Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 9/1 kr. 21-26
  • Kristofo Mmusua Boa Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristofo Mmusua Boa Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mpanyimfo Hwɛ wɔ Bible Mmere Mu
  • Henanom na Wɔfata sɛ Wosusuw Wɔn Ho?
  • Abusua no Asɛyɛde Wɔ Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim Hwɛ Mu
  • Asafo no Asɛyɛde wɔ Ɔhwɛ Mu
  • Agyapade a Ɛyɛ Fɛ ma Asafo No
  • Nnipa A Wɔn Mfe Akɔ Anim A Yɛbɛhwɛ Wɔn—Kristofo Asɛyɛde
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Yɛn Ani A Yɛbɛma Aba Yɛn Ho So Wɔ Wɔn A Wɔn Mfe Akɔ Anim No Ahiade Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Onyankopɔn Dwen Nkwakoraa ne Mmerewa Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Sɛnea Kristofo Betumi Aboa Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 9/1 kr. 21-26

Kristofo Mmusua Boa Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim

“Ntow me nkyene nkwakorabere, na sɛ m’aboɔden sa a, nnyaw me.”​—DWOM 71:9.

1. Ɔkwan bɛn so na wɔne wɔn a wɔn mfe akɔ anim di wɔ mmeae pii?

THE WALL STREET JOURNAL kae sɛ: “Nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔyɛ wɔn basabasa no mu bɛyɛ baason biara mu baasia (ɔha biara mu nkyem 86) na wɔn ankasa mmusua na edi wɔn ani.” Nsɛmma nhoma Modern Maturity kae sɛ: “Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wodi wɔn ani yɛ [abusua mu basabasayɛ] foforo a wɔada no adi wɔ ɔman no atesɛm nkrataa mu.” Yiw, wodi wɔn a wɔn mfe akɔ anim ani kɛse, na wobu ani gu wɔn so wɔ mmeae pii. Nokwarem no, yɛn bere yi ne bere a pii yɛ ‘ahopɛfo, bonniayɛfo, wɔn a wonni nokware, wɔn a wonni dɔ.’​—2 Timoteo 3:1-3.

2. Sɛnea Hebri Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, Yehowa bu wɔn a wɔn mfe akɔ anim dɛn?

2 Nanso, ɛnyɛ saa na na ɛsɛ sɛ wɔne wɔn a wɔn mfe akɔ anim di wɔ tete Israel. Mmara no kae sɛ: “Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa anim ni, na suro wo Nyankopɔn: Mene [Yehowa].” Nyansa mmebusɛm nhoma a wɔde honhom kyerɛwee no tu yɛn fo sɛ: “Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.” Ɛhyɛ sɛ: “Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara.” Mose Mmara no kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔde obu ne nidi ma nkwakoraa ne mmerewa nyinaa. Ɛda adi pefee sɛ Yehowa pɛ sɛ wodi wɔn a wɔn mfe akɔ anim ni.​—Leveticus 19:32; Mmebusɛm 1:8; 28:22.

Mpanyimfo Hwɛ wɔ Bible Mmere Mu

3. Ɔkwan bɛn so na Yosef daa mmɔborohunu adi kyerɛɛ ne papa a ne mfe akɔ anim no?

3 Ɛnyɛ kasa mu nkutoo na na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu na mmom nneyɛe a ɔdɔ wom mu nso. Yosef kyerɛɛ mmoborohunu kɛse maa n’agya a na ne mfe akɔ anim no. Ná ɔpɛ sɛ Yakob twa kwan bɛyɛ kilomita 300 fi Kanaan ba Misraim. Enti Yosef de “mfurum du a wɔsoso Misraim nnepa no bi ne mfurummere du a wɔsoso aburow ne abodoo ne aduan a ɛbɛyɛ n’agya akwansoduan” kɔmaa Yakob. Bere a Yakob duu Gosen no, Yosef fii adi kohyiaa no na “osoo ne kɔn mu, na osui ara gyenn wɔ ne kɔn ho.” Yosef daa ɔdɔ a emu yɛ den adi kyerɛɛ n’agya. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wodwen wɔn ho no ho nhwɛso a ɛhyɛ nkuran bɛn ara ni!​—Genesis 45:23; 46:5, 29.

4. Dɛn nti na Rut yɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yedi akyi?

4 Ayamye a wɔkyerɛ ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim ho nhwɛso fɛfɛ foforo a yebetumi asuasua ne Rut de no. Ɛwom sɛ na ɔyɛ amanaman muni de, nanso ɔkɔɔ so de ne ho bataa n’asebea Yudani kunafo a ne mfe akɔ anim, Naomi. Ogyaw n’ankasa ne man mufo na ɔde ne ho too asiane a ɛne sɛ ebia onya kunu foforo mu. Bere a Naomi hyɛɛ Rut sɛ ɔnsan nkɔ ne nkurɔfo hɔ no, ɔde nsɛm a ɛyɛ dɛ sen biara wɔ Bible mu no bi buae sɛ: “Nhyɛ me sɛ minnyaw wo mensan mimfi w’akyi; na nea wokɔ na mɛkɔ, na nea wosoe na mɛsoɛ; wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn; nea wubewu, na mewu, na ɛhɔ ara na wobesie me; [Yehowa] nyɛ me eyi ne bi nka ho, sɛ gye owu na ɛbɛtetew me ne wo ntam.” (Rut 1:16, 17) Rut daa su pa ahorow adi nso bere a onyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛware Boas a ne mfe akɔ anim wɔ okunu nua aware ho nhyehyɛe no ase no.​—Rut, ti 2 kosi 4.

5. Su horow bɛn na Yesu daa no adi wɔ nnipa a wɔn mfe akɔ anim a ɔne wɔn dii no mu?

5 Yesu yɛɛ nhwɛso a ɛte saa ara wɔ sɛnea ɔne nkurɔfo dii no mu. Ná ɔwɔ boasetɔ, mmɔborohunu, ayamye, na na ɔma afoforo nya ɔhome. Ɔkyerɛɛ ɔbarima bi a ahia no na wadi dɛm, a na ontumi nnantewee mfe 38 ho anigye, na ɔsaa no yare. Osusuw akunafo ho. (Luka 7:11-15; Yohane 5:1-9) Bere a ɔrehu asɛndua ho wu mu amane mpo no, ɔhwɛ hui sɛ wɔbɛhwɛ ne maame, a ebia na ɔwɔ ne mfe 50 mfiase mu no. Obiara nyaa anigye fii fekuw a ɔne Yesu bɔe no mu, gye sɛ n’atamfo nyaatwomfo no. Enti otumi kae sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kondua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.”​—Mateo 9:36; 11:28, 29; Yohane 19:25-27.

Henanom na Wɔfata sɛ Wosusuw Wɔn Ho?

6. (a) Henanom na wɔfata ɔhwɛ titiriw? (b) Nsemmisa bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

6 Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo yɛ nhwɛso fɛfɛ a ɛte saa wɔ ɔhwɛ mu nti, ɛfata sɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so di wɔn nhwɛso no akyi. Yɛwɔ wɔn a wɔabrɛ na wɔasoa wɔn nnosoa mfe pii wɔ yɛn mu​—anuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim a wɔadu wɔn nkwa mfe a edi akyiri mu. Ebia wɔn mu bi yɛ yɛn awofo anaa yɛn nananom. So yebu yɛn ani gu wɔn so? So yɛreboa wɔn? Anaasɛ yɛkyerɛ wɔn suahu ne nimdeɛ pii no ho anisɔ? Nokwarem no, ebinom de su ne sintɔ ahorow a ɛda adi wɔ onyin mu bɛsɔ yɛn boasetɔ ahwɛ. Nanso bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ mekɔ tebea koro no ara mu a, meyɛ ade ɔkwan soronko so anaa?’

7. Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ ehia sɛ yɛda tema adi kyerɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim?

7 Yɛwɔ Mfinimfini Fam Apuei asɛm bi a ɛkanyan koma a ɛfa mmoborohunu a na abeawa bi wɔ ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim ho. Bere a ne nanabea reyɛ ade wɔ mukaase no, prɛte fi ne nsam hwee fam bɔe a wanhyɛ da. Ahwɛyiye a n’ankasa anyɛ no haw no; ɛhaw ɔbea panyin no babea kɛse mpo. Afei ne babea no frɛɛ n’ankasa ne ba ketewa, na ɔsomaa no kɔɔ mpɔtam hɔ sotɔɔ no mu sɛ ɔnkɔtɔ prɛte a wɔde dua ayɛ a entumi mmɔ mmrɛ ne nana. Abeawa no de prɛte abien na ɛbae. Ne maame bisaa no se: “Dɛn nti na wotɔɔ prɛte abien?” Abeawa no twentwɛn ne nan ase na obuae sɛ: “Biako yɛ nana de na wobɔ aberewa a na woafa biako.” Yiw, wɔ saa wiase yi mu no, yɛn nyinaa bɛbɔ nkwakoraa ne mmerewa. So yɛn ani rensɔ sɛ wɔne yɛn bedi wɔ boasetɔ ne ayamye mu?​—Dwom 71:9.

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ yɛn mu no di? (b) Dɛn na ehia sɛ wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristofo nnansa yi ara no kae?

8 Mma wo werɛ mfi da sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim bebree de nokwaredi ayɛ Kristofo adwuma no mfe pii. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔfata sɛ yedi wɔn ni na yesusuw wɔn ho, na yefi ayamye mu de mmoa ne nkuranhyɛ ma wɔn. Onyansafo no kaa no yiye sɛ: “Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.” Na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma nea wafu dwen, ɛmfa ho sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea. Mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim yi mu bi da so ara som sɛ akwampaefo anokwafo, na mmarima pii kɔ so de nokwaredi som sɛ mpanyimfo wɔ asafo ahorow mu; ebinom de nhwɛso pa yɛ adwuma sɛ ahwɛfo akwantufo.​—Mmebusɛm 16:31.

9 Paulo tuu Timoteo fo sɛ: “Mpoopoo w’ani nkyerɛ ɔpanyin, na mmom tu no fo sɛ agya, mmerante sɛ anuanom, mmea mpanyin sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nuabeanom, wɔ ahotew nyinaa mu.” (1 Timoteo 5:1, 2) Ɛsɛ sɛ wɔn a wofi wiase a wɔnkyerɛ obu wom mu aba Kristofo asafo no mu nnansa yi ara no titiriw hyɛ Paulo nsɛm a efi ɔdɔ mu no nsow. Mmofra, ɛnsɛ sɛ musuasua su horow a enye a ebia moahu wɔ sukuu no. Ɛnsɛ sɛ mopow Adansefo a wɔn mfe akɔ anim afotu a efi ayamye mu no. (1 Korintofo 13: 4-8; Hebrifo 12:5, 6, 11) Nanso, sɛ ɛba sɛ akwahosan pa anaa sikasɛm mu nsɛnnennen nti wɔn a wɔn mfe akɔ anim hia mmoa a, henanom titiriw na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔboa wɔn?

Abusua no Asɛyɛde Wɔ Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim Hwɛ Mu

10, 11. (a) Sɛnea Bible no kyerɛ no, henanom na ɛsɛ sɛ wodi kan wɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim hwɛ mu? (b Dɛn nti na ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wɔbɛhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim?

10 Wɔ tete Kristofo asafo no mu no, akunafo hwɛ ho asɛm sɔree. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wodi ahiade a ɛtete saa ho dwuma? “Di mmea akunafo a wɔyɛ akunafo ampa no ni. Na sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, wonsua onyamesom pa wɔn fi mu kan ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.”​—1 Timoteo 5: 3, 4, 8.

11 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim abusuafo a wɔbɛn wɔn na wodi kan boa wɔn wɔ wɔn ahohia bere mu.a Wɔ saa kwan yi so no, mma a wɔanyinyin betumi akyerɛ anisɔ wɔ wɔn awofo dɔ, adwuma a wɔyɛe, ne hwɛ a wɔhwɛɛ wɔn no ho. Ebia eyi renyɛ mmerɛw. Bere a nnipa nyin no, wofi awosu mu gow, na ebinom mpo tumi huhu a wontumi nyɛ hwee. Ebia wɔn mu bi bɛyɛ ahopɛ ahwehwɛ nneɛma pii a ebia wɔn ani nni wɔn ho so. Nanso bere a yɛyɛ nkokoaa no, so na yɛn nso yɛnyɛ ahopɛ nhwehwɛ nneɛma pii? Na yɛn awofo ho ampete wɔn sɛ wɔbɛboa yɛn anaa? Mprempren yi woanyin ma nneɛma asakra. Enti, dɛn na ehia? Mmɔborohunu ne boasetɔ.​—Fa toto 1 Tesalonikafo 2:7, 8 ho.

12. Su horow bɛn na ehia wɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim​—ne Kristofo asafo no mufo a wɔaka nyinaa hwɛ mu?

12 Ɔsomafo Paulo de afotu a mfaso wɔ so mae, kyerɛwee sɛ: “Enti sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn apaw mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no. Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu.” Sɛ ɛsɛ sɛ yɛda mmoborohunu ne ɔdɔ a ɛte saa adi wɔ asafo no mu a, so ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛ no wɔ abusua no mu kɛse? ​—Kolosefo 3:12-14.

13. Awofo ne nananom a wɔn mfe akɔ anim akyi no, henanom na ebia wobehia mmoa?

13 Ɛtɔ mmere bi a, ɛnyɛ yɛn awofo anaa yɛn nananom nkutoo na ebia wobehia mmoa a ɛte saa no, na mmom abusuafo afoforo a wɔn mfe akɔ anim nso. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim binom a wonni mma de mfe pii asom sɛ asɛmpatrɛwfo, ahwɛfo akwantufo, ne bere nyinaa ɔsom adwuma afoforo mu. Wofi nokwaredi mu de Ahenni no adi kan wɔn nkwa nna nyinaa. (Mateo 6:33) Ɛnde, so ɛrenyɛ nea ɛfata sɛ yebedwen wɔn ho? Nokwarem no, ɔkwan a Ɔwɛn Aban Asafo no hwɛ Betel adwumayɛfo a wɔn mfe akɔ anim no yɛ nhwɛso a ɛyɛ fɛ. Wɔ Betel adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn ne Asafo ti no baa dwumadibea binom no, Betel abusua mufo a wɔatete wɔn de adwuma yi ahyɛ wɔn nsa no hwɛ anuanom mmarima ne mmea pii a wɔn mfe akɔ anim daa. Ɛyɛ wɔn anigye sɛ wɔbɛhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim yi te sɛ nea wɔyɛ wɔn ankasa awofo anaa wɔn nananom. Bere koro no ara, wosua pii fi wɔn a wɔn mfe akɔ anim no suahu mu.​—Mmebusɛm 22:17.

Asafo no Asɛyɛde wɔ Ɔhwɛ Mu

14. Nhyehyɛe bɛn na wɔyɛ maa wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ tete Kristofo asafo no mu?

14 Ɛnnɛ, aman pii wɔ nhyehyɛe ahorow ma wɔn a onyin ma wogyae adwumayɛ ne ayarehwɛ a aban de ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Kristofo betumi anya nhyehyɛe ahorow yi mu mfaso biara a ɛsɛ wɔn. Nanso, wɔ afeha a edi kan mu no, na nhyehyɛe a ɛte saa biara nni hɔ. Enti Kristofo asafo no yɛɛ nhyehyɛe pa de boaa akunafo a ahia wɔn. Paulo hyɛe sɛ: “Wɔnkyerɛw okunafo a wadi fi mfirihyia aduosia din nka [wɔn a wohia asafo mmoa] ho, nea na ne kunu yɛ biako, nea wodi ne nnwuma pa ho adanse, sɛ ɔtetee mma a, sɛ na ɔpɛ ahɔhoyɛ a, sɛ na ɔhohoro ahotefo anan ho a, sɛ ɔboaa wɔn a wɔn ho hia wɔn a, sɛ odii adwuma pa nyinaa akyi a.” Enti, Paulo kyerɛe sɛ asafo no nso wɔ asɛyɛde sɛ wɔboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Ná mmea a honhom mu nneɛma hia wɔn a wonni mma a wɔyɛ gyidifo fata mmoa a ɛte saa.​—1 Timoteo 5:9, 10 New World Translation.

15. Dɛn nti nɛ ebia mmoa ho behia na ema wɔanya aban mmoa?

15 Wɔ mmeae a aban ayɛ nhyehyɛe ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim no, nkrataasɛm taa ma ɛyɛ te sɛ nea ɛde abasamtu ba. Wɔ tebea a ɛtete saa mu no, ɛfata sɛ asafo no mu ahwɛfo yɛ nhyehyɛe ma wɔboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ma wobisa na wokogye mmoa a ɛte saa anaa wɔma wɔtom mpo. Ɛtɔ mmere bi a, tebea ahorow a ɛsakra betumi ama wɔato sika a wɔde ma wɔn a onyin ama wɔagyae adwuma no mu. Nanso nneɛma afoforo a mfaso wɔ so a mpanyimfo betumi ayɛ ho nhyehyɛe de ahwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim nso wɔ hɔ. Dɛn ne eyinom bi?

16, 17. Akwan ahorow bɛn so na yebetumi ada ahɔhoyɛ adi akyerɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ asafo no mu?

16 Ahɔhoyɛ yɛ amanne a Bible mmere mu nyinaa na wɔda no adi. Wɔ Mfinimfini Fam Apuei aman pii mu no, wɔda ahɔhoyɛ adi kyerɛ ahɔho de besi nnɛ, na anyɛ yiye koraa no, wɔma obi tii anaa kɔfe nom. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Paulo kyerɛw eyi sɛ: “Momma ahotefo hia nhia mo bi, mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden!” (Romafo 12:13) Nea Hela asɛmfua ma ahɔhoyɛ, phi·lo·xe·niʹa, kyerɛ ankasa ne “ɔdɔ ma (anigye anaa ayamye a wɔda no adi kyerɛ) ahɔho.” Sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni yi ahɔhoyɛ adi kyerɛ wɔn a wonnim wɔn a, so ɛnsɛ sɛ oyi no adi kyerɛ wɔn a wɔne no wɔ gyidi no mu kɛse? Nsa a yɛbɛto afrɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim ma wɔabedidi no taa ma wɔn ahomegye a ɛyɛ anigye fi wɔn daa nhyehyɛe ho. Sɛ wopɛ sɛ wote nyansasɛm anaa osuahu ahorow wɔ w’aponto ase a, to nsa frɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim nso.​—Fa toto Luka 14: 12-14 ho.

17 Akwan pii wɔ hɔ a wobetumi afa so ahyɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim nkuran. Sɛ yɛyɛ kar ho nhyehyɛe de kɔ Ahenni Asa so anaa nhyiam bi ase a, so wɔn a wɔn mfe akɔ anim bi wɔ hɔ a wɔn ani begye ho sɛ yɛde wɔn bɛkɔ? Ɛnsɛ sɛ wotwɛn ma wobisa wo ansa. Fi wo pɛ mu fa wɔn kɔ. Mmoa foforo a mfaso wɔ so ne sɛ wɔbɛkɔ akɔtotɔ nneɛma a wohia ama wɔn. Na sɛ wobetumi ne yɛn akɔ a, sɛ yɛrekodi gua a yebetumi de wɔn akɔ? Nanso hwɛ hu sɛ wobenya mmeae a wobetumi atra agye wɔn ahome sɛ ɛba sɛ ɛho behia a. Akyinnye biara nni ho sɛ ebehia boasetɔ ne ayamye, nanso anisɔ a efi honam a obi a ne mfe akɔ anim kyerɛ no betumi ayɛ nea mfaso wɔ so kɛse.​—2 Korintofo 1:11.

Agyapade a Ɛyɛ Fɛ ma Asafo No

18. Dɛn nti na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no yɛ nhyira ma asafo no?

18 Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ wobehu dwen (ne etipae a efi onyin nso) wɔ asafo bi mu! Ɛkyerɛ sɛ wɔ mmerante ahoɔden mu no, yɛwɔ nyansa ne osuahu frafra mu​—agyapade ankasa ma asafo biara. Wɔn nimdeɛ te sɛ nsu a ɛyɛ dɛ a wɔsaw fi abura mu. Ɛte sɛ nea Mmebusɛm 18:4 ka no no: “Ɔbarima anom nsɛm te sɛ nsu a emu dɔ, nyansa abura te sɛ asuten a ɛba yiye.” Nkuranhyɛ bɛn ara na ɛyɛ sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim bɛte nka sɛ wɔpɛ wɔn asɛm na wɔkyerɛ wɔn ho anisɔ!​—Fa toto Dwom 92:14 ho.

19. Ɔkwan bɛn so na ebinom de nneɛma abɔ afɔre ama wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim?

19 Wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu no bi ate nka sɛ ehia sɛ wɔde wɔn hokwan no to hɔ na ama wɔatumi asan akɔ fie akɔhwɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim a wɔyare. Wɔde biribi abɔ afɔre ama wɔn a wodii kan de nneɛma bɔɔ afɔre maa wɔn no. Awarefo bi a anka wɔyɛ asɛmpatrɛwfo a wɔda so ara wɔ bere nyinaa som adwuma no mu san kɔɔ fie kɔhwɛɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim. Wɔayɛ eyi boro mfe 20. Mfe anan a atwam mu no, na ɛsɛ sɛ wɔde ɔbarima no maame kɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim fie. Okunu no a mprempren wadi bɛyɛ mfe 60 no kɔsra ne maame a wadi mfe 93 no da biara. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mɛyɛ dɛn apow no? Me maame ne no!” Wɔ tebea afoforo mu no, asafo ahorow ne ankorankoro bi atu wɔn ho ama sɛ wɔbɛhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim na ama wɔn mma atumi akɔ so wɔ wɔn dwumadi ahorow mu. Saa ɔdɔ a ɛkyɛn so yi nso fata nkamfo kɛse. Ɛsɛ sɛ wɔde ahonim pa di tebea biara ho dwuma, efisɛ ɛnsɛ sɛ wobu ani gu wɔn a wɔn mfe akɔ anim so. Kyerɛ sɛ wodɔ w’awofo a wɔn mfe akɔ anim no.​—Exodus 20:12; Efesofo 6: 2, 3.

20. Nhwɛso bɛn na Yehowa de ama yɛn wɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim hwɛ mu?

20 Nokwarem no, yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim no yɛ anuonyam abotiri ma abusua no ne asafo no. Yehowa kae sɛ: “Na ekosi w’akorayɛ mu, mene me ara, na ekosi dwen fuw mu mpo, mɛbɔ wo akɔnkɔn. Me na mayɛ, na me na mɛsoa, me na mɛbɔ wo akɔnkɔn, na mayi wo masi.” Ɛmmra sɛ yebenya yɛn nuanom mmarima ne mmea mpanyimfo a wɔwɔ Kristofo abusua no mu ho boasetɔ na yɛadwen wɔn ho saa ara.​—Yesaia 46:4; Mmebusɛm 16:31.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ nyansahyɛ ahorow a ɛkɔ akyiri wɔ nea abusuafo betumi ayɛ de aboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim ho a, hwɛ June 1, 1987 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 13-18.

So Wokae?

◻ Wɔn a wɔn mfe akɔ anim hwɛ ho nhwɛso ahorow bɛn na ɛwɔ Bible no mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn a wɔn mfe akɔ anim di?

◻ Ɔkwan bɛn so na abusuafo betumi ahwɛ wɔn adɔfo a wɔn mfe akɔ anim?

◻ Dɛn na asafo no betumi ayɛ de aboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim?

◻ Dɛn nti na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no yɛ nhyira ma yɛn nyinaa?

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Rut daa ayamye ne obu adi kyerɛɛ Naomi a na ne mfe akɔ anim no

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no yɛ asafo no mufo a wɔsom bo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena