Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 3/1 kr. 31
  • “Onyankopɔn Nhwɛ Onipa Anim”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Onyankopɔn Nhwɛ Onipa Anim”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ka Kyerɛ Wɔn Sɛ Wodɔ Wɔn
    Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
  • Ɔdɔ Ka Mmusua Bom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • ‘Anigye Ne Onipa a Ohu Nyansa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 3/1 kr. 31

Ahenni Adawurubɔfo bɔ Amanneɛ

“Onyankopɔn Nhwɛ Onipa Anim”

MFEHA dunkron a atwam ni no, ɔsomafo Petro a honhom kaa no no kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Wohu nnipa a wofi mmusuakuw ahorow mu na wɔakɔ ɔsom ahorow nyinaa bi pɛn wɔ Yehowa Adansefo mu. Wɔdɔ trenee, na wosuro Onyankopɔn. Yehowa gye wɔn nyinaa ba wiase foforo asafo no mu, na ɛho nhwɛso ne nea ɔyɛɛ ɔbea bi wɔ Chad no.

Ná saa ɔbea yi ani nnye ne som ho. Mfe bi a na atwam no, na wagye nhoma Your Youth—Getting the Best Out Of It a Yehowa Adansefo na wotintimii no biako, na n’ani gyee nhoma no mu afotu pa no ho. Wɔne no fii Bible adesua ase, na na onya bere ma adesua no bere nyinaa. Nanso, bere a wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ Kristofo nhyiam wɔ Ahenni Asa so no, wanyɛ. Dɛn ntia? Ɛwom sɛ na ne kunu nsɔre ntia n’adesua no de, nanso wamma no kwan ma wankɔ nhyiam horow a wɔyɛ wɔ Ahenni Asa so no bi.

Bere a ɔyere no pɛe sɛ ɔkɔ ɔmansin nhyiam no, Ɔdansefo a ɔne no sua ade no de nhyiam no dwumadi nhyehyɛe a ɛkyerɛ afotu pa ahorow a wɔbɛda no adi wɔ nhyiam no ase no kyerɛɛ okunu no. Ɔpenee so sɛ ne yere nkɔ nhyiam no “pɛnkoro pɛ.” Ɔkɔe, na n’ani gyee nhyiam no nyinaa ho yiye. Bere a ɔkyerɛkyerɛɛ nea osuae no mu kyerɛɛ ne kunu akyi no, wansɔre antia asafo nhyiam afoforo a ɔbɛkɔ no. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa a wofi mmusuakuw ahorow mu a wɔdɔ wɔn ho wɔn ho yiye na wɔwɔ asafo no mu no maa ne ho dwiriw no. Akyiri yi ɔkɔɔ ɔmantam nhyiam, na ne ho dwiriw no mpo bere a ohui sɛ ne mma sisi Adansefo a wofi aman afoforo so nan so no. Adansefo no maa mmofra no aduan dii na wɔyɛɛ wɔn te sɛ wɔn abusuafo. Eyi sakraa n’asetra.

Nanso ɔsɔretia dii akyi bae. Ɛwom sɛ ɔyɛ obi a ɔfɛre ade yiye fi awo mu de, nanso ofii ase maa mmuae wɔ nhyiam horow ase na ɔde akokoduru gyinaa ntuatuano bɔne a efi abusuafo ne afipamfo hɔ ano. Bere a na ɔne ne kunu atra mfe bebree no, na wɔmfaa wɔn aware nhyɛɛ mmara ase, na na abusuafo nkutoo na wonim ho biribi. Ɔkwan bɛn so na na ɔnam bɛka aware a wɔde bɛhyɛ mmara ase yi ho asɛm? Bere a ofi komam bɔɔ Yehowa mpae akyi no, ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ ne kunu na ɔkae sɛ ɔbɛhwehwɛ mu ahwɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a. Awiei koraa no, ɔyɛɛ saa, na wɔde wɔn aware no hyɛɛ mmara ase.

Ne kunu nuabea bi a ɔne wɔn te de nsɛnnennen pii bae, nanso okunu no gyinaa ne yere no akyi. Afei okunu no papa bɛsraa wɔn. Ɔhyɛe sɛ ne babarima no nnyae ne yere no aware, esiane sɛ wasakra ne som nti. Agya no ka kyerɛɛ ne ba no sɛ obetua eti ade ma waware “ɔyere a ɔsen no koraa.” Ne babarima no buae sɛ: “Dabi, merenyɛ saa. Ɔyɛ ɔyere pa. Sɛ ɔno ankasa ka sɛ obegyae aware a, ɛno yɛ soronko, na me de merenka sɛ ɔnkɔ.” Ɔyere no daa obu kɛse adi kyerɛɛ n’ase no, na ne nneyɛe no maa n’ani wui. Nanso, bere a ɔsan kɔɔ n’akuraase no, ɔkyerɛw ne babarima no krataa, a saa bere no de ɔde ahyɛde a etwa to maa ne babarima no sɛ onnyae ne yere no aware. Ɔkae sɛ sɛ ne babarima no ampene so ampam ne yere no a, ɔnyɛ ne ba bio. Ne ba no kɔɔ so gyinaa ne yere no akyi ara. Hwɛ sɛnea ɔyere no ani begye bere a ohui sɛ ne kunu asi gyinae pintinn a ɛte saa no.

Mprempren wɔn mmabarima nkumaa baanu ani gye ho sɛ wɔne wɔn maame kɔ Ahenni Asa so. Wɔsrɛe sɛ wɔn papa ntɔ abɔkɔn mpo mma wɔn, efisɛ wohu sɛ anuanom a wɔma ɔkasa no nyinaa bobɔ bi. Ɛnnɛ, saa ɔbea yi yɛ onuawa a wɔabɔ no asu.

Ɔka Adansefo 345 a wɔwɔ anigye a wɔreka Yehowa Ahenni ho asɛmpa wɔ Chad no ho, na ohu sɛ nokwarem no, “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena