Bɔhyɛ Asase no so Mmeae Ahorow
Gilead—Akokodurufo Atrae
AKA kakraa bi ma Israelfo no atwa Yordan Asubɔnten no akɔ Bɔhyɛ Asase no so no, Mose hyɛɛ wɔn sɛ: “Monyɛ den na monyɛ nnam. . . . [Yehowa] wo Nyankopɔn no, ɔno na ɔne wo nam.”—Deuteronomium 31:6.
Ná Mose afotu no fa Ruben ne Gad abusuakuw ne Manase abusuakuw fã no nso ho. Ná wɔahu sɛ ‘Gilead asase no yɛ baabi a eye ma mmoa,’ enti wɔkae sɛ wɔmma wɔnkɔtra Gilead asase no so.—Numeri 32:1-40.
Ná Gilead wɔ Yordan agya, apuei fam. Ɛkame ayɛ sɛ na apuei fam hɔ nyinaa, efi Po a Awu no kusuu fam nohoa kosi Galilea Po no ho ka ho. Ná saa asase yi fi ase wɔ Yordan Bon no mu kosi nsase tamaa ne nkoko nkuruwankuruwa a nsu wɔ hɔ pii so. Enti na Gilead yɛ beae a eye ma nnɔbae ne mmoayɛn. Atifi hɔ mfonini no ma wuhu sɛnea na Gilead fã bi te. Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru bata saa beae a ɛhɔ yɛ anigye sen mmeae afoforo no ho?
Ɛda adi sɛ mmusuakuw a wɔpaw sɛ wɔbɛtra Gilead no amfa osuro na ɛyɛɛ saa. Kae sɛ wogye toom sɛ wobɛtwa Yordan no ne Bɔhyɛ Asase no so atamfo akɔko. Na bere a wɔsan baa Gilead no na wohia akokoduru kɛse. Dɛn ntia? Wiɛ, na wɔne aman afoforo bɔ hye, ma enti na ebetumi ama Amonfo atow ahyɛ wɔn so wɔ kesee fam apuei, na Siriafo ayɛ saa ara wɔ kusuu fam. Na wɔtow hyɛɛ wɔn so nso.—Yosua 22:9; Atemmufo 10:7, 8; 1 Samuel 11:1; 2 Ahene 8:28; 9:14; 10:32, 33.
Saa ntua no ne mmere titiriw a na wohia akokoduru. Sɛ́ nhwɛso no, bere a Yehowa maa Amonfo no hyɛɛ Gilead so no, Onyankopɔn nkurɔfo no sakrae na wɔmaa “ɔbarima a ɔyɛ nnam,” a na wɔfrɛ ne papa nso Gilead bedii wɔn so. Ná wɔfrɛ ɔsabarima, anaa barima kokodurufo yi Yefta. Wonim no yiye esiane ntam bi a ɔkae, a ɛkyerɛe sɛ ɛwom sɛ na ɔwɔ akokoduru de, nanso ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn akwankyerɛ ne mmoa no nti. Yefta kaa ntam sɛ, sɛ Onyankopɔn ma otumi di Amonfo atirimmɔdenfo no so nkonim a, ɔde nea obedi kan afi ne fie abehyia no no ‘bɛma sɛ afɔre mũ,’ anaa ɔde no bɛbɔ afɔre ama Onyankopɔn.a Ɛno baam wɔ ne babea koro no so, na akyiri yi, ɔkɔsom wɔ Onyankopɔn kronkronbea hɔ. Yiw, Yefta ne ne babea no daa akokoduru adi wɔ akwan a ɛsonsonoe so.—Atemmufo 11:1, 4-40.
Wɔdaa akokoduru a ebia wonnim no pii saa adi wɔ Saul bere so. Sɛnea ɛbɛyɛ na woatwa tebea no ho mfonini no, kae sɛ bere a Saul bɛyɛɛ ɔhene no, Amonfo no pɛe sɛ wotutu mmarima a wofi Yabes-Gilead, a ɛyɛ kurow a ebia na ɛwɔ suka a efi nkoko no mu kɔ Yordan so no ani nifa. Saul hoahoaa asraafo ano ntɛm kɔhyɛɛ Yabes den. (1 Samuel 11: 1-11) Bere a nsɛm yi wɔ yɛn adwenem no, momma yɛnhwɛ sɛnea wɔdaa akokoduru adi wɔ Saul nniso no awiei.
Ebia wobɛkae sɛ Saul ne ne mma mmarima baasa wui bere bi a wɔne Filistifo redi ako. Saa atamfo no twaa Saul ti na wofii nkonimdi mu sɛn Saul ne ne mma no afunu wɔ Bet-San fasu no ho. (1 Samuel 31:1-10; wɔ nifa so no, wuhu Bat-San siw a wɔatutu mu no.) Wɔtee eyi ho asɛm wɔ Yabes, a ɛwɔ Gilead nkoko no so wɔ Yordan agya no. Dɛn na Gileadfo no tumi yɛe wɔ atamfo a wɔn ho yɛ den araa ma wotumi dii Israel hene so nkonim no anim?
Hwɛ asase ho mfonini no na hwɛ ɔkwan a wɔfaa so. “Akofofo nyinaa sɔree anadwo nam anadwo nyinaa kɔfaa Saul funu ne ne mma afunu no fii Bet-San fasu no ho de baa Yabes, na wɔhyewee wɔ hɔ.” (1 Samuel 31:12) Yiw, wotuu ɔsa kɔɔ atamfo no abankɛse mu anadwo. Wubetumi ate nea enti a Bible no frɛ wɔn akofofo, anaa akokodurufo no ase.
Akyiri yi, mmusuakuw du tew wɔn ho kɔyɛɛ Israel kusuu fam ahenni no, na na Gilead ka ho. Aman a atwa wɔn ho ahyia no, Siriafo na afei Asiriafo fii ase gyee saa asase a ɛwɔ Yordan apueifam no afã bi. Enti ɛmfa ho sɛ na Gileadfo ada akokoduru adi wɔ mmere a atwam mu no, aman afoforo a wɔne wɔn bɔɔ hye no maa wohweree ade.—1 Ahene 22:1-3; 2 Ahene 15:29.
[Ase hɔ asɛm]
a Kyerɛwtohɔ no a wosusuw ho yiye no ma sobo a wɔbɔ Yefta sɛ okum ne ba no bɔɔ afɔre no yɛ atoro. Hwɛ Insight on the Scriptures, Po 2, nkratafa 27-8, a Watchtower Bible amd Tract Society of New York, Inc. na wotintimii no mu.
[Asase mfonini wɔ kratafa 8]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
GALILEA PO
ƐPO A AWU NO
Yordan Asubɔnten
Bet-san
Ramoth-gilead
Yabes
GILEAD
[Mfonini Fibea]
Egyina akwankyerɛ nhoma bi a Pictorial Archive (Near Eastern History) Est. ne Survey of Israel asan ayɛ no foforo so.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 9]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.