Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 2/15 kr. 22-25
  • Sɛ Wuhu Asiane Ho Mpopoe a, Twe Wo Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Wuhu Asiane Ho Mpopoe a, Twe Wo Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔbarima Bi a Ɔde Ne Ho Too Asiane Mu
  • Asiane a Wɔman Fi Ho
  • Yɛn Ho a Yɛbɛde Na Yɛatwe Afi Ho
  • Lot Yere Hwɛɛ N’akyi
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Kae Lot Yere No
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Siesie Wo Ho Ma Ogye A Ɛde Kɔ Wiase Foforo Bi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Boa Afoforo Ma Wonnyina Ateetee Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 2/15 kr. 22-25

Sɛ Wuhu Asiane Ho Mpopoe a, Twe Wo Ho

ƐPO so ahyɛnkafo yɛ ahwɛyiye wɔ asiane ho sen biara. Ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ ma wim tebea ne asorɔkye mu nsakrae biara a ɛbɛba, ne sɛnea hyɛn no abɛn mpoano fa. Sɛ asorɔkye ne mframa ka bom bɔ hyɛn no bɛn mpoano a, ahyɛnkafo nya adwuma kɛse na wɔba asiane mu.

Wɔ tebea a ɛtete sɛɛ—a wɔfrɛ no lee shore wɔ Engiresi kasa mu (mframa a ɛbɔ po so hyɛn)—mu no, po so hyɛnkafo no hwɛ ma ɔkwan kɛse bɛda ne hyɛn no ne mpoano no ntam, titiriw sɛ ɔhyɛn no yɛ mframahyɛn a. Ɛpo so hyɛnka ho nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ ‘ebia mframa a ano yɛ den a ɛbɛbɔ hyɛn no akɔ mpoano no ne asiane a ɛsen biara’ a hyɛnkafo betumi ahyia. Dɛn ne ano aduru a wɔkamfo kyerɛ. ‘Mma wo hyɛn no nkɔ tebea a ɛte saa mu da.’ Ɔkwampa a wubetumi afa so akwati asugu wɔ ɛpo ase siw anaa mpoano abotan so ne sɛ wobɛma ɔkwan kɛse ada wo ne ade a ɛyɛ asiane no ntam.

Ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ ahwɛyiye wɔ asiane ahorow a ebetumi ama wɔagu asu wɔ gyidi mu no ho. (1 Timoteo 1:19) Ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ obi bekura ne mudi mu nnansa yi. Sɛnea mframa ne asorɔkye betumi adan hyɛmma bi ani akyerɛ baabi foforo no, saa ara na yɛn mmerɛwyɛ a ɛko tia yɛn daa ne nhyɛso a efi wiase honhom no—a mprempren ano yɛ den te sɛ ahum no—a ennyae da no betumi adan yɛn nkwa a yɛahyira so no ani akyerɛ baabi foforo.

Ɔbarima Bi a Ɔde Ne Ho Too Asiane Mu

Hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ obi de ne ho bɛto honhom fam asiane mu bere a n’ani nna ne ho so!

Susuw nhwɛso bi a esii wɔ beae bi a ɛbɛn Ɛpo a Awu a asase atwa ho ahyia no. Lot nhwɛso no ho asɛm na yɛreka. Gyinae a osii sɛ ɔbɛtra Sodom no de ɔhaw ne awerɛhow pii brɛɛ no. Bere a akasakasa baa Abraham ne Lot mmoa ahwɛfo ntam akyi no, wɔpenee so sɛ wobedi mpaapaemu. Wɔbɔ yɛn amanneɛ sɛ Lot paw Yordan Dantaban no, na osii ne ntamadan wɔ Dantaban no nkurow no mu. Akyiri yi, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛtra Sodom, ɛwom sɛ na Sodomfo no asetra kwan haw no de.—Genesis 13:5-13; 2 Petro 2:8.

Dɛn nti na Lot kɔɔ so traa kurow a na agye dimmɔne wɔ amumɔyɛ mu maa ɛhaw Yehowa kɛse, a na nkurɔfo a wɔbemmɛn hɔ mpo si ho apini no mu? Ná yiyedi wɔ Sodom, na akyinnye biara nni ho sɛ Lot yere nyaa honam fam mfaso wɔ kurow kɛse mu asetra mu. (Hesekiel 16:49, 50) Ebetumi aba mpo sɛ yiyedi kɛse a na ɛwɔ Sodom no na ɛtwetwee Lot. Ɛmfa ho nea enti a ɔkɔtraa hɔ no, ɛsɛ sɛ anka ofi hɔ ntɛm sen sɛnea ɔyɛe no. Yehowa abɔfo hyɛɛ Lot abusua no denneennen ansa na wɔrefi beae a asiane wɔ no.

Genesis kyerɛwtohɔ no se: “Ade reyɛ akye no, abɔfo no piapiaa Lot sɛ: Sɔre, fa wo yere ne wo mmabea baanu a wɔwɔ ha no kɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo, ɔman yi amumɔyɛ mu.” Nanso wɔ saa kɔkɔbɔ a emu yɛ den no akyi mpo no, Lot ‘twentwɛn ne nan ase.’ Awiei koraa, abɔfo no “susoo ɔno ne ne yere ne ne mmabea baanu no nsa, . . . na wɔde no fii adi gyaw no kurow no akyi.”—Genesis 19:15, 16.

Bere a woduu kurow no kurotia no, abɔfo no de ahyɛde a etwa to maa Lot abusua no sɛ: “Guan gye wo kra nkwa, nhwɛ w’akyi, nso nnyina dantaban yi mu baabiara; bepɔw so na guan kɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo.” (Genesis 19:17) Saa bere no mpo Lot srɛe sɛ wɔmma no nkɔ kurow bi a ɛbɛn hɔ a wɔfrɛ hɔ Soar mu sen sɛ obefi saa mantam no mu koraa. (Genesis 19:18-22) Ɛda adi pefee sɛ Lot twentwɛn ne nan ase sɛ obeguan afi asiane ho sɛnea obetumi biara.

Bere a wɔnam kwan so rekɔ Soar no, Lot yere a na ɛda adi sɛ n’ani agyina nneɛma a wagyaw wɔ akyi no danee n’ani hwɛɛ Sodom. Esiane sɛ wantie abɔfo no ahyɛde no nti, ɔhweree ne nkwa. Lot—a na ɔyɛ ɔtreneeni no—ne ne mmabea baanu no fii kurow no sɛe mu kae. Nanso hwɛ ade ara a ɔhweree esiane sɛ ɔpawee sɛ ɔbɛtra baabi a asiane wɔ nti!—Genesis 19:18-26; 2 Petro 2:7.

Asiane a Wɔman Fi Ho

Lot suahu a ɛyɛ awerɛhow no kyerɛ nea ebetumi aba bere a yɛbɛn anaa yɛte tebea a asiane wom mu no. Ade a nyansa wom sɛ yɛyɛ ne sɛ, te sɛ ahyɛnkafo a wɔn ho akokwaw no, ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma yɛkɔ asiane a ɛte saa mu da. Nneɛma a asiane wom bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati? Kristofo binom aman afi gyidi no ho esiane wɔn ho a wɔde ahyɛ aguadi mu mmoroso, wiasefo a wɔne wɔn abɔ kɛse, anaa obi a ɛsono ne bɔbeasu a wɔne no nya ayɔnkofa a emu yɛ den bere a wonni hokwan sɛ wɔware no nti.

Nea nyansa wom sɛ yɛyɛ wɔ tebea yi biara mu ne sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi asiane no ho. Sɛ́ nhwɛso no, so yɛyɛ ahwɛyiye wɔ honhom fam asiane a nea wɔfrɛ no aguadi a mfaso wom no betumi de aba no ho? Anuanom bi de wɔn ho ahyɛ aguadi mu fee ma aka wɔn mmusua, wɔn akwahosan, ne wɔn teokrase hokwan ahorow ɔkwammɔne so. Ɛtɔ mmere bi a, asetra a ahomeka wom a sika tumi de ba no na ɛtwetwe nkurɔfo. Ebi nso wɔ hɔ a, nea ɛma ɛba saa ne sɔ a wɔpɛ sɛ wɔsɔ wɔn aguadi ho nimdeɛ hwɛ no. Ebinom betumi asusuw sɛ adwene a wɔwɔ ne sɛ wɔbɛma anuanom afoforo anya adwuma anaa wobetumi ayi ntoboa kɛse de aboa wiase nyinaa adwuma no. Ebia wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ adwuma no kɔ so yiye a, wobenya bere pii de adi Ahenni nneɛma ho dwuma.

Asiane bɛn na ɛwom? Sikasɛm mu tebea a etumi sakra bere biara ne ‘akwanhyia’ betumi asɛe adwuma a wɔahyehyɛ ma agyina yiye mpo. (Ɔsɛnkafo 9:11) Sɛ obi ntumi ntua aka pii a ɔde a, ebetumi de ahoyeraw aba na ama ɔde honhom fam nneɛma ato nkyɛn. Na sɛ aguadi bi renya nkɔso mpo a, ebia ebegye bere ne ahoɔden pii, na ebia ɛho behia sɛ ɔne wiase pii bɛbɔ.

Ná Kristoni panyin bi a ɔwɔ Spain wɔ sikasɛm mu ahokyere kɛse mu na insurance adwumayɛ kuw bi de adwumayɛ hokwan kɛse bi bɛtoo n’anim. Ɛwom sɛ anka obetumi anya sika pii sɛ́ insurance adwumayeni a ɔnhyɛ obiara ase de, nanso awiei koraa no, ɔpow hokwan no. Ɔka sɛ: “Ná gyinaesi no yɛ den, nanso ɛyɛ me anigye sɛ mepowee. Ade biako nti a meyɛɛ saa ne sɛ, na mempɛ sɛ mefa nnipa a teokrase dwumadi nti minim wɔn no ho nya sika—sɛ mannyɛ no tẽẽ mpo a. Afei nso ɛwom sɛ na m’ani gye ho sɛ mɛtew me ho ayɛ adwuma de, nanso anka metutu akwan pii na mede nnɔnhwerew pii ayɛ adwuma no. Nea anka ebefi mu aba a meyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye ne sɛ, mebu m’ani agu m’abusua ne asafo no so. Nea ɛsen ne nyinaa no, migye di sɛ, mepenee hokwan no so a, anka nneɛma begye me asabawmu.”

Kristoni biara nni hɔ a ɔbɛpɛ sɛ nneɛma gye no asabawmu. Yesu kyerɛɛ asiane a efi asetra a ɛte saa mu ba denam ɛbɛ bi a obu faa ɔbarima bi a ɔkɔɔ so boaboaa ahonyade ano sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛhome na wanya asetra a dwoodwoo wom ho no so. Nanso anadwo a osii gyinae sɛ afei de wanya sika pii sɛnea ɛsɛ no, owui. Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Saa ara na nea ɔhyehyɛ ademude ma ne ho na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no te.”—Luka 12:16-21; fa toto Yakobo 4:13-17 ho.

Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye nso na yɛne wiasefo ammɔ ankɔ akyiri dodo. Ebia na ɔyɛ ofipamfo, yɔnko sukuuni, yɔnko adwumayeni, anaa adwuma mu hokafo. Ebia yebesusuw sɛ, ‘Obu Adansefo, ɔbɔ bra pa, na ɛtɔ da bi a yɛbɔ nokware no ho nkɔmmɔ.’ Nanso, afoforo suahu da no adi sɛ bere rekɔ so no, ebi mpo a, yɛn ani begye wiaseni a ɔte saa adamfofa ho asen yɛn honhom fam nuabarima anaa nuabea bi? Asiane a ɛwɔ adamfofa a ɛte saa mu bi ne dɛn?

Ebia yebefi ase ate nka sɛ bere a yɛwom yi nnye ntɛmpɛ biara anaa yɛbɛkɔ so akyerɛ honam fam nneɛma ho anigye asen honhom fam de. Ebia esiane sɛ yesuro sɛ yɛbɛyɛ biribi a yɛn adamfo wiaseni no mpɛ nti, yebetumi anya ɔpɛ mpo sɛ wiase no ani begye yɛn ho. (Fa toto 1 Petro 4:3-7 ho.) Nea ɛne eyi bɔ abira no, odwontofo Dawid pɛe sɛ ɔne nnipa a wɔdɔ Yehowa mmom bɛbɔ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom, mɛkamfo wo asafo mu.” (Dwom 22:22) Sɛ yesuasua Dawid na yɛhwehwɛ nnamfo a wobetumi ama yɛn honhom mu denhyɛ a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban.

Adeyɛ foforo a asiane wom ne sɛ wone obi a ɛsono ne bɔbeasu a wunni hokwan sɛ woware no benya ayɔnkofa kɛse. Asiane no betumi aba bere a obi nya onipa bi a ne ho yɛ fɛ, ne nkɔmmɔbɔ yɛ no dɛ, na ebi mpo a wɔn nsusuwii ne ɔkwan a wɔfa so yɛ wɔn ade no di nsɛ ho anigye no. N’ani betumi agye ho sɛ ɔne no bɛnantew, na wasusuw sɛ, ‘Minim baabi a ɛsɛ sɛ meyɛ ade kodu. Yɛyɛ nnamfo ara kwa.’ Nanso sɛ wonya kanyan nkate a, ɛsodi nyɛ mmerɛw.

Onuawa ɔwarefo kumaa Mary ani gyee ho sɛ ɔne Michael bɛnantew.a Ná ɔyɛ onua a ne ho yɛ anigye nanso na adamfofa yɛ no den. Ná wodi nsɛ wɔ akwan pii so, na wohui sɛ wobetumi abom ayi nsɛnkwaa. Mary daadaa ne ho susuwii sɛ onuabarima a ɔnwaree no pɛ sɛ ɔka ne kokoam nsɛm kyerɛ no. Bere tiaa bi akyi no, nea na ɛte sɛ adamfofa a ɛho nni asɛm no bɛyɛɛ ayɔnkofa a emu yɛ den. Wɔkɔɔ so bɔɔ pii na awiei koraa no ɔbrasɛe fii mu bae. Mary de awerɛhow ka sɛ: “Mfiase no, ɛsɛ sɛ anka mihu asiane no. Bere a adamfofa no mu nya yɛɛ den no, ɛbɛyɛɛ te sɛ atɛkyɛ na ɛkɔɔ so mem yɛn.”

Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi Bible afotu yi da: “Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ, hena na obenya mu ahuye?” (Yeremia 17:9) Te sɛ asorɔkye a ɛbɔ mframahyɛn kɔhwe abotan mu no, yɛn koma kontomponi no betumi apia yɛn akɔ ayɔnkofa a emu yɛ den a asiane wom mu. Dɛn ne ano aduru? Sɛ wunni hokwan sɛ woware obi a w’ani gye ne ho a, hyɛ da bɔ mmɔden kwati sɛ wone no benya ayɔnkofa a emu yɛ den na yi w’adwene fi ne so.—Mmebusɛm 10:23.

Yɛn Ho a Yɛbɛde Na Yɛatwe Afi Ho

Na sɛ yehu sɛ yɛwɔ honhom fam asiane mu dedaw nso ɛ? Sɛ mframa anaa asorɔkye retwe po so ahyɛn akɔ mpoano a abotan wɔ a, ahyɛnkafo bɔ mmɔden sɛnea wobetumi biara sɛ wɔde wɔn ahyɛn no ani bɛkyerɛ po so, anaa wɔde ani bɛkyerɛ mframa na amma wɔammɛn mpoano pii, kosi sɛ wobedu nsu no fã a ataa dinn. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho denneennen twe yɛn ho. Ɛdenam Kyerɛwnsɛm mu afotu a yebetie, mpae a efi komam a yɛbɛbɔ asrɛ Yehowa mmoa, ne mmoa a yɛbɛhwehwɛ afi Kristofo anuanom a wɔn ho akokwaw hɔ so no, yebetumi asan asi ɔkwan a eye so. Yɛbɛsan anya adwene ne komam asomdwoe bio.—1 Tesalonikafo 5:17.

Ɛmfa ho sɛnea yɛn tebea te no, nyansa wom sɛ yɛbɛkwati ‘wiase no nneɛma.’ (Galatifo 4:3) Nea ɛne ade a Lot yɛe no bɔ abira no, Abraham tew ne ho fii Kanaanfo a na wɔyɛ wiasefo no ho, ɛwom sɛ ɛma ɔtraa ntamadan mu mfe pii de. Ebia ɔhweree honam fam mfaso horow bi, nanso n’asetra a na akɛsesɛm nnim no bɔɔ ne honhom fam yiyedi ho ban. Sɛ́ anka ne gyidi begu asu no, ɔbɛyɛɛ “gyidifo nyinaa agya.”—Romafo 4:11.

Bere a yɛte wiase a emufo yɛ nneɛma tra so, na ne “honhom” mu kɔ so yɛ den mu no, ehia sɛ yesuasua Abraham nhwɛso no. (Efesofo 2:2) Sɛ yetie Yehowa akwankyerɛ wɔ nneɛma nyinaa mu a, yebenya nhyira denam n’ahobammɔ a ɔdɔ wom a yɛn ankasa yebenya no so. Yɛbɛte nka sɛ Dawid: “Odwudwo me kra, ɔde me fa akwantrenee so, ne din nti. Yiye ne adɔe nko na ebedi m’akyi me nkwa nna nyinaa, na mɛtra [Yehowa] fi daa.” Akyinnye biara nni ho sɛ, “akwantrenee” a yɛbɛnantew so mmom sen sɛ yɛbɛman akɔfa ɔkwan a asiane wɔ so so no de nhyira a ɛtra hɔ daa bɛbrɛ yɛn.—Dwom 23:3, 6.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa edin ahorow bi.

[Kratafa 24 mfonini]

Sɛ wunni hokwan sɛ woware obi a w’ani gye ne ho a, kwati sɛ wone no benya ayɔnkofa a emu yɛ den na yi w’adwene fi ne so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena