Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 4/15 kr. 30
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • William Whiston—Ɔwaefo Anaa Nhomanimfo Nokwaredifo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • William Whiston
    Nyan!—2014
  • Aba Pa ne Aba Bɔne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Maria Sorokɔ—So Ɛyɛ Nkyerɛkyerɛ a Efi Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 4/15 kr. 30

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho yiye? Sɛ saa a, ɛnde w’ani begye ho sɛ wode nea edidi so yi bɛkaakae w’adwene:

▫ Dɛn Nti na Israel akwansrafo no kɔdaa aguaman Rahab fie?

Ná Israelfo akwansrafo no di Onyankopɔn Mmara so, enti ɛnyɛ ɔbrasɛe nti na wɔkɔdaa Rahab fie. Ebia na wɔn adwene ne sɛ aguaman fie a wɔbɛkɔ no remma nkurɔfo adwene mma wɔn so kɛse. Ná kurow no fasu so a ɔbea no fie wɔ no nso bɛma wɔatumi aguan ntɛm. Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, ɛda adi sɛ Yehowa kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ ɔdebɔneyɛfo a Onyankopɔn ne Israelfo ntam nsɛnni ho amanneɛbɔ anya ne koma so tumi wɔ ɔkwan pa so araa ma wanu ne ho ma wasakra n’akwan no nkyɛn.—12/15, nkratafa 24-5.

▫ Ɔkwan bɛn so na abufuw ka yɛn akwahosan?

Nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ abufufa de nneɛma a ɛma yɛhaw wɔ nipadua mu ba. Abufuw a yɛtaa fa betumi ama yɛn nipadua mu srade a ɛsɛe ade no adɔɔso asen nea ɛma ahobammɔ no, na ebetumi ama yɛanya komayare.—12/15, kratafa 32.

▫ Nyansahyɛ ahorow bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛama yɛn nsɛmma nhoma, Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kyekyɛ anya nkɔanim?

Ma w’ani nku Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ho; fa ma wɔ ɔkwan tiawa so; yɛ fakaa denam akwan ntiatia a wubesiesie so; fa dodow bi a ɛsɛ sɛ woma si w’ani so.—1/1, nkratafa 24-5.

▫ Dɛn nti na Mose yɛ teokrase kwan a wɔfa so yɛ ade ho nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yedi akyi?

Mose hwehwɛɛ Yehowa akwankyerɛ wɔ nsɛm ho. Ná ɔmfa n’ani nsi nneɛma akɛse so na mmom Onyankopɔn anuonyam na na ehia no. Ná ɔwɔ gyidi a emu yɛ den; ne werɛ amfi da sɛ Yehowa ne Israel man no Sodifo ankasa.—1/15, kratafa 11.

▫ Akwan bɛn so na ɔsoro nkyerɛkyerɛ di nkonim?

Ɔsoro nkyerɛkyerɛ di nkonim denam nokware no ho ntease a ɛkɔ so ma Yehowa nkurɔfo nya no so. Ɛde nnipa ba honhom mu hann mu, na ɛkyerɛ ahobrɛasefo sɛnea wɔsom Onyankopɔn wɔ “honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) Ɔsoro nkyerɛkyerɛ di sɔhwɛ ahorow ne wiase bɔne no so nkonim nso.—2/1, nkratafa 10-12.

▫ Dɛn ne ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so de afotu ma?

Nea ɛma ɛyɛ yiye ne obu a ɛfata a wɔbɛkyerɛ ama onipa a wɔretu ne fo no ne hokwan a ɔwɔ sɛ wɔne no di no nidi mu no. Enti, ɛsɛ sɛ Kristoni ɔfotufo yɛ ɔyamyefo na ɔbata nnyinasosɛm ho pintinn, nanso odi nea otu no fo no ni.—2/1, kratafa 28.

▫ Ɛyɛɛ dɛn na Roma Katolek Asɔre no begyee Maria Sorokɔ toom sɛ ɔkyerɛkyerɛ?

Ná Maria Sorokɔ ho adwene biara nni Kristofo nkyerɛkyerɛ mu wɔ afeha a edi kan no mu wɔ Yesu wu akyi. Nanso, bere a Baasakoro nkyerɛkyerɛ no bɛyɛɛ asɔre nkyerɛkyerɛ no, wofii ase maa Maria benyaa gyinabea titiriw bi. Wɔannye Maria Sorokɔ ho ɔkyerɛkyerɛ no antom sɛ asɔre nkyerɛkyerɛ kosii November 1, 1950, bere a Pope Pius XII de too gua sɛ: “Yegye Maria Sorokɔ no tom sɛ asɔre nkyerɛkyerɛ a efi Onyankopɔn nkyɛn” no.—Munificentissimus Deus .—2/15, nkratafa 26-7.

▫ Dɛn na Mmorɔdɔma nkyerɛnkyɛ abien mu mmorɔdɔma pa ne bɔne a ɛwɔ Yeremia ti 24 no gyina hɔ ma?

Ná mmorɔdɔma pa no gyina hɔ ma Yudafo a wodii kan faa wɔn nnommum kɔɔ Babilon a na wɔn mu nkaefo bi bɛsan aba Yuda no. Na mmorɔdɔma bɔne no gyina hɔ ma Ɔhene Sedekia ne wɔn a wɔka ne ho a, ɛmfa ho sɛ wɔkaa ntam wɔ Onyankopɔn din mu nanso wɔtew atua no. Sɛ yɛde toto ho a, yehu sɛ nnɛyi honhom fam Israel nkaefo no asow aba pa wɔ wɔn asetram, na ɛne aba porɔwee a Kristoman mu asɔfo no asow bɔ abira koraa.—3/1, nkratafa 13-17.

▫ Henanom ne Quartodecimans, na dɛn nti na wɔn ho asɛm hia Kristofo Nnɛ?

Asomafo no wu akyi no, na nnipa binom di Awurade Anwummeduan no sɛnea asomafo no dii no no wɔ Nisan da a ɛto so 14 afe biara. Wɔbɛfrɛɛ wɔn “Nea ɛto so dunnanfo,” anaa Quartodecimans. Eyi ho hia yɛn nnɛ, efisɛ, ɛkyerɛ sɛ asomafo no wu akyi mpo no, na nnipa binom wɔ hɔ a wodi Yesu wu ho nkae no wɔ ɔkwampa so pɛnkoro afe biara wɔ Nisan da a ɛto so 14.—3/15, nkratafa 4-5.

▫ Hena ne William Whiston?

Ná ɔyɛ nhomanimfo mmɔdenbɔfo wɔ England wɔ afeha a ɛto so 18 no mu, Sir Isaac Newton yɔnko berɛbo. Whiston kyerɛɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ase, ɔpow Baasakoro nkyerɛkyerɛ no pefee, na na ɔkyerɛ ɔsoro nneɛma ho ade ne akontaabu. Nanso nea wɔde kae Whiston kɛse ne abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus nhoma ahorow a ɔkyerɛɛ ase kɔɔ Engiresi kasa mu no.—3/15, nkratafa 26-28.

▫ Ɔkwan bɛn so na wɔbɔɔ onipa wɔ Onyankopɔn suban so? (Genesis 1:27)

Wɔbɔɔ onipa maa no tumi sɛ ɔmfa Onyankopɔn su atitiriw a ɛne ɔdɔ, atɛntrenee, nyansa, ne tumi—ne ne su afoforo nni dwuma.—4/1, kratafa 25

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena