So Ahobammɔ Ankasa wɔ Hɔ?
SƐNKYERƐWFO Ralph Waldo Emerson kae bere bi sɛ: “Nnipa a wonnim hwee de wɔn ho to akraye so . . . Nnipa a wobu bra pa na wɔn adwenem da hɔ de wɔn ho to nea ɛde biribi ba ne nea efi mu ba so.” Yiw, obi a ɔde ne ho to anwonwade tumi a nsɛbɛ ne akraye asuman wɔ so no de n’asetra hyɛ tumi ahorow a wonhu nsa. Ɔmfa ntease ne nyansa nsusuw nsɛm ho, na ɔma gyidi hunu mu osuro a nyansa nnim hyɛ no so. Nanso, Bible no betumi ama obi ade ne ho afi osuro ahorow a ɛtete saa mu. Ɛkyerɛ sɛ ahoɔden ne tumi nni nsɛbɛ ne asuman mu. Ɔkwan bɛn so? Sɛnea The New Encyclopedia Britannica kyerɛ no, “wogye di sɛ nsɛbɛ nya tumi fi abusuabɔ a ɛne [nneɛma afoforo akyi no] abɔde mu tumi ahorow wɔ no mu.” Saa tumi ahorow yi betumi ayɛ ‘awufo ahonhom’ anaa ‘akrayɛ tumi.’ Nanso Bible no kyerɛ pefee sɛ awufo ‘nnim biribiara.’ (Ɔsɛnkafo 9:5) Enti, awufo ahonhom biara nni hɔ a wobetumi aboa ateasefo anaa wɔapira wɔn; saa ara na tumi a aniwa nhu te sɛ akrayɛ biara nni hɔ a ebetumi aboa wo.
Wɔ Bible mmere mu no, Onyankopɔn buu wɔn a wogyaw no, a wɔn werɛ fii ne bepɔw kronkron, ‘wɔn a wɔtow pon ma Akraye nyame no na wɔhyɛ mfrasa nkuruwa amaama ma Hyɛbea nyame no,’ fɔ. Sɛ́ anka wɔn a wɔde wɔn ho too akraye so no benya ahobammɔ no, ɔma wɔsɛee wɔn. Yehowa Nyankopɔn kae sɛ: “Mede mo mɛma afoa.”—Yesaia 65:11, 12.
Saa ara na tete kurow Babilon nam ntafoayi a wodii akyi so de wɔn ho too ahobammɔ a wobenya afi anwonwade tumi so. Nanso ne nyinaa akyi no, wɔsɛee Babilon. Odiyifo Yesaia twaa mpoa sɛ: “Kɔ so wɔ wo kaberekyere ne wo ntafoayi akɛse no mu. Ebia wubenya mmoa afi mu . . . Nanso dabi! W’anitew dodow no nyinaa akyi no, wunni tumi.” (Yesaia 47:12, 13, The New English Bible) Awiei koraa no saa ɔman no ase gui koraa. Asuman mu gyidi no yɛɛ kwa. Saa ara na sɛbɛ, suman, anaa ahobammɔ ade biara rentumi nyɛ biribiara mmoa wo anaa ɛmmɔ wo ho ban
Ɛyɛ Abosonsom
Nanso, ebia ebinom renhu asiane biara a ɛwom sɛ wɔde biribi hanahana, adanko nan, anaa nyamesom agyiraehyɛde bi bedi dwuma. So eyinom nyɛ nneɛma nketenkete bi ara kwa a ɛnsɛe hwee? Bible no kyerɛ sɛ ɛnte saa. Ɛka sɛ asumansɛm yɛ asiane ankasa.
Nsɛbe a wɔde di dwuma yɛ abosonsom—biribi a Onyankopɔn asɛm kasa tia pefee. (Exodus 20:4, 5) Ɛyɛ nokware sɛ ebia obi rente nka sɛ ɔresom sɛbɛ anaa ahobammɔ ade bi ankasa. Nanso so nya a obenya bi kɛkɛ no nkyerɛ sɛ ɔde nidi, ne ɔsom rema asumansɛm mu tumi a aniwa nhu? Na so ɛnyɛ nokware sɛ wɔtaa de ɔsom mu nidi (te sɛ ebia ɛho a wɔtaforo no) ma asuman no ankasa? Nanso Bible no tu Kristofo fo wɔ 1 Yohane 5:21 sɛ: “Monwɛn nyi mo ho mfi abosom ho.” So nneɛma a wobu no sɛ asuman anaa nsɛbɛ renka eyi ho?
Asumansɛm mu Afiri
Nnipa pii nam nsɛbɛ a wɔde di dwuma so ma asumansɛm sum wɔn afiri. Ɛyɛ nokware sɛ ebia amanneɛ na ema ebinom de ade hanahana anaa ntafoayi mu aduro di dwuma, na mmom ɛnyɛ gyidi a wɔwɔ wom nti. Nanso sɛnea tuutuuni a obi ne no begoru no betumi ama wanya AIDS no, saa ara na asumansɛm a wɔde di agoru nso betumi akowie asiane mu. Ntease pa nti na Onyankopɔn baraa Israelfo no sɛ wɔmmfa wɔn ho nnhyɛ ntafoayi, abosonkɔm, ne adebisa mu no. Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “[Yehowa] akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa.”—Deuteronomium 18:10-14.
Dɛn nti na ɔbaraa no katee saa? Efisɛ tumi a aniwa nhu a ɛhyɛ nneyɛe a ɛtete saa no akyi no nyɛ awufo ahonhom anaa akraye mu tumi, na mmom Satan Ɔbonsam ne n’adaemone.a Na nsɛbɛ a wɔde di dwuma no da adi sɛ adaemone som pefee. Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words ka sɛ: “Wɔ ntafoayi mu no, na wɔtaa kankye hwehwɛ asumansɛm mu tumi, bisa ade, na wɔde asuman, nsɛbɛ, ne nea ɛkeka ho ka nnuru a ano yɛ den anaa nea ano nyɛ den a wɔde di dwuma ho.”
Enti obi a ɔwɔ suman no de ne ho hyehyɛ ahonhonsɛmdi mu. Obetumi aba “wi yi ase nyame”—Satan Ɔbonsam nkɛntɛnso a ɛyɛ hu no ase ma wadi no so. (2 Korintofo 4:4) Enti, ntease wom sɛ Bible no hyɛ yɛn sɛ yɛnkwati ahonhonsɛmdi ahorow nyinaa.—Galatifo 5:19-21.
Gyidi Hunu a Wobɛde Wo Ho Afi Ho
Nanso The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Ebia gyidi hunu bɛkɔ so anya asetra so nkɛntɛnso, bere tenten a nnipa suro wɔn yɔnko nnipa na wɔnnim nea ɛbɛba daakye no.” Nanso Yehowa Adansefo reboa pii ma wɔade wɔn ho afi gyidi hunu a epira ho. South Afrikani bea bi ka sɛ: “Ahonhommɔne haw me, na na muti ayɛ me fie ma sɛnea ɛbɛbɔ me ho ban afi wɔn ho.” Yehowa Adansefo boaa no ma ohuu asiane a ɛwɔ asumansɛm a obi de ne ho behyem no mu. Dɛn na ɔyɛe wɔ ho? Ɔka sɛ: “Mifii ase too biribiara a mewɔ a ɛfa adaemonesɛm ho gui. Minyaa akwahosan pa. Mihyiraa me nkwa so sɛ mɛsom Yehowa na wɔbɔɔ me asu.” Mprempren wade ne ho afi gyidi hunu ne ahonhonsɛmdi ho.
Susuw Nigeriani dunsinni bi a na ɔde ahonhonsɛmdi bata n’ayaresa ho no nso ho hwɛ. Ná ɔtaa de ahunahuna ne duabɔ pam Yehowa Adansefo a wɔkɔ ne fie. Bere bi mpo, ɔyɛɛ aduru soronko bi, kankye guu so, na ohuw guu Ɔdansefo bi anim! Ɔteɛm sɛ: “Ebedi nnanson no na woawu!” Nnanson akyi no, Ɔdansefo no san kɔɔ hɔ bio, na ɛmaa dunsinni no pue fii ne fie ntɛm bɛhwɛɛ no, efisɛ na ogye di sɛ wahu saman! Bere a afei ɛdaa adi sɛ mfaso nni ne ntafoayi no so no, ɔpenee Bible adesua so na awiei koraa no, n’ankasa bɛyɛɛ Ɔdansefo.
Wo nso wubetumi ade wo ho afi osuro ne gyidi hunu nkoayɛ mu. Nokwarem no, ebia eyi renyɛ mmerɛw. Ebia wunyinii wɔ beae a wɔde nsɛbɛ ne asuman di dwuma wɔ hɔ pii. Kristofo a na wɔwɔ tete Efeso hyiaa asɛnnennen a ɛte saa. Ná wɔte beae a ahonhonsɛmdi nkɛntɛnso yɛ kɛse wɔ hɔ. Dɛn na wɔyɛe bere a wosuaa Onyankopɔn Asɛm mu nokware no? Bible no se: “Wɔn a wɔyɛ asumanne no mu bebree de wɔn nhoma bae bɛhyewee wɔ nnipa nyinaa anim; na wobuu ne bo ano hui sɛ esi nnwetɛbona ɔpeduonum.”—Asomafo no Nnwuma 19:19.
Onyankopɔn Ahobammɔ a Wubenya
Sɛ wode wo ho fi asumanne ahorow nyinaa mu a, so worentra hɔ a wunni ahobammɔ biara anaa? Nea ɛne no bɔ abira no, “Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui.” (Dwom 46:1) Onyankopɔn ahobammɔ bɛda adi kɛse bere a ɔsɛe saa nneɛma nhyehyɛɛ bɔne yi no. “[Yehowa] nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmu da.”—2 Petro 2:9; fa toto Dwom 37:40 ho.
Nanso, ‘ɛbere ne akwanhyia to yɛn nyinaa.’ (Ɔsɛnkafo 9:11) Onyankopɔn nhyɛ ne nkoa bɔ sɛ wobenya asetra a ɔhaw nnim anaa ɔbɛbɔ wɔn ho ban afi esiane biara a ebetumi ato wɔn mu. Nanso, ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ yɛn honhom fam yiyedi ne yɛne ne ntam abusuabɔ ho ban. (Dwom 91:1-9) Ɔkwan bɛn so? Ade biako ne sɛ, ɔma yɛn mmara ne nnyinasosɛm ahorow a ɛso betumi aba yɛn mfaso na abɔ yɛn ho ban afi Satan nkɛntɛnso bɔne no ho. (Yesaia 48:17) Ɛdenam Yehowa akwan a yebenya ho nimdeɛ so no, ‘adwempa bɛhwɛ yɛn so, na ntease abɔ yɛn ho ban’—afi biribi te sɛ dwumadi ahorow a mfaso nni so na asiane wom ho.—Mmebusɛm 2:11.
Ɔkwan foforo a Onyankopɔn fa so bɔ yɛn ho ban ne sɛ ɔma yɛn “tumi a ɛboro so no” wɔ sɔhwɛ bere mu. (2 Korintofo 4:7) Na sɛ tebea ahorow reyɛ abunkam Kristoni bi so a, Ɔde “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no” hwɛ ne koma ne n’adwene so. (Filipifo 4:7) Yiw, wɔasiesie Kristoni ma ‘watumi agyina pintinn ne Ɔbonsam nnɛɛdɛe no adi asi.’—Efesofo 6:11-13.
Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya ahobammɔ a ɛte saa? Fi ase denam Yehowa ne ne Ba Yesu Kristo ho nimdeɛ a wubenya no so. (Yohane 17:3) Yehowa Adansefo betumi ayɛ pii de aboa wo wɔ eyi mu. Bere a wo ne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den no, wubefi ase ate n’ahobammɔ a efi anyamye mu no nka. Onyankopɔn ka, sɛnea yɛkenkan wɔ Dwom 91:14 no sɛ: “Na sɛ ɔfam me ho yi, megye no, mɛma no so, na onim me din.”
Nokwarem no, sɛ wudi nokware ma Onyankopɔn a, awiei koraa no, ɔde daa nkwa wɔ wiase foforo a ɛreba no mu behyira wo. Yehowa de awerɛhyem ma wɔn a wɔbɛtra ase saa bere no sɛ: “Obi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa] ano na aka.” (Mika 4:4) Ɔyare ne owu befi hɔ. (Adiyisɛm 21:4) Nanso nnɛ mpo, wubetumi anya ahobammɔ a ɛsɛ—sɛ wo ne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den a. Te sɛ odwontofo no, wubetumi aka sɛ: “Me [mmoa] fi [Yehowa], ɔsoro ne asase Yɛfo no.”—Dwom 121:2.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ ɛho nsɛm afoforo a, hwɛ nhomawa Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa? a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii mu.
[Mfonini wɔ kratafa 6]
Kristofo a wɔwɔ Efeso too biribiara a ɛfa asumansɛm ho gui
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, osuro befi hɔ