Rahab—Wɔnam Gyidi Nnwuma So Buu No Treneeni
WO DE susuw ho hwɛ! Ɔbea aguaman a Onyankopɔn buu no treneeni. Nnipa pii bɛka sɛ: “Ɛmma saa da!” Nanso, ɛbaa saa wɔ aguaman Rahab a ofi Yeriko, tete Kanaanfo kurow bi mu no fam.
Bible kyerɛwfo Yakobo kyerɛw sɛ: “Efi nnwuma mu na wobu onipa bem, na emfi gyidi nko mu. Saa ara nso na ɛnyɛ nnwuma mu na wofi buu aguaman Rahab bem, sɛ ɔgyee abɔfo no na ɔma wɔfaa ɔkwan foforo so kɔe no? Na sɛnea nipadua a honhom nni mu awu no, saa ara nso na gyidi a nnwuma nni mu awu.” (Yakobo 2:24-26) Dɛn nti na wobuu Rahab treneeni? Dɛn na ɔyɛe a ɛma onyaa Onyankopɔn anim dom saa?
Israelfo no Reba!
Momma yensusuw afe 1473 A.Y.B. ho. Twa tebea no ho mfonini. Wɔabɔ Yeriko ho ban yiye. Aguaman Rahab fie wɔ kurow no afasu so. Ofi beae yi betumi ahwɛ apuei fam wɔ Yordan asubɔnten a ayiri afa ne kɔn so no. (Yosua 3:15) Obetumi ahu Israelfo a wɔwɔ akofo dɔm bɛboro 600,000 nsraban no wɔ asubɔnten no apuei fam. Aka akwansin kakraa bi pɛ na wɔadu hɔ!
Rahab ate Israelfo no abaninsɛm wɔ akɔdi mu. Wate sɛnea Yehowa ada ne tumi adi, titiriw bere a ɔpaee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu maa Israelfo no faa mu guanee no nso ho asɛm. Enti, ɛda adi sɛ Yordan a ayiri no ntumi nsiw wɔn kwan. Eyi yɛ ahohia bere! Dɛn na Rahab bɛyɛ?
Rahab Si ne Gyinae
Ankyɛ, Rahab nya ahɔho baanu mpofirim—akwansrafo a wɔfi Israelfo nsra no mu. Wɔhwehwɛ dabere, na ɔma wɔba ne fie. Nanso Yeriko hene te sɛ wɔaba hɔ. Ɔsoma ne mpanyimfo a wɔhwɛ ma wodi mmara so ntɛm sɛ wɔnkɔkyere wɔn.—Yosua 2:1, 2.
Ɔhene no mpanyimfo no beduu hɔ no, nã Rahab akɔ Yehowa Nyankopɔn afã. Ahemmɔfo no se: “Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn na wɔahyɛn wo fi no fi adi.” Rahab de akwansrafo no ahintaw siwabiri a waboaboa ano rehata wɔ ne dan atifi no mu. Ose: “Ɛwom, mmarima no baa me nkyɛn de, nanso minnim nea wofi; na esum durui a wɔrebɛto kurow pon no mu no, na mmarima no fii adi; minnim nea wɔkɔ: muntiw wɔn ntɛm, na mobɛto wɔn.” (Yosua 2:3-5) Ɔhene asomafo no tiw wɔn—nanso ɔkwa.
Rahab adaadaa atamfo no. Ɔyɛ nnwuma afoforo ntɛm de kyerɛ gyidi a ɔwɔ wɔ Yehowa mu. Ɔkɔ ɔdan no atifi kɔka kyerɛ akwansrafo no sɛ: “Minim sɛ [Yehowa] de asase yi ama mo.” Rahab gye tom sɛ ehu aka kurow no mufo nyinaa, efisɛ wɔate sɛ Onyankopɔn “maa Mmɛw-Po mu nsu yowee” wɔ Israelfo no anim mfe 40 a atwam no mu. Afei nso nkurɔfo no nim sɛ Israelfo no sɛee Amorifo ahene baanu. Rahab se: “Na yɛate, na yɛn koma atu, na ɔhome bi rensɔre bio obiara mu wɔ mo anim, efisɛ [Yehowa] mo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam.”—Yosua 2: 8-11.
Rahab srɛ sɛ: “Na afei monka me [Yehowa] ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yiye yi, mo nso mobɛyɛ m’agya ofi yiye, na momma me nokware sɛnkyerɛnne, na momma m’agya ne me na ne me nuabarimanom ne me nuabeanom ne nea wɔwɔ nyinaa nnya nkwa.”—Yosua 2:12, 13.
Mmarima no pene so na wɔka nea ɛsɛ sɛ Rahab yɛ kyerɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔde ntampehama kɔkɔɔ a ɔde twetwee akwansrafo no sii fam wɔ Yeriko afasu ho no sɛn ne mfɛnsere ho. Ɛsɛ sɛ ɔboaboa n’abusuafo ano ba ne fie, na wɔtra hɔ na ama wɔanya ahobammɔ. Rahab ka asase no ho nsɛm a ɛho hia kyerɛ akwansrafo a wɔrefi hɔ no, na ɔkyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛkwati wɔn atiwfo no. Akwansrafo no kwati atiwfo no. Bere a Rahab de ntampehama kɔkɔɔ no asɛn hɔ na waboaboa ne fifo ano awie no, ɔtwɛn nea ɛbɛba bio.—Yosua 2: 14-24.
Dɛn na Rahab ayɛ? Wakyerɛ sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, Yehowa, no na ogye no di! Obedi ne gyinapɛn ahorow so. Yiw, na wɔnam gyidi nnwuma a ɛte saa so bebu no treneeni.
Afasu no Dwiriw Gu!
Adapɛn kakra twam. Asɔfo—ebinom kurakura adwennini ntorobɛnto na afoforo kura apam adaka kronkron no—ka Israel akofo ho ma wotwa Yeriko ho hyia. Nnansia ni a wɔayɛ eyi pɛnkoro da biara. Nanso da a ɛto so ason yi de, wɔatwa kurow no ho ahyia mpɛn asia dedaw. Wɔresan atwa ho ahyia bio!
Wɔatwa ho ahyia nea ɛto so ason awie, na wɔhyɛn ntorobɛnto no bere tenten ma egyigye baabiara. Saa bere yi Israelfo no teɛm denneennen. Afei Yehowa ma afasu a ɛbɔ Yeriko ho ban no dwiriw gu ma egyigye denneennen. Baabi a Rahab fie si no nkutoo na annwiriw angu. Wɔsɛe kurow no fã a aka no ne emufo. Esiane sɛ aguaman a wasakra no de nnwuma da ne gyidi adi nti, wɔkora ɔne ne fifo so, na ofi ase ne Yehowa nkurɔfo tra.—Yosua 6:1-25.
Rahab Su Horow a Yɛbɛhwehwɛ Mu
Ná Rahab nyɛ ɔbea kwadwofo a ne tirim yɛ no dɛ, efisɛ na wahata siwabiri wɔ ne dan so. Na ɔde siwabiri no bɛnwene ntama. Ná asaawa kɔkɔɔ pii nso wɔ Rahab fie. (Yosua 2:6, 18) Enti ebia na ɔnwene ntama, na ebetumi aba sɛ na onim sɛnea wotia ntama mu. Yiw, na Rahab yɛ ɔbea nsiyɛfo. Nea ɛsen biara no, na wabenya Yehowa ho osuro pa.—Fa toto Mmebusɛm 31:13, 19, 21, 22, 30 ho.
Na Rahab adwuma foforo no nso ɛ? Ná ɔnhwɛ ahɔhodan bi so ara kwa. Dabi, Kyerɛwnsɛm no kyerɛ onii ko a na ɔyɛ denam Hebri ne Hela nsɛmfua a ɛkyerɛ aguaman a ɛde di dwuma no so. Sɛ́ nhwɛso no, Hebri asɛmfua zoh·nahʹ kyerɛ ɔbra bɔne bere nyinaa. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ na wommu tuutuusi sɛ ɔbra bɔne wɔ Kanaanfo mu.
Tuutuuni a Yehowa de no dii dwuma no da no adi sɛ ɔwɔ mmɔborohunu kɛse. Nea aniwa hu betumi adaadaa yɛn, nanso Onyankopɔn “hwɛ komam.” (1 Samuel 16:7) Enti, nguaman komapafo a wogyae wɔn tuutuusi no betumi anya Yehowa Nyankopɔn hɔ fafiri. (Fa toto Mateo 21:23, 31, 32 ho.) Rahab ankasa gyaee bɔne yɛ kɔyɛɛ adetrenee a Onyankopɔn pene so.
Ná Israelfo akwansrafo no di Onyankopɔn mmara so, enti ɛnyɛ ɔbrasɛe nti na wɔkɔdaa Rahab fie. Ebia na wɔn adwene ne sɛ aguaman bi fie a wɔbɛkɔ no remma nkurɔfo adwene mma wɔn so kɛse. Ná kurow no fasu so a ɛwɔ no nso bɛma wɔatumi aguan ntɛm. Ɛda adi sɛ Yehowa kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ ɔdebɔneyɛfo a Onyankopɔn ne Israelfo ntam nsɛnni ho amanneɛbɔ ahorow anya ne koma so tumi wɔ ɔkwan pa so araa ma wanu ne ho ma wasakra n’akwan nkyɛn. Asɛm a Onyankopɔn kae sɛ Israel nsɛe Kanaanfo no esiane wɔn brasɛe nti, ne hyira a ohyiraa Rahab bere a wosɛee Yeriko no ma ɛda adi sɛ akwansrafo no amfa wɔn ho anhyɛ ɔbrasɛe mu.—Leviticus 18:24-30.
Na nnaadaasɛm a Rahab ka kyerɛɛ akwansrafo no atiwfo no nso ɛ? Onyankopɔn penee nea ɔyɛe no so. (Fa toto Romafo 14:4 ho.) Ɔde ne nkwa too asiane mu de bɔɔ Onyankopɔn nkoa ho ban, na ɛkyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi. Ɛwom sɛ atorodi nye wɔ Yehowa ani so de, nanso ɛnyɛ ɔhyɛ sɛ obi bɛka asɛm a ɛyɛ nokware akyerɛ wɔn a ɛnsɛ sɛ wɔte. Yesu Kristo mpo amfa nkyerɛkyerɛmu a edi mũ anaa mmuae tẽe amma bere a na saayɛ betumi de ɔhaw a ɛho nhia aba no. (Mateo 7:6; 15:1-6; 21:23-27; Yohane 7:3-10) Ɛsɛ sɛ yebu sɛnea Rahab daadaa atamfo ahemmɔfo no saa ara.
Rahab Akatua
Akatua bɛn na Rahab nyae wɔ gyidi a ɔkyerɛe no ho? Nokwarem no, ne nkwa so a wɔkorae wɔ Yeriko sɛe mu no yɛ Yehowa nhyira. Akyiri yi, ɔwaree Salmon (Salma), ɔbapɔmma Nahson a na ofi Yuda abusuakuw no mu babarima. Sɛ́ Boas a osuro Onyankopɔn awofo no, Salmon ne Rahab bɛyɛɛ abusua a wɔnam so woo Israel hene Dawid no mufo. (1 Beresosɛm 2:3-15; Rut 4:20-22) Nea ɛho hia sen eyi no, kan aguaman Rahab ka mmea baanan pɛ a wɔbobɔ wɔn din wɔ Yesu anato a ɛwɔ Mateo no ho. (Mateo 1: 5, 6) Nhyira a efi Yehowa hɔ bɛn ara ni!
Ɛwom sɛ na Rahab nyɛ Israelni, na na anka ɔyɛ tuutuuni de, nanso ɔyɛ ɔbea a ɔda nsow a ɔde ne nnwuma kyereɛ sɛ ɔwɔ Yehowa mu gyidi a edi mu. (Hebrifo 11:30, 31) Te sɛ afoforo a wɔn mu bi agyae tuutuusi no, ɔbɛsan anya akatua foforo bio—obenya owusɔre aba nkwa mu wɔ paradise asase so. (Luka 23:43) Esiane Rahab gyidi a ɔde nnwuma bataa ho nti, onyaa yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ a ɔde bɔne firi no anim dom. (Dwom 130:3, 4) Na nokwarem no, ne nhwɛso pa no hyɛ wɔn a wɔdɔ trenee nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nto Yehowa Nyankopɔn so na wɔanya daa nkwa.
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Wobuu Rahab treneeni efisɛ ne nnwuma kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Wɔn a wotutuu fam de hwehwɛ tete nneɛma ahu tete Yeriko amamfõ ho nneɛma bi a tete ɔfasu bi fã ketewaa bi ka ho
[Mfonini Fibea]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.