Daa Ayayade—Dɛn Nti na Ɛyɛ Nkyerɛkyerɛ a Ɛhaw Adwene?
‘Mate sɛ moayi mo sɔfo no adi. Ɛyɛɛ dɛn?”
“Aaa, na ɔka kyerɛ yɛn daa sɛ yɛn nyinaa rekɔ hell.”
“Ɔsɔfo foforo no ka dɛn?”
Ɔsɔfo foforo “no nso se yɛrekɔ hell.”
“Enti nsonoe bɛn na ɛwom?”
“Eye, bere a ɔsɔfo dedaw no kaa saa no, na ɛte sɛ nea n’ani gye ho; nanso sɛ onipa foforo no ka a, ɛte sɛ nea ɛyɛ ne yaw wɔ ne komam.”
ASƐM yi a ɛwɔ mfonini nhoma bi mu no ankasa da no adi sɛ Bible akyerɛkyerɛfo ne asɔrekɔfo pii ani nnye hell nkyerɛkyerɛ no ho. Sɛ wɔbae mu a, esi nea Canadani nyamekyerɛfo Clark H. Pinnock kae no so dua nso sɛ: “Nyamekyerɛ mu nneɛma a ahaw onipa ahonim mfeha pii mu no, misusuw sɛ emu kakraa bi na ebetumi ahaw adwene asen hell nkyerɛkyerɛmu a wɔagye atom sɛ daa asotwe wɔ nipadua ne ɔkra mu a wɔte nka no.”
Nea Ɛkyerɛ wɔ Suban Ho
Ɛnde, dɛn nti na tebea horow a wɔhyew nnipa wom ho nsɛm a wɔka wɔ Kristoman mu no haw nnipa pii saa? (Hwɛ adaka no mu.) Ɔkyerɛkyerɛfo Pinnock da no adi sɛ: “Adwene a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ abɔde a ɛte ade nka fa nipadua ne adwene mu yaw mu daa no haw adwene yiye, na adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔyɛ wɔn saa no ma gyidi a mewɔ wɔ Onyankopɔn dɔ mu no ho ba asɛm.”
Yiw, daa ayayade ho nkyerɛkyerɛ no de suban ho ɔhaw bi ba. Sɛ́ nhwɛso no, nokware Kristofo susuw nsɛm a Katolekni nyamekyerɛfo Hans Küng bisae no ho sɛ: “So ɛsɛ sɛ ɔdɔ Nyankopɔn hwɛ ma wɔyɛ n’abɔde honam ne adwene mu ayayade a ɛmma awiei da, a anidaso biara nnim, ahummɔbɔ biara nnim, ɔdɔ biara nnim na ɛyɛ atirimɔden yi daa?” Küng toa so sɛ: “So ɔyɛ katuafo tirimɔdenfo saa?. Yebebu onipa a ɔtɔ wɛre a wontumi mpata no na ne bo ntɔ ne yam da dɛn?”a Nokwarem no, ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn a ɔka kyerɛ yɛn wɔ Bible mu sɛ yɛnnɔ yɛn atamfo no bɛpɛ sɛ ɔyɛ n’atamfo ayayade daa? (1 Yohane 4:8-10) Ɛnyɛ nwonwa sɛ ebinom ka sɛ sɛnea hell te ne sɛnea Onyankopɔn te no nhyia koraa, na nkyerɛkyerɛ yi ne suban pa ho gyinapɛn nhyia.
Gyidifo afoforo pii bɔ mmɔden sɛ wonsusuw nsemmisa yi ho na ahaw wɔn ahonim. Nanso eyi a wobu wɔn ani gu so no mma ahoyeraw no mfi hɔ. Enti momma yensusuw asɛm no ho. Dɛn na nkyerɛkyerɛ yi kyɛrɛ wɔ suban ho? Ɔkyerɛkyerɛfo Pinnock kyerɛw wɔ Criswell Theological Review mu sɛ: “Daa ayayade ne suban pa ho gyinapɛn nhyia, efisɛ ɛma Onyankopɔn yɛ sɛ otirimɔdenfo bi a ne ho yɛ hu a ɔde abɔnefo a ɔmma wonwuwu mpo agu baabi a ɔyɛ wɔn ayayade daa.” Obisa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ tema atumi atra ase dinn asusuw biribi a ɛte sɛɛ [hell ho atetesɛm nkyɛrɛkyerɛ no] ho? Ɛbɛyɛ dɛn na Kristofo atumi asusuw onyame tirimɔdenfo ne weretɔfo a ɔte sɛɛ ho?”
Pinnock rekyerɛ nkɛntɛnso bɔne a ebia nkyɛrɛkyerɛ yi anya wɔ onipa nneyɛe so no, ɔka sɛ: “Minhu bɔne ko ara a wɔn a wogyee Onyankopɔn a ɔyɛ n’atamfo ayayade dii no ayɛ?” Ɔde twa to sɛ: “So eyi nyɛ nkyerɛkyerɛ a ɛhaw adwene sen biara a ɛsɛ sɛ wosusuw ho bio?” Yiw, sɛ wɔka sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den sɛɛ de a, ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ asɔrekɔfo a wodwen nsɛm ho rehwehwɛ hellgya mu bio. Na dɛn na wohu? Daa ayayade adwene no ho asɛnnennen foforo.
Hell ne Atɛntrenee
Nnipa pii a wosusuw hell atetesɛm nkyerɛkyerɛ no ho no hu sɛ ɛte sɛ nea ɛda Onyankopɔn adi sɛ ɔmfa atɛntrenee nni dwuma, ɛsɛe atɛntrenee ho adwene a wɔwɔ no. Ɔkwan bɛn so? Sɛ wode daa ayayade nkyɛrɛkyerɛ no toto atɛntrenee ho gyinapɛn bi a Onyankopɔn de mae ho a, wubenya mmuae biako: “Aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu.” (Exodus 21:24) Sɛnea ɛbɛyɛ a ntease bɛba nti, fa biribi a wɔde si biribi ananmu ho mmara a Onyankopɔn de maa tete Israelfo no toto hellgya nkyerɛkyerɛ no ho. Anka dɛn na ɛda adi sɛ wobɛka? Anka wobɛka sɛ abɔnefo a wɔyɛɛ daa ayayade no na ɛfata sɛ wɔyɛ wɔn daa ayayade saa ara—daa ayayade nsi daa ayayade ananmu. Nanso esiane sɛ nea adesamma (a sɛnea wɔyɛ nnipabɔnefo biara mfa ho no) betumi ayɛ ara ne ayayade a ɛba awiei nti, ayayade a wɔbɛyɛ wɔn daa no bɛma daa hellgya asotwe no aboro wɔn bɔne no so.
Sɛ yebetwa no tiawa a, wɔn asotwe no bɛyɛ kɛse dodo. Ɛbɛkɔ akyiri asen “aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu” koraa. Esiane sɛ Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde bɔne tua bɔne so ka nti, wubegye atom sɛ sɛ Kristofo hu sɛ wɔamfa atɛntrenee anni dwuma a, ɛbɛhaw wɔn yiye.—Mateo 5:38, 39; Romafo 12:17.
Wɔkyerɛ sɛ Nkyerɛkyerɛ no Teɛ
Nanso gyidifo pii kɔ so ka sɛ nkyerɛkyerɛ no teɛ. Ɔkwan bɛn so? Britaniani ɔkyerɛwfo Clive S. Lewis kasa ma wɔn a wose nkyerɛkyerɛ no teɛ no mu pii wɔ ne nhoma The Problems of Pain mu sɛ: “Sɛ mewɔ tumi a, anka nkyerɛkyerɛ biara nni hɔ a mɛpɛ yiye sɛ meyi afi Kristosom mu asen eyi. Nanso Kyerɛwnsɛm no, titiriw Yɛn Awurade ankasa nsɛm foa so denneennen.” Enti wɔn a wɔka sɛ ɛteɛ no ka nokware sɛ daa ayayade yɛ hu, nanso bere koro no ara wɔka sɛ ɛyɛ ahyɛde, efisɛ wɔte nka sɛ Bible na ɛkyerɛkyerɛ saa. Nyamekyerɛfo Pinnock ka sɛ: “Wɔnam gye a wogye tom sɛ ɛnyɛ anigye no so kyerɛ sɛ wogye di sɛ wokyerɛ gyidi a enhinhim wɔ Bible no mu, na wɔada wɔn ho adi sɛ wɔwɔ akokoduru sɛ wogye nokwasɛm a ɛyɛ hu sɛɛ yi di esiane sɛ kyerɛwsɛm na ɛkyerɛkyerɛ nti. Wɔma ɛyɛ te sɛ nea nokware a Bible no yɛ no ho wɔ asɛm. Nanso so ɛte saa ampa?”
Ebia wo nso wobɛka sɛ gyidi a wowɔ wɔ Bible no mu nti ɛsɛ sɛ wugye nkyerɛkyerɛ yi tom. Dɛn na Bible no ka ankasa?
[Ase hɔ asɛm]
a Eternal Life?—Life After Death as a Medical, Philosophical, and Theological Problem, kratafa 136.
[Adaka wɔ kratafa 5]
ADWENE BAASA A EHYIA
Protestantfo Gyidikasɛm a wɔn mu pii gye tom no kyerɛ sɛ “wɔbɛyɛ” wɔn a wɔnkɔ soro no “ayayade daa, na wɔde daa ɔsɛe atwe wɔn aso.‘’ The Encyclopedia of Religion kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ Roman Katolek Kristosom mu no, wobu hell sɛ daa asotwe tebea a ogya amanehunu ne ayayade afoforo na ɛwɔ hɔ.” Encyclopedia yi de ka ho sɛ “Apuei Fam Ortodoks Kristosom” nso “kyerɛkyerɛ sɛ hell yɛ beae a daa ogya ne asotwe wɔ hɔ retwɛn wɔn a wɔadome wɔn.” Po 6, nkratafa 238-9.