Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 4/1 kr. 8-13
  • Di Wiase Hann No Akyi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Di Wiase Hann No Akyi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hann Foforo Bi
  • Wiase no wɔ Honhom mu Sum Mu
  • ‘Hann Kɛse Bi’
  • “Ne Mu na Nkwa Wɔ”
  • Akyɛde Horow a Efi Yehowa Hɔ
  • Onyankopɔn Hann Hyerɛn Esum Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • “Hann No Aba Wiase”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • ‘Monhyɛ Hann Akode’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Hann Kurafo—Ma Atirimpɔw Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 4/1 kr. 8-13

Di Wiase Hann No Akyi

“Nea odi m’akyi no . . . obenya nkwa.”​—YOHANE 8:12.

1. Hann ho hia dɛn?

DƐN na yebetumi akwati hann ayɛ? Yɛ mfonini wɔ w’adwene mu sɛ afe no mu da biara a woda sɔre no, wote sum mu nnɔnhwerew 24. Yɛ wiase bi a color (ahosu) biara nnim ho mfonini wɔ w’adwenem, efisɛ hann nni hɔ a, color nso nni hɔ. Nokwarem no, sɛ hann nni hɔ a, anka yɛn nso yenni hɔ! Efisɛ wɔ adeyɛ a wɔfrɛ no photosynthesis mu no, afifide de hann na ɛyɛ aduan a yedi​—awi, nnuadewa ne nnuaba. Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a, yedi mmoa nam. Nanso saa mmoa no dii afifide anaa mmoa afoforo a wodi afifide no nam. Enti, yɛn honam fam asetra gyina hann so koraa.

2. Hann fibea horow a ɛwɔ tumi bɛn na ɛwɔ hɔ, na dɛn na eyi ka kyerɛ yɛn wɔ Yehowa ho?

2 Yenya yɛn hann no fi owia, a ɛyɛ nsoromma no mu. Ɛwom sɛ yɛn awia no ma hann pii de, nanso ɛyɛ nsoromma ketewaa bi pɛ. Nsoromma a ɛsoso sen no pii wɔ hɔ. Na nsoromma bɛboro ɔpepepem ɔha na ɛwɔ nsoromma kuw a yɛte mu, a wɔfrɛ no Milky Way nsoromma kuw no mu. Bio nso, nsoromma akuwakuw ɔpepepem pii na ɛwɔ amansan no mu. Nsoromma bebrebe bɛn ara ni! Na hann bebrebe a efi mu ba bɛn ara ni! Na hann Fibea Ɔhoɔdenfo a Yehowa yɛ sɛ otumi bɔɔ eyinom nyinaa bɛn ara ni! Yesaia 40:26 ka sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.”

Hann Foforo Bi

3. Ɔkwan bɛn so na honhom mu hann a efi Yehowa hɔ no ho hia?

3 Yehowa yɛ hann foforo bi nso Fibea, nea ɛma yetumi nya honhom mu nneɛma mu ntease, honhom fam nneɛma ho nimdeɛ. Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ “ntease” ase sɛɛ se: “Sɛ wɔbɛma wɔanya nimdeɛ; wɔbɛkyerɛkyerɛ; sɛ wɔde honhom fam nneɛma mu ntease bɛma.” Ɛkyerɛ ‘nimdeɛ a wɔanya’ ase sɛ: “obi ho a wade afi biribi a onnim ne atosɛm ho.” Yɛnam Onyankopɔn Asɛm, Kyerɛw Kronkron, no ho nokware nimdeɛ so na yenya honhom fam nneɛma mu ntease. Ɛno na ɛma yetumi hu oniiko a Onyankopɔn yɛ ne n’atirimpɔw ahorow. “Ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkae sɛ hann mfi sum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn koma mu, sɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ nharan.” (2 Korintofo 4:6) Enti, Onyankopɔn Asɛm mu nokware ahorow no ama yɛanya nimdeɛ, na yɛade yɛn ho afi atosɛm ho. Yesu kae sɛ: “Mubehu nokware no, na nokware no ayɛ mo adehye.”​—Yohane 8:32.

4, 5. Ɔkwan bɛn so na nimdeɛ a efi Yehowa hɔ no di dwuma sɛ hann wɔ yɛn asetra mu?

4 Yehowa a ɔne honhom fam nneɛma mu ntease Fibea no ‘yɛ pɛ nimdeɛ mu.’ (Hiob 37:16) Afei nso, Dwom 119:105 ka sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.” Enti ɛnyɛ yɛn asetra mu adeyɛ a edi hɔ no nko na obetumi ama hann aba mu wɔ honhom fam, na mmom ɔkwan a ɛda yɛn anim no mu nso. Sɛ anyɛ saa a, asetra bɛyɛ sɛ kar a wode nam bepɔw so kwan kɔntɔnkye bi so anadwo a sum wom, na akanea biara nni kar no ho anaa baabi foforo biara. Yebetumi de honhom mu hann a efi Yehowa hɔ no atoto hann a kar no ho akanea de ma no ho. Kanea no ma kwan no so hyerɛn sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi ahu baabi a yɛrekɔ no pɛpɛɛpɛ.

5 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 2:2-5 no kyerɛ sɛ wɔ yɛn bere yi mu no, Onyankopɔn reboaboa nnipa a wɔpɛ honhom mu hann ano afi amanaman nyinaa mu, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasua nokware som na wɔde adi dwuma. Nkyekyem 3 se: ‘Ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛanantew n’atempɔn so.’ Nkyekyem 5 to nsa frɛ wɔn a wɔhwehwɛ nokware no sɛ: ‘Mommra na yɛnnantew Yehowa hann mu.’

6. Awiei koraa no, hann a efi Yehowa hɔ no de yɛn bɛkɔ he?

6 Enti Yehowa yɛ hann ahorow abien a yehia na yɛanya nkwa no Fibea: honam fam hann ne honhom mu de. Honam fam hann boa ma yɛn nipadua tra nkwa mu mprempren, ebia bɛyɛ mfe 70 anaa 80, anaa nea ɛte saa. Nanso honhom mu hann bɛma yɛanya daa nkwa wɔ paradise asase so. Ɛte sɛ nea Yesu kae wɔ mpaebɔ mu kyerɛɛ Onyankopɔn no: “Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”​—Yohane 17:3.

Wiase no wɔ Honhom mu Sum Mu

7. Dɛn nti na yehia honhom fam nneɛma mu ntease mprempren sen bere biara a atwam?

7 Ɛnnɛ yehia honhom mu hann sen bere biara a atwam. Bible mu nkɔmhyɛ ahorow te sɛ nea ɛwɔ Mateo ti 24, ne Timoteo Nhoma a Ɛto so Abien ti 3 kyerɛ sɛ yɛabɛn nneɛma nhyehyɛe yi awiei. Saa nkɔmhyɛ ahorow yi ne afoforo kaa ahude a aba wɔ yɛn mmere yi mu ho asɛm siei, na ɛma yehu sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri” no mu. Sɛnea nkɔmhyɛ ahorow yi kae no, amanehunu pii aba wɔ afeha yi mu. Nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ adɔɔso ma ɛyɛ hu. Akodi akunkum nnipa ɔpepem ɔha ne akyi. Nnipa ɔpepem pii anya nyarewa, te sɛ AIDS a ɛyɛ hu no, na AIDS akunkum nnipa 160,000 dedaw wɔ United States nkutoo. Abusua asetra asɛe, na wobu nna mu ɔbra pa sɛ ne bere atwam.

8. Tebea bɛn na adesamma rehyia mprempren, na dɛn ntia?

8 Amanaman Nkabom no kan ɔkyerɛwfo panyin, Javier Pérez de Cuéllar, kae sɛ: “Wiase no nsɛm tebea de adanse a ɛboro so ma sɛ ohia [resɛe] mmusua mu biakoyɛ.” Ɔkae sɛ: “Mprempren nnipa ɔpepepem biako ne akyi di hia buroburo” na “eyi ahyɛ nneɛma a ɛde basabasayɛ ba no mu den.” Ɔkae sɛ: “ɔhaw ahorow a emu yɛ den yi ano aduru a aban ahorow betumi de ama no ntumi nni ho dwuma.” Ahyehyɛde bi a ɛwɔ din titrani kae sɛ: “Ɔhaw titiriw a adesamma rehyia nnɛ ne sɛ ayɛ nea wontumi nni so.” Hwɛ sɛnea Dwom 146:3 mu nsɛm yɛ nokware: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.”

9. Henanom na wɔama sum aduru adesamma sen obiara, na hena na obetumi agye yɛn afi saa nkɛntɛnso yi ase?

9 Ɛnnɛ tebea no te sɛ nea Yesaia 60:2 ka siei no ara pɛ: “Hwɛ, esum bɛkata asase so, na sum kabii akata aman so.” Sum kabii a akata asase sotefo mu fã kɛse no ara so no fi honhom mu hann a efi Yehowa hɔ a wonnye no. Wɔn a wɔama honhom mu sum yi aba sen obiara ne Satan Ɔbonsam ne n’adaemone, hann Nyankopɔn no atamfo a wɔsen biara. Wɔne “wiase yi sum mu atumfo.” (Efesofo 6:12) Sɛnea 2 Korintofo 4:4 ka no, Ɔbonsam ne “wi yi ase nyame” a ‘wafura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.’ Onipa nniso biara ntumi nyi Satan nkɛntɛnso mfi wiase no mu! Onyankopɔn nkutoo na obetumi ayɛ saa.

‘Hann Kɛse Bi’

10. Ɔkwan bɛn so na Yesaia ka too hɔ sɛ hann bepue adesamma so wɔ yɛn bere yi mu?

10 Nanso, ewom sɛ sum kabii akata adesamma mu dodow no ara so de, nanso Onyankopɔn Asɛm hyɛɛ nkɔm wɔ Yesaia 60: 2, 3 se: “Nanso [Yehowa] bepue wo so, na n’anuonyam abɛda adi wo so. Na amanaman bɛnantew aba wo hann no ho.” Eyi ne Yesaia ti 2, a ɛhyɛɛ bɔ sɛ wɔde Yehowa nokware som a ɛma wɔte nneɛma ase besi hɔ wɔ nna a edi akyiri no mu hyia, na sɛnea nkyekyem 2 ne 3 ka no, “na amanaman nyinaa asen yuu aba ho. Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so,” kyerɛ sɛ wɔnkɔ ne nokware som a wɔama so no mu. Enti ɛwom sɛ Satan na odi wiase no so de, nanso hann a efi Onyankopɔn hɔ rehyerɛn, na ɛrema nnipadɔm afi sum mu.

11. Hena na ɔbɛda Yehowa hann adi asen obiara, na ɔkwan bɛn so na Simeon daa saa onii no adi?

11 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 9:2 ka siei sɛ Onyankopɔn bɛsoma obi aba wiase ma wabɛhyerɛn ne hann. Ɛka sɛ: “Ɔman a wɔnam sum mu hu hann kɛse, wɔn a wɔte sum kabii asase so no, hann aharan wɔn so.” Saa “hann kɛse” yi ne Yehowa Kasamafo Yesu Kristo. Yesu kae sɛ: “Mene wiase hann; nea odi m’akyi no rennantew sum mu, na obenya nkwa hann.” (Yohane 8:12) Bere a na Yesu yɛ abofra kumaa mpo no, na ebinom nim eyi. Luka 2:25 ka sɛ na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simeon ‘teɛ, na osuro Onyankopɔn,’ na “honhom kronkron wɔ no so.” Bere a Simeon huu abofra kumaa Yesu no, ɔkae wɔ mpae a ɔbɔɔ Onyankopɔn no mu sɛ: “Efisɛ m’ani ahu wo nkwagye a woasiesie aman nyinaa anim, hann a ɛbɛma wɔayi nkatanim no afi amanaman so.”​—Luka 2:30-32, New World Translation.

12. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Yesu fii ase yii esum nkatanim a ɛkata nnipa so no?

12 Yesu fii ase yii sum nkatanim no fii adesamma so wɔ n’asubɔ akyi pɛɛ. Mateo 4: 12-16 ka kyerɛ yɛn sɛ eyi maa Yesaia 9:1, 2, a ɛkaa “hann kɛse” a ebefi ase ahyerɛn wɔ nnipa a wɔnam honhom mu sum mu so no ho asɛm no nyaa mmamu. Mateo 4:17 se: “Efi saa bere no, Yesu fii ase kaa asɛm sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.” Yesu nam Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a ɔkae no so maa nkurɔfo huu Onyankopɔn atirimpɔw ahorow. “Ɔnam asɛmpa no so ayi nkwa ne ade a ɛmporɔw adi hann.”​—2 Timoteo 1:10.

13. Yesu kaa n’ankasa ho asɛm dɛn, na dɛn nti na na obetumi de awerɛhyem kɛse saa ayɛ?

13 Yesu de nokwaredi daa Onyankopɔn hann no adi. Ɔkae sɛ: “Maba wiase sɛ hann, na obiara a ogye me di no antra sum mu, . . . Ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mekasae, na Agya a ɔsomaa me no na ɔhyɛɛ me nea menka ne sɛnea menkasa. Na minim sɛ n’ahyɛde no yɛ daa nkwa.”​—Yohane 12:44-50.

“Ne Mu na Nkwa Wɔ”

14. Ɔkwan bɛn so na wɔda Yesu adi wɔ Yohane 1:1, 2?

14 Yiw, Yehowa somaa ne Ba no baa asase so sɛ ɔmmɛyɛ hann a ɛbɛkyerɛ nnipa kwan akɔ daa nkwa mu. Hyɛ sɛnea wɔka eyi ho asɛm wɔ Yohane 1:1-16 no nsow. Nkyekyem 1 ne 2 (NW) kenkan sɛ: “Mfiase no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Nyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ onyame. Ɔno ara na mfiase no ɔne Nyankopɔn wɔ hɔ.” Ɛha no, Yohane de abodin “Asɛm” na ɛfrɛ Yesu a ɔtraa ase ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no. Eyi da adwuma a ɔyɛe sɛ Yehowa Nyankopɔn Kasamafo no adi. Na bere a Yohane ka sɛ “mfiase no na Asɛm no wɔ hɔ” no, na ɛkyerɛ sɛ Asɛm no ne “Onyankopɔn abɔde mfiase.” (Adiyisɛm 3:14) Ne dibea a ɛkorɔn wɔ Onyankopɔn abɔde mu no de frɛ a wofrɛ no ‘onyame,’ anaa otumfoɔ no nnyinaso ma. Yesaia 9:6 frɛ no “Onyankopɔn Tumfoɔ,” na mmom ɛnyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ.

15. Yesu ho nsɛm foforo bɛn na Yohane 1:3-5 de ma yɛn?

15 Yohane 1:3 sɛ: “Ɛnam no so na wɔyɛɛ ade nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛe.” Kolosefo 1:16 nso ka sɛ “ɔno mu na wɔbɔɔ nneɛma nyinaa, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so.” Na Yohane 1:4 ka sɛ “ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann.” Enti wɔnam Asɛm no so na wɔbɔɔ nneɛma afoforo a nkwa wom nyinaa; afei nso Onyankopɔn nam ne Ba no so nso na ɔma adesemma abɔnefo a wɔrewuwu nya daa nkwa. Nokwarem no, Yesu ne otumfoɔ a Yesaia 9:2 frɛ no “hann kɛse” no. Yohane 1:5 ka sɛ: “Na hann no hyerɛn esum mu, na esum no anni so.” Hann gyina hɔ ma nokware ne trenee, na ɛne sum a egyina hɔ ma mfomso ne amumɔyɛ no bɔ abira. Enti Yohane ka sɛ sum renni hann no so.

16. Ɔkwan bɛn so na Osuboni Yohane twee adwene sii sɛnea Yesu adwuma no kɛse bɛyɛ no so?

16 Afei Yohane ka wɔ nkyekyem 6 kosi 9 sɛ: “Onipa bi wɔ hɔ a Onyankopɔn somaa no a ne din de [Osuboni] Yohane. Ɔno na ɔbaa adansedi sɛ ɔrebedi hann no ho adanse, na nnipa nyinaa nam no so agye adi. Ɛnyɛ ɔno [Yohane] ne hann no, na mmom ɔbae sɛ ɔrebedi hann [Yesu] no ho adanse. Nokware hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no wɔ hɔ, na ɛno na ɛreba wiase yi.” Yohane twee adwene sii Mesia a ɔreba no so, na ɔdan n’akyidifo adwene kɔɔ No so. Bere bi akyi no, wɔmaa nnipa ahorow nyinaa nyaa hokwan a ɛbɛma wɔagye Onyankopɔn Ba no atom. Enti ɛnyɛ Yudafo nkutoo yiyedi nti na Yesu bae, na mmom adesamma nyinaa nso de.

17. Dɛn na Yohane 1:10, 11 ka kyerɛ yɛn wɔ Yudafo no honhom mu tebea ho wɔ Yesu nna no mu?

17 Nkyekyem 10 ne 11 toa so sɛ: “Ɔwɔ wiase dedaw, na wɔnam no so na ɛyɛɛ wiase; nanso wiase anhu no. Ɔbaa n’ankasa ne de mu, na wɔn a wɔyɛ n’ankasa de no annye no.” Yesu ne nea wɔnam no so bɔɔ adesamma wiase no wɔ n’asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no mu. Nanso bere a na ɔwɔ asase so no, n’ankasa manfo, Yudafo no, mu dodow no ara powee no. Na wɔmpɛ sɛ ɔpa wɔn bɔne ne nyaatwom ho ntama. Na wɔpɛ sum mmom sen hann.

18. Ɔkwan bɛn so na Yohane 1:12, 13 kyerɛ sɛ ebinom betumi abɛyɛ Onyankopɔn mma a wɔwɔ apɛgyade titiriw bi?

18 Yohane ka wɔ nkyekyem 12 ne 13 sɛ: “Na dodow a wogyee no no, wɔn a wogye ne din di no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn mma a emfi mogya anaa ɔhonam pɛ anaa nea ɔbarima pɛ mu, na mmom efi Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.” Nkyekyem yi kyerɛ sɛ mfiase no na Yesu akyidifo no nyɛ Onyankopɔn mma. Ansa na Kristo reba asase so no, na mma a wɔbɛyɛ anaa ɔsoro anidaso no ho kwan mmue mmaa adesamma ɛ. Nanso, denam Kristo agyede afɔrebɔ no bo mu gyidi a wɔkyerɛe so no, wogyee adesamma mu binom toom sɛ mma na wotumi nyaa nkwa anidaso sɛ wɔn a wɔne Kristo bedi ade wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no mu.

19. Dɛn nti na Yesu na obetumi ada Onyankopɔn hann adi sen obiara, sɛnea wɔada no adi wɔ Yohane 1:14 no?

19 Nkyekyem 14 se: “Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtraa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no ba a ɔwoo no koro anuonyam.” Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔdaa Onyankopɔn anuonyam adi te sɛ nea Onyankopɔn Abakan koro pɛ betumi ayɛ no. Enti na ɔfata sen biara wɔ ɔkwan a ɛda nsow so sɛ ɔda Onyankopɔn ne N’atirimpɔw ahorow adi kyerɛ nnipa no.

20. Sɛnea woakyerɛw wɔ Yohane 1:15 no, dɛn na Osuboni Yohane ka kyerɛ yɛn wɔ Yesu ho?

20 Afei Yohane kyerɛw wɔ nkyekyem 15 sɛ: “[Osuboni] Yohane dii ne ho adanse, na ɔteɛɛm sɛ: Oyi ne nea mekae sɛ: Nea odi m’akyi reba no, wadi me kan, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.” Wɔwoo Osuboni Yohane bɛyɛ asram asia ansa na wɔrewo Yesu sɛ onipa. Nanso Yesu yɛɛ nnwuma pii sen Yohane, ma enti odii Yohane anim kan wɔ biribiara mu. Na Yohane gye tom sɛ Yesu wɔ hɔ ansa na ɔreba, efisɛ na Yesu atra ase ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani.

Akyɛde Horow a Efi Yehowa Hɔ

21. Dɛn nti na Yohane 1:16 ka sɛ yeanya ‘ɔdom a ɛbɔ ɔdom so’?

21 Yohane 1:16 se: “Na efi ne mayɛ mu na yɛn nyinaa anya ɔdom de abɔ ɔdom so.” Ɛwom sɛ wɔwoo adesamma wɔ bɔne mu, esiane sɛ wonyaa saa bɔne no fii Adam hɔ nti de, nanso Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe nhyehyɛe bɔne yi, ɔbɛma nnipa ɔpepem pii anya nkwa akɔ wiase foforo no mu, obenyan awufo, obeyi bɔne ne owu afi hɔ, na ɛde daankwa aba wɔ paradise asase so. Nhyira horow yi nyinaa yɛ ɔdom a woyi adi kyerɛ adesamma abɔnefo, ɛnyɛ biribi a wɔyɛ de nyae. Ɛyɛ akyɛde horow a efi Yehowa hɔ denam Kristo so.

22. (a) Dɛn na Onyankopɔn akyɛde a ɛsen biara ma ɛyɛ yiye? (b) Wɔto nsa frɛ yɛn wɔ Bible mu nhoma a etwa to no mu sɛ yɛnyɛ dɛn?

22 Dɛn ne akyɛde a ɛsen biara a ɛma eyi nyinaa tumi yɛ yiye no? “Na Onyankopɔn dɔ [adesamma] wiase no yiye ma ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔansɛe obiara a ogye no di no, na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16, NW) Enti Onyankopɔn ne ne Ba no, “Nkwa Hene,” no, ho nokware nimdeɛ hia ma wɔn a wɔpɛ honhom mu hann ne daa nkwa no. (Asomafo no Nnwuma 3:15) Ɛno nti na Bible mu nhoma a etwa to no to nsa frɛ wɔn a wɔdɔ nokware no na wɔhwehwɛ nkwa no sɛ: “Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.”​—Adiyisɛm 22:17.

23. Dɛn na nnipa a wɔwɔ nguanten su no bɛyɛ bere a wɔba hann no ho no?

23 Ɛnyɛ wiase hann no ho kɛkɛ na nnipa ahobrɛasefo a wɔte sɛ nguan bɛba, na mmom wobedi saa hann no akyi nso. Nguan no di n’akyi, efisɛ wonim [nokware no nnyigyei wɔ] ne nne [mu].” (Yohane 10:4) Nokwarem no, wɔn ani gye sɛ ‘wodi n’anammɔn akyi pɛɛ,’ efisɛ wonim sɛ saa a wɔbɛyɛ no bɛkyerɛ daa nkwa ama wɔn.​—1 Petro 2:21.

Wubebua dɛn?

◻ Hann ahorow abien bɛn na efi Yehowa hɔ ba?

◻ Dɛn nti na honhom fam nneɛma mu ntease ho hia nnɛ saa?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ “hann kɛse”?

◻ Dɛn na Yohane ti 1 ka kyerɛ yɛn wɔ Yesu ho?

◻ Akyɛde horow bɛn na wɔn a wodi wiase hann no akyi nya?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Simeon frɛɛ Yesu sɛ “ɔkanea a ɛbɛma amanaman so atew”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena