Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 8/15 kr. 17-22
  • Munkura Mo Ahosodi Mu Ma Emmu So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Munkura Mo Ahosodi Mu Ma Emmu So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛho Hia Nanso Ɛnyɛ Mmerɛw
  • Yɛn Nkate Horow a Yebedi So
  • Wo Nkate ne Wo Nuanom
  • Ebetumi Ayɛ Yiye!
  • Ahosodi​—Dɛn Nti Na Ɛho Hia Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ahosodi Aba A Yɛbɛsow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Da Ahosodi Adi, Na Woanya Nkonim Bo no!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Monkyerɛ Mo Nimdeɛ Mu Ahosodi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 8/15 kr. 17-22

Munkura Mo Ahosodi Mu Ma Emmu So

‘Momfa ahosodi nka mo gyidi ho.’​—2 PETRO 1:5, 6.

1. Tebea soronko bɛn mu na Kristoni betumi adi adanse?

YESU kae sɛ: “Me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahene anim na adi adanse akyerɛ [wɔn].” (Mateo 10:18) Sɛ wɔfrɛ wo kɔ amrado, ɔtemmufo, anaa ɔman panyin bi anim a, dɛn na anka wobɛka ho asɛm? Ebia nea wubedi kan aka ho asɛm ne nea enti a wowɔ hɔ, asɛm a wɔde ato wo so no. Anka Onyankopɔn honhom bɛboa wo ma woayɛ saa. (Luka 12:11, 12) Nanso wubetumi asusuw sɛ wobɛka ahosodi ho asɛm? So wubu ɛno sɛ yɛn Kristofo nkrasɛm no fã a ehia?

2, 3. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Paulo tumi dii Felike ne Drusila adanse? (b) Dɛn nti na na ɛfata sɛ Paulo ka ahosodi ho asɛm saa bere no?

2 Susuw asetra ankasa mu nhwɛso bi ho hwɛ. Wɔkyeree Yehowa Adansefo no mu biako, na wɔde no bae sɛ wɔrebedi n’asɛm. Bere a wɔmaa no kwan sɛ ɔnkasa no, ɔpɛe sɛ ɔkyerɛkyerɛ ne gyidi ahorow mu sɛ Kristoni, sɛ ɔdansefo. Wubetumi ahwehwɛ kyerɛwtohɔ no mu na wubehu sɛ ɔde mmara mu adanse a ɛfa “trenee ne [ahosodi] ne atemmu a ɛreba no” ho mae. Yɛreka osuahu bi a ɔsomafo Paulo nyae wɔ Kaesarea ho asɛm. Wodii kan bisabisaa no nsɛm. “Nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani bae, na ɔsoma kɔfrɛɛ Paulo, na wɔtiee Kristo Yesu mu gyidi no ho asɛm.” (Asomafo no Nnwuma 24:24) Abakɔsɛm bɔ amanneɛ sɛ Felike “yɛɛ atirimɔdenne biara de ne ho hyɛɛ akɔnnɔ bɔne ahorow nyinaa mu, na ɔde akoa nkate ahorow nyinaa dii tumi sɛ ɔhene.” Ná ɔwɔ yerenom baanu dedaw ansa na ɔdaadaa Drusila maa ogyae ne kunu (de too Onyankopɔn mmara), na ɔbɛyɛɛ ne yere a ɔto so abiɛsa. Ebetumi aba sɛ ɔbea no na na ɔpɛ sɛ ɔte nyamesom a aba so foforo no, Kristosom ho asɛm.

3 Paulo toaa so kaa “trenee ne [ahosodi] ne atemmu a ɛreba no” ho asɛm. (Asomafo no Nnwuma 24:25) Ná eyi betumi ada sɛnea Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow ne Felike ne Drusila atirimɔdenne ne nsisi no bɔ abira no adi. Ebia na Paulo ani da so sɛ ɔbɛkanyan Felike ma wabu atɛntreenee wɔ n’asɛm no mu. Nanso dɛn nti na ɔkaa “[ahosodi] ne atemmu a ɛreba” ho asɛm? Ná awarefo a wɔn bra asɛe yi rebisa nea “Kristo Yesu mu gyidi” kyerɛ ho asɛm. Enti na ɛsɛ sɛ wohu sɛ n’akyi a obi bedi no hwehwɛ sɛ odi ne nsusuwii, kasa, ne nneyɛe so, na eyi ne nea ahosodi kyerɛ. Nnipa nyinaa bebu akontaa akyerɛ Onyankopɔn wɔ wɔn nsusuwii, kasa, ne nneyɛe ho. Enti, na atemmu a Felike ne ne yere benya afi Onyankopɔn hɔ no ho hia sen atemmu biara a Paulo nsa bɛka afi amrado no hɔ wɔ n’asɛm no mu. (Asomafo no Nnwuma 17:30, 31; Romafo 14:10-12) Sɛnea ntease wom no, “Felike suroe” bere a ɔtee Paulo nkrasɛm no.

Ɛho Hia Nanso Ɛnyɛ Mmerɛw

4. Dɛn nti na ahosodi yɛ nokware Kristosom fã a ehia?

4 Ɔsomafo Paulo hui sɛ ahosodi ho hia kɛse wɔ Kristosom mu. Ɔsomafo Petro, Yesu yɔnkonom a na wɔbɛn no no mu biako, sii eyi so dua. Bere a Petro rekyerɛw wɔn a ‘wobenya ɔsoro suban mu kyɛfa’ wɔ soro no, ɔhyɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔda su horow a ɛho hia te sɛ gyidi, ɔdɔ, ne ahosodi, adi. Enti, na ahosodi ka awerɛhyem yi ho: ‘Sɛ eyinom wɔ mo mu na ebu so a, ɛremma monyɛ anihafo ne wɔn a wɔnsow aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ fam.’​—2 Petro 1:1, 4-8.

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ahosodi ho hia yɛn titiriw?

5 Nanso wunim sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛka sɛ ɛsɛ sɛ yɛda ahosodi adi sen sɛ yɛbɛda no adi ankasa wɔ yɛn daa asetra mu. Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ, sɛ wɔde toto nneɛma afoforo ho a, ahosodi ho yɛ na. Wɔ 2 Timoteo 3:1-5 no, Paulo kyerɛkyerɛɛ su horow a ɛbɛba wɔ yɛn bere so, wɔ “nna a edi akyiri” yi mu. Su biako a ɛbɛhyɛ yɛn bere yi agyirae ne sɛ pii ‘renhyɛ wɔn akɔnnɔ so.’ Yehu sɛnea nea atwa yɛn ho ahyia nyinaa ma eyi yɛ nokware, ɛnte saa?

6. Ɔkwan bɛn so na wɔda ahosodi a enni hɔ adi nnɛ?

6 Nnipa pii gye di sɛ “nkate horow a wɔda no adi a wonsiw ano” anaa “tumi a wɔde da nkate anaa abufuw a ano yɛ den adi” no ye. Wɔn a afoforo hwɛ wɔn sua wɔn a wɔtaa ka wɔn ho nsɛm kyerɛ ɔmanfo, a ɛte sɛ nea wɔpow ahosodi biara, na wodi wɔn nkate akyi ara kwa no, hyɛ nea wogye di no mu den. Yɛbɛyɛ mfatoho a: Wɔn a wɔn ani gye agumadi a nkurɔfo de ayɛ wɔn adwuma ho no taa hu nkate a ano yɛ den a wɔda no adi, abufuw a basabasayɛ wom mpo. Anyɛ yiye koraa no, so wonkae nsɛm amannɛebɔ binom a ɛfa agumadi ahorow a ekowiee ntɔkwaw a nnipa pirapirae wom anaa nnipakuw basabasayɛ mu ho? Nanso, yɛn asɛm no nhwehwɛ sɛ yegye bere pii de hwehwɛ ahosodi a wɔnna no adi ho nhwɛso ahorow mu. Wubetumi abobɔ nneɛma pii a ehia sɛ yɛda ahosodi adi wom din​—yɛn adidi ne ɔnom mu, yɛn su wɔ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ho, ne bere ne sika a yɛsɛe no wɔ anigyede ahorow mu. Nanso sɛ́ anka yɛbɛhwehwɛ ɛnonom pii mu aniani no, momma yɛnhwehwɛ ade titiriw biako a ɛsɛ sɛ yɛda ahosodi adi wom mu.

Yɛn Nkate Horow a Yebedi So

7. Ahosodi fã bɛn na ehia sɛ yɛma yɛn ani kũ ho?

7 Yɛn mu bebree atumi adi yɛn nneyɛe so anaa yɛahyɛ so sɛnea ɛfata. Yɛmmɔ korɔn, yɛmfa yɛn ho nhyɛ ɔbrasɛe mu, anaa yenni awu; yenim Onyankopɔn mmara a ɛfa bɔne a ɛtete saa ho. Nanso, yetumi di yɛn nkate horow so dɛn? Bere bi akyi no, wɔn a wontumi nni wɔn nkate so no ntumi nni wɔn nneyɛe so mpɛn pii. Enti momma yɛmfa yɛn adwene nsi yɛn nkate so.

8. Ɛdefa yɛn nkate horow ho no, dɛn na Yehowa hwehwɛ wɔ yɛn ho?

8 Yehowa nhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ ade te sɛ mfiri, a yenni nkate anaa yɛnna nkate biara adi. Bere a Yesu wɔ Lasaro ɔboda ho no, “oguu ahome honhom mu, na ne ho yeraw no.” Afei “Yesu sui.” (Yohane 11: 32-38) Ɔdaa nkate foforo adi, bere a ɔpam sikasesafo fii asɔrefie hɔ a na ɔwɔ ne nneyɛe so tumi korakora no. (Mateo 21:12, 13; Yohane 2:14-17) N’asuafo ahokwafo no nso daa nkate horow a emu yɛ den adi. (Luka 10:17; 24:41; Yohane 16:20-22; Asomafo no Nnwuma 11:23; 12:12-14; 20:36-38; 3 Yohane 4) Nanso, wohui sɛ ahosodi ho hia na wɔn nkate no ankowie bɔne mu. Efesofo 4:26 ma eyi mu da hɔ yiye sɛ: “Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so.”

9. Dɛn nti na yɛn nkate a yebedi so ho hia kɛse?

9 Asiane wom sɛ ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea Kristoni bi wɔ ahosodi, bere a nokwarem no, ontumi nni ne nkate horow so. Kae nea ɛbae bere a Onyankopɔn ani sɔɔ Habel afɔrebɔ no: “Kain bo fuwii pii, na omunae. Na [Yehowa] ka kyerɛɛ Kain sɛ: Ɛdɛn nti na wo bo afuw, na ɛdɛn nti na woamuna yi? Sɛ woyɛ yiye a, anka w’anim rentew anaa? Na sɛ wonnyɛ yiye a, bɔne butuw ɔpon ano, na w’akyi kwan na ɛhwehwɛ.” (Genesis 4:5-7) Kain anni ne nkate so, na ɛmaa okum Habel. Nkate a wanhyɛ so kowiee adeyɛ bi a wanhyɛ so mu.

10. Dɛn na wusua fi Haman nhwɛso no mu?

10 Susuw Mordekai ne Ester bere so nhwɛso bi nso ho hwɛ. Ɔbapɔmma kunini a wɔfrɛ no Haman bo fuwii sɛ Mordekai ankotow ansɔre no. Akyiri yi, Haman nyaa adwene a ɛnteɛ sɛ wɔbɛdom no. “Da no Haman de anigye ne koma pa fii adi, na Haman huu Mordekai ɔhene ponkɛse no mu sɛ ‘wansɔre nanso wanka ne ho koraa n’anim no, ne bo fuw Mordekai sɛ. Nanso Haman siw ne ho so, na osiim kɔɔ ne fi.” (Ester 5: 9, 10) Ɔtee anigye nka ntɛm. Nanso ne bo nso fuw ntɛm bere a ohuu obi a ɔwɔ ne ho menasepɔw ara kwa no. So wususuw sɛ asɛm a Bible no kae sɛ Haman ‘dii ne ho so’ no kyerɛ sɛ na ɔyɛ ahosodi ho nhwɛso pa? Dabida. Saa bere no, Haman dii ne nneyɛe ne nkate biara a anka ɔbɛda no adi so, nanso wanni n’abufuw a efi ahoɔyaw mu no so. Ne nkate no maa osusuw awudi ho.

11. Dɛn nsɛnnnennen na na ɛwɔ Filipifo asafo no mu, na dɛn na ebia ɛde bae?

11 Saa ara na nkate horow a Kristofo nni so nnɛ no betumi apira wɔn. Ebia ebinom bɛte nka sɛ, ‘O, ɛno ntumi mma asafo no mu.’ Nanso aba pɛn. Kristofo baanu a wɔasra wɔn a na wɔwɔ Filipi nyaa akasakasa bi a anibere wom a Bible no kyerɛkyerɛ mu. Susuw nea anka ebetumi aba yi ho hwɛ sɛ nhwɛso: Euodia too nsa frɛɛ anuanom mmarima ne mmea binom maa wokodidii anaa wohyiaam gyee wɔn ani. Wanto nsa amfrɛ Sintike, na ɛhaw no. Ebia nea ɔyɛe wɔ ho ne sɛ akyiri yi ɔno nso anto nsa amfrɛ Euodia. Afei wɔn baanu no fii ase hwehwɛɛ wɔn ho mfomso ahorow; akyiri yi, na wɔn mu biara ntaa nkasa ne yɔnko ho. Wɔ asɛm a ɛte sɛɛ mu no, so to a wɔanto nsa amfrɛ obi amma wankodidi titiriw ne asɛnnennen no? Dabi. Ɛno na ɛma ɛdaa adi ara kwa. Bere a saa anuanom mmea baanu a wɔasra wɔn no anni wɔn nkate horow so no, nea efii ase ketewaa bi no bɛyɛɛ asɛnkɛse. Asɛnnennen no traa hɔ na ɛyɛ kɛse kosii bere a na ɛsɛ sɛ ɔsomafo bi de no ho gye asɛm no mu.​—Filipifo 4:2, 3.

Wo Nkate ne Wo Nuanom

12. Dɛn nti na Onyankopɔn de afotu a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 7:9 no ma yɛn?

12 Nokwarem no, sɛ obi te nka sɛ wɔabu no abomfiaa, wɔafom no, anaa wɔne no adi wɔ ɔkwammɔne so a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ obedi ne nkatae so. Yehowa nim saa, efisɛ wahwɛ nnipa ntam abusuabɔ fi adesemma mfiase. Onyankopɔn tu yɛn fo sɛ: “Mma wo honhom mmpere abohuru ho, na nkwasea kokom na abohuru te.” (Ɔsɛnkafo 7:9) Hyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ nneyɛe na Onyankopɔn di kan twe adwene si so, na mmom nkate. (Mmebusɛm 14:17; 16:32; Yakobo 1:19) Bisa wo ho sɛ, ‘So ɛsɛ sɛ meyɛ pii de di me nkate horow so?’

13, 14. (a.) Wɔ wiase no mu no, dɛn na nkate a wonni so taa de ba? (b) Nneɛma bɛn na ebetumi ama Kristofo anya wɔn nuanom ho menasepɔw?

13 Wiase mu nnipa pii a wonni wɔn nkate horow so no fi awerɛdi su ase​—biribi a wɔayɛ atia wɔn ampa anaa nea wosusuw sɛ wɔayɛ atia wɔn anaa wɔn busuani bi ho abufuw a emu yɛ den, anaa basabasayɛ mpo. Sɛ obi antumi anni ne nkate horow so a, nkɛntɛnso a epira no betumi atra hɔ akyɛ. (Fa toto Genesis 34:1-7, 25-27; 49: 5-7; 2 Samuel 2:17-23; 3:23-30; Mmebusɛm 26:24-26 ho.) Ɛda adi sɛ ɛmfa ho ɔman anaa faako a Kristofo fi no, ɛsɛ sɛ wobu nitan ne menasepɔw a ɛtete saa yi sɛ ɛnteɛ, ɛyɛ bɔne, na ɛsɛ sɛ wɔkwati. (Leviticus 19:17) So wubu menaasepɔw a wobɛkwati no sɛ ɛka ahosodi a ɛsɛ sɛ wunya wɔ wo nkate so no ho?

14 Te sɛ nea na ɛte wɔ Euodia ne Sintike fam no, nkate a wonni so no betumi de nsɛnnennen aba mprempren. Onuawa bi betumi ate nka sɛ woabu no animtiaa sɛ wɔanto nsa amfrɛ no ankɔ ayeforohyia bi ase. Anaa ebia ne ba anaa ne nua bi na wɔanto nsa amfrɛ no. Anaasɛ ebia onua bi tɔɔ kar dedaw bi fii ne yɔnko Kristoni bi hɔ, na ankyɛ na ɛsɛee. Ɛmfa ho nea efi no, eyi betumi de ɔhaw aba, na sɛ wɔn a asɛm no fa wɔn ho no anni wɔn nkate so a, wɔn bo betumi afuw. Afei dɛn na ebetumi aba?

15. (a) Dɛn na afi Kristofo ntam menaasepɔw mu aba a ɛyɛ awerɛhow? (b) Bible afotu bɛn na ɛfa su a ɛde menasepɔw ba ho?

15 Sɛ obi a ne bo afuw ammɔ mmɔden anni ne nkate so ansiesie ɔne ne nua no ntam a, obetumi anya ne ho menasepɔw. Mmere bi aba a Adansefo bi kae sɛ wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn kɔ Asafo Nhoma mu Adesua kuw bi mu efisɛ na ‘wɔn ani nnye ho’ sɛ Kristoni bi anaa abusua bi kɔ hɔ. Awerɛhosɛm bɛn ara ni! Bible no se ɛbɛyɛ nkogudi sɛ Kristofo de wɔn ho wɔn ho bɛkɔ wiase asennibea ahorow, nanso so ɛnyɛ nkogudi saa ara sɛ esiane biribi a onua bi yɛe anaa ɔka tiaa yɛn, anaa yɛn busuani bi bere bi a atwam nti yɛbɛkwati no? So yɛn nkate horow da no adi sɛ yɛde honam fam abusuafo di asomdwoe a yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea benya anim? So yɛka sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yebewu ama yɛn nuabea, nanso yɛn nkate hyɛ yɛn so araa ma mprempren yɛnkasa ne ho? (Fa toto Yohane 15:13 ho.) Onyankopɔn ka kyerɛ yɛn pefee sɛ: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka . . . Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu. Adɔfo, munnnidi mo ho were, na mmom munnyaw mma (Onyankopɔn) abufuw!”​—Romafo 12:17-19; 1 Korintofo 6:7.

16. Nhwɛso pa bɛn na Abraham yɛe wɔ nkate a wodi so mu?

16 Sɛ́ anka yɛbɛma nitan akɔ so no, nea yebetumi ayɛ de adi yɛn nkate so ne sɛ yɛbɛhwehwɛ asomdwoe anaa yɛbɛsiesie asɛm a yɛwɔ tia obi no. Kae bere a na asase no sua ma Abraham ne Lot mmoa a wɔdɔɔso, na ɛmaa akasakasa baa wɔn apaafo ntam no. So Abraham maa ne nkate dii ne so? Anaa ɔdaa ahosodi adi? Nea ɛfata nkamfo no, ɔkamfo kyerɛe sɛ wɔmfa asomdwoe nsiesie adwuma mu akasakasa no; sɛ wɔn mu biara nnya n’asase. Na ɔmaa Lot dii kan paw nea ɔpɛ. Nea ɛkyerɛ sɛ na Abraham nni ɔtan su ne menasepɔw biara no, akyiri yi ɔkɔko maa Lot.​—Genesis 13:5-12; 14:13-16.

17. Ɔkwan bɛn so na Paulo ne Barnaba dii huammɔ bere bi, nanso dɛn na ɛbae wɔ ɛno akyi?

17 Yebetumi asua ahosodi ho ade afi asɛm bi a esii Paulo ne Barnaba ntam nso mu. Bere a na wɔde mfe bi ayɛ adwuma abom no, wɔn adwene anhyia wɔ Marko a ebia wɔde no bɛka wɔn ho wɔ akwantu bi mu anaa wɔmmfa no nnka ho. “Akasakasa a emu yɛ den bae, na ɛma wɔpaapaee mu, na Barnaba faa Marko faa nsu ani kɔɔ Kipro.” (Asomafo no Nnwuma 15:39) Ɛsɛ sɛ tumi a saa mmarima a wɔn ho akokwaw yi antumi anni wɔn nkate so saa bere no yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn. Sɛ etumi baa saa wɔ wɔn fam a, ebetumi aba saa wɔ yɛn fam. Nanso, wɔamma wɔn ntam anyɛ basaa bere tenten anaa aweredi su ankɔ so. Kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ saa anuanom no san dii wɔn nkate so na akyiri yi wɔde asomdwoe yɛɛ adwuma boom.​—Kolosefo 4:10; 2 Timoteo 4:11.

18. Sɛ mfomso bi ba a, dɛn na Kristoni a ne ho akokwaw betumi ayɛ?

18 Yebetumi ahwɛ kwan sɛ abufuw, menasepɔw mpo, betumi aba Onyankopɔn nkurɔfo ntam. Ɛbaa saa wɔ Hebrifo bere so ne asomafo no bere so. Aba wɔ Yehowa asomfo mu wɔ yɛn bere yi so, efisɛ yɛn nyinaa nyɛ pɛ. (Yakobo 3:2) Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ ntɛm nsiesie nsɛnnennen a ɛte saa a ɛwɔ anuanom ntam. (Mateo 5: 23-25) Nanso eye sɛ yebedi kan asiw ano denam ahosodi a yɛbɛda no adi kɛse so. Sɛ wo nuabarima anaa wo nuabea kae anaa ɔyɛɛ ade ketewa bi a wote nka sɛ ɔde buu wo animtiaa anaa ɛhaw wo a, dɛn nti na wunni wo nkate so na wummu w’ani ngu so kɛkɛ? So ɛho hia ankasa sɛ wokɔ onii no nkyɛn, te sɛ nea wo ho rentɔ wo kosi sɛ obegye ne mfomso atom? Wutumi di wo nkate so kodu he koraa?

Ebetumi Ayɛ Yiye!

19. Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛn nkɔmmɔbɔ no gyina yɛn nkate a yebedi so no so?

19 Yeasusuw ahosodi fã biako, nkate so di, ho titiriw. Na ɛno yɛ ade titiriw efisɛ yɛn nkate a yenni so no betumi akowie ahosodi a yennya wɔ yɛn kasa, nna ho akɔnnɔ, adidi, ne nneɛma afoforo pii a ɛsɛ sɛ yɛda ahosodi adi wom no mu. (1 Korintofo 7:8, 9; Yakobo 3:5-10) Nanso ɛnsɛ sɛ wo bo tu, efisɛ wubetumi anya nkɔso wɔ ahosodi a woda no adi mu.

20. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ yebetumi anya nkɔanim?

20 Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn. Yɛbɛyɛ dɛn agye adi? Wiɛ, ahosodi yɛ ne honhom aba no biako. (Galatifo 5:22, 23) Enti, bere dodow a yɛyɛ nea ɛbɛma yɛatumi anya honhom kronkron afi Yehowa hɔ na yɛada n’aba no adi no, dodow no ara na yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya ahosodi. Ɛnsɛ sɛ wo werɛ fi Yesu bɔhyɛ yi da: ‘Agya a ɔwɔ ɔsoro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no!’​—Luka 11:13; 1 Yohane 5:14, 15.

21. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ daakye wɔ ahosodi ne wo nkate horow ho?

21 Ɛnsɛ sɛ wususuw sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw. Na ebia ɛbɛyɛ den pii ama wɔn a wɔtetee wɔn wɔ faako a nkurɔfo a wontumi nni wɔn nkate so wɔ, ne wɔn a wɔn bo nkyɛ fuw, anaa wɔn a woammɔ mmɔden da sɛ wobedi wɔn ho so. Wɔ Kristoni a ɔte saa fam no, ahosodi a obekura mu na wama abu so betumi ayɛ asɛnnennen ankasa. Nanso ebetumi ayɛ yiye. (1 Korintofo 9:24-27) Bere a yɛkɔ so bɛn mprempren nneɛma nhyehyɛe yi awiei no, ɔhaw ne nhyɛso ahorow bɛdɔɔso. Ɛnyɛ ahosodi kakraa bi na yebehia na mmom pii, pii sen bere biara! Hwehwɛ wo ho mu hwɛ sɛnea w’ahosodi te. Sɛ wuhu mmeae bi a ehia sɛ woyɛ pii a, bɔ ho mmɔden. (Dwom 139:23, 24) Srɛ Onyankopɔn na ɔmma wo ne honhom no pii. Obetie wo na waboa wo ma woatumi akura ahosodi mu ma abu so.​—2 Petro 1:5-8.

Nsɛm a Yebetumi Asusuw Ho

◻ Dɛn nti na wo nkate horow a wubedi so no ho hia kɛse?

◻ Dɛn na woasua afi Haman ne afei Euodia ne Sintike nhwɛso ahorow no mu?

◻ Sɛ obi hyɛ wo abufuw a, dɛn na wufi nokwaredi mu bɛbɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so na ahosodi betumi aboa wo ma woakwati menasepɔw biara?

[Mfonini wɔ kratafa  18]

Bere a Paulo kɔɔ Felike ne Drusila anim no, ɔkaa trenee ne ahosodi ho asɛm

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena