɔbrasɛe” ho adwene a enhyia bɛn na ɛwɔ hɔ, na dɛn na Bible no ka wɔ ho?

7 Nea ɛne eyi bɔ abira no, nkyerɛase a wiase no de ma wɔ ɔbrasɛe ho no mu gow ara yiye ma ɛne Onyankopɔn adwene nhyia. Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ “ɔbrasɛe” ase sɛ “nea ɛne abrabɔ pa a wogye tom bɔ abira.” Ɛnnɛ “abrabɔ pa a wogye tom” a ɛpene nna a edi aware anim ne aware akyi nna, ne wɔn a wokura bɔbeasu koro nna so no ne nea Bible no kasa tia sɛ ɛyɛ ɔbrasɛe. Yiw, wɔ Bible no mu no, ɔbrasɛe yɛ Onyankopɔn mmara a ɛfa abrabo pa ho a wobu so wɔ ɔkwan a anibere wom so.​—Exodus 20:14, 17; 1 Korintofo 6:18.

Aka Kristofo Asafo No

8. Ɔkwan bɛn so na ɔbrasɛe betumi anya Kristofo asafo no mufo so nkɛntɛnso?

8 Ɔbrasɛe abu so nnɛ araa ma ebetumi anya Kristofo asafo no mufo so tumi mpo. Ebetumi anya wɔn so nkɛntɛnso denam TV ne video so dwumadi a ɛsɛe ɔbra pa ne aguamansɛm ho nhoma a abu so pii no so. Ɛwom sɛ Kristofo kakraa bi na aka wɔn de, nanso ɛsɛ sɛ wohu sɛ wotu wɔn a wotu wɔn fi Yehowa Adansefo mu no mu dodow ara wɔ abrabɔ a ɛmfata Kristofo a wɔnkyerɛ ahonu wɔ ho a ɛfa nna mu ɔbrasɛe bi ho no ho. Nea eye ne sɛ awiei koraa no, wɔn a wotu wɔn no mu fã kɛse gye wɔn mfomso ahorow tom, wofi ase bu ɔbra pa, na bere bi akyi no, wɔsan gye wɔn ba asafo no mu.​—Fa toto Luka 15:11-32 ho.

9. Ɔkwan bɛn so na Satan daadaa wɔn a wɔn ani nna wɔn ho so no?

9 Akyinnye biara nni ho sɛ Satan nenam sɛ gyata a ɔbobom, ayɛ krado sɛ ɔbɛkyere nea n’ani nna ne ho so no awe. Ne “nnɛɛdɛe” no resum Kristofo a wɔn ani nna wɔn ho so no afiri afe biara. Ne wiase no honhom a ɛwɔ hɔ bere nyinaa no ne pɛsɛmenkominya, anigyede akyidi, ne anibere. Edwudwo honam fam akɔnnɔ ano. Ɛpow ahosodi.​—Efesofo 2:1, 2; 6:11, 12; 1 Petro 5:8.

10. Henanom na sɔhwɛ betumi ato wɔn, na dɛn ntia?

10 Asafo no mu henanom na wobetumi ahyia ɔbrasɛe ho sɔhwɛ ahorow? Kristofo fã kɛse ara, sɛ ebia wɔyɛ asafo mu mpanyimfo, ahwɛfo akwantufo, Betelfo, akwampaefo a wɔde nnɔnhwerew pii ka asɛm ɔsram biara, awofo a wonni adagyew a wɔhwɛ mmusua, anaa mmofra a wohyia atipɛnfo nhyɛso. Yɛn nyinaa taa hyia honam fam sɔhwɛ. Wobetumi akanyan nna ho akɔnnɔ bere a yɛnhwɛ kwan koraa no. Enti Paulo tumi kyerɛwee sɛ: “Enti nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye, na wanhwe ase. Ɔsɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nnipa de.” Ɛyɛ awerɛhosɛm, nanso Kristofo binom a wokura dibea a asɛyɛde wom atɔ ɔbrasɛe afiri yi mu.​—1 Korintofo 10:12, 13.

Ɛdaadaa No na Ɛsɔ no Hwɛ

11-13. Tebea horow a ama wɔabu ɔbra bɔne no bi ne nea ɛwɔ he?

11 Sɔhwɛ ne tebea horow a ama ebinom ayɛ ade a nyansa nnim a ɛne awaresɛe ne aguamammɔ no bi ne dɛn? Ɛdɔɔso na ɛyɛ hwanyann, na ebia ɛsonsonoe wɔ aman ne amammerɛ biara mu. Nanso, tebea horow atitiriw bi wɔ hɔ a ɛsɔre wɔ aman pii mu. Sɛ nhwɛso no, wɔbɔ amanneɛ sɛ ebinom atow pon a mmosa buu so pii wɔ ase. Afoforo nso akyerɛ wiasefo nnwom a ɛmfata ne asaw a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ ho anigye. Afrika mmeae bi no, mmarima adefo​—wɔnyɛ gyidifo​—a wɔwɔ ayefam wɔ hɔ; asum mmea bi afiri ma wɔahwehwɛ sika fam ahobammɔ wɔ saa tebea no mu, ɛwom mpo sɛ ɛyɛ ɔbrasɛe de. Mmeae afoforo no, okununom Kristofo agyaw wɔn mmusua hɔ sɛ wɔkɔyɛ adwuma wɔ mmeae a wotu sika ne mmeae afoforo. Afei wɔasɔ wɔn aware mu nokwaredi ahwɛ akodu baabi anaa wɔ akwan a anka ɛremma saa so wɔ wɔn kurom.

12 Wɔ aman a anya nkɔso mu no, ebinom atɔ Satan afiri mu denam obi a ɛsono ne bɔbeasu a wɔtaa ne no traa baabi a obi foforo nka wɔn ho​—te sɛ ɔne obi a ɔkyerɛ no kar ka te kar mu no.b Ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔsrasra anuanom nso hwɛ yiye na wɔn nkutoo ne onuawa bi antra baabi bere a wɔretu no fo no. Nkɔmmɔbɔ no betumi akanyan akɔnnɔ na ama wɔayɛ biribi a ɛbɛhyɛ wɔn baanu nyinaa aniwu.​—Fa toto Marko 6:7; Asomafo no Nnwuma 15:40 ho.

13 Tebea horow a yɛaka ho asɛm no ama Kristofo binom ayɛ anibiannaso, na wɔabu ɔbra bɔne. Sɛnea esii wɔ afeha a edi kan no mu mpo no, wɔama kwan ma ‘wɔn ankasa honam fam akɔnnɔ adaadaa wɔn asɔ wɔn ahwɛ,’ na ama wɔayɛ bɔne.​—Yakobo 1: 14, 15; 1 Korintofo 5:1; Galatifo 5:19-21.

14. Dɛn nti na pɛsɛmenkominya yɛ ade titiriw a ɛma wɔsɛe aware?

14 Ahwɛyiye a wɔde susuw nnipa a wotu wɔn no ho kyerɛ sɛ nneɛma bi a edi nsɛ na ɛma wobu ɔbra bɔne. Pɛsɛmenkominya bi wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu. Dɛn nti na yɛka saa? Efisɛ wɔ awaresɛe ho nsɛm mu no, ɛma onipa anaa nnipa bi a wɔn ho nni asɛm no di yaw. Ebetumi ayɛ ne mmara kwan so ɔhokafo. Ɛda adi sɛ ɛbɛyɛ mma no, sɛ wɔwɔ bi a, efisɛ sɛ awaresɛe ma aware no gu a, ebia mma no a wɔpɛ sɛ wonya ahobammɔ wɔ abusua a biakoyɛ wom mu no betumi ahu amane asen obiara. Ɔwaresɛefo no susuw anigye ne mfaso a n’ankasa benya no ho titiriw. Ɛno yɛ pɛsɛmenkominya.​—Filipifo 2:1-4.

15. Nneɛma a ama wɔasɛe aware no bi ne dɛn?

15 Awaresɛe ntaa nyɛ ade a mmerɛwyɛ ma wɔyɛ no mpofirim. Ná aware no ankasa resɛe nkakrankakra a wonhu mpo. Ebia na nkitahodi adan biribi a wɔyɛ ara kwa anaa anigye nnim. Ebia wɔnhyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran. Ebia wɔnkyerɛ anisɔ mma wɔn ho wɔn ho. Ebia bere bi no, awarefo no mma wɔn ho wɔn ho nea ɛsɛ wɔ nna mu. Nokwarem no, sɛ awaresɛe ba a, na wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ nso resɛe. Wonhu Yehowa pefee bio sɛ Onyankopɔn teasefo a onim yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe nyinaa. Ebia wɔ ɔwaresɛefo no adwenem mpo no, “Onyankopɔn” adan asɛmfua bi kɛkɛ, obi a watew ne ho a onni ne da biara da asetra mu. Ɛno ma ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ ɔbɛyɛ bɔne atia Onyankopɔn.​—Dwom 51:3, 4; 1 Korintofo 7:3-5; Hebrifo 4:13; 11:27.

Ɔkwan a Yɛbɛfa So Ako Atia

16. Ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi ako atia sɔhwɛ a ɛmma onni nokware?

16 Sɛ Kristoni biara hu sɛ wɔresɔ no ahwɛ ma wafa ɔkwan a ɛnkyerɛ nokwaredi so a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ osusuw ho? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ osusuw nea Kristofo dɔ a egyina Bible nnyinasosɛm ahorow so pintinn no kyerɛ ho. Ɛnsɛ sɛ ɔma honam fam anaa nna ho akɔnnɔ nya no so tumi ma ɔyɛ pɛsɛmenkominya na ɔma afoforo hu amane. Mmom no, ɛsɛ sɛ ɔde Yehowa adwene susuw tebea no ho. Ɛsɛ sɛ odwen asafo no ne ahohorabɔ a abrabɔ bɔne de bɛba asafo no ne Yehowa din so no ho kɛse. (Dwom 101:3) Obetumi akwati asiane denam Kristo adwene a obenya wɔ asɛm no ho na afei wayɛ ade ma ɛne no ahyia no so. Kae sɛ ɔdɔ a ɛte sɛ Kristo de a pɛsɛmenkominya nnim no to ntwa da.​—Mmebusɛm 6:32, 33; Mateo 22:37-40; 1 Korintofo 13:5, 8.

17. Nokwaredi ho nhwɛso horow a ɛma denhyɛ bɛn na yɛwɔ?

17 Ɔkwan biako a obi bɛfa so ako atia ne sɛ ɔbɛhyɛ ne gyidi ne sɛnea ohu anidaso a ɛda yɛn anim no mu den. Eyi kyerɛ sɛ ɔbɛma tete mmarima ne mmea anokwafo, ne Yesu ankasa mudi mu kura ho nhwɛso a wɔde agyaw yɛn no atra ne koma mu sen biribiara. Paulo kyerɛwee sɛ: “Ne saa nti yɛn nso, sɛ yɛwɔ adansefo mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛntow adesoa biara adesoa ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika, nhwɛ gyidi mu dikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa. Na munsusuw nea ɔtɔɔ ne bo ase tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfo de tuaa n’ano bebree no ho yiye, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.” (Hebrifo 12:1-3) Sɛ anka obetwa aware no mu no, onyansafo bedwen akwan a ɔbɛfa so asiesie no ma ayɛ yiye, na, ɔnam saayɛ so akwati asiane a ɛne nnaadaa ne nkontompo.​—Job 24:15.

18. (a) Dɛn nti na nnaadaa nyɛ asɛmfua a ano yɛ den dodo a wɔde ka awaresɛe ho asɛm? (b) Onyankopɔn bu ntanka a wobedi so no dɛn?

18 So nnaadaa a ɛyɛ ɔfatwa no nso yɛ asɛmfua a ano yɛ den dodo a wɔde ka ɔbrasɛe ho asɛm? Ɔfatwa yɛ huammɔ a wodi obi. Akyinnye biara nni ho sɛ ahotoso ne bɔhyɛ a ese wɔbɛdɔ obi akyerɛ ne ho anigye wɔ amanehunu mu, wɔ mmere pa ne mmere bɔne mu, ka aware ntam ho. Ɛyɛ biribi a nnipa pii bu no sɛ ne bere atwam wɔ bere a yɛwom yi mu​—awerɛhyem a wogyina nidi a wɔde ma obi so de ma wɔ aware mu. Sɛ obi bedi ne hokafo huammɔ no kyerɛ sɛ wayi no ama. Wɔka adwene a Onyankopɔn kuta wɔ ntanka ahorow ho wɔ Bible no mu no ho asɛm pefee sɛ: “Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ bi a, ntwentwɛn ne ma ase, efisɛ onni nkwasea ho koma pa bi: nea woahyɛ bɔ no, ma!”​—Ɔsɛnkafo 5:4.

19. Dɛn na ɛne anigye a Satan nya bere a Ɔdansefo bi yɛ bɔne no bɔ abira?

19 Momma yɛnnye ntom pefee. Sɛnea anigye kɛse ba ɔsoro wɔ ɔdebɔneyɛfo biako nkwagye ho no, saa ara na anigye kɛse ba asase so wɔ Satan dɔm, wɔn a wɔde aniwa hu wɔn ne wɔn a wɔmfa aniwa nhu wɔn no mu, bere a Yehowa Ɔdansefo bi ankura ne mudi mu no.​—Luka 15:7; Adiyisɛm 12:12.

Sɔhwɛ Ahorow a Ɛto Nnipa Nyinaa

20. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ako atia sɔhwɛ? (2 Petro 2: 9, 10)

20 So wontumi nyɛ ɔbrasɛe ho hwee wɔ tebea horow bi mu? So ɔhonam no ne Satan ho yɛ den araa ma Kristofo ntumi nko ntia wɔn na wɔakura wɔn mudi mu? Paulo de nkuranhyɛ ma wɔ nsɛm yi mu: “Ɔsɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nnipa de; na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mutumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi asoa.” Wɔ nnɛ wiase yi mu no, ebia yentumi nkwati sɔhwɛ korakora, nanso sɛ yɛdan kɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ mpaebɔ mu a, ɛda adi sɛ yebetumi agyina sɔhwɛ biara ano na yɛadi so.​—1 Korintofo 10:13.

21. Nsemmisa bɛn na wobebua wɔ yɛn asɛm a edi hɔ no mu?

21 Dɛn na Onyankopɔn de ma de boa yɛn na yɛagyina sɔhwɛ ahorow ano adi mu nkonim? Dɛn na yehia sɛ ankorankoro na ama yɛabɔ yɛn aware, yɛn mmusua, ne Yehowa din ne asafo no din ho ban? Yɛn asɛm a edi hɔ no bɛbua saa nsemmisa no.

[Ase hɔ asɛm]

a “Sɛ wɔtrɛw ‘aguamammɔ’ mu, na wɔfa no sɛnea wɔde di dwuma wɔ Mateo 5:32 ne 19:9 no a, ɛda adi sɛ ɛkyerɛ nna ahorow pii a mmara mma kwan anaa nna wɔ aware akyi. Porneia [Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ saa kyerɛw nsɛm no mu] kyerɛ anyɛ yiye koraa no, onipa biako awode a ɔde bu bra bɔne a anibere wom (wɔ awosu kwan so anaa nea ɛnyɛ awosu kwan so); afei nso, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea obi foforo ka ɔbrasɛe no ho​—ɔbarima anaa ɔbɛa anaa aboa bi.” (The Watchtower, March 15, 1983, kratafa 30) Awaresɛe: “Obi foforo a ɔnyɛ ɔwarefo bi mmara kwan so kunu anaa ɔyere a ofi ne pɛ mu ne no da.”​—The American Heritage Dictionary of the English Language.

b Ɛda adi sɛ wobenya mmere a ɛfata a onuabarima bi de ne kar bɛfa onuawa bi, na ɛnsɛ sɛ wonya tebea horow a ɛte sɛɛ no ho adwene a ɛnteɛ.

So Wokae?

◻ Nneɛma a ɛboa ma aware mu yɛ den no bi ne dɛn?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛpow adwene a wiase no kura wɔ ɔbrasɛe anaa ɔbra pa ho no?

◻ Sɔhwɛ ne tebea horow a ebetumi ama yɛabu ɔbra bɔne no bi ne nea ɛwɔ he?

◻ Dɛn ne ade titiriw a ɛbɛma yɛako atia bɔne?

◻ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn boa yɛn wɔ sɔhwɛ mmere mu?

[Adaka wɔ kratafa 14]

AWARE A ƐTRA HƆ KYƐ MU NNEƐMA

◻ Bible mu nnyinasosɛm ahorow so a wodi pɛpɛɛpɛ

◻ Awarefo baanu nyinaa ne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den

◻ Okunu kyerɛ obu ma ne yere, ne nkate ne n‘adwenkyerɛ ahorow

◻ Wodi nkitaho pa da biara

◻ Wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɔ wɔn ho wɔn ho ani

◻ Aseresɛm; obi tumi serew ne ho

◻ Wofi wɔn pɛ mu gye mfomso ahorow tom; wofi wɔn pɛ mu de firi

◻ Momma anigye ntra aware no mu

◻ Montete mmofra no na monteɛ wɔn so biakoyɛ mu

◻ Mommom mmɔ Yehowa mpae daa

NNEƐMA BƆNE A ƐSƐE AWARE

◻ Pɛsɛmenkominya ne mpiyɛ

◻ Nneɛma a wɔnyɛ mmom

◻ Nkitahodi a ɛnyɛ papa

◻ Nneɛma a awarefo mmom nsusuw ho sɛnea ɛsɛ

◻ Sika a wɔnhwɛ so yiye

◻ Adwene a enhyia wɔ akwan a wɔne mmofra ne/anaa mmanoma di so

◻ Adwuma a okunu mpɔn ntɛm anaa n’ani a obu gu abusua no so de yɛ nneɛma afoforo

◻ Abusua no honhom mu ahiade ahorow a wɔmfa mma wɔn

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Aware a wodi no ni de anigye a ɛtra hɔ daa ba

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena