Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 2/1 kr. 21-25
  • Yɛahwehwɛ Ahenni no Kan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛahwehwɛ Ahenni no Kan
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible mu Nokware ho Anisɔ
  • Mifi Akwampae Adwuma Ase
  • Yɛn Som Adwuma wɔ Ɔko Bere Mu
  • Ɔko no Akyi Dwumadi—Afei Gilead
  • Yɛn Som Adwuma wɔ Brazil
  • Asetra a Ɛsom Bo na Mfaso Wɔ So
  • Yehowa Hyiraa Ɔpɛ A Minyae Sɛ Mɛyɛ Ɔsɛmpatrɛwfo No So Kɛse
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Efi Awerɛhowdi mu kɔ Anidaso Mu
    Nyan!—1986
  • Nea Ɛho Hia Sen Biara a Mede me Nkwa Yɛe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Yehowa Hyiraa Me Bo A Misii No So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 2/1 kr. 21-25

Yɛahwehwɛ Ahenni no Kan

SƐNEA OLIVE SPRINGATE KA KYERƐE

Ná yɛbɔɔ mpae maa Maame tee na odum kyɛnere a ɛhyerɛn dan no mu no nkyɛe. Ɛhɔ ara na me nuabarima kumaa no bisaa me sɛ: “Olive, ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn atumi ahu yɛn na watie yɛn wɔ brikisi dan yi mu?”

MIBUAE sɛ: “Maame se n’ani tumi hu baabiara. Ohu yɛn koma mu tɔnn mpo.” Ná Maame yɛ ɔbea a osuro Nyankopɔn na ɔtaa kenkan Bible no, na ɔtetee yɛn maa yenyaa obu a emu dɔ maa Onyankopɔn ne Bible nnyinasosɛm ahorow.

Ná yɛn awofo kɔ Anglikan asɔre a ɛwɔ kurow ketewa a wɔfrɛ no Chatham a ɛwɔ England mantam Kent no. Ɛwom sɛ na Maame kɔ asɔre daa de, nanso na ogye di sɛ Kristoni a obi bɛyɛ no kyerɛ pii sen asɔredan a ɔbɛkɔ mu pɛnkoro dapɛn biara akotie asɛm ara kwa no. Ná ogye di nso sɛ Onyankopɔn bɛwɔ nokware som biako pɛ.

Bible mu Nokware ho Anisɔ

Wɔ 1918 mu, bere a na madi bɛyɛ mfe anum no, Maame nyaa nhoma ahorow a wɔato din Studies in the Scriptures, a Charles T. Russel, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan na ɔkyerɛwee no bi. Mfe kakraa bi akyi no, Yehowa Adansefo, a saa bere no na wɔfrɛ wɔn Bible Asuafo, no biako baa Maame nkyɛn bere a na ɔte kurow ketewaa bi a wɔfrɛ no Wigmore mu. Ogyee nhoma a wɔde sua Bible a wɔfrɛ no The Harp of God, na ofii ase nyaa ne Bible mu nsemmisa no pii ho mmuae fii mu. Ná wɔde kratasin kɔkɔɔ bi a wɔatintim ti biara mu nsemmisa wɔ so mana yɛn dapɛn biara. Kratasin no kyerɛɛ faako a mmuae ahorow no wɔ wɔ nhoma no mu nso.

Wɔ 1926 mu no, m’awofo ne me ne me nuabea Beryl gyaee Anglikan Asɔre no esiane sɛ na yɛn ani nnye amammuisɛm a asɔre no de ne ho hyehyɛ mu ne ne nkyerɛkyerɛ pii a ntease nnim no ho nti. Ná wɔn nkyerɛkyerɛ titiriw biako ne sɛ Onyankopɔn bɛyɛ nnipa ayayade daa wɔ hellgya bi mu. Me maame a na ɔrehwehwɛ Bible mu nokware ankasa no behui sɛ na ɛnyɛ Anglikan Asɔre no ne nokware som.

Ɛno akyi bere tiaa bi na Maame nyaa ne mpaebɔ a efi komam no ho mmuae, na Owurayere Jackson a na ɔyɛ Bible Suani no bɛsraa yɛn. Ɔne me ne Maame bɔɔ nkɔmmɔ bɛyɛ nnɔnhwerew abien, na ofi Bible no mu buaa yɛn nsemmisa. Yɛn ani gyee nneɛma a yesuae no ho, na emu bi ne sɛ Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ Yesu Kristo Agya no na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae, na ɛnyɛ Baasakoro a wɔnte ase bi. (Dwom 83:18; Yohane 20:17) Nanso wɔ me fam no, asemmisa a Maame bisae a me werɛ remfi da ne eyi: “Dɛn na Ahenni no a wɔhwehwɛ no kan no kyerɛ?”—Mateo 6:33.

Ɛho mmuae a egyina Bible so no kaa yɛn asetra kɛse. Yefii ase kɔɔ Bible Asuafo no nhyiam ahorow kaa nea yesuae no ho asɛm kyerɛɛ afoforo saa dapɛn no ara. Yebegye toom sɛ yɛahu nokware no. Asram kakraa bi akyi, wɔ 1927 mu no, wɔbɔɔ Maame asu de yɛɛ ne ho so a wahyira sɛ ɔbɛsom Yehowa no ho sɛnkyerɛnne, na wɔbɔɔ me nso asu 1930 mu.

Mifi Akwampae Adwuma Ase

Ná yɛn abusua no wɔ Gillingham Asafo, a nnipa 25 na na wɔwom no mu. Ná wɔn mu pii yɛ bere nyinaa asomfo a wɔfrɛ wɔn akwampaefo, na na wɔn nyinaa wɔ ɔsoro anidaso. (Filipifo 3:14, 20) Nsi a na wɔwɔ sɛ Kristofo no kanyan afoforo. Bere a na madi mfe 18 no, meyɛɛ akwampae adwuma bere tiaa bi wɔ 1931 mu wɔ Belgium. Eyi kanyan me ma minyaa ɔpɛ sɛ mɛyɛ Ahenni adwuma pii. Saa bere no, yɛboa ma wɔmaa ɔsɔfo biara nhoma a wɔato din sɛ The Kingdom, the Hope of the World no biako.

Akyiri yi, me papa sɔre tiaa yɛn Kristofo dwumadi no denneennen, na eyi ne nneɛma afoforo nti, mitu kɔɔ London wɔ 1932 mu na mekɔɔ kɔlege wɔ hɔ. Akyiri yi, mekyerɛɛ ade mfe anan, na saa bere no, na mewɔ Blackheath Asafo a na ɛyɛ London asafo anan pɛ no biako no mu. Saa bere no na yefii ase tee amanneɛbɔ a ɛfa yɛn Kristofo nuanom mmarima ne mmea a wɔde wɔn guu afiase na wodii wɔn ani wɔ Germany wɔ Hitler bere so esiane Hitler akodi mu mmɔdenbɔ a wɔpow sɛ wɔbɛboa no nti.

Wɔ 1938 mu no, bere a mituaa nhoma a na matɔ ho ka wiee ara pɛ, migyaee m’adwuma no saa ɔsram no ara mu na ama matumi adi ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo no ho dwuma. Me nuabea Beryl fii akwampae adwuma ase wɔ London bere koro no ara mu, nanso na ɔte fie foforo a akwampaefo kuw wom mu. Me kwampaefo hokafo a odi kan ne Mildred Willett a akyiri yi ɔwaree John Barr a mprempren ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no. Ná yɛne yɛn kuw no mufo afoforo de sakre kɔ asasesin no mu na yɛtra hɔ da mũ, a mpɛn pii no na nsu a ɛtɔ no mfa ho.

Ná akodi ho sɛnkyerɛnne ada adi wɔ Europa dedaw. Ná wɔma ɔmanfo ntetee wɔ biribi a wɔde hyɛ wɔn hwen na wɔatumi akwati mframa bɔne ho, na na wɔafi ase reyɛ nhyehyɛe a sɛ ɔko ba a, wɔbɛfa mmofra akɔ England nkuraase anaa nkurow nketewa mu. Nea na sika a masie no betumi atɔ ara ne mpaboa, na na minni anidaso biara sɛ m’awofo betumi aboa me wɔ sika fam. Nanso so na Yesu nkae sɛ, ‘Sɛ mohwehwɛ Ahenni no kan a, wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho’? (Mateo 6:33) Ná mewɔ gyidi koraa sɛ Yehowa de m’ahiade nyinaa bɛma me, na wayɛ saa ama abu so de abesi nnɛ. Wɔ ɔko bere mu no, na ɛtɔ da bi a, mesesaw nnuadewa a afi lɔre mu agugu fam no de ka nnuan kakraa a na mewɔ no ho. Na mpɛn pii no, na mede nhoma a wɔde sua Bible kogye nnuaba ne nnuadewa ansa na manya aduan adi.

Wɔwoo me nuabea Sonia 1928 mu. Odii mfe ason pɛ na ohyiraa ne ho so maa Yehowa. Sonia se bere a na osua saa no mpo no, ɔde akwampae adwuma no yɛɛ ne botae. Wɔ 1941 mu, bere a ɔde nsu mu asubu yɛɛ n’ahosohyira no ho sɛnkyerɛnne bere tiaa bi akyi no, otumi duu saa botae no ho bere a wɔmaa ɔne Maame kɔɔ Caerphilly, South Wales kɔyɛɛ akwampaefo no.

Yɛn Som Adwuma wɔ Ɔko Bere Mu

Wɔ September 1939 no, Wiase Ko II fii ase, na wɔde yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea guu afiase wɔ Britain a na wogyina asɛm koro no ara a wɔnam so yɛɛ wɔn mfɛfo gyidifo a wɔwɔ Nasi Germany saa no so—wɔn ho a wɔamfa anhyɛ akodi no mu. Wofii ase totoo atopae guu Britain July 1940 mu. Ná atopae no nnyegyei no ano yɛ den yiye anadwo biara, nanso ɛdenam Yehowa mmoa so no, na yetumi da kakra nya ahoɔden de yɛ asɛnka adwuma no ɛda a edi hɔ no.

Ɛto da bi a nea na yekohu wɔ yɛn asɛnka asasesin mu ara ne afie bebree a asɛesɛe. Wɔ November 1940 no, wɔtoo topae bi too ofie a na yɛn mu pii te mu no nkyɛn, na ɛbobɔɔ nhwehwɛ no. Ɔpon a ɛyɛ den a na ɛda ofie no ano no hwee fam, na owisikwan no nso bubui. Bere a yɛkɔdaa beae bi a wabɔ ho ban na atopae ansɛe hɔ saa anadwo no akyi no, yɛtetew mu na obiara kɔtraa Ɔdansefo bi fie.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔmaa me dwumadi wɔ Croydon a ɛwɔ Greater London. Ná Ann Parkin, a ne nuabarima Ron Parkin bɛyɛɛ Puerto Rico Baa Boayikuw guamtrani akyiri yi no ne me kwampaefo hokafo. Ɛno akyi no, mitu kɔɔ Bridgend, South Wales kɔtoaa akwampae adwuma no so wɔ hɔ, na mitraa teaseɛnam bi a pɔnkɔ twe mu asram asia. Ná yɛde sakre fi hɔ twa kilomita 6 kɔ asafo kɛse a ɛbɛn paa no mu wɔ Port Talbot.

Eduu saa bere no, na ɔmanfo sɔre tia yɛn frɛ yɛn conchies (wɔn a wofi ahonim mu kwati nneɛma bi yɛ). Eyi maa ɛyɛɛ den sɛ yebenya atrae, nanso Yehowa hwɛɛ yɛn so sɛnea wahyɛ bɔ no.

Akyiri yi, wɔpaw yɛn mu baawɔtwe sɛ akwampaefo atitiriw wɔ Swansea, South Wales kurow bi a hyɛn gyinabea wɔ hɔ. Dodow a ɔko no mu yɛɛ den no, dodow no ara na nkurɔfo nyaa yɛn ho adwemmɔne. Wɔkyerɛw nsɛmfua “mmoa” ne “ahufo” wɔ yɛn akwampaefo fie no ho. Atesɛm nkrataa mu amanneɛbɔ ahorow a ɛkasa tiaa ɔfã biara a yenni no titiriw na ɛkanyan saa nitan yi. Awiei koraa no, wɔde yɛn mu baason kɔɔ afiase mmiako mmiako. Medaa Cardiff afiase ɔsram biako wɔ 1942 mu, na akyiri yi, me nuabea Beryl nso kɔdaa hɔ kakra. Ɛwom sɛ na ahia yɛn wɔ honam fam na wodii yɛn ho fɛw bɔɔ yɛn ahohora de, nanso yedii yiye wɔ honhom fam.

Saa bere yi nyinaa mu no, na Maame ne Sonia reyɛ akwampae adwuma wɔ Caerphilly wɔ tebea a ɛtete saa ara mu. Onipa a Sonia dii kan ne no yɛɛ Bible adesua ne ɔbea bi a ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛkɔ akɔsra no Fida anwummere bi. Ná Sonia wɔ awerɛhyem sɛ Maame ne no bɛkɔ, nanso Maame kae sɛ: “Mayɛ nhyehyɛe foforo. Woanya ayɛ nhyehyɛe no nti ɛsɛ sɛ wo nko ara wokɔ.” Ɛwom sɛ na Sonia adi mfe 13 pɛ de, nanso ne nko ara kɔe, na ɔbea no nyaa honhom mu nkɔso maa akyiri yi ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo a wahyira ne ho so.

Ɔko no Akyi Dwumadi—Afei Gilead

Bere a Wiase Ko II baa awiei 1945 mu no, na mereyɛ adwuma wɔ asasesin a atew ne ho mu wɔ Whaley Bridge, Derbyshire. Anɔpa a wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔagyae ɔko no, yɛkɔsraa nkurɔfo a saa bere no na akodi akɔ wɔn tirim—nyisaa, akunafo ne wɔn a wɔadidi dɛm—na yɛkyekyee wɔn werɛ.

Asram bi akyi no, Asafo ti no kae sɛ wɔhwehwɛ wɔn a wobetu wɔn ho ama ayɛ adwuma wɔ Ireland, a wɔfrɛ no Ahabamono Supɔw no. Saa bere no ná Yehowa Adansefo bɛyɛ 140 pɛ na wɔwɔ supɔw no so, enti wobuu no sɛ asasesin a ɛsɛ sɛ asɛmpatrɛwfo yɛ mu adwuma. Asram kakraa bi akyi no, wɔmaa akwampaefo atitiriw bɛyɛ 40 kɔyɛɛ hɔ adwuma, na na meka wɔn ho.

Bere a meyɛɛ adwuma kakra wɔ Coleraine ne Cookstown a ɛwɔ kusuu fam no, wɔmaa me ne afoforo baasa kɔyɛɛ adwuma wɔ Drogheda a ɛwɔ apuei fam mpoano no. Ɛwom sɛ Irelandfo fi awosu mu wɔ ayamye na wɔpɛ ahɔhoyɛ de, nanso na wonni ɔsom afoforo ho adwempa koraa. Enti, wɔ afe biako mu no, yetumi maa nkurɔfo nhoma a wɔde sua Bible kakraa bi pɛ (nokwarem no, nhoma biako ne nhomawa kakraa bi).

Yɛwɔ Drogheda no, da bi na mede sakre fi akuraa bi ase rekɔ foforo ase na me ne okuani aberante bi a ofi afuw mu reba hyiae wɔ tempɔn no so. Ɔhwɛɛ ha-ne-ha na obisaa brɛoo sɛ: “Woyɛ Yehowa Adansefo no biako anaa?” Bere a mibuae sɛ yiw no, ɔtoaa so sɛ: “Nnɛra anadwo, me ne ɔbea a me ne no ayɛ aware ho nhyehyɛe gyee mo mmea a mowɔ ha yi ho akyinnye denneennen ma yetwaa yɛn aware ho nhyehyɛe no mu. Ɔkae sɛ moyɛ Komunisfo, sɛnea Katolik asɔfo no ne atesɛm nkrataa ka no, nanso mekaa sɛ dabi ɛnte saa, efisɛ mokɔ afie afie a momfa mo ho nsie.”

Memaa no nhomawa bi sɛ ɔnkenkan ma ɔde siee ne kotoku mu, na yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ ade sa a, yebehyia na yɛabɔ nkɔmmɔ pii, efisɛ ɔkae sɛ: “Sɛ wohu sɛ me ne wo rekasa a, m’adwuma befi me nsa.” Saa anadwo no, yɛn mu baanu hyiaa no na yebuaa ne nsemmisa pii. Ná ɛda adi sɛ wagye adi sɛ eyi ne nokware no, na ɔkae sɛ ɔbɛba yɛn fie anadwo foforo abesua pii. Wamma, enti yesusuwii sɛ ɛbɛyɛ sɛ saa anadwo no wɔn a wɔde sakre betwaam wɔ hɔ no bi huu no na ebia ɛmaa n’adwuma no fii ne nsa. Yɛtaa susuw ho sɛ ebia ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo anaa.

Bere a yɛkɔɔ ɔmantam nhyiam wɔ Brighton a ɛwɔ England kesee fam apuei wɔ 1949 mu akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn mu pii sɛ yɛmmra Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu wɔ New York State. Nnipa 26 na yefi Britain kɔɔ adesuakuw a ɛto so 15, na yewiee yɛn adesua no July 30, 1950 bere a na amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ Yankee Stadium no rekɔ so no.

Yɛn Som Adwuma wɔ Brazil

Afe a edi hɔ no, wɔde me kɔɔ São Paulo a ɛwɔ Brazil, a ɛka wiase nkurow a nnipa redɔɔso ntɛmntɛm wɔ hɔ sen biara no ho. Saa bere no ná Yehowa Adansefo asafo anum pɛ na ɛwɔ hɔ, nanso mprempren ɛreyɛ adu 600! Hwɛ sɛnea na ɛha adwuma yɛ soronko koraa wɔ Ireland de no ho! Ná afie pii a ɛwɔ yɛn asasesin mu wɔ São Paulo no yɛ afie akɛse a wɔde nnade atenten agye ho ban na wɔde bi ayeyɛ n’apon fɛfɛɛfɛ. Ná yɛn nsam na yɛbɔ de frɛ afiewuranom anaa wɔn mmaawa no.

Mfe bi akyi no, minyaa dwumadi afoforo. Minyaa hokwan kɔboa maa wɔtetee asafo afoforo wɔ São Paulo mantam no nkuraase pii no mu, a nea wɔtee wɔ Jundiaí 1955 ne Piracicaba 1958 no ka ho. Akyiri yi, 1960 mu no, me nuabea Sonia bɛyɛɛ me hokafo wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu, na wɔma yɛkɔɔ Pôrto Alegre a ɛyɛ Rio Grande do Sul mantam no ahenkurow no mu. Ebia wubesusuw sɛ ɛyɛɛ dɛn na ɔbaa Brazil?

Sonia ne Maame kɔɔ so yɛɛ akwampae adwuma wɔ England wɔ Wiase Ko II no akyi. Nanso Maame nyaa akisikuru maa wɔyɛɛ no oprehyɛn wɔ 1950 mfe no mfiase, na ɛmaa no yɛɛ mmerɛw dodo sɛ ɔbɛkɔ afie afie, ɛwom sɛ na otumi yɛ Bible adesua, kyerɛw nkrataa de. Sonia toaa akwampae adwuma no so, na ɔhwɛɛ Maame bere koro no ara no. Wɔ 1959 mu no, Sonia nyaa hokwan kɔɔ Gilead Sukuu no adesuakuw a ɛto so 33 no bi, na wɔde no baa Brazil. Saa bere no, Beryl hwɛɛ Maame kosii sɛ owui wɔ 1962 mu. Ná Beryl aware saa bere no a ɔne n’abusua de nokwaredi resom Yehowa.

Me ne Sonia boaa nnipa pii ma wohyiraa wɔn ho so gyee asubɔ. Nanso, asɛnnennen biako a na Brazilfo pii wɔ ne wɔn aware a wɔde bɛhyɛ mmara ase. Esiane sɛnea na ɛyɛ den sɛ obi betumi agyae ne hokafo wɔ Brazil nti, na nnipa pii ne nkurɔfo tra te sɛ awarefo bere a wɔnyɛɛ aware ho amanne biara. Ná ɛtaa ba saa titiriw bere a nnipa baanu no mu biako yɛ obi a wagyae nea na ɔyɛ ne mmara kwan so hokafo no.

Mihyiaa ɔbea bi a wɔfrɛ no Eva a na ɔwɔ saa tebea no mu. Ná wonhu nea ne mmara kwan so kunu no afa nti yɛbɔɔ amanneɛ wɔ radio so sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu no. Bere a yehuu no no, me ne ɔbea no kɔɔ kurow foforo so na ama ɔde ne nsa ahyɛ krataa bi ase ama ɔbea no ade ne ho atumi de ɔne ɔbarima a ɔnwaree a ɔne no te no aware ahyɛ mmara ase. Bere a yɛne ɔtemmufo no reka ho asɛm no, ɔkae sɛ me ne Eva nkyerɛ no nea enti a ɔpɛ sɛ ɔfa ɔkwan pa so ware. Bere a yɛkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ ɔtemmufo no, ɛyɛɛ no nwonwa na ɔtee yɛn ase nso.

Bere foforo nso me ne me Bible suani bi kɔhwehwɛɛ mmaranimfo bi a ɔbɛka n’awaresɛm ama no. Saa bere no nso yedii adanse kɛse faa aware ne Onyankopɔn abrabɔ ho gyinapɛn ahorow ho. Wɔ saa tebea yi mu no, na aware dedaw a wɔregu no no ho ka sõ araa ma na ehia sɛ nnipa baanu no nyinaa yɛ adwuma de tua. Nanso wɔ Bible asuafo afoforo yi fam no, na mmɔdenbɔ no so wɔ mfaso. Me ne Sonia nyaa hokwan yɛɛ wɔn aware no ho adansefo, na ɛno akyi no, yɛne wɔn mma baasa a wɔreyɛ adu wɔn mpanyin mfe so no tiee Bible mu ɔkasa tiawa bi wɔ wɔn fie.

Asetra a Ɛsom Bo na Mfaso Wɔ So

Bere a me ne Sonia hyiraa yɛn nkwa so maa Yehowa na yɛbɛyɛɛ akwampaefo no, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no yɛn nkwa nna nyinaa. Nea na ebetumi ato yɛn daakye anaasɛ ɔyare anaa sika fam ahokyere ho asɛm anhaw yɛn da. Nanso, sɛnea Yehowa hyɛɛ bɔ no, onnyaw yɛn da.—Hebrifo 13:6.

Ampa, ɛtɔ da bi a, sika ho tumi yɛ den ma yɛn. Bere bi, me ne me yɔnko kwampaefo no dii paanoo ne salad daa awia afe biako, nanso yemmua nnae da, na yɛn ahiade atitiriw nso mmɔɔ yɛn da.

Mfe pii a atwam no ama yɛn ahoɔden so atew. Wɔ 1980 mfe no mfinimfini no, wɔyɛɛ yɛn baanu nyinaa oprehyɛn a ɛyɛ hu, na ɛyɛɛ sɔhwɛ kɛse maa yɛn, efisɛ ɛmaa yɛn asɛnka adwuma no ano brɛɛ ase kɛse. Wɔ January 1987 no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn maa yɛkɔɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Brazil no.

Yɛn abusua a asomfo bɛboro apem na wɔwom no te ɔdan fɛfɛ bi a ɛne São Paulo ntam kwan bɛyɛ kilomita 140 mu, na ɛhɔ na yetintim nhoma ma Brazil ne South America aman afoforo. Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ ahofama fi ɔdɔ mu hwɛ yɛn wɔ ha. Bere a mebaa Brazil nea edi kan no, na Ahenni asɛmpakafo bɛyɛ 4,000 na wɔwɔ ha, nanso mprempren wɔboro 366,000! Nokwarem no, yɛn soro Agya mmɔborohunufo no de ‘nneɛma afoforo nyinaa’ aka yɛn ho esiane sɛ yɛahwehwɛ Ahenni no kan nti.—Mateo 6:33.

[Kratafa 22 mfonini]

Olive ne Mildred Willett a wogyina afiri bi a wɔde bɔ dawuru ho, 1939

[Kratafa 25 mfonini]

Olive ne Sonia Springate

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena