Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 1/15 kr. 8-9
  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Philippines

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Philippines
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sukuu mu Adansedi
  • Ahenni Nkrasɛm no Wɔ Baabiara
  • ‘Nkokoaa Anom’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Ka Kyerɛ Wɔn Sɛ Wodɔ Wɔn
    Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
  • Ɔdɔ Ka Mmusua Bom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 1/15 kr. 8-9

Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Philippines

NSUPƆW 7,083 a ɛso yɛ abonkyiabonkyi a ɛka bom yɛ Philippines Adehyeman no wɔ mmepɔw mmepɔw bi a ne fa bi hyɛ nsu ase no atifi.a Na ɛkame ayɛ sɛ nnipa 62,000,000 a wɔte Philippines no ani gye sɛ wɔbɛbɔ biribiara ho nkɔmmɔ. Saa adamfofa su yi ma Ahenni no ho adanse a wodi wɔ hɔ no tumi sow aba.

Sukuu mu Adansedi

Wɔ Masbate supɔw so no, abeawa bi a ɔkɔ ntoaso sukuu tumi dii ne tikya ne ne mfɛfo sukuufo adanse wɔ sɔhwɛ bi a na wɔhwehwɛ sɛ wɔma nsemmisa no ho mmuae sɛ ampa anaa atoro mu. Ɔbɔ amanneɛ sɛ:

“Ná asɛm no ne sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn dɔ me a, ɔremfa ɔhaw mma me so anaasɛ ɔmma minhu amane.’ Bere a me tikya no hwehwɛɛ yɛn sɔhwɛ nkrataa no so no, ohui sɛ obiara ama asɛm no ho mmuae sɛ ɛyɛ ampa gye me nkutoo. Me tikya no maa me kwan sɛ menkyerɛkyerɛ nea enti a memaa mmuae sɛ ɛyɛ atoro no mu nkyerɛ sukuufo no. Mekae sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde ɔhaw ba yɛn so, ɛwom sɛ ɔma kwan ma yehyia amanehunu, na ɔpene so ma wɔsɔ yɛn hwɛ de. Mifii me Bible a mede kɔ sukuu daa no mu ne sukuufo no susuw nsɛm a ɛwɔ 1 Yohane 4:8 a ɛka sɛ, ‘Onyankopɔn ne dɔ’ no ho. Bere a mekyerɛkyerɛɛ mu wiei no, me tikya no tee ase na ɔde ne nsa bɔɔ ne kyerɛwpon so kae sɛ: ‘Marilou mmuae no yɛ nokware.’ Me nkutoo na memaa saa asɛm no ho mmuae a ɛteɛ, na mebɔɔ mmɔden sen obiara wɔ saa sɔhwɛ no mu.”

Ahenni Nkrasɛm no Wɔ Baabiara

Bere a daa kwampaefo (bere nyinaa ɔsɛmpakafo) bi reyɛ afie ne afie adwuma wɔ Philippines beae foforo no, ohyiaa ɛna bi a ɔwɔ mma nketewa baasa. Ɔbea no kyerɛɛ Ahenni nkrasɛm no ho anigye kɛse, na eyi ma ɛyɛɛ mmerɛw sɛ wɔne no befi Bible adesua ase. Ɛwom sɛ na ne kunu ani nnye ho sɛ osua Bible no, titiriw fi Yehowa Adansefo hɔ de, nanso adesua no kɔɔ so.

Ɔbarima no ne n’abusua no tu kɔtraa kurow foforo mu, na na osusuw sɛ eyi bɛma abusuabɔ a ne yere ne Adansefo no wɔ no aba awiei. Nanso, ankyɛ na ɛhɔ adansefo no huu saa ɔbea yi ne no san hyɛɛ ne Bible adesua no ase bio. Nokwarem no, ɛhaw ne kunu no yiye. Ɔde n’abufuw no kɔɔ n’adwumam, na ɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no mu kyerɛɛ obi a na ɔresiesie ne kar ama no. Ná ɔbarima no nnim sɛ kar no wura no yɛ Yehowa Adansefo no mu biako.

Ɔdansefo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛ ne yere no kɔ so sua Bible no a ɛso bɛba abusua mũ no nyinaa mfaso. Ɛbɛma wafi ase de Bible nnyinasosɛm adi dwuma wɔ fie. Ɔhyɛɛ okunu no nso nkuran sɛ, sɛ osua Onyankopɔn Ahenni no ho ade a, ɔno ankasa betumi anya mfaso pii.

Dɛn na efii saa nkɔmmɔbɔ yi mu bae? Ɔbarima no maa ne yere no kwan ma osuaa Bible no kɛse na osii gyinae ne n’abusua no san tu kɔɔ baabi a na wɔte dedaw no. Ɛhɔ na ɔbea no nyaa honhom mu nkɔso koduu sɛ ɔbɛyɛɛ Ahenni ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu. Ne kunu nso penee no sɛ obesua Bible, na abusua mũ no nyinaa fii ase kɔɔ Kristofo adesua.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ sɛ wunya ɛho nsɛm pii a, hwɛ 1994 Calendar of Jehovah Witnesses no so.

[Kratafa 8 adaka]

ƆMAN NO HO AKONTAABU

1993 Ɔsom Afe

DODOW A ƐSEN BIARA A WODII ADANSE: 116,576

NKYEKYEM Ɔdansefo 1 kasa kyerɛ nnipa: 549

DODOW A WƆBAA NKAEDI ASE: 357,388

AKWAMPAEFO DODOW NKYEKYEM: 22,705

BIBLE ADESUA DODOW NKYEKYEM: 94,370

DODOW A WƆBƆƆ WƆN ASU: 7,559

ASAFO AHOROW: 3,332

BAA DWUMADIBEA: MANILA

[Kratafa 9 mfonini]

Guaso adansedi sow aba

[Kratafa 9 mfonini]

Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Manila

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena