Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 9/1 kr. 10-15
  • Kristofo Mmusua De Honhom Fam Nneɛma Di Kan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristofo Mmusua De Honhom Fam Nneɛma Di Kan
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristo​—Honhom mu Yiyedi ho Nhwɛso a Ɛyɛ Pɛ
  • Asiane Ahorow a Ɛsɛ sɛ Wɔkwati
  • Nneyɛe Ka Pii Sen Kasa
  • Nkitahodi a Etu Mpɔn Ma Honhom Fam Yiyedi Kɔ So
  • Sɛnea Nkurɔfo Rehwehwɛ Wɔn Honhom Fam Ahiade
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Woma Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Wo Kwan Anaa Wudi W’akɔnnɔ Akyi?
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Ma Yehowa Honhom Nkyerɛ Wo Kwan Na Kɔ W’anim!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Anya Wo Honhom Fam Ahiade Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 9/1 kr. 10-15

Kristofo Mmusua De Honhom Fam Nneɛma Di Kan

“Mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mmu mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, munnwen ahobrɛase adwene.”​—1 PETRO 3:8.

1. Dɛn na yɛn nyinaa betumi apaw, na ɔkwan bɛn so na nea yɛpaw no betumi aka yɛn daakye?

HWƐ sɛnea atifi hɔ kyerɛwsɛm no fa adesamma ahyehyɛde a akyɛ sen biara​—abusua no ho! Na hwɛ sɛnea ehia sɛ awofo no di anim wɔ eyinom mu! Wɔn su horow a eye ne nea enye bɛda adi wɔ mmofra no mu mpɛn pii. Nanso, abusua muni biara wɔ hokwan sɛ ɔpaw nea n’ankasa pɛ. Sɛ́ Kristofo no, yebetumi apaw sɛ yɛbɛyɛ honhom mufo anaa honam mufo. Yebetumi apaw sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani anaasɛ yɛnsɔ n’ani. Nea yɛpaw no betumi akowie nhyira, daa nkwa ne asomdwoe mu​—anaa nnome, daa owu mu.​—Genesis 4:1, 2; Romafo 8: 5-8; Galatifo 5:19-23.

2. (a) Ɔkwan bɛn so na Petro kyerɛe sɛ odwen abusua ho? (b) Dɛn ne honhom fam yiyedi? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

2 Ɔsomafo no de ne nsɛm a ɛwɔ 1 Petro ti 3, nkyekyem 8 no dii afotu pa a ɔde maa ɔyerenom ne okununom no akyi pɛɛ. Ná Kristofo mmusua yiyedi hia Petro ankasa. Ná onim sɛ honhom fam yiyedi na ɛde ofie biakoyɛ ne tema ba. ‘Enti, ɔkyerɛe wɔ nkyekyem 7 sɛ, sɛ okununom bu wɔn ani gu n’afotu no so a, nea ebefi mu aba ne wɔne Yehowa ntam kwan a ebesiw wɔ honhom fam.a Sɛ okunu bu n’ani gu ne yere ahiade ahorow so anaa ɔnam ayamye a ɔnna no adi so hyɛ no so a, ebia wontie ne mpaebɔ.

Kristo​—Honhom mu Yiyedi ho Nhwɛso a Ɛyɛ Pɛ

3. Ɔkwan bɛn so na Paulo sii Kristo nhwɛso no so dua maa okununom?

3 Abusua honhom mu yiyedi gyina nhwɛso pa so. Sɛ okunu no yɛ Kristoni a ɔde nea osua di dwuma a, ɔyɛ nhwɛso wɔ honhom mu su horow a wɔda no adi mu. Sɛ okunu a ɔyɛ gyidini nni hɔ a, mpɛn pii no ɛna no bɔ mmɔden sɛ obedi saa asɛyɛde no ho dwuma. Wɔ tebea abien no nyinaa mu no, Yesu Kristo ma yɛn nhwɛso a ɛyɛ pɛ a ɛsɛ sɛ yedi akyi. Ná ne su, ne kasa, ne ne nsusuwii ma denhyɛ ne abotɔyam bere nyinaa. Ɔsomafo Paulo twe atiefo adwene kɔ Kristo nhwɛso a ɔdɔ wom no so mpɛn pii. Sɛ́ nhwɛso no, ɔka sɛ: “Okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no, na ɔne nipadua no agyenkwa. Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no.”​—Efesofo 5:23, 25, 29; Mateo 11:28-30; Kolosefo 3:19.

4. Honhom fam yiyedi ho nhwɛso bɛn na Yesu yɛe?

4 Ná Yesu yɛ honhom mu yiyedi ne tiyɛ a wɔde ɔdɔ, ayamye, ne mmoborohunu di ho dwuma ho nhwɛso a ɛda nsow. Ná ɔwɔ ho a wɔde bɔ afɔre honhom, ɛnyɛ asetra mu anigyede ntraso su. Ɔhyɛɛ n’Agya anuonyam na ɔkyerɛɛ obu maa ne tiyɛ no bere nyinaa. Odii n’Agya akwankyerɛ akyi ma enti ɔtumi kae sɛ: “Me de, mintumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛnea mete no na mibu atɛn, na m’atemmu no yɛ trenee. Na menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.” “Memmɔ m’ankasa me tirim menyɛ biribi, na sɛnea Agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka.”​—Yohane 5:30; 8:28; 1 Korintofo 11:3.

5. Dɛn nhwɛso na Yesu yɛ maa okununom denam n’akyidifo no a ɔmaa wɔn nea wohia no so?

5 Dɛn na eyi kyerɛ ma okununom? Ɛkyerɛ sɛ Kristo a ɔbrɛɛ ne ho ase hyɛɛ n’Agya ase bere nyinaa no ne obi a ɛsɛ sɛ wodi ne nhwɛso akyi wɔ biribiara mu. Sɛ́ nhwɛso no, sɛnea Yehowa siesiee aduan maa asase so abɔde a nkwa wom nyinaa no, saa ara na Yesu siesiee aduan maa n’akyidifo no. Wammu n’ani angu wɔn honam fam ahiade atitiriw so. Anwonwade ahorow a ɔyɛ de maa mmarima 5,000 ne 4,000 aduan dii no di adanse sɛ na odwen afoforo ho, na na n’ani kũ asɛyɛde ho. (Marko 6:35-44; 8:1-9) Saa ara na nnɛ, mmusua ti a wɔn ani kũ wɔn asɛyɛde ho di wɔn mmusua honam fam ahiade ahorow ho dwuma. Nanso so wɔn asɛyɛde no ba awiei wɔ hɔ?​—1 Timoteo 5:8.

6. (a) Abusua ahiade atitiriw bɛn na ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma? (b) Ɔkwan bɛn so na okununom ne agyanom betumi ada ntease adi?

6 Mmusua wɔ ahiade afoforo nso a ɛho hia sen eyi, sɛnea Yesu daa no adi no. Wɔwɔ honhom ne nkate fam ahiade ahorow. (Deuteronomium 8:3; Mateo 4:4) Yɛne afoforo bɔ wɔ abusua no ne asafo no mu. Yehia akwankyerɛ pa na akanyan yɛn ma yɛahyɛ afoforo den. Okununom ne agyanom wɔ asɛyɛde kɛse wɔ eyi mu​—titiriw sɛ wɔyɛ asafo mu mpanyimfo anaa asomfo a. Awofo a wonni ahokafo hia su horow a ɛtete saa bere a wɔreboa wɔn mma no. Ɛnyɛ nsɛm a abusua mafo ka nko na ɛsɛ sɛ awofo te ase, na mmom nea wogyaw a wɔnka nso. Ɛno gye nhumu, bere, ne boasetɔ. Ɛno ne ade biako nti a Petro tumi kaa sɛ ɛsɛ sɛ okununom nya ntease na wɔne wɔn yerenom tra wɔ nimdeɛ mu.​—1 Timoteo 3:4, 5, 12; 1 Petro 3:7.

Asiane Ahorow a Ɛsɛ sɛ Wɔkwati

7, 8. (a) Dɛn na ehia na ama abusua bi akwati honhom fam asugu? (b) Kristofo asetra kwan no a wofi ase yiye akyi no, dɛn bio na ehia? (Mateo 24:13)

7 Dɛn nti na ehia sɛ ani kũ abusua honhom fam yiyedi ho kɛse? Sɛ́ mfatoho no, yebetumi abisa sɛ, Dɛn nti na ɛho hia sɛ po so hyɛnkafo ma n’ani kũ n’akwankyerɛ nhoma ahorow ho yiye bere a ɔrekyerɛ hyɛn bi kwan wɔ nsu a emu yɛ hu na ɛpo ase siw wɔ mu so no? Wɔ August 1992 mu no, wɔde po so hyɛn a egyina wɔ hyɛn gyinabea pii, Queen Elizabeth 2 (QE2) kɔfaa beae bi a nsu ase siw ne abotan a ɛyɛ hu wɔ a wɔkyerɛ sɛ wɔtaa hyia po so akwanhyia wɔ hɔ. Obi a ɔte hɔ kae sɛ: “Po so ahyɛnkafo pii ahwere wɔn adwuma esiane saa beae no nti.” QE2 no pem nsu ase siw bi. Ɛyɛ akwanhyia a ɛsɛee ade. Hyɛn no apongua no sin bi sɛee, na wokosiesiee hyɛn no maa annyɛ adwuma adapɛn pii.

8 Saa ara na sɛ abusua no “hyɛnkafo” no amfa ahwɛyiye anhwɛ akwankyerɛ nhoma no, Onyankopɔn Asɛm no mu yiye a, n’abusua no betumi apira wɔ honhom fam. Sɛ ɔyɛ ɔpanyin anaa ɔsomfo a, ebetumi akowie asafo no mu hokwan ahorow bi a ebefi ne nsa mu, na ebia ebepira abusuafo afoforo. Enti, ɛsɛ sɛ Kristoni biara hwɛ yiye na wanyɛ anibiannaso wɔ honhom fam, amfa ne ho anto adesua nhyehyɛe pa ne nsi a kan na ɔwɔ nkutoo so. Wɔ yɛn Kristofo asetra kwan no mu no, ɛnnɔɔso sɛ wubefi ase yiye ara kwa; ɛsɛ sɛ wode nkonimdi gyina mu kosi ase.​—1 Korintofo 9:24-27; 1 Timoteo 1:19.

9. (a) Kokoam adesua ho hia dɛn? (b) Nsemmisa a ehia bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

9 Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛakwati honhom mu nsu a emu yɛ anhwea, abotan, ne anhwea siw no, ehia sɛ yɛn ani kũ yɛn “akwankyerɛ nhoma ahorow” ho denam Onyankopɔn Asɛm a yebesua no daa so. Yentumi mfa yɛn ho nto mfitiase adesua a ɛde yɛn baa nokware no mu nko ara so. Yɛn honhom fam ahoɔden gyina daa nhyehyɛe a ɛkari pɛ a yɛbɛyɛ ama adesua ne ɔsom adwuma so. Sɛ́ nhwɛso no, bere a yɛkɔ Ɔwɛn-Aban Adesua a egyina nea yɛrekenkan yi so no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘So masua anaa sɛ́ abusua no yɛasua saa asɛm yi ankasa, akenkan kyerɛw nsɛm no asusuw sɛnea yɛde bedi dwuma no ho? Anaa yɛasensan mmuae no ase kɛkɛ? So ebia yɛabu yɛn ani agu so sɛ yɛbɛkenkan asɛm no mpo ansa na yɛako adesua no?’ Nsemmisa yi ho mmuae a efi nokwaredi mu betumi akanyan yɛn ma yɛasusuw yɛn adesua nhyehyɛe ho yiye na yɛanya ɔpɛ sɛ yebenya nkɔso wom​—sɛ ɛno ho hia a.​—Hebrifo 5:12-14.

10. Dɛn nti na ehia sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu?

10 Dɛn nti na ehia sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu saa? Efisɛ yɛte wiase a Satan honhom na edi so mu, wiase a ɛbɔ mmɔden sɛ ɛde nnɛɛdɛɛ pii bɛbrɛ yɛn gyidi wɔ Onyankopɔn ne ne bɔhyɛ ahorow mu no ase. Ɛyɛ wiase a ɛpɛ sɛ egye yɛn bere nyinaa sɛnea yennya adagyew nni honhom mu ahiade ahorow ho dwuma. Enti yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘So m’abusua yɛ den wɔ honhom mu? Sɛ́ ɔwofo no, so meyɛ den sɛnea ɛsɛ sɛ meyɛ? So sɛ́ abusua no, yɛrenya honhom mu tumi a ɛyɛ adwuma wɔ adwene mu a ɛboa yɛn ma yesi gyinae ahorow a egyina trenee ne nokwaredi so no?’​—Efesofo 4:23, 24.

11. Dɛn nti na honhom fam mfaso wɔ Kristofo nhyiam horow so? Ma nhwɛso.

11 Ɛsɛ sɛ nhyiam biara a yɛbɛkɔ no hyɛ yɛn honhom fam yiyedi mu den. Nnɔnhwerew a ɛsom bo a yedi wɔ Ahenni Asa so anaa Asafo Nhoma Adesua ase no ma yenya ahotɔ bere a yɛde nnɔnhwerew pii yere yɛn ho na yɛatumi atra Satan wiase a emu yɛ den yi mu no. Sɛ́ nhwɛso no, hwɛ anigye ara a Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no sua yɛ! Eyi aboa yɛn ma yɛate Yesu, n’asetra, ne ne som adwuma no ase yiye. Yɛakenkan emu kyerɛw nsɛm no yiye, na yɛn ankasa ayɛ nhwehwɛmu, ma enti yɛasua pii afi Yesu nhwɛso no mu.​—Hebrifo 12:1-3; 1 Petro 2:21.

12. Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma no sɔ yɛn honhom fam yiyedi hwɛ?

12 Ɔkwan pa biako a yebetumi afa so asɔ yɛn honhom fam yiyedi ahwɛ ne yɛn Kristofo som adwuma no. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi akɔ so adi adanse wɔ afie afie anaa bɔnnɔ so, a mpɛn pii no, nkurɔfo yɛ anibiannaso wɔ ho anaa wɔpow no, yehia adwempa a ɛbɛkanyan yɛn, ɔdɔ ma Onyankopɔn, ne yɔnko dɔ. Nokwarem no, obiara mpɛ sɛ wopow no, na ɛno betumi aba wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛyɛ asɛmpa no na wɔpow, na ɛnyɛ yɛn sɛ ankorankoro. Yesu kae sɛ: “Sɛ wiase tan mo a, munhu sɛ watan me kan ansa na ɛretan mo. Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa ne de; na sɛ mumfi wiase na mepaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo. . . . Na eyinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, efisɛ wonnim nea ɔsomaa me no.”​—Yohane 15:18-21.

Nneyɛe Ka Pii Sen Kasa

13. Ɔkwan bɛn so na onipa biako betumi asɛe abusua no honhom fam yiyedi?

13 Dɛn na ɛba abusua no mu bere a wɔn mu biako pɛ nkyerɛ obu mma fie hɔ a ɛbɛtew no? Da a osu bɛtɔ no, obiara hwɛ yiye sɛ ɔmfa atɛkyɛ mma fie, gye nea ne were taa fi ade no. Atɛkyɛ a onii no de yeye baabiara no di adanse sɛ ɔyɛ anibiannaso, na ɔma afoforo adwuma pii. Saa ara na ɛte wɔ honhom fam yiyedi ho. Onipa biako pɛ a ɔyɛ pɛsɛmenkominya anaa anibiannaso betumi asɛe obu a abusua no wɔ. Ɛnyɛ awofo nkutoo, na mmom ɛsɛ sɛ abusua mufo nyinaa yere wɔn ho da Kristo adwene no bi adi. Ɛyɛ anigye dɛn ara sɛ wɔn nyinaa yɛ adwuma bom a daa nkwa si wɔn ani so! Nea saa abusua no de bɛhyɛ wɔn adwenem ne honhom fam yiyedi (na mmom ɛnyɛ teɛ a obi bɛteɛ wɔ n’ankasa ani so). Honhom mu anibiannaso ntaa mma abusua a ɛte saa mu.​—Ɔsɛnkafo 7:16; 1 Petro 4:1, 2.

14. Honam fam nneɛma bɛn na Satan de sɔ yɛn hwɛ?

14 Yɛn nyinaa wɔ honam fam ahiade atitiriw bi a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma na ama yɛakɔ so atra ase da biara. (Mateo 6:11, 30-32) Nanso akɔnnɔde taa di yɛn ahiade ahorow anim. Sɛ́ nhwɛso no, yenya afɛfɛde ne nnwinnade ahorow nyinaa wɔ Satan wiase yi mu. Sɛ yɛhwehwɛ sɛ yebenya nea aba so foforo bere nyinaa a, yɛrennya nea yɛpɛ nwie da, efisɛ ɛnkyɛ na nea aba so no atwam ma biribi foforo a wɔayɛ abesi n’anan mu. Aguadi wiase no ayɛ ama nneɛma a aba atwam san ba so bio daa. Ɛdaadaa yɛn ma yɛkɔ so hwehwɛ sika bebree na yɛde adi yɛn akɔnnɔde a ɛredɔɔso no ho dwuma. Eyi betumi akowie “nkwasea akɔnnɔ a enye,” anaa “nkwasea anuonyam a asiane wom” mu. Ebetumi akowie asetra a ɛnkari pɛ a ɛmma wonnya bere mma honhom fam dwumadi ahorow koraa mu.​—1 Timoteo 6:9, 10; The Jerusalem Bible.

15. Ɔkwan bɛn so na abusua ti no nhwɛso ho hia?

15 Ɛha nso, Kristofo abusua ti no nhwɛso ho hia yiye. Ɛsɛ sɛ ne su a ɛkari pɛ wɔ honam fam ne honhom fam asɛyɛde ahorow ho no kanyan abusua no mufo afoforo no. Ɛda adi sɛ asiane wom sɛ agya no de afotu a ɛyɛ bɛma nanso ɔmfa n’ankasa nsɛm no nni dwuma. Mmofra betumi ahu su a ɛne sɛ, yɛ-nea-meka ɛnyɛ-nea-meyɛ ntɛm. Saa ara na ɔpanyin anaa ɔsomfo a ɔhyɛ afoforo nkuran wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu nanso ɔntaa ne n’abusua mmom nyɛ saa adwuma no hwere ne mu ahotoso a abusua no mufo ne asafo no mufo nyinaa wɔ no.​—1 Korintofo 15:58; fa toto Mateo 23:3 ho.

16. Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

16 Enti, yebetumi ahwehwɛ yɛn asetra mu ma aso aba yɛn mfaso. So honam fam yiyedi a yebenya agye yɛn adwene ma enti yebu yɛn ani gu honhom fam nkɔso a yebenya so? So yɛrenya nkɔso wɔ wiase no mu nanso yɛrekɔ fam wɔ asafo no mu? Kae Paulo afotu yi: “Nokwasɛm ni, sɛ obi pɛ hwɛfodwuma a, wapɛ adwuma pa.” (1 Timoteo 3:1) Asafo no mu asɛyɛde a yɛn ani bekũ ho no da no adi sɛ yɛwɔ honhom fam yiyedi sen yɛn aba so a wɔbɛbɔ wɔ adwumam. Ɛsɛ sɛ yɛde ahwɛyiye kari pɛ na yɛamma yɛn adwuma mu mpanyimfo anni yɛn so te sɛ nea yɛahyira yɛn ho so ama wɔn mmom, na ɛnyɛ Yehowa.​—Mateo 6:24.

Nkitahodi a Etu Mpɔn Ma Honhom Fam Yiyedi Kɔ So

17. Dɛn na ɛboa ma wonya nokware dɔ wɔ abusua mu?

17 Ɛnnɛ, afie ɔpepem pii adan asoɛe kɛkɛ. Ɔkwan bɛn so? Abusua mufo ba fie bedidi da ara kwa, na ntɛm ara wofi adi. Wɔntaa ntra pon ho mmom nnidi. Abusuabɔ a emu yɛ den biara nni abusua no mu. Dɛn na efi mu ba? Wonni nkitaho, na wommɔ nkɔmmɔ a ɛso wɔ mfaso biara. Na ɛno betumi akowie abusua mufo afoforo a wɔnkyerɛ wɔn ho anigye, anaa ebi mpo a wonnwen wɔn ho ankasa mu. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho a, yegye bere bɔ nkɔmmɔ na yetie afoforo. Yɛhyɛ afoforo nkuran na yɛboa wɔn. Honhom fam yiyedi a ɛte sɛɛ yi hwehwɛ sɛ ahokafo di nkitaho, na awofo ne mmofra di nkitaho.b Egye bere ne anidaho na yɛaboa yɛn ho yɛn ho ma obiara fi ne pɛ mu aka n’anigye, ne suahu, ne ne haw ahorow.​—1 Korintofo 13:4-8; Yakobo 1:19.

18. (a) Dɛn na ɛtaa yɛ akwanside kɛse ma nkitahodi? (b) Dɛn ne abusuabɔ ahorow a mfaso wɔ so nnyinaso?

18 Nkitahodi pa gye bere ne mmɔdenbɔ. Ɛkyerɛ bere a wɔde si hɔ de kasa kyerɛ afoforo na wɔde tie afoforo. Eyi ho akwanside akɛse no mu biako ne ade a egye bere a ɛwɔ nidi wɔ afie pii mu​—TV. Eyi de asemmisa yi ba​—so TV di wo so, anaa wudi so? TV a obi bedi so no hwehwɛ sɛ osi ne bo denneennen​—a ahosodi a obenya de adum no ka ho. Nanso eyi yɛ bebue hokwan ma yɛahu yɛn ho yɛn ho sɛ abusua mufo ne honhom mu anuanom mmarima ne mmea. Abusuabɔ pa hwehwɛ nkitahodi pa, sɛ́ yɛbɛte yɛn ho yɛn ho ase, ate yɛn ahiade ahorow ne yɛn anigyede ase, na yɛaka sɛnea yɛn ani sɔ nneɛma pa a afoforo ayɛ ama yɛn nyinaa ho asɛm. Ɔkwan foforo so no, nkɔmmɔbɔ a etu mpɔn kyerɛ sɛ yemmu afoforo abomfiaa.​—Mmebusɛm 31:28, 29.

19, 20. Sɛ yedwen abusua mufo nyinaa ho a, dɛn na

19 Enti sɛ yɛn mu biara dwen ne yɔnko ho wɔ abusua nhyehyɛe no mu​—a abusua mufo a wɔnyɛ gyidifo a yebebua wɔn ka ho​—a, yɛbɛyɛ pii de ama honhom fam yiyedi akɔ so na yɛama atra hɔ. Yebetie Petro afotu yi wɔ abusua nhyehyɛe no mu: “N’awiei ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, munnwen ahobrɛase adwene. Mommfa bɔne nntua bɔne so ka, nso mommfa ɔyaw nntua ɔyaw so ka; na mmom munhyira, efisɛ eyi mu na wɔfrɛe mo, sɛ mummegye nhyira.”​—1 Petro 3:8, 9.

20 Sɛ yɛyere yɛn ho kura yɛn honhom mu yiyedi mu a, yebetumi anya Yehowa nhyira mprempren, na eyi betumi ama yeanya ne nhyira daakye, bere a yɛn nsa ka daa nkwa akyɛde no wɔ paradise asase so no. Yebetumi ayɛ nneɛma afoforo de aboa yɛn ho yɛn ho ma yɛanya honhom fam yiyedi sɛ abusua. Asɛm a edi hɔ no bɛka nneɛma a wobom yɛ sɛ abusua no so mfaso horow ho asɛm.​—Luka 23:43; Adiyisɛm 21:1-4.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔkyerɛ honhom fam yiyedi ase sɛ “nyamesom gyinapɛn a ehia obi anaa ɔbata ho: honhom mu su anaa tebea.” (Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary) Honhom muni bɔ honam muni a ɔnhyɛ ne nkate so abira.​—1 Korintofo 2:13-16; Galatifo 5: 16, 25; Yakobo 3:14, 15; Yuda 19.

b Sɛ wopɛ abusua nkitahodi ho nsɛm afoforo a, hwɛ September 1, 1991, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 20-2.

So Wokae?

◻ Dɛn ne honhom fam yiyedi?

◻ Ɔkwan bɛn so na abusua ti betumi asuasua Kristo nhwɛso no?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati nneɛma a ɛbɛyɛ asiane ama yɛn honhom fam yiyedi?

◻ Dɛn na ebetumi asɛe abusua bi honhom fam yiyedi?

◻ Dɛn nti na nkitahodi a etu mpɔn ho hia?

yɛbɛyɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Asafo Nhoma Adesua kɔ hyɛ abusua no den honhom mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena