“Monhwehwɛ Yehowa, Mo a Mudwo Nyinaa”
MONHWEHWƐ [Yehowa], asase sofo a mudwo, na moayɛ N’atemmude nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ odwo; ebia wɔbɛkora mo so Yehowa abofuw da no.”—Sefania 2:3, New World Translation.
Odiyifo Sefania kaa saa asɛm no kyerɛɛ ‘asase sofo a wodwo,’ na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ ‘wɔnhwehwɛ odwo’ na ama wɔabɔ wɔn ho ban “Yehowa abofuw da no.” Ɛma ɛda adi sɛ odwo yɛ su a wɔhwehwɛ na obi anya nkwa. Nanso dɛn ntia?
Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wɔhwehwɛ Odwo?
Odwo kyerɛ sɛ obi nyɛ ahantan anaasɛ ɔnhoahoa ne ho. Ɛne su pa afoforo, te sɛ ahobrɛase, wɔ abusuabɔ kɛse. Esiane sɛ ɛte saa nti, wotumi kyerɛkyerɛ nnipa a wodwo, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobegye nteɛso a Onyankopɔn de ma atom, ɛwom mpo sɛ ebetumi ayɛ yaw mprempren de.—Dwom 25:9; Hebrifo 12: 4-11.
Odwo ankasa mfa obi nhomasua anaa n’asetra mu dibea ho ahe biara. Nanso, wɔn a wɔasua nhoma akɔ akyiri anaa asi wɔn yiye wɔ wiase no taa te nka sɛ wɔfata sɛ wosisi wɔn ankasa gyinae wɔ biribiara mu, wɔ ɔsom ho nsɛm mpo mu. Eyi nti ebia wɔremma obi foforo nkyerɛkyerɛ wɔn biribi anaa wonnye afotu ntom na wɔayɛ nsakrae a ɛho hia no wɔ wɔn asetra mu. Ebia afoforo a wɔyɛ honam fam adefo benya adwene a ɛnteɛ sɛ wɔn honam fam nneɛma na ɛbɔ wɔn ho ban. Enti, wɔte nka sɛ wonhia Onyankopɔn Asɛm a ɛne Bible no mu honhom fam ahonyade no.—Mateo 4:4; 5:3; 1 Timoteo 6:17.
Susuw Yesu bere so akyerɛwfo, Farisifo ne asɔfo mpanyin no ho. Bere bi a asraafo a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyere Yesu de wɔn nsapan san bae no, Farisifo no kae sɛ: “So wɔadaadaa mo nso? Mpanyimfo anaa Farisifo no mu bi agye no adi anaa? Na nkurɔfokuw yi a wonnim mmara no, wɔadome wɔn!” (Yohane 7: 45-49) Ɔkwan foforo so no, wɔkyerɛ sɛ ntetekwaa ne wɔn a wonsuaa nhoma a wonnim hwee na wobegye Yesu adi.
Ɛno mpo, Farisifo no mu binom ani gyee nokware no ho, na wogyinaa Yesu ne Kristofo no akyi. Wɔn mu bi ne Nikodemo ne Gamaliel. (Yohane 7:50-52; Asomafo no Nnwuma 5:34-40) Yesu wu akyi no, “asɔfo no mu pii nso yɛɛ wɔn aso mmerɛw maa gyidi no.” (Asomafo no Nnwuma 6:7) Akyinnye biara nni ho sɛ ɔsomafo Paulo nhwɛso no ne nea ɛsen biara. Osuaa nhoma wɔ Gamaliel nan ase, na ɔbɛyɛɛ Yudasom muni mmɔdenbɔfo a na wobu no yiye. Nanso, bere bi akyi no, ɔde ahobrɛase tiee frɛ a Kristo Yesu frɛɛ no no, ɔbɛyɛɛ n’akyidini a na ɔyɛ nnam.—Asomafo no Nnwuma 22:3; 26:4, 5; Galatifo 1:14-24; 1 Timoteo 1:12-16.
Eyi nyinaa kyerɛ sɛ obi asetra mu gyinabea anaasɛ sɛnea ɔte nka wɔ Bible mu nkrasɛm no ho mfa ho, obetumi de Sefania nsɛm no adi dwuma ara nnɛ. Sɛ obi pɛ sɛ onya Onyankopɔn anim dom na n’Asɛm kyerɛ no kwan a, odwo su ho hia yiye.
Wɔn a ‘Wɔhwehwɛ Odwo’ Nnɛ
Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa retie Ahenni asɛmpa no. Yehowa Adansefo yɛ Bible adesua bɛboro ɔpepem anan dapɛn biara wɔ saafo no afie mu. Eyinom mmusua ne wɔn sikasɛm ne asetra mu nsɛm gu ahorow pii. Nanso, ade biako a ɛda adi wɔ wɔn nyinaa ho ne sɛ wodwo sɛnea ɛsɛ ma enti wogye Bible nkrasɛm a obi ka kyerɛ wɔn wɔ ‘wɔn ankasa fie anaa baabi foforo no tom. Wɔn mu pii renya nkɔso pa efisɛ wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛbɔ mmɔden adi akwanside ahorow a wohyia no so. Yiw, wɔka nnɛyi ‘asase sofo a wodwo’ no ho.
Fa Maria a ɔwɔ Mexico no sɛ nhwɛso. Osuaa mmara bere a ɔkɔɔ sukuupɔn no, na awunnyade nti, ɔdan sikani. Eyi nti, onyaa ahofadi ho adwene kɛse ma sɛnea ɔka no, ɔsakra yɛɛ “obi a ɔtew atua, ommu ade, na ɔyɛ ahantan a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.” Maria ka sɛ: “Misusuwii sɛ metumi de sika adi biribiara ho dwuma na Onyankopɔn ho nhia. Nokwarem no, metee nka sɛ onni hɔ mpo.” Ɔde kaa ho sɛ: “Mibuu nyamesom sɛ aseresɛm ne asetra mu ahwehwɛde bi kɛkɛ.”
Akyiri yi, Maria hui sɛ ne papa nua ba bi ayɛ nsakrae ahorow bere a ɔbɛyɛɛ Yehowa Ɔdansefo no. Maria kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na ɔhaw adwene yiye, na afei de ɔbɛyɛɛ obi a ɔpɛ asomdwoe yiye na obu bra pa. Abusuafo no kae sɛ ɔyɛ ɔsɛnkafo na ɔkenkan Bible no, ma enti wagyae asanom na ɔnyɛ mmeapɛfo bio. Enti mepɛe sɛ ɔba bɛkenkan Bible no kyerɛ me, efisɛ misusuwii sɛ menam saa kwan yi so benya asomdwoe a na mihia denneennen no.” Nea efii mu bae ne sɛ Maria penee so sɛ ɔbɛma Adansefo awarefo bi ne no ayɛ Bible adesua.
Na ɛsɛ sɛ odi nneɛma pii so, na na ɛyɛ den yiye nso ma no sɛ obegye Bible mu tiyɛ nnyinasosɛm no atom na wabrɛ ne ho ase ama ne kunu. Nanso ɔyɛɛ nsakrae atitiriw wɔ n’asetra ne ne nneyɛe mu. Ose: “Misusuw sɛ efi bere a anuanom no baa me fie de Yehowa mmoa brɛɛ me no, anigye, asomdwoe ne Onyankopɔn nhyiraa aba me fie.” Ɛnnɛ, Maria yɛ Yehowa Ɔdansefo a wahyira ne ho so ma wɔabɔ no asu.
Bere a yɛhwehwɛ nokware som no, ade foforo bi wɔ hɔ a odwo a yɛwɔ anaa yenni no di dwuma titiriw wom. Mpɛn pii no ɔyere a ɔwɔ abusua bi mu gye nokware no tom na ɔpɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn, nanso okunu no twentwɛn ne nan ase. Ebia ɛyɛ den ma okununom binom sɛ wobegye adwene a ɛne sɛ obi foforo wɔ hɔ—Yehowa Nyankopɔn —a afei de ɛsɛ sɛ ne yere brɛ ne ho ase ma no no toom. (1 Korintofo 11:3) Ɔbea bi a ɔwɔ Chihuahua, Mexico, kae sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua, na bere bi akyi no, ɔne ne mma baason baa nokware no mu. Mfiase no ne kunu sɔre tiae. Dɛn ntia? Efisɛ na ɔmpɛ sɛ n’abusua kɔka asɛm wɔ afie afie na wɔde Bible nhoma mema. Ɛda adi sɛ obuu ne ho sɛ ɔkorɔn dodo sɛ ɔbɛka asɛm akyerɛ. Nanso, n’abusua no kuraa wɔn gyinae a wosii sɛ wɔbesom Onyankopɔn no mu pintinn. Bere bi akyi no, okunu no fii ase huu Onyankopɔn nhyehyɛe a wogye tom no mu mfaso. Nanso mfe 15 twaam ansa na ɔrehyira ne ho so ama Yehowa.
Wɔ Mexico nyinaa no, nkuraa pii da so ara wɔ hɔ a asefo no wɔ wɔn kurom India kasa ne wɔn amanne ahorow. Wɔka Bible nkrasɛm no kyerɛ saafo no na ɛreboa wɔn ma wɔn nimdeɛ kɔ anim, efisɛ wɔn mu binom sua akenkan ne akyerɛw bere a wosua nokware no. Nanso, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nkurɔfo nnim nhoma kɛse anaa wonni ahonyade pii no nkyerɛ ankasa sɛ wobetie asɛm no kɛse. Ɛtɔ mmere bi a, nkurɔfo mmusua a wɔde hoahoa wɔn ho ne tete amanne mu a wokura denneennen ma ɛyɛ den ma binom sɛ wobegye nokware no. Eyi nso kyerɛkyerɛ nea enti a nkuraa no asefo afoforo taa haw wɔn a wogye nokware no wɔ Indiafo nkuraa bi ase no mu. Enti odwo gu ahorow pii.
Fa Odwo Tie
Ná w’ankasa nso ɛ? So woretie nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no? Anaasɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye Bible mu nokware ahorow bi atom? Ebia wobɛpɛ sɛ wohwehwɛ wo ho mu hu nea ɛresiw wo kwan. So ɛhaw wo sɛ nnipa a wɔaba nokware no mu no mu dodow no ara yɛ wɔn a wɔba fam? So ebetumi aba sɛ ahantan su bi da adi wɔ wo nsusuwii mu? Eye sɛ wubesusuw ɔsomafo Paulo nsɛm yi ho: “Wiase nkwaseade na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu. Na wiase ade a ɛyɛ mmerɛw na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ nea ɛyɛ den no aniwu. Na wiase nneɛma a ɛmfra ne nea wommu na Onyankopɔn apaw, na nea enni hɔ, sɛ ɔde betu nea ɛwɔ hɔ, na ɔhonam biara anhoahoa ne ho n’anim.”—1 Korintofo 1:27-29.
So wobɛpow ademude bi esiane sɛ wuhui wɔ anwenne a ne bo nyɛ den mu kɛkɛ nti? Dabida! Nanso, ɛne ɔkwan a Onyankopɔn paw sɛ ɔbɛfa so de ne nokware Asɛm a egye nkwa no ama yɛn, sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu no: “Na yɛwɔ saa ademude yi anwenne mu, na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu.” (2 Korintofo 4:7) Odwo ne ahobrɛase bɛma yɛatumi ahu ademude no bo ankasa na ɛnyɛ “anwenne” anaasɛ adwumayɛfo a wɔyɛ nnipa a wɔde brɛ yɛn no nko. Bere a yɛyɛ saa no, yɛbɛma tumi a wobetumi ‘akora yɛn so Yehowa da no’ aka wɔn a wodwo a “wobenya asase no adi” ho no nso ayɛ kɛse.—Sefania 2:3; Mateo 5:5.