Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 3/15 kr. 8-13
  • Yehowa Mmɔborohunu Gye Yɛn Fi Abasamtu Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Mmɔborohunu Gye Yɛn Fi Abasamtu Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mfomso Ahorow Tumi Kowie Bɔne a Anibere Wom Mu
  • Bɔne a Wɔka De Ahotɔ Ba
  • Yebebu Akontaa Akyerɛ Onyankopɔn
  • Tebea Ahorow a Ɛma Wɔyɛ Bɔne
  • Ahotew ho Adebisa
  • Nsiesiei ho Adebisa
  • Sɛ Woayɛ Bɔne Nso ɛ?
  • Bɔneka A Ɛma Ahotɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Yehowa Mpow Koma a Abubu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Fa Wo Ho To Onyankopɔn Honhom So Na Gyina Asetram Nsakrae Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 3/15 kr. 8-13

Yehowa Mmɔborohunu Gye Yɛn Fi Abasamtu Mu

“Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔe te no, wo mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti popa me mmarato.”​—DWOM 51:1.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na bɔne a anibere wom betumi aka Yehowa asomfo mu biako?

OBI ntumi mmu Yehowa mmara so na ɔmmfa ne ho nni. Hwɛ sɛnɛa ɛno da adi bere a yɛayɛ bɔne a anibere wom atia Onyankopɔn no! Ɛwom sɛ ebia yɛde nokwaredi asom Yehowa mfe dodow bi de, nanso sɛ yebu ne mmara so a etumi de dadwen anaa adwenemhaw kɛse ba. Yebetumi ate nka sɛ Yehowa agyaw yɛn, na yɛmfata sɛ yɛsom no bio. Yɛn bɔne no betumi ayɛ sɛ omununkum kɛse bi a esiw Onyankopɔn dom mu hann no kwan.

2 Ɔhene Dawid a na ɔwɔ tete Israel no baa tebea a ete sɛɛ mu bere bi. Ɛyɛɛ dɛn na tebea yi bae?

Mfomso Ahorow Tumi Kowie Bɔne a Anibere Wom Mu

3, 4. Dɛn na ɛtoo Ɔhene Dawid bere a na ɔyɛ ɔdefo no?

3 Ná Dawid dɔ Onyankopɔn, nanso ɔyɛɛ mfomso ahorow a ekowiee bɔne a anibere wom. (Fa toto Galatifo 6:1 ho.) Eyi betumi ato onipa a ɔnnyɛ pɛ biara, titiriw sɛ ɔwɔ afoforo so tumi a. Dawid nyaa din ne tumi sɛ ɔhene ɔdefo. Ná hena na obetumi apow nea ɔka? Ná mmarima a wɔfata ayɛ krado, sɛ wɔbɛsom no, na nnipa de ahopere yɛɛ nea ɔkae sɛ wɔnyɛ. Nanso Dawid nam yerenom dodow a ɔwaree ne nnipa no a ɔkan wɔn no so fomee.​—Deuteronomium 17:14-20; 1 Beresosɛm 21:1.

4 Saa bere yi a Dawid dii yiye honam fam no, ɔyɛɛ bɔne ahorow a anibere wom tiaa onyankopɔn ne onipa. Anwonwasɛm ne sɛ, ne bɔne biako a ɔyɛɛ no ma ɔyɛɛ afoforo toatoaa so te sɛ ntama bi a Satan anwene mu nhama a ɛtõatõa mu! Bere a ne mfɛfo Israelfo ne Amonfo no reko no, Dawid gyinaa ne dan atifi hwɛɛ Bat-Seba, Uria yere a ne ho yɛ fɛ no bere a ɔreguare no. Bere a Uria redi ako no, ɔhene no ma wɔde ɔbea no baa n’ahemfie, na ɔne no sɛee aware. Susuw sɛnea ne ho dwiriw no, bere a akyiri yi ɔtee sɛ wanyinsɛn no ho! Dawid ma wɔde Uria bae, a osusuwii sɛ ɔne Bat-Seba bɛda anadwo no, na wafa abofra no sɛ ne de. Ɛwom sɛ Dawid maa Uria bow nsã de, nanso wampene sɛ ɔne no bɛda. Afei, Dawid fii ahometew mu de nkra kɔmaa ɔsraani panyin Yoab kokoam sɛ ɔmfa Uria nkɔ akono, faako a ɛda adi sɛ obewu no. Wokum Uria wɔ ɔko no mu, ne yere kunafo no gyam no sɛnea wɔyɛ no no, na Dawid waree no ansa na nkurɔfo rehu sɛ wanyinsɛn.​—2 Samuel 11:1-27.

5. Dɛn na esii bere a Dawid ne Bat-Seba yɛɛ bɔne no akyi, na dɛn na ne bɔne no de baa no so?

5 Onyankopɔn nam odiyifo Natan so daa Dawid bɔne no adi, na ɔkae sɛ: “Mɛme bɔne asɔre wo fi aba wo so.” Enti abofra a Bat-Seba woo no no wui. (2 Samuel 12:1-23) Dawid abakan Amnom too n’ankasa agya ba Tamar mmonnaa na Tamar nuabarima kum no. (2 Samuel 13:1-33) Ɔhene no ba Absalom bɔɔ mmɔden sɛ obegye ahenni no, na ɔnam Dawid yefamnom a ɔne wɔn dae no so guu n’agya anim ase. (2 Samuel 15:1-16:22) Ɔmanko maa Absalom wui, na Dawid dii awerɛhow pii. (2 Samuel 18:1-33) Nanso Dawid bɔne ahorow no brɛɛ no ase, na ɛma ohuu hia a ehia sɛ ɔbɛn ne Nyankopɔn mmɔborohunufo no. Sɛ yɛfom a, momma yɛmfa ahobrɛase nsakra yɛn adwene na yɛmmɛn Yehowa.​—Fa toto Yakobo 4:8 ho.

6. Dɛn titiriw nti na Ɔhene Dawid dii fɔ?

6 Dawid dii fɔ kɛse, efisɛ ná ɔyɛ Israel sodifo, a onim Yehowa Mmara yiye. (Deuteronomium 17:18-20) Ná ɔnyɛ Misrifo Farao bi anaa Babilonfo hene bi a onni saa nimdeɛ no, a obetumi ayɛ nneɛma a Onyankopɔn mpene so mpɛn pii. (Fa toto Efesofo 2:12; 4:18 ho.) Sɛ́ ɔman a wɔahyira so ama Yehowa muni no, Dawid hui sɛ awaresɛe ne awudi yɛ bɔne ahorow a anibere wom. (Exodus 20:13, 14) Kristofo nso nim Onyankopɔn mmara. Nanso te sɛ Dawid no, wɔn mu bi bu so esiane bɔne a efi awo mu, nnipa mmerɛwyɛ, ne sɔhwɛ horow a wɔmpow nti. Sɛ eyi to yɛn mu biara a, ɛnsɛ sɛ yɛtra sum tebea a ɛmma yenhu ade yiye honhom fam, na ɛka yɛn hyɛ abasamtu kɛse mu no mu.

Bɔne a Wɔka De Ahotɔ Ba

7, 8. (a) Dɛn na ɛbaa Dawid so bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkata ne bɔne ahorow so no? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi ka ne bɔne na ogyae?

7 Sɛ yedi Onyankopɔn mmara sobu ho fɔ anibere so a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛka yɛn bɔne, de akyɛrɛ Yehowa mpo. Dɛn na tebea ahorow a ɛte saa betumi de aba? Dawid gye toom wɔ Dwom 32 sɛ: “Mimuaa m’ano no [sɛ anka mɛka no], me nnompe gurowee, m’apini a misii daa nyinaa nti. Na awia ne anadwo wo [Yehowa] nsa yɛɛ me so duru, me mu nsu twee, na mikisae sɛ awia bere mu.” (Nkyekyem 3, 4) Mmɔden a Dawid a wafom no bɔe sɛ ɔbɛkata ne bɔne so na wahyɛ n’ahonim a ebu no fɔ so no gurow no. Ahoyeraw maa n’ahoɔden so tew araa ma ɔbɛyɛɛ sɛ ɔpɛ bere mu dua a ennya nsu a ema nkwa. Ebia ɔtee adwene ne honam mu ɔhaw nka ankasa. Sɛnea ete biara no, ɔhweree n’anigye. Sɛ yɛn mu bi ba tebea a ɛte sɛɛ mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

8 Onyankopɔn a wɔka bɔne kyerɛ no no tumi de fafiri ne ahoto ba. Dawid too dwom sɛ: “Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumoyɛ so. Mekae se: Mɛka me mmarato makyere [Yehowa]. Na wo na wuyii me bɔne so mmusu.” (Dwom 32:5) So bɔne bi a woakora so haw w’adwene? So ɛnnyɛ nea ɛyɛ sen biara sɛ wobɛka na woagyae na ama woanya Onyankopɔn mmɔborohunu? Dɛn nti na womfrɛ asafo mu mpanyimfo no ma wɔmma wo honhom mu ayaresa? (Mmebusɛm 28:18; Yakobo 5:13-20) Wobegye w’ahonu honhom no atom, na awiei no wo nsa betumi asan aka wo Kristofo anigye no. Dawid kae sɛ: “Nhyira ne nea wɔde ne mmarato afiri no, na wɔakata ne bɔne so. Nhyira ne onipa a [Yehowa] mmu n’amumɔyɛ ngu no so, na nnaadaa nni ne honhom mu.”​—Dwom 32:1, 2.

9. Bere bɛn na wɔhyehyɛɛ Dwom 51, na dɛn ntia?

9 Ná Dawid ne Bat-Seba bebu wɔn bɔne no ho akontaa akyerɛ Yehowa Nyankopɔn. Ɛwom sɛ anka Onyankopɔn betumi akum wɔn de, nanso ohuu wɔn mmɔbɔ. Ohuu Dawid mmɔbɔ titiriw esiane Ahenni apam no nti. (2 Samuel 7:11-16) Dawid ahonu wɔ ne bone ahorow a ɛfa Bat-Seba ho no da adi wɔ Dwom 51. Ɔhene a wanu ne ho no na ɔhyehyɛɛ dwom a ɛka koma yi, bere a odiyifo Natan kanyan n’ahonim ma ohuu anibere a ɛwɔ ɔsoro mmara a wabu so no mu akyi no. Egyee akokoduru na Natan ada Dawid bɔne no adi akyerɛ no, sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo a wɔapaw wɔn no mpo nya akokoduru na wɔatumi ayɛ nneɛma a ɛte sɛɛ nnɛ no. Sɛ́ anka ɔhene no bɛpow sɛ obegye ne mfomso atom, na wama wɔakum Natan no, ofi ahobrɛase mu kaa ne bone. (2 Samuel 12: 1-14) Dwom 51 kyerɛ nea ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu faa ne nneyɛe a ɛyɛ aniwu no ho, na ɛfata yiye ma mpaebɔ a wɔde dwen nsɛm ho, titiriw sɛ yɛafom na sɛ yehia Yehowa mmɔborohunu a.

Yebebu Akontaa Akyerɛ Onyankopɔn

10. Ná ɔkwan bɛn so na Dawid betumi anya honhom mu nsiesiei?

10 Dawid anhwehwɛ anoyi wɔ ne bɔne no ho na mmom ɔsrɛe sɛ: “Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔe te no, wo mmɔborohunu a ɛdoɔso nti popa me mmarato.” (Dwom 51:1) Dawid nam ne mmarato so traa Onyankopɔn Mmara anohyeto ahorow. Nanso sɛ Onyankopɔn bɛdom no sɛnea N’adɔe, anaa ne nokware dɔ te no de a, ɛnde na ɔwɔ anidaso sɛ ne ho bɛtɔ no wɔ honhom fam. Ná ɔhene a wanu ne ho no wɔ nea obegyina so agye adi sɛ ne Yɛfo no bɛpopa ne mmarato, esiane sɛ ná Onyankopɔn ada mmɔborohunu a ɛdɔɔso adi nti.

11. Dɛn na Mpata Da afɔrebɔ ahorow no kyerɛe, na dɛn na wɔhwehwɛ na obi anya nkwa nnɛ?

11 Yehowa nam nkɔmhyɛ kwan so mfonini a Mpata Da afɔrebo ahorow no yɛe no so kyerɛe sɛ ɔwɔ ɔkwan a ɔfa so popa wɔn a wɔanu wɔn ho bɔne. Yenim nnɛ sɛ ogyina yɛn gyidi wɔ Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no so ma ne mmoborohunu ne ne fafiri no trɛw ka yɛn. Sɛ Dawid a na afɔrebɔ yi nsusuwso ne ho mfonini ara kwa na ɛwɔ n’adwenem no mpo tumi de ne ho too Yehowa adɔe ne ne mmɔborohunu so a, ɛnde ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nnɛyi asomfo kyerɛ agyede a wɔn nkwagye nti wɔde ama no mu gyidi dɛn ara!​—Romafo 5:8; Hebrifo 10:1.

12. Dɛn na bɔne a obi bɛyɛ no kyerɛ, na Dawid tee nka dɛn wɔ ne bɔne ho?

12 Dawid resrɛ Onyankopɔn hɔ fafiri no, ɔkae sɛ: “Hohoro me ho fi m’amumɔyɛ mu koraa, na prapra me ho fi me bɔne mu. Na me mmarato no, mahu na me bɔne wɔ m’anim daa yi.” (Dwom 51:2, 3) Sɛ́ obi bɛyɛ bɔne no kyerɛ sɛ onnu Yehowa gyinapɛn ahorow no ho. Ɛda adi sɛ ná Dawid ayɛ saara. Nanso na ɔnte sɛ owudifo anaa ɔwaresɛefo bi a ne bɔne mfa ne ho, a n’asotwe anaa ɔyare bi a ebia obenya ho asɛm na ɛhaw no ara kwa. Sɛ́ obi a ɔdɔ Yehowa no, Dawid kyii bɔne. (Dwom 97:10) Ne bɔne no ankasa yɛɛ no tan, na ɔpɛe sɛ Onyankopɔn tew ne ho fi ho koraa. Ná Dawid nim ne mmarato ahorow no yiye, na ɛyɛɛ no yaw kɛse sɛ ɔmaa ne bɔne akɔnnɔ no dii no so. Ná ɔkae ne bɔne no bere nyinaa, efisɛ obi a osuro Onyankopon ahonim rennyae no haw da, gye sɛ onu ne ho, ka ne bɔne, na Yehowa de firi no.

13. Dɛn nti na na Dawid betumi aka sɛ wayɛ bɔne atia Onyankopɔn nkutoo?

13 Dawid regye atom sɛ ɔne Yehowa wɔ akontaabu no, ɔkae sɛ: “Wo nko ara na mafom wo, na mayɛ nea ɛyɛ w’ani so bɔne, na woadi bem wo kasam na wo ho atew, w’atemmu mu.” (Dwom 51:4) Na Dawid abu Onyankopɔn mmara so, agu ahenni tumidi ho fĩ, na ‘akyinnye biara nnim sɛ wankyerɛ obu amma Yehowa din,’ na ɔde ahohorabɔ baa Ne so. (2 Samuel 12:14; Exodus 20:13, 14, 17) Ná Dawid nneyɛe bɔne no nso tia Israel man no ne n’abusuafo, te sɛ nea obi a wɔabɔ no asu a ɔyɛ bɔne de awerɛhow anaa yaw ba Kristofo asafo no ne adɔfo so no. Ɛwom sɛ na ɔhene a wanu ne ho no nim sɛ wayɛ bɔne atia mfɛfo a wɔyɛ nnipa te sɛ Uria de, nanso ohui sɛ ɔwɔ asodi a ɛsen saa wɔ Yehowa anim. (Fa toto Genesis 39:7-9 ho.) Dawid gye toom sɛ Yehowa bebu atɛntrenee. (Romafo 3:4) Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔayɛ bɔne no nya adwene a ɛte saa ara.

Tebea Ahorow a Ɛma Wɔyɛ Bɔne

14. Tebea ahorow a ɛma wɔyɛ bɛn na Dawid kaa ho asɛm?

14 Ɛwom sɛ Dawid ammɔ mmɔden sɛ obebu ne ho bem de, nanso ɔkae se: “Hwɛ, wɔwoo me amumɔyɛ mu, na bɔne mu na me nã nyinsɛn me.” (Dwom 51:5) Bɔne mu na wɔwoo Dawid, na bɔne a ne na nya fii awo mu nti ohuu awo mu yaw. (Genesis 3:16; Romafo 5:12) Ne nsɛm no nkyerɛ sɛ aware mu nkitahodi ahorow a ɛfata, nyinsɛn, ne awo yɛ bɔne, bere a Onyankopɔn na ɔde aware ne abawo bae no; ná ɛnyɛ Dawid maame bɔne pɔtee bi na ɔreka ho asɛm nso. Wonyinsɛn no bɔne mu, efisɛ na n’awofo yɛ abɔnefo te sɛ nnipa a wonyɛ pɛ nyinaa.​—Hiob 14:4.

15. Ɛwom sɛ Onyankopɔn betumi asusuw tebea ahorow a ɛma wɔyɛ bɔne ho de, nanso dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ?

15 Sɛ yɛayɛ bɔne a, yebetumi aka tebea ahorow biara a ɛma yɛyɛ bɔne a ɛma yɛyɛɛ bɔne no ho asɛm wɔ mpaebɔ mu nkyerɛ Nyankopɔn. Nanso mommma yɛnnnan Onyankopɔn dom a ɛnsɛ yɛn no sɛ bɔne ho anoyi anaa yɛmfa bɔne a yenya fii awo mu no nnyɛ nkataso mmma yɛn bɔne ho asodi. (Yuda 3, 4) Dawid gyee ne bɔne ho asodi toom sɛ ɔmaa adwene a eho ntew ho kwan na ogyaa ne ho mu maa sɔhwɛ. Momma yɛmmɔ mpae na wɔannyaw yɛn wɔ sɔhwɛ mu, na yɛnyɛ ade ma ɛne mpaebɔ a ɛte saa nhyia.​—Mateo 6:13.

Ahotew ho Adebisa

16. Su bɛn na Onyankopɔn ani gye ho, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn abrabɔ?

16 Nnipa betumi ayɛ wɔn ho sɛ ankorankoro a wɔwɔ ahofama ma Onyankopɔn, nanso ɔhwɛ tra nea aniwa hu, na ohu nea ɛwɔ wɔn komam. Dawid kae se: “Hwɛ, [Yehowa] wopɛ nokware, m’asaabo mu, na ma minhu nyansa me mu ahintawee mu.” (Dwom 51:6) Ná Dawid di atosɛm ne akontonkyesɛm ho fɔ wɔ Uria a ɔma wokum no na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkata nokwasɛm a ɛfa Bat-Seba nyinsɛn ho no so no mu. Nanso na onim sɛ Onyankopɔn ani gye nokware ne ahotew ho. Ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn nneyɛɛ wɔ ɔkwan pa so, efisɛ sɛ yɛdi akontonkyesɛm a, Onyankopɔn bebu yɛn fɔ. (Mmebusɛm 3:32) Afei nso Dawid hui sɛ sɛ Onyankopɔn ‘ma ohu nyansa’ a, obetumi adu ɔsoro gyinapɛn ahorow ho ne nkwa nna nyinaa sɛ́ ohene a wanu ne ho.

17. Mpae a wɔbɔ sɛ wɔmfa adwerɛ ntew ho no kyerɛ dɛn?

17 Esiane Onyankopɔn mmoa a odwontofo no hui sɛ ohia na watumi adi ne bɔne su ahorow so no nti, ɔtoaa so srɛe sɛ: “Fa adwerɛ yi me ho bɔne, na me ho afi, guare me, na mayɛ fitaa asen nsukyerɛma.” (Dwom 51:7) Nneɛma afoforo akyi no, wɔde adwerɛ dua (ebia marjoram, anaa Origanum maru) no dii dwuma wɔ ahodwira guasodeyɛ ma wɔn a anka wɔyɛ akwatafo no ase. (Leviticus 14: 2-7) Enti ná ɛfata sɛ Dawid bɔɔ mpae sɛ wɔmfa adwerɛ ntew ne ho mfi ne bɔne ho no. Ahotew ho adwene nso da adi wɔ n’adebisa sɛ Yehowa nhohoro ne ho na ne ho ntew koraa, nyɛ fitaa nsen sukyerɛma a wisiw anaa efĩ biara nsɛe no mpo no mu. (Yesaia 1:18) Sɛ yɛn mu binom ahonim haw wɔn wɔ bɔne bi a wɔayɛ ho a, yennya gyidi sɛ, sɛ yefi ahonu mu hwehwɛ Yehowa hɔ fafiri a, obegyina Yesu agyede afɔrebɔ no so atew yɛn ho na wahohoro yɛn ho.

Nsiesiei ho Adebisa

18. Ansa na Dawid renu ne ho na waka ne bɔne no, na ne tebea te dɛn, na ɔkwan bɛn so na eyi a wohu so wɔ mfaso nnɛ?

18 Kristoni biara a n’ahonim ahaw no pɛn no betumi ate Dawid asɛm yi ase: “Ma mente anigye ne abotɔyam nsɛm, na nnompe a woabubu no adi ahurusi.” (Dwom 51:8) Dawid nnya nnuu ne ho, na ɔnkaa ne bɔne ahorow no, n’ahonim a ɛhaw no no maa ɔbotowee. N’ani annye ahurusi ne anigye nnwom a nnwontofo a wɔn ho akokwaw yiye na wɔtoe mpo ho. Ɔbɔnefo Dawid dii yaw wɔ Onyankopɔn anim dom a ɔhweree ho araa ma na ɔte sɛ obi a wɔnam ɔkwan a ɛyɛ yaw so abubu ne nnompe mu. Ná ɔhwɛ fafiri, honhom mu nsiesiei, ne anigye a na anka ɔwɔ a ne nsa bɛsan aka no kwan yiye. Ɛnnɛ, ɔbɔnefo a wanu ne ho nso hia Yehowa hɔ fafiri na ama ne nsa aka anigye a anka ɔwɔ ansa na ɔreyɛ biribi asɛe ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no bio. “Honhom kronkron mu anigye” a ɔbɔnefo a wanu ne ho no nsa san ka no kyerɛ sɛ Yehowa de afiri no, na ɔdɔ no. (1 Tesalonikafo 1:6) Hwɛ awerɛkyekye a ɛde ba!

19. Sɛ Onyankopɔn popa Dawid amumɔyɛ nyinaa a, anka ɔbɛte nka dɛn?

19 Dawid kɔɔ so bɔɔ mpae sɛ: “Yi w’ani fi me bɔne ho hintaw, na popa m’amumɔyɛ nyinaa.” (Dwom 51:9) Yentumi nhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛhwɛ bɔne na wapene so. Enti, Dawid ka kyerɛɛ no sɛ onyi n’ani mfi ne bɔne ho. Ɔhene no srɛe nso sɛ Onyankopɔn mpopa n’amumɔyɛ nyinaa, ne bɔne nyinaa. Sɛ Yehowa bɛyɛ saa nkutoo a! Ɛbɛma Dawid ani agye, ebeyi ahonim a ahaw ho adesoa no, na ama ɔhene a afei wanu ne ho no ahu sɛ ne Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no de afiri no.

Sɛ Woayɛ Bɔne Nso ɛ?

20. Dɛn na wɔhyɛ Kristoni biara a wayɛ bɔne a anibere wom nyansa sɛ ɔnyɛ?

20 Dwom 51 kyerɛ sɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so mu biara a wɔayɛ bɔne a anibere wom nanso wɔanu wɔn ho no betumi de ahotoso asrɛ n’anim dom na watew wɔn ho afi wɔn bɔne ho. Sɛ woyɛ Kristoni a woafom saa kwan yi so a, dɛn nti na womfa ahobrɛase mmɔ yɛn soro Agya no mpae nsrɛ fafiri? Gye Onyankopɔn mmoa a wuhia na ama woanya n’anim dom no tom, na srɛ sɛ ɔmma wunnya wo kan anigye no bio. Kristofo a wɔanu wɔn ho betumi de ahotoso akɔ Yehowa hɔ wɔ mpaebɔ mu abisa nneɛma a ɛte sɛɛ, efisɛ “ne firi a ɔde befiri dɔɔso.” (Yesaia 55:7; Dwom 103:10-14) Ɛsɛ sɛ wohu asafo mu mpanyimfo no na wɔatumi de honhom mu mmoa a ehia ama.​—Yakobo 5: 13-15.

21. Dɛn na edi hɔ a yebesusuw ho?

21 Yehowa mmɔborohunu gye ne nkurɔfo fi abasamtu mu ampa. Nanso ma yɛnhwehwɛ Dawid a wanu ne ho no adebisa afoforo a efi komam no mu wɔ Dwom 51. Yɛn adesua no bɛkyerɛ sɛ Yehowa mmu n’ani ngu koma a abubu so.

Wubebua Dɛn?

◻ Nkɛntɛnso bɛn na bɔne a anibere wom betumi anya wɔ Yehowa asomfo mu biako so?

◻ Dawid tee nka dɛn bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkata ne bɔne so no?

◻ Dɛn nti na Dawid kae sɛ wayɛ bɔne atia Onyankopɔn nkutoo?

◻ Ɛwom sɛ sɛ yɛyɛ bɔne a, Onyankopɔn besusuw tebea ahorow a ɛma yɛyɛɛ bɔne no ho de, nanso dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ?

◻ Sɛ Kristoni bi ayɛ bɔne a anibere wom a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena