Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 3/1 kr. 8-13
  • Yehowa Atemmu a Etia Atoro Akyerɛkyerɛfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Atemmu a Etia Atoro Akyerɛkyerɛfo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Atoro mu Nantew”
  • Wɔn Afobu a Wɔda no Adi
  • Atoro Akyerɛkyerɛfo no Atemmu
  • “Yehowa Adesoa” a Wɔka Kyerɛ
  • Bible Nkɔmhyɛ Mu Ɔhene “Guanhwɛfo” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Wɔka “Asomdwoe” Bere A Enni Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Wɔapa Kristoman Ho Ntama Sɛ Nea Ɔma Atoro Som Nya Nkɔso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Ɛsɛ Sɛ Wɔka Onyankopɔn Atemmu Ahorow Ho Asɛm Kyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 3/1 kr. 8-13

Yehowa Atemmu a Etia Atoro Akyerɛkyerɛfo

“Yerusalem adiyifo no mu nso, mahu ahodwiriwde, awaresɛe ne atoro mu nantew . . . wɔn nyinaa adan me sɛ Sodom, na emufo ayɛ sɛ Gomora.”—YEREMIA 23:14.

1. Dɛn nti na obiara a ɔde ɔsoro nkyerɛkyerɛ ma no wɔ asɛyɛde a anibere wom?

OBIARA a ɔde ɔsoro nkyerɛkyerɛ ma no wɔ asɛyɛde a anibere wom. Yakobo 3:1 (New World Translation) bɔ kɔkɔ sɛ: “Me nuanom, ɛnsɛ sɛ mo mu pii bɛyɛ akyerɛkyerɛfo, efisɛ munim sɛ yebenya afobu kɛse mmom.” Yiw, Onyankopɔn Asɛm ho akyerɛkyerɛfo wɔ asɛyɛde a anibere wom kɛse ma ɛno nti wobebu akontaa a ɛsɛ asen Kristofo afoforo nyinaa. Dɛn na eyi bɛkyerɛ ama wɔn a ɛda adi sɛ wɔyɛ atoro akyerɛkyerɛfo no? Momma yɛnhwɛ tebea a na ɛwɔ Yeremia bere so. Yebehu sɛ na ɛyɛ nea ɛrekɔ so nnɛ no ho mfonini.

2, 3. Atemmu nsɛm bɛn na Yehowa nam Yeremia so ka kyerɛɛ Yerusalem atoro akyerɛkyerɛfo no?

2 Yehowa paw Yeremia sɛ ne diyifo wɔ afe 647 A.Y.B. mu, Ɔhene Yosia nniso afe a ɛto so 13 mu. Ná Yehowa wɔ asɛm bi tia Yuda, enti ɔsomaa Yeremia sɛ ɔnkɔka nkyerɛ wɔn. Ná Yerusalem atoro adiyifo anaa akyerɛkyerɛfo reyɛ “ahodwiriwde” wɔ Onyankopɔn ani so. Ná wɔn amumɔyɛ no sõ araa ma Onyankopɔn de Yerusalem ne Yuda totoo Sodom ne Gomora ho. Yeremia ti 23 ka eyi ho asɛm kyerɛ yɛn. Nkyekyem 14 se:

3 “Yerusalem adiyifo no mu nso, mahu ahodwiriwde, awaresɛe ne atoro mu nantew, na wɔhyɛ nnebɔneyɛfo nsa den, nea ɛbɛyɛ na obiara ansan amfi ne bɔne mu; wɔn nyinaa adan me sɛ Sodom, na emufo ayɛ sɛ Gomora.”

4. Ɔkwan bɛn so na Yerusalem akyerɛkyerɛfo no abrabɔ bɔne no ne Kristoman mu de no di nsɛ nnɛ?

4 Yiw, saa adiyifo, anaa akyerɛkyerɛfo yi ankasa yɛɛ nhwɛso bɔne wɔ abrabɔ fam, na wɔnam saayɛ so hyɛɛ ɔman no nkuran ma wɔyɛɛ saa ara. Hwɛ nea ɛrekɔ so wɔ Kristoman mu nnɛ! So wɔnte sɛ Yeremia bere so nnipa no ara pɛ? Ɛnnɛ, asɔfokuw ma emufo a wɔyɛ awaresɛefo ne mmarima a wɔne wɔn ho da kɔ so yɛ asɔfo, na wɔma wɔyɛ asɔre mpo. So ɛyɛ nwonwa sɛ asɔre mma pii nso bra asɛe?

5. Dɛn nti na Kristoman abrabɔ asɛe sen Sodom ne Gomora de no?

5 Yehowa de Yerusalemfo totoo Sodom ne Gomorafo ho. Nanso Kristoman abrabɔ asɛe sen Sodom ne Gomora de no. Yiw, Kristoman ho wɔ asɛm kɛse mpo sen wɔn wɔ Yehowa ani so. N’akyerɛkyerɛfo bu Kristofo abrabɔ ho mmara so. Na eyi de ɔbrasɛe a nnaadaa ahorow nyinaa a ɛma wɔyɛ bɔne ka ho ba. Ɔbrasɛe yi abu so araa ma ɛnnɛ wommu nnebɔne sɛ aniberesɛm.

“Atoro mu Nantew”

6. Dɛn na Yeremia kae wɔ Yerusalem adiyifo no amumɔyɛ ho?

6 Afei hyɛ nea nkyekyem 14 ka fa Yerusalem adiyifo ho no nsow. Ná ‘wɔnantew atoro mu.’ Na nkyekyem 15 (New World Translation) no fã a etwa to no se: “Yerusalem adiyifo ama ɔwae atrɛw akɔ asase no nyinaa so.” Afei, nkyekyem 16 de ka ho sɛ: “Sɛ asafo [Yehowa] se ni: Munntie adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm no asɛm, wɔde mo kɔ ahuhude mu. Wɔn komam adehu na wɔka, emfi [Yehowa] anom.”

7, 8. Dɛn nti na Kristoman asɔfo no te sɛ Yerusalem atoro adiyifo no, na eyi aka asɔrekɔfo dɛn?

7 Te sɛ Yerusalem atoro adiyifo no, Kristoman asɔfo nso nantew atoro mu, na wɔma awaefo nkyerɛkyerɛ, nkyerɛkyerɛ a enni Onyankopɔn Asɛm mu trɛw. Dɛn ne atoro nkyerɛkyerɛ yi bi? Ɔkra a enwu da, Baasakoro, ahodwiragya, ne hellgya a wɔde yɛ nnipa ayayade daa. Afei nso wonunu wɔn atiefo asom denam nea nnipa pɛ atie a wɔka kyerɛ wɔn no so. Wɔka mpɛn pii sɛ asiane biara rento Kristoman efisɛ ɛwɔ Onyankopɔn asomdwoe. Nanso asɔfo no reka “wɔn [ankasa] komam adehu.” Ɛyɛ atoro. Wɔredi wɔn a wogye atosɛm a ɛte saa di no awu wɔ honhom fam. Wɔredaadaa wɔn akɔ ɔsɛe mu!

8 Susuw nea Yehowa ka fa atoro akyerɛkyerɛfo yi ho wɔ nkyekyem 21 no ho: “Mansoma adiyifo no, nso wotuu mmirika; mankasa mankyerɛ wɔn, nso wɔhyɛɛ nkɔm.” Saa ara na ɛnnɛ, Onyankopɔn nsomaa asɔfo no, na wɔnkyerɛkyerɛ ne nokware ahorow nso. Dɛn na afi mu aba? Asɔrekɔfo nni Bible mu nimdeɛ koraa, efisɛ wɔn asɔfo no de wiase nyansa na ɛhyɛ wɔn adwene mu.

9, 10. (a) Adae bɛn na Yerusalem atoro akyerɛkyerɛfo sosoe? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristoman asɔfo nso akyerɛkyerɛ “atoro adae”?

9 Afei nso, nnɛyi asɔfo ka atoro anidaso ahorow ho nsɛm kyerɛ. Hyɛ nkyekyem 25 nsow: “Mate nea adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔntoro no keka sɛ: Maso dae, maso dae! no.” Ɛyɛ adae bɛn? Nkyekyem 32 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Hwɛ, me ne adiyifo a wɔsosõ atoro adae no anya, [Yehowa] asɛm ni; wɔn de, wɔkeka adae no, na wɔde wɔn atosɛm ne wɔn adwenharesɛm daadaa me man no, nanso mensomaa wɔn ɛ, na menhyɛɛ wɔn ɛ, na wɔn ho renyɛ ɔman yi mfaso biara, [Yehowa] asɛm ni.”

10 Atoro adae anaa anidaso bɛn na asɔfo no de akyerɛkyerɛ? Wɔka sɛ, asomdwoe ne dwoodwoo ho anidaso koro pɛ a nnipa wɔ ne Amanaman Nkabom no. Nnansa yi mfe mu no, wɔafrɛ Amanaman Nkabom no sɛ “biakoyɛ ne asomdwoe ho anidaso a edi akyiri,” “asomdwoe ne atɛntrenee ho nhyehyɛe a ɛkorɔn sen biara,” “asase so anidaso titiriw ma wiase asomdwoe.” Nnaadaasɛm bɛn ara ni! Adesamma anidaso koro pɛ ne Onyankopɔn Ahenni. Nanso asɔfo no nka nokware a ɛfa ɔsoro nniso a na ɛyɛ Yesu asɛnka asɛmti titiriw no ho, na wɔmfa nkyerɛkyerɛ.

11. (a) Ahohorabɔ bɛn na Yerusalem atoro akyerɛkyerɛfo de baa Onyankopɔn din ankasa so? (b) Dɛn na nnɛyi atoro nyamesom akyerɛkyerɛfo ayɛ wɔ edin kronkron no ho a ɛne Yeremia kuw no de bɔ abira?

11 Nkyekyem 27 ka pii kyerɛ yɛn. “Wodwen sɛnea wɔde wɔn adae a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no bɛma me man werɛ afi me din, sɛnea Baal nti wɔn agyanom werɛ fii me din no.” Yerusalem atoro adiyifo no maa ɔman no werɛ fii Onyankopɔn din. So nnɛyi atoro nyamesom akyerɛkyerɛfo nyɛɛ saa ara? Nea ɛsen saa no, wɔkata Onyankopɔn din, Yehowa, no so. Wɔkyerɛkyerɛ sɛ ɛho nhia sɛ wɔde di dwuma, na woyi fi wɔn Bible nkyerɛase ahorow mu. Wɔsɔre tia obiara a ɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ Onyankopɔn din ne Yehowa no denneennen. Nanso Yeremia kuw no, Kristofo a wɔde honhom asra wɔn nkaefo, ne wɔn mfɛfo ayɛ nea Yesu yɛe no ara pɛ. Wɔakyerɛ nnipa ɔpepem pii Onyankopɔn din.—Yohane 17:6.

Wɔn Afobu a Wɔda no Adi

12. (a) Dɛn nti na atoro nyamesom akyerɛkyerɛfo di mogya ho fɔ kɛse? (b) Afã bɛn na asɔfo no anya wɔ wiase nyinaa akodi abien no mu?

12 Yeremia kuw no akɔ so apa asɔfo no ho ntama sɛ wɔyɛ atoro akyerɛkyerɛfo a wodi wɔn nguankuw no anim kɔ ɔkwan kɛse a ɛkɔ ɔsɛe mu no so. Yiw, nkaefo no ada nea enti a saa adaesofo no fata Yehowa afobu no adi pefee. Sɛ́ nhwɛso no, Yehowa asomfo atwe adwene asi Adiyisɛm 18:24 so mpɛn pii, sɛ wohuu “wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa” mogya wɔ Babilon Kɛse no mu. Susuw ako a nyamesom mu ntawntawdi de aba no nyinaa ho. Hwɛ mogya ho fɔ kɛse a atoro nyamesom akyerɛkyerɛfo di! Wɔn nkyerɛkyerɛ de mpaapaemu aba, na ama wɔn a ɛsono wɔn gyidi ne ɔman a wofi mu atentan wɔn ho wɔn ho kɛse. Nhoma Preachers Present Arms ka wɔ Wiase Ko I ho sɛ: “Asɔfo no boaa ɔko no wɔ honhom fam. . . . Asɔre no nam saayɛ so de ne ho hyɛɛ akodi no mu kosii ase.” Wɔyɛɛ saa ara wɔ Wiase Ko II mu. Asɔfo no boaa aman a wodii ako no wɔ biribiara mu, na wohyiraa wɔn asraafo. Wiase nyinaa ako abien no fii ase wɔ Kristoman mu, na mfɛfo gyidifo kunkum wɔn ho wɔn ho. Wiase ne nyamesom akuw a ɛwɔ Kristoman mu no da so ara ma wohwie mogya gu de besi nnɛ. Amumɔyɛsɛm a wɔn atoro nkyerɛkyerɛ de aba bɛn ara ni!

13. Ɔkwan bɛn so na Yeremia 23:22 (NW) da no adi sɛ Kristoman asɔfo ne Yehowa nni abusuabɔ biara?

13 Yɛsrɛ wo hyɛ Yeremia ti 23, nkyekyem 22 nsow: “Na sɛ wogyinaa m’agyina mu [wɔka kuw a me ne wɔn wɔ abusuabɔ a emu yɛ den no ho, NW] a, anka wɔmaa me man tiee me nsɛm, na wɔasan wɔn afi wɔn kwammɔne so ne wɔn nneyɛe bɔne no ho.” Sɛ Kristoman nyamesom adiyifo no ka Yehowa kuw a ɔne wɔn wɔ abusuabɔ a emu yɛ den no ho te sɛ ɔsomfo nokwafo ne ɔbadwemma bi a, ɛnde anka wɔn nso bɛtra ase ma ɛne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ahyia. Anka wɔn nso bɛma Kristoman mufo atie Onyankopɔn ankasa nsɛm. Mmom no, nnɛyi atoro akyerɛkyerɛfo no ama wɔn akyidifo abɛyɛ Onyankopɔn Tamfo, Satan Ɔbonsam asomfo a wɔn ani afura.

14. Mpaemuka a emu yɛ den a wɔde pa Kristoman ho ntama bɛn na wɔde mae wɔ 1958 mu?

14 Yeremia kuw no apa asɔfo no ho ntama akokoduru so. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ 1958 Yehowa Adansefo Ɔsoro Apɛde Amanaman Ntam Nhyiam a wɔyɛe wɔ New York City ase no, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani abadiakyiri kaa asɛm bi a ne fã bi se: “Yɛka nokware no pefee a yɛntwentwɛn yɛn nan ase sɛ, ade titiriw a ɛde nsɛmmɔnedi, amumɔyɛ, nitan, akameakamedi, afoforo ho adwene a ɛnteɛ, . . . ne basabasayɛ a emu yɛ den nyinaa ba ne nyamesom a ɛnteɛ, atoro som; na onipa tamfo a aniwa nhu no, Satan Ɔbonsam na ɔhyɛ akyi. Nnipa a wodi fɔ kɛse wɔ nea ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu ne nyamesom mu akyerɛkyerɛfo ne akannifo; na wɔn a wodi fɔ sen biara ne Kristoman mu asɔfo. . . . Efi Wiase Ko I akyi reba no, Kristoman ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ayɛ sɛ Yeremia bere so Israel de no ara pɛ. Yiw, ɔsɛe a ɛyɛ hu na ano yɛ den sen nea ɛbaa Yerusalem so a Yeremia hui no bɛto Kristoman.”

Atoro Akyerɛkyerɛfo no Atemmu

15. Asomdwoe ho nkɔm bɛn na asɔfo no ahyehyɛ? So ɛbɛbam?

15 Kɔkɔbɔ yi nyinaa akyi no, asɔfo no ayɛ wɔn ade dɛn fi saa bere no? Wɔayɛ wɔn ade te sɛ nea nkyekyem 17 (NW) bɔ amanneɛ no: “Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wobu me animtiaa no sɛ, ‘Yehowa aka sɛ: “Mubenya asomdwoe.”’ Na wɔka kyerɛ obiara a ɔnantew ne koma mu mpiyɛ mu sɛ, ‘Bɔne bi remma mo so.’” So eyi yɛ nokware? Dabi! Yehowa bɛma wɔahu sɛ asɔfo no nkɔmhyɛ ahorow yi yɛ atoro. Ɔremma nea wɔreka wɔ ne din mu no mma mu. Mmom no, atoro awerɛhyem a asɔfo no de ma sɛ asomdwoe wɔ wɔne Onyankopɔn ntam no yɛ nnaadaa kɛse!

16. (a) Wiase yi abrabɔ tebea te dɛn, na henanom na wɔka ho a enti aba saa? (b) Dɛn na Yeremia kuw no reyɛ wɔ wiase yi mu ɔbrasɛe ho adwenhorow a ɛmfata no ho?

16 So wususuw sɛ, ‘Aa, so asɔfo no atoro nkyerɛkyerɛ no betumi adaadaa me? Ɛremma saa da!’ Ɛnsɛ sɛ wugye wo ho di pii saa! Kae sɛ asɔfo no atoro nkyerɛkyerɛ no de abrabɔ tebea bi a ɛyɛ hu na ɛyɛ den sɛ wubehu aba. Ɛkame ayɛ sɛ wɔn atoro nkyerɛkyerɛ no pene biribiara so, ɛmfa ho sɛ ɛyɛ ɔbrasɛe dɛn ara. Na abrabɔ bɔne yi da adi wɔ anigyede, sini, TV, nsɛmma nhoma ne nnwom ahorow nyinaa mu. Enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye kɛse, anyɛ saa a, ɔbra bɔne a ɛkanyan akɔnnɔ wɔ anifere kwan so yi benya yɛn so nkɛntɛnso. Video ahorow ne nnwom a ɛmfata betumi asum mmofra afiri. Kae sɛ asɔfo no atoro nkyerɛkyerɛ ne Onyankopɔn trenee gyinapɛn a wonni so no ankasa na ama nnipa pene biribiara so nnɛ no. Yeremia kuw no reko tia saa ɔbrasɛe ho adwenhorow yi, na wɔreboa Yehowa asomfo ma wɔapow bɔne a Kristoman wom no.

17. (a) Sɛnea Yeremia kyerɛe no, atemmu bɛn na na ɛbɛba Yerusalem so? (b) Dɛn na ɛnkyɛ ɛbɛba Kristoman so?

17 Atemmu bɛn na Ɔtemmufo Kɛse, Yehowa, de bɛba Kristoman atoro akyerɛkyerɛfo no so? Nkyekyem 19, 20, 39, ne 40 bua sɛ: “Hwɛ, [Yehowa] ahum, abufuhyew afi adi, na ahum a edi kyinhyia betwa ne ho abesi abɔnefo ti so. [Yehowa] abufuw no rensan kosi sɛ ebewie na ama ne koma mu adwene agyina. . . . Me werɛ befi mo koraa, na matow mo ne kurow a mede memaa mo ne mo agyanom no afi m’anim agu. Na mede daa ahohora ne daa nsopa a werɛ remfi da mato mo so.” Eyi nyinaa baa Yerusalem amumɔyɛfo no ne asɔrefi no so, na ɛnkyɛ ɔsɛe a ɛte saa ara bɛba Kristoman amumɔyɛfo no so.

“Yehowa Adesoa” a Wɔka Kyerɛ

18, 19. “Yehowa adesoa” bɛn na Yeremia ka kyerɛɛ Yuda, na dɛn na na ebefi mu aba?

18 Enti, asɛyɛde bɛn na Yeremia kuw no ne wɔn mfɛfo no wɔ? Nkyekyem 33, (NW) ka kyerɛ yɛn sɛ: “Sɛ ɔman yi anaa odiyifo anaa ɔsɔfo no bisa wo sɛ, ‘Yehowa adesoa ne dɛn?’ a, ɛsɛ sɛ wo nso woka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Saa nkurɔfo yi—O moyɛ adesoa dɛn ara! Na mɛpow mo ɔkwan biara so,” Yehowa asɛm ni.’”

19 Hebri asɛmfua ma “adesoa” no kura ntease abien. Ebetumi akyerɛ ɔsoro mpaemuka a emu yɛ duru anaa biribi a ɛhyɛ obi so na ɛma ɔbrɛ. Wɔ ha no, asɛm “Yehowa adesoa” no kyerɛ nkɔmhyɛ a emu yɛ duru—mpaemuka a ese wɔbɛsɛe Yerusalem no. So na nkurɔfo no ani gye ho sɛ wobetie saa nkɔmhyɛ nsɛm a emu yɛ duru a efi Yehowa hɔ a Yeremia ka kyerɛɛ wɔn mpɛn pii no? Dabi, nkurɔfo no dii Yeremia ho fɛw sɛ: ‘Nkɔmhyɛ (adesoa) bɛn na wowɔ mprempren? Yegye di sɛ wo nkɔmhyɛ no bɛyɛ adesoa a emu yɛ duru foforo!’ Nanso dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ wɔn? Nea ɔkae ni: “Saa nkurɔfo yi—O moyɛ adesoa dɛn ara! Na mɛpow mo ɔkwan biara so.” Yiw, na nkurɔfo yi yɛ adesoa ma Yehowa, na na ɔrebeyi wɔn afi hɔ na wɔanyɛ adesoa amma no bio.

20. Dɛn ne “Yehowa adesoa” no nnɛ?

20 Dɛn ne “Yehowa adesoa” nnɛ? Ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm mu nkɔmhyɛ nsɛm a emu yɛ duru no. Ɔsɛe ho nsɛm ayɛ mu ma, na ɛka Kristoman sɛe a abɛn ho asɛm kyerɛ. Yehowa nkurɔfo de, yɛwɔ asɛyɛde a anibere wom sɛ yɛbɛbɔ “Yehowa adesoa” yi ho dawuru. Bere a awiei no bɛn no, ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ obiara sɛ Kristoman amumɔyɛfo no yɛ “adesoa,” yiw, “O adesoa dɛn ara!” ma Yehowa Nyankopɔn, na ɔrebɛsoɛ “adesoa” yi asi hɔ nnansa yi ara denam Kristoman a obegyaw wɔn ama ɔsɛe no so.

21. (a) Dɛn nti na wɔsɛee Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. mu? (b) Yerusalem sɛe akyi no, dɛn na ɛbaa atoro adiyifo no ne Yehowa nokware diyifo no so, na dɛn awerɛhyem na ɛma yɛn nnɛ?

21 Wɔ Yeremia bere so no, Yehowa atemmu bae bere a Babilonfo sɛee Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. mu no. Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, ná ɛyɛ ‘ahohorabɔ ne animguase’ ma saa Israelfo a wɔsenee wɔn kɔn na wɔanni nokware no. (Yeremia 23:39, 40) Ɛkyerɛɛ wɔn sɛ, afei Yehowa a wobuu no animtiaa mpɛn pii no agyaw wɔn sɛ wontwa wɔn bɔne so aba. Awiei koraa no, wɔmaa atoro adiyifo ahantanfo no muaa wɔn ano. Nanso Yeremia kɔɔ so hyɛɛ nkɔm. Yehowa annyaw no. Nea ɛne eyi nsusuwso hyia no, sɛ Yehowa gyinaesi a emu yɛ duru no ma ɔsɛe Kristoman asɔfo ne wɔn a wogye wɔn atosɛm ahorow no di no a, ɔrennyaw Yeremia kuw no.

22. Tebea bɛn na Yehowa atemmu de bɛba Kristoman so?

22 Yiw, sɛnea Yerusalem danee amamfõ wɔ 607 A.Y.B. mu akyi na obiara antra mu no, saa ara na Kristoman bɛyɛ bere a wɔagye n’ahonyade afi ne nsam na wɔapa ne ho ntama de ahyɛ no aniwu no. Eyi ne atemmu a ɛfata a Yehowa ahyɛ sɛ ɔde bɛba atoro akyerɛkyerɛfo so. Saa atemmu no bɛba ɔkwan biara so. Sɛnea Yeremia kɔkɔbɔ nsɛm a efi honhom mu no nyinaa baam tete no, saa ara na ebenya mmamu nnɛ. Enti momma yɛnyɛ sɛ Yeremia. Momma yɛmfa akokoduru nka Yehowa nkɔmhyɛ adesoa no nkyerɛ nkurɔfo, na wonhu nea enti a ne trenee atemmu no nyinaa reba atoro nyamesom akyerɛkyerɛfo nyinaa so!

Nsemmisa a Wɔde Kaakae Nsɛm

◻ Ná tete Yerusalem bɔne te dɛn wɔ Yehowa ani so?

◻ Akwan bɛn so na Kristoman ‘anantew atoro mu’?

◻ Ɔkwan bɛn so na wɔada nnɛyi asɔfo no afodi adi pefee?

◻ “Yehowa adesoa” bɛn na wɔreka ho asɛm nnɛ?

[Kratafa 8 mfonini]

Yerusalem adiyifo no “ahodwiriwde”

[Kratafa 9 mfonini]

“Wɔn komam adehu na wɔka”

[Kratafa 10 mfonini]

Yerusalem a ɔsɛe baa so no yɛ Kristoman awiei ho mfonini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena