Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 12/1 kr. 25-27
  • Gilead Ntetee wɔ Gyidi Kronkron a Ɛsen Biara Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gilead Ntetee wɔ Gyidi Kronkron a Ɛsen Biara Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asuafo no Nya Nkyerɛkyerɛ Pii
  • Wɔapaw Wɔn sɛ Asɛmpatrɛwfo
  • Asɛmpatrɛwfo Pii Ma Wiase Nyinaa Otwa Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Adesuafo a Esii Wɔn Yiye Adan Asɛmpatrɛwfo a Asi Wɔn Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Gilead Sukuu Adi Mfe 50 na Ɛrenya Nkɔso!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Gilead Ntetee Mu Nhyira Horow Trɛw Kɔ Wiase Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 12/1 kr. 25-27

Gilead Ntetee wɔ Gyidi Kronkron a Ɛsen Biara Mu

WƆATETE yɛn adesuafo no yiye wɔ gyidi kronkron a ɛsen biara no mu.” Nsɛm yi na wɔde buee Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 95 no adesuawie dwumadi a wɔyɛɛ no Kwasida, September 12, 1993 no ano. Saa anɔpa no, George Gangas dii nnipa 4,614 a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no ne Betel abusua mufo a na wɔahyiam wɔ Jersey City Nhyiam Asa so no anim wɔ mpaebɔ a wɔde buee ano no mu. Onua Gangas de mfe 65 na ayɛ Betel abusua no muni, na mfe 97 a wadi no ma ɔyɛ nea wanyin sen Sodikuw no muni biara.

Albert Schroeder a ɔno nso yɛ Sodikuw no muni ne dwumadi no guamtrani no kae se: “Bɛyɛ asram anum no, wɔde Gilead adesua no gyinaa gyidi kronkron a ɛsen biara no so.” Nanso dɛn ne “gyidi kronkron a ɛsen biara” no? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ “gyidi kronkron [a ɛsen biara]” yi a wɔka ho asɛm wɔ Yuda 20 no ne Bible mu nokware no nyinaa. Enti Gilead adesua no gyina Yehowa Asɛm, Bible, a ɛne ne nhoma titiriw no so.

Asuafo no Nya Nkyerɛkyerɛ Pii

Ɔkasafo a odi kan a ná ɔne John Stuefloten a ɔyɛ Watchtower Farms Boayikuw no muni no kaa asɛmti a ɛne “Mfaso a Wonya fi Anyansafo Nkɛntɛnso Mu” ho asɛm. Bible no ka sɛ wɔn a wɔne ‘anyansafo bɔ no bɛdan anyansafo.’ (Mmebusɛm 13:20) Adesuafo no de nnɔnhwerew bɛboro 900 suaa Bible no wɔ wɔn Gilead adesua no mu. Onua Stuefloten bisaa adesuafo no sɛ: “Yehowa nkɛntɛnso bɛka mo dɛn daakye? Morekɔ aman 18 a sɛ wɔka emu nnipa bom a, wɔbɛyɛ ɔpepem 170 so. Enti ɔkwan bɛn so na mubenya saa nnipa no so nkɛntɛnso?” Sɛ asɛmpatrɛwfo afoforo yi da Yehowa nyansa adi a, wobetumi aboa afoforo ma wɔabɛyɛ Yehowa a ɔne nyansa a enni ano Fibea no asomfo.

“Ade Nyinaa a Mobeyɛ Ama Nnipa Nyinaa” ne ɔkasa a na edi hɔ a Lloyd Barry a ɔyɛ sodikuw no muni mae no asɛmti. ( 1 Korintofo 9:22) Bɛyɛ mfe 45 a atwam ni no, ná Onua Barry ankasa yɛ Gilead adesuakuw a ɛto so 11 no muni. Afei adesuakuw a ɛto so 95 no ani sɔe sɛ wɔregye afotu pa afi obi a wayɛ ɔsɛmpatrɛwfo pɛn na ɔde mfe pii somee wɔ amannɔne asase bi so no hɔ. Ɔhyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ wɔne nnipa no mmɔ ntɛm ara wɔ wɔn amannɔne asasasin foforo no mu denam wɔn amammerɛ a wobebu ne wɔn kasa a wobesua no so. Ɔkae sɛ wobetumi ayɛ saa yiye denam ɔman no mufo a wɔne wɔn bɛbom ayɛ adwuma na wɔasua wɔn amammerɛ de adi dwuma bere biara a ɛfata no so.

Afei, Dean Songer a ɔyɛ Nhoma Tintimbea Boayikuw no muni kaa asɛmti a ɛkyere adwene a ɛne “Wɔama Moagyae Adwumayɛ” ho asɛm. Mfe 35 ne akyi a Onua Songer de ayɛ bere nyinaa som adwuma no nti, onim nea adwene a wɔde si botae pɔtee bi so, asetra a ɛkwati akɛsesɛm, adwene a wɔde si adwuma a ɛho hia sɛ wɔyɛ a wonnnwennwen honam fam nneɛma ho so no kyerɛ. Na ɛno ne aba a ɛwɔ afotu a ɔde maa adesuafo no mu. Na wɔmma Yehowa asɔrefi hɔ nnwontofo nyɛ nnwuma a Lewifo afoforo yɛ no bi, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde wɔn ho nyinaa ama koraa ayɛ wɔn adwuma soronko no. (1 Beresosɛm 9:33) Saa ara nso na Gilead asɛmpatrɛwfo ade wɔn ho afi biribi te sɛ honam fam adwuma ho sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi de wɔn adwene asi wɔn adwuma soronko no so. Onua Songer de afotu yi wiee asɛm no sɛ: “Momfa mo adwene nsi botae pɔtee bi so na munkwati akɛsesɛm. Asɛyɛde a mowɔ sɛ nnipa a wɔmma wɔnyɛ adwuma ne sɛ mobɛyɛ adwuma no awia ne anadwo de akamfo Yehowa.”

Ɛno akyi no, Daniel Sydlik a ɔyɛ Sodikuw no muni bɛkaa asɛmti a ɛne “Afoforo a Mobɛkyerɛkyerɛ Wɔn Sɛnea Wonya Nea Ɛsen Biara Fi Asetra Mu.” Ɔhyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ “wɔnnkyerɛkyerɛ nnipa no nko, na mmom wɔmfa akokoduru nkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ na wɔn asetra ne Onyankopɔn apɛde ahyia.” Ɛsɛ sɛ akyerɛkyerɛfo pa tumi kanyan afoforo. Ɔkae sɛ: “Monkyerɛkyerɛ afoforo mma wonnya Kristofo gyinapɛn ahorow sen sɛ mobɛkyerɛkyerɛ wɔn ahyɛde ne mmara ahorow kɛkɛ,” na ɔka de wiei sɛ: “Nea ɛsen ne nyinaa no, anuanom adɔfo, monkyerɛkyerɛ mo ho ne afoforo sɛnea woyi ɔdɔ adi kyerɛ, efisɛ ɛne pɛyɛ hama.”​—1 Korintofo 13:1-3; Kolosefo 3:14.

Bɛyɛ asram anum a wɔde tetee adesuafo no akyi no, wɔn ani gyee wɔn Gilead akyerɛkyerɛfo baanu no ho titiriw. Jack Redford a n’ankasa ɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo pɛn no dii kan kaa asɛmti a ɛne sɛ “Moapaw Nea Ɛteɛ No” ho asɛm. Wɔ tete Yuda no, na Paulo wɔ dibea, anuonyam, nkɛntɛnso, ne sika ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni somafo. Nanso, Paulo kaa eyi nyinaa ho asɛm wɔ Filipifo 3:8 (New World Translation) sɛ “wura pii” anaa “sumina so nneɛma” sɛnea Phillips nkyerɛase ka no no. Odwen ɔsom adwuma no ho yiye, na ɔpaw nea ɛteɛ no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ dodow no ara nam nea wɔpaw wɔ wɔn asetra mu no so kyerɛ sɛ wobu wɔn honam fam nneɛma sɛ ɛsom bo sen daa nkwa. Gilead asɛmpatrɛwfo apaw nea ɛteɛ no. Jack Redford de asɛm no baa awiei sɛ: “Biribiara nni hɔ a Ɔbonsam Wiase no betumi de ama mo a ɛne asɛmpatrɛw adwuma no sɛ. Monhwɛ saa hokwan a enni ano no so yiye, na momma wiase no nhwɛ ne sumina so nneɛma so!”

Ulysses Glass ayɛ Gilead ɔkyerɛkyerɛfo bɛyɛ mfe 32 ni. Ɔde nkradi afutu a n’asɛmti ne sɛ “Onyankopɔn Nkutoo na Obetumi Ayɛ Dua” maa adesuafo no, na na ne kasa no gyina Dwom 1:3 so. Nnɛyi nyansahu nimdeɛ mmaa wontumi nyɛɛ dua a Onyankopɔn ayɛ no bi da. Ɔkwan bi so no, nokware Kristofo te sɛ nnua a Yehowa na ɔtɛwee na ogugu so nsu. Onua Glass kae sɛ bɛyɛ asram anum no, wɔde “nkwa nsu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no guguu” adesuafo no so “daa” te sɛ nnua a ɛwɔ honhom mu kwaem anaa paradise. Nanso, sɛ asɛmpatrɛwfo no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn “honhom mu ntini” no yiye “na biribi anyɛ no.” Otuu wɔn fo sɛ ‘wɔnkɔ so nnom nkwa nsu a efi Yehowa hɔ no, efisɛ Onyankopɔn nkutoo na obetumi ayɛ dua.’

Carey Barber a ɔyɛ Sodikuw no muni no na ɔmaa ɔkasa a etwa to no. Esiane sɛ Onua Barber de mfe 70 ayɛ bere nyinaa som adwuma no nti, otumi de ahotoso kaa asɛmti a ɛne sɛ “Momfa Ahofama a Edi Mũ Mma Yehowa” ho asɛm. Adesamma dodow no ara mfaa ahofama a edi mũ maa Yehowa. (Deuteronomuim 5:9) Nanso, sɛnea Onua Barber kyerɛe no, wɔ yɛn sintɔ nyinaa akyi no, “yebetumi de yɛn ho nyinaa ama Onyankopɔn.” Ɔde kaa ho sɛ: “Obiara ntumi nka ankasa sɛ: ‘Ɔbonsam na ɔma meyɛe.’” Nanso, sɛ yɛanko antia Ɔbonsam a, obetumi adi yɛn so nkonim. (Yakobo 4:7) Pii a yɛbɛyɛ wɔ Yehowa adwuma mu ne ɔkwan titiriw a yɛbɛfa so ako atia Satan ne ne wiase no, na yɛde ahofama a edi mu ama Yehowa.

Wɔapaw Wɔn sɛ Asɛmpatrɛwfo

Paw a wɔpaw Adesuafo 46 no nyinaa sɛ asɛmpatrɛwfo no na ɛde anɔpa dwumadi no baa awiei. Wɔde wɔn adesua no ho adansedi nkrataa a ne fã bi ka sɛ adesuafo no ‘fata titiriw sɛ wɔbɛyɛ nkyerɛkyerɛ adwuma, wɔanya afoforo ho adwempa, na wɔayɛ adwuma a ɛfa asomdwoe a enni awiei ne nneɛma a ɛkɔ so pɛpɛɛpɛ ne trenee ho mmara ho wɔ nnipa nyinaa mu’ maa mmarima 23 ne wɔn yerenom no. Nokwarem no, Gilead adesuakuw a ɛto so 95 bɛbɔ mmɔden ayɛ wɔn asɛmpatrɛw adwuma a ɛkorɔn no wɔ aman 18 a wɔde wɔn kɔ hɔ no mu. Wɔn dwumadi trɛw fa wiase nyinaa na aman a ɛwɔ Asia, Afrika, Europa, Latin Amerika, Caribbean ka ho.

Awia no, bere a Charles Woody a ɔyɛ Ɔsom Adwuma Boayikuw no muni hwɛɛ Ɔwɛn-Aban adesua a wɔbɔɔ no mua no akyi no, Gilead adesuafo no de wɔn adesuafo dwumadi a n’asɛmti ne sɛ: “Gilead Atete Yɛn sɛ Yɛnkyerɛkyerɛ sɛ Asɛmpatrɛwfo” mae. Drama a ɛne “Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Yɛpaw” no de dwumadi no baa awiei.

Dwumadi a ɛyɛ anigye yi akyi no, afei na asɛmpatrɛwfo afoforo no asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛkɔ wiase afanan nyinaa akɔka “gyidi kronkron a ɛsen biara” no ho asɛm akyerɛ afoforo.

[Adaka wɔ kratafa 26]

Adesuakuw no ho Nsɛm

Aman dodow a wofi so: 7

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 18

Adesuafo no dodow: 46

Awarefo dodow: 23

Mfe a wɔadi nkyekyem: 30.06

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyem: 12.92

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyem: 9.4

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 95 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, no kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Buelow, D.; Donzé, V.; Innes, S.; Fulk, N.; Billingsby, M.; Hoddinott, L.; Nygren, B.; Eriksson, L. (2) Boker, J.; Thomas, M.; Stedman, S.; Billingsby, D.; Waugh, I.; Purves, M.; Luttrell, M. (3) Jacobsen, T.; Boker, J.; Martínez, L.; Nilsson, E.; Purves, P.; Holt, L.; Larsen, M.; Jones, L. (4) Numminen, P.; Numminen, H.; Buelow, M.; Olson, W.; Holt, S.; Donzé, G.; DesJardins, C.; DesJardins, D. (5) Larsen, K.; Martínez, D.; Nygren, P.; Waugh, P.; Jones, D.; Hoddinott, J.; Thomas, G. (6) Innes, B.; Fulk, R.; Eriksson, A.; Nilsson, S.; Stedman, J.; Olson, K.; Jacobsen, F.; Luttrell, J.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena