Ahenni Adawurubɔfo de Nsi yɛ Adwuma wɔ Asase Nyinaa So
“[Mobɛyɛ] m’adansefo . . . akɔpem asase ano nohɔ.”—ASOMAFO NO NNWUMA 1:8.
1. Asɛm bɛn na Yesu kae sɛ n’akyidifo bɛbɔ ho dawuru wɔ yɛn mmere yi mu?
BERE a Yesu reka adwuma a Yehowa somaa ne Ba no baa asase so sɛ ɔmmɛyɛ ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no mekyerɛ.” (Luka 4:43) Saa ara na bere a Yesu reka adwuma a n’asuafo no bɛyɛ wɔ asase so bere a wasan aba ahenni tumi mu ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.
2. (a) Dɛn nti na ɛho hia saa sɛ yɛbɔ Ahenni nkrasɛm no ho dawuru kɛse? (b) Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bisa yɛn ho?
2 Dɛn nti na Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm hia kɛse saa? Dɛn nti na ehia sɛ wɔbɔ Ahenni no dawuru kɛse saa? Efisɛ ɛno ne Mesia Ahenni a ɛbɛsan Yehowa amansan tumidi ho. (1 Korintofo 15:24-28) Yehowa nam so de atemmu bɛba mprempren Satan nneɛma nhyehyɛe no so, na wama bɔ a wahyɛ sɛ obehyira asase so mmusua nyinaa no abam. (Genesis 22:17, 18; Daniel 2:44) Yehowa nam ahenni no ho adanse a wama wɔadi so ahu wɔn a ɔsraa wɔn akyiri yi sɛ wɔnyɛ ne Ba no yɔnko adedifo no. Wɔnam Ahenni adawurubɔ so reyɛ mpaapaemu adwuma bi nso nnɛ. (Mateo 25:31-33) Yehowa pɛ sɛ wɔka n’atirimpɔw kyerɛ amanaman nyinaa mufo. Ɔpɛ sɛ wonya hokwan de paw nkwa bɛyɛ n’Ahenni no nkoa. (Yohane 3:16; Asomafo no Nnwuma 13:47) So worenya Ahenni yi ho adawurubɔ mu kyɛfa kosi ase?
Ná Wɔhwɛ Amanaman Mmere no Awiei Kwan
3. (a) Sɛnea ɛfata no, asɛmti bɛn na C. T. Russell kaa ho asɛm wɔ kwan a otuu no mfiase kɔtew Bible adesua kuw ahorow no mu? (b) Dɛn na saa Bible Asuafo a wodi kan no hui wɔ afã a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no nya wɔ wɔn asetram no ho?
3 Wɔ 1880 mu no, Charles Taze Russell, Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no samufo a odi kan, tuu kwan kɔfaa United States kusuu fam apuei de kɔhyɛɛ Bible adesua akuw a wɔbɛtetew ho nkuran. Wɔ ɔkwan a ɛfata so no, asɛmti a ɔkaa ho asɛm ne “Onyankopɔn Ahenni ho Nneɛma.” Sɛnea ɛdaa adi wɔ Ɔwɛn-Aban a edidii kan bae mu no, Bible Asuafo (sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no) hui sɛ, sɛ wɔbɛfata sɛ wonya Onyankopɔn Ahenni no mu kyɛfa a, ɛsɛ sɛ wɔde Ahenni no di kan wɔ wɔn asetram, na wofi anigye mu de wɔn nkwa, wɔn ahoɔden, ne nea wɔwɔ boa ɛho adwuma. Ná ɛsɛ sɛ wɔde asetra mu biribi foforo biara di ɛno akyi. (Mateo 13:44-46) Asɛyɛde a na wɔwɔ no bi ne sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa akyerɛ afoforo. (Yesaia 61:1, 2) Wɔyɛɛ adwuma yi koduu he ansa na Amanaman Mmere no reba awiei wɔ 1914 mu?
4. Bible Asuafo kuw ketewa yi kyekyɛɛ Bible nhoma ahorow koduu he ansa na 1914 redu?
4 Efi 1870 mfe no mu de besi 1914 no, na Bible Asuafo no nnɔɔso. Ebeduu 1914 no, nnipa bɛyɛ 5,100 pɛ na na wɔde nsi renya baguam adansedi no mu kyɛfa. Nanso hwɛ adanse soronko a wodii! Wɔ 1881 mu, wofii ase tintim Ɔwɛn-Aban no akyi mfe abien pɛ no, wɔkyekyɛɛ nhoma a ekura nkratafa 162 a wɔato din Food for Thinking Christians. Asram kakraa bi ntam no, wɔkyekyɛɛ 1,200,000. Wɔ mfe kakraa bi mu no, na wɔkyekyɛ nkratawa ɔpepedudu pii wɔ kasa horow pii mu afe biara.
5. Ná henanom ne bere nyinaa asɛmpakafo no, na honhom bɛn na wɔdaa no adi?
5 Afei nso efi 1881 no, ebinom tuu wɔn ho mae sɛ bere nyinaa asɛmpakafo. Saafo no na wofii nnɛyi akwampaefo (bere nyinaa asɛmpakafo) adwuma no ase. Bere nyinaa asomfo yi binom ankasa nantewee anaa wɔde sakre kodii adanse wɔ ɔman a wɔte mu no afã dodow no ara. Afoforo nso kɔɔ amannɔne nsase so, na wɔn na wodii kan kɔkaa asɛmpa no wɔ nsase te sɛ Finland, Barbados, ne Burma (a ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Myanmar) so. Wɔdaa asɛmpatrɛw ho mmɔdenbɔ adi te sɛ Yesu Kristo ne n’asomafo no.—Luka 4:43; Romafo 15:23-25.
6. (a) Onua Russell akwan a otutu kɔtrɛw Bible nokware mu no de no koduu he? (b) Dɛn bio na wɔyɛe na ama asɛmpa a wɔka wɔ amannɔne nsase so no akɔ so kɛse ansa na Amanaman Mmere no reba awiei?
6 Onua Russell ankasa kɔɔ mmeae pii kɔkaa nokware no ho asɛm kyerɛe. Ɔkɔɔ Canada mpɛn pii; ɔmaa ɔkasa wɔ Panama, Jamaica, ne Cuba; ɔkɔɔ Europa mpɛn pii; na okyinkyinii wiase nyinaa kaa asɛmpa no. Ɔsomaa mmarima afoforo nso ma wokofii asɛmpaka adwuma no ase na wodii anim wɔ amannɔne nsase so. Ɔmaa Adolf Weber kɔɔ Europa wɔ 1890 mfe no mfinimfini mu hɔ, na ofii ne som adwuma no ase wɔ Switzerland de kɔɔ France, Italy, Germany, ne Belgium. Ɔmaa E. J. Coward kɔɔ Caribbean nsase no so. Ɔmaa Robert Hollister dwumadi wɔ Apuei Fam wɔ 1912 mu. Ɛhɔ na wɔyɛɛ nkratawa atitiriw bi wɔ kasa horow du mu, na wɔnam ɛhɔfo so kyekyɛɛ ɔpepem pii wɔ India, China, Japan, ne Korea nyinaa. Sɛ na wote ase saa bere no a, anka wo koma bɛka wo ma woabɔ mmɔden kɛse sɛ wobɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo a wɔwɔ wo mpɔtam ne mmeae afoforo?
7. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔde atesɛm nkrataa dii dwuma maa adansedi no nyaa nkɔanim? (b) Dɛn ne “Photo-Drama of Creation” [Adebɔ ho Mfonini] no, na afe biako mu no nnipa baahe na wɔhwɛe?
7 Bere a Amanaman Mmere no bɛn n’awiei no, wotintim Bible ɔkasa ahorow a Onua Russell mae no wɔ atesɛm nkrataa mu. Ɛnyɛ 1914 na ɔkasa ahorow no sii so dua, na mmom Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛnea enni huammɔ no. Bere biara na wotintim ɔkasa ahorow yi wɔ atesɛm nkrataa dodow 2,000 a nnipa 15,000,000 kenkan daa no mu. Afei, bere a afe 1914 fii ase no, Asafo ti no fii ase yii “Photo-Drama of Creation” [Adebɔ ho Mfonini] ho sini kyerɛe wɔ baguam. Wɔde sini a wɔakyem anan a ebiara gye nnɔnhwerew 2 no kyerɛɛ Bible nokware ahorow fi adebɔ so kɔpem Mfirihyia Apem no mu tɔnn. Afe biako pɛ mu no na nnipa bɛboro ɔpepem akron ahwɛ wɔ Amerika Kusuu Fam, Europa, Australia, ne New Zealand.
8. Eduu 1914 no, na Bible Asuafo no aka asɛmpa no akodu nsase dodow ahe so?
8 Sɛnea kyerɛwtohɔ ahorow a ɛwɔ hɔ kyerɛ no, eduu 1914 awiei no, na asɛmpakafo kuw mmɔdenbɔfo yi ama Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru a wɔbɔ no adu nsase 68 soa Nanso na ɛno yɛ mfiase ara kwa!
Nsi a Wɔde Bɔ Ahenni a Wɔde Asi hɔ no Ho Dawuru
9. Wɔ Cedar Point nhyiam horow ase no, ɔkwan bɛn so na wɔhyɛɛ Ahenni adanse adwuma no ho nkuran kɛse?
9 Akyiri yi, bere a Bible Asuafo no hyiaam wɔ Cedar Point, Ohio, wɔ 1919 mu no, J. F. Rutherford a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no kae sɛ: “Nea na ɛyɛ yɛn adwuma na ɛda so ara yɛ yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛka Mesia anuonyam Ahenni a ɛreba no ho asɛm akyerɛ.” Wɔ Cedar Point nhyiam a ɛto so abien a wɔyɛɛ no 1922 ase no, Onua Rutherford sii nokwasɛm no so dua sɛ wɔ Amanaman no Mmere awiei wɔ 1914 mu no, ‘anuonyam Hene no gyee ne tumi kɛse no na ofii ase dii hene.’ Ɛno akyi no, ɔdaa asɛm no adi pefee kyerɛɛ n’atiefo no sɛ: “So mugye di sɛ anuonyam Hene no afi ne nniso ase? Ɛnde monsan nkɔka asɛmpa no, O mo a moyɛ ɔsorosoroni Nyankopɔn mma! . . . Monka asɛm no baabiara. Ɛsɛ sɛ wiase no hu sɛ Yehowa ne Nyankopɔn na Yesu Kristo ne ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade. Ɛda a ɛsen nna nyinaa ni. Monhwɛ, Ɔhene no di hene! Moyɛ n’adawurubɔfo.”
10, 11. Ɔkwan bɛn so na wɔde radio, kar a akasam sisi so, ne nkrataa a wɔde sensɛn wɔn kɔn mu dii dwuma yiye de kaa Ahenni nokware kyerɛɛ nkurɔfo?
10 Bɛboro mfe 70 atwam fi bere a wɔyɛɛ saa Cedar Point nhyiam horow no—bɛyɛ mfe 80 ni a Yehowa nam ne Ba no Mesia nniso no so fii ase daa n’amansan tumidi adi. Yehowa Adansefo ayɛ adwuma a Onyankopɔn Asɛm de ama wɔn no akodu he ankasa? Kyɛfa bɛn na w’ankasa renya wɔ mu?
11 Wɔ 1920 mfe no mfiase no, radio bɛyɛɛ adwinnade a wotumi de bɔ Ahenni nkrasɛm no dawuru kɛse. Wɔ 1930 mfe no mu no, wɔde nhyiam ase ɔkasa horow a ɛka Ahenni no ho asɛm sɛ wiase anidaso no baa radio adwuma ahorow dwumadi a ɛbom ne telefon a ɛwɔ wiase nyinaa so. Wɔde kar a akasam sisi so bɔɔ Bible ɔkasa ahorow a wɔakyere agu nhama so wɔ mmɔnten so. Afei, wɔ 1936 mu wɔ Glasgow, Scotland no, yɛn nuanom fii ase de nkrataa sensɛn wɔn kɔn mu tuu aperenten faa mmeae a nnipa pii wɔ de bɔɔ baguam ɔkasa ahorow ho dawuru. Ná eyinom nyinaa yɛ akwan a etu mpɔn a wɔfa so di nnipa pii adanse bere a na yɛnnɔɔso no.
12. Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, dɛn ne akwan a etu mpɔn sen biara a yɛn mu biara betumi afa so adi adanse no mu biako?
12 Nokwarem no, Kyerɛwnsɛm no da no adi pefee sɛ sɛ́ Kristofo no, yɛn mu biara wɔ asɛyɛde sɛ odi adanse. Yentumi mma atesɛm krataa mu nsɛm anaa radio so adawurubɔ ara kwa nyɛ adwuma no. Kristofo anokwafo mpempem pii—mmarima, mmea, ne mmofra—agye saa asɛyɛde no atom. Ɛno nti, afie afie asɛnka abɛyɛ biribi a wɔde hu Yehowa Adansefo.—Asomafo no Nnwuma 5:42; 20:20.
Wɔma Asɛm no Du Asase so Mmaa Nyinaa
13, 14. (a) Dɛn nti na Adansefo binom tu kɔtra nkurow, ne aman afoforo mpo mu, kɔyɛ wɔn som adwuma no wɔ hɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ mu a ebinom fi susuw wɔn man mufo ho aboa ma asɛmpa no atrɛw?
13 Esiane sɛ Yehowa Adansefo nim sɛ ɛsɛ sɛ wɔka Ahenni nkrasɛm no wɔ asase nyinaa so nti, ebinom de anibere asusuw nea wɔn ankasa betumi ayɛ na wɔatumi afi wɔn kurom akɔka asɛm no wɔ mmeae afoforo ho.
14 Nnipa bebree sua nokware no bere a wotu fi wɔn man mu no. Ɛwom sɛ ebia honam fam nneɛma nti na wotu kwan no de, nanso wonya biribi a ɛsom bo sen saa, na akanyan ebinom ma wɔasan akɔ wɔn man mu anaa wɔn kurom akɔka nokware no akyerɛ afoforo. Enti, asɛmpa no trɛw kɔɔ Scandinavia, Greece, Italy, Europa Apuei Fam aman so, ne mmeae afoforo pii wɔ afeha yi mfiase. Wɔ 1990 mfe yi mu mpo no, Ahenni nkrasɛm no retrɛw wɔ saa kwan no ara so.
15. Wɔ 1920 ne 1930 mfe no mu no, dɛn na ebinom a wɔyɛɛ wɔn ade te sɛ nea wɔada no adi wɔ Yesaia 6:8 no yɛe?
15 Esiane sɛ afoforo de Onyankopɔn Asɛm mu afotu adi dwuma wɔ wɔn asetra mu nti, wɔakɔsom wɔ amannɔne nsase so. Eyinom mu biako ne W. R. Brown (a na wɔtaa frɛ no “Bible Brown” no). Wɔ 1923 mu no, sɛnea ɛbɛyɛ na watrɛw asɛmpaka adwuma no mu nti, otu fii Trinidad kɔɔ Afrika Atɔe Fam. Wɔ 1930 mfe no mu no, na Frank ne Gray Smith, Robert Nisbet, ne David Norman ka wɔn a wɔde Ahenni nkrasɛm no kɔɔ Afrika Apuei Fam mpoano no ho. Afoforo boa maa adwuma no kɔɔ so wɔ Amerika Kesee Fam aman mu. Wɔ 1920 mfe no mfiase no, George Young a ofi Canada nyaa adwuma no mu kyɛfa wɔ Argentina, Brazil, Bolivia, Chile, Peru. Juan Muñiz a na wasom wɔ Spain no dii akyi kɔɔ Argentina, Chile, Paraguay, ne Uruguay. Eyinom nyinaa daa honhom a wɔka ho asɛm wɔ Yesaia 6:8 no adi sɛ: “Mini, soma me!”
16. Wɔ mmeae a na nnipa wɔ bebree akyi no, ɛhe bio na na wodi adanse ansa na wiase ko a ɛto so abien no reba?
16 Ná wɔka asɛmpa no wɔ mmeae a ɛwɔ akyirikyiri mpo. Ná Adansefo no de ahyɛmma kɔ Newfoundland nkuraase a woyi nam wɔ hɔ, Norway mpoano kosi Artik Po so, Pasifik nsupɔw so, ne Asia Kesee Fam Apuei hyɛn gyinabea ahorow.
17. (a) Eduu 1935 no, na Adansefo no aka asɛm no akodu nsase dodow ahe so? (b) Dɛn nti na na adwuma no nsae saa bere no?
17 Anwonwasɛm ne sɛ eduu 1935 no, na Yehowa Adansefo de nsi reka asɛm no wɔ nsase 115 so, na na wɔnam adanse a wotu kwan kodi ne nhoma ahorow a wɔde fa post office mana so adu nsase afoforo 34 so. Nanso, na adwuma no nsae. Saa afe no, Yehowa buee wɔn ani ma wohuu n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛboaboa “nnipakuw kɛse” bi a wobetwa akɔ ne wiase foforo no mu ano no. (Adiyisɛm 7:9, 10, 14) Ná Adanse adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ!
18. Ɔfã bɛn na Gilead Sukuu ne Asomfo Ntetee Sukuu no anya wɔ Ahenni adawurubɔ mu?
18 Bere a na Wiase Ko II rekɔ so a wɔbaraa Yehowa Adansefo nhoma ahorow anaa wɔn dwumadi wɔ aman pii mu mpo no, wofii Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no ase, de teteee wɔn a wɔbɛyɛ asɛmpatrɛwfo na wɔaka Ahenni ho asɛmpa no kɛse wɔ wiase nyinaa. Ɛde besi nnɛ no, wɔn a wɔawie Gilead sukuu no asom wɔ nsase bɛboro 200 so. Ɛnyɛ sɛ wɔde nhoma ma ara kwa a na wɔkɔ mmeae foforo. Wɔayɛ Bible adesua, ahyehyɛ asafo ahorow, na wɔatete nkurɔfo ma wodi Teokrase asɛyɛde ho dwuma. Nnansa yi ara, mpanyimfo ne asomfo a wɔawie Asomfo Ntetee Sukuu no ayɛ pii de aboa adwuma yi wɔ nsasepɔn asia so. Wɔato fapem a ɛyɛ den a ɛbɛma nkɔanim aba.—Fa toto 2 Timoteo 2:2 ho.
19. Yehowa asomfo agye nsa a wɔto frɛ wɔn sɛ wɔnkɔsom wɔ mmeae a wohia mmoa kɛse wɔ hɔ no so dɛn?
19 So na afoforo a wɔnyɛ asɛmpatrɛwfo betumi aboa wɔ nsasesin a wɔnyɛɛ mu adwuma no mu? Wɔ nhyiam horow a wɔyɛe wɔ 1957 mu wɔ wiase nyinaa ase no, wɔhyɛɛ ankorankoro ne mmusua—Yehowa Adansefo a wɔn ho akokwaw—nkuran sɛ wonsusuw tu a wobetu akɔtra mmeae a wohia mmoa kɛse wɔ hɔ na wɔayɛ wɔn asɛnka adwuma no wɔ hɔ ho. Nsa a wɔto frɛɛ wɔn no te sɛ nea Onyankopɔn de frɛɛ ɔsomafo Paulo a ohui wɔ anisoadehu mu sɛ ɔbarima bi resrɛ no sɛ: “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn” no ara pɛ! (Asomafo no Nnwuma 16:9, 10) Ebinom tu kɔe wɔ 1950 mfe no mu na afoforo nso yɛɛ saa akyiri yi. Nnipa bɛyɛ apem tu kɔɔ Ireland ne Colombia; na ɔhaha pii tu kɔɔ mmeae foforo pii. Afoforo ɔpedudu pii tu kɔɔ mmeae a mmoa ho hia wɔ wɔn ankasa man mu.—Dwom 110:3.
20. (a) Efi 1935 no, dɛn na wɔayɛ ama Yesu nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24:14 no anya mmamu? (b) Mfe kakra a atwam ni no, ɔkwan bɛn so na adwuma no rekɔ so ntɛm?
20 Esiane sɛ Yehowa hyira ne nkurɔfo nti, Ahenni adawurubɔ adwuma no renya nkɔanim ntɛmntɛm. Efi 1935 reba no, adawurubɔfo dodow abu abɔ ho bɛyɛ mpɛn aduɔwɔtwe, na akwampaefo dodow nkɔanim no sen adawurubɔfo dodow nkɔanim no ɔha biara mu nkyekyem 60. Wofii ofie Bible adesua nhyehyɛe no ase wɔ 1930 mfe no mu. Mprempren sɛ wɔkyekyem a, wɔyɛ ofie Bible adesua bɛboro ɔpepem anan ne fã ɔsram biara. Efi 1935 no, wɔde bɛboro nnɔnhwerew ɔpepepem 15 ayɛ Ahenni adawurubɔ adwuma no. Mprempren, asɛmpaka no agye ntini wɔ nsase 231 so. Bere a hokwan kɛse a wɔde bɛka asɛmpa no abue wɔ Europa Apuei Fam ne Afrika aman bi mu no, wɔde amanaman ntam nhyiam horow adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so de abɔ Ahenni nkrasɛm no dawuru kɛse akyerɛ amanfo. Sɛnea Yehowa hyɛɛ bɔ tete wɔ Yesaia 60:22 no, ‘ɔreyɛ no ntɛm ne bere mu’ ampa. Hwɛ hokwan kɛse ara a ɛyɛ sɛ yebenya mu kyɛfa!
Asɛmpa no a Yɛde Bɛkɔ Obiara a Yebetumi Adu ne Nkyɛn Hɔ
21, 22. Dɛn na yɛn ankasa betumi ayɛ na ama yɛayɛ Adansefo a wotu mpɔn kɛse wɔ baabiara a yɛsom?
21 Awurade nnya nkae sɛ yɛawie adwuma no. Nnipa mpempem pii gu so reba nokware som mu. Enti asemmisa a ɛsɔre ne sɛ, So yɛreyɛ nea yebetumi biara de bere a Yehowa boasetɔ ama kwan sɛ yɛmfa nyɛ adwuma yi adi dwuma ɔkwampa so?—2 Petro 3:15.
22 Ɛnyɛ obiara na obetumi atu akɔtra asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma mu. Nanso so wode hokwan a wunya no nyinaa di dwuma kosi ase? So wudi mfɛfo adwumayɛfo, atikyafo ne mfɛfo sukuufo adanse? So woayɛ nsakrae ma ɛne tebea foforo a ɛwɔ w’asasesin mu no ahyia? Sɛ wontaa nto nnipa pii wɔ fie awia esiane adwuma mu tebea a asakra nti a, so woasakra wo bere nhyehyɛe na ama woakɔ wɔn nkyɛn anwummere? Sɛ wɔabɔ afie bi ho ban ma enti wuntumi nkɔ mu a, so wonam telefon anaa nkrataa-kyerɛw so redi emufo adanse? So wosan kɔsra wɔn a wɔakyerɛ anigye ne wɔn fi ofie Bible adesua ase? So woreyɛ wo som adwuma no fefeefe?—Fa toto Asomafo no Nnwuma 20:21; 2 Timoteo 4:5 ho.
23. Bere a Yehowa hwɛ nea yɛreyɛ wɔ ne som mu no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ yɛn ho?
23 Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛyɛ yɛn som adwuma no wɔ ɔkwan a ɛma Yehowa hu no pefee sɛ yɛn ani sɔ hokwan a yɛwɔ sɛ n’Adansefo wɔ mmere titiriw yi mu no ampa so. Ɛmmra sɛ yebenya hokwan de yɛn ani ahu bere a Yehowa de atemmu ba nhyehyɛe dedaw a aporɔw yi so na ɔde Yesu Kristo anuonyam Mfirihyia Apem Nniso no ba no!
[Ase hɔ asɛm]
a Yɛkanee no sɛnea na wɔakyekyɛ wiase no mu wɔ 1990 mfe no mfiase no.
Ntĩmu
◻ Dɛn nti na Ahenni nkrasɛm no a wɔbɔ no dawuru ho hia saa?
◻ Ɛde besi 1914 no, na wɔaka asɛmpa no akodu he?
◻ Efi bere a wɔde Ahenni no sii hɔ no, adansedi adwuma no mu ayɛ den dɛn?
◻ Dɛn na ebetumi ama kyɛfa a yɛn ankasa nya wɔ ɔsom adwuma no mu asow aba kɛse?
[Adaka wɔ kratafa 16, 17]
YEHOWA ADANSEFO—Onyankopɔn Ahenni Ho Adawurubɔfo
Wɔ ɔmantam nhyiam ɔhaha pii a wɔyɛɛ no wiase nyinaa fi 1993 kosi 1994 ase no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔayi nhoma foforo a wɔato din Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom adi. Eyi yɛ Yehowa Adansefo ho abakɔsɛm a ɛkɔ akyiri na edi mu koraa. Ɛyɛ nhoma a ekura nkratafa 752, a mfonini ahorow fɛfɛ bɛboro apem a efi nsase horow 96 so wom. Eduu 1993 awiei no, na wɔatintim nhoma no kɔ kasa ahorow 25 mu dedaw, na wɔrekyerɛ ase akɔ kasa foforo pii mu.
Dɛn na ɛma nhoma a ɛte sɛɛ ye wɔ yɛn bere yi mu? Wɔ nnansa yi mfe mu no, nnipa ɔpepem pii abɛyɛ Yehowa Adansefo. Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa hu ahyehyɛde a wɔde wɔn ho abata ho no ho abakɔsɛm yiye. Afei nso, wɔn asɛnka ne ɔkwan a wɔfa so som no adu wiase aman ne mmusua pii mu, na mmofra ne mpanyin a ɛsonsono wɔn sikasɛm ne wɔn nhomanim agye atom. Ɛno nti, nnipa pii a wohu nea ɛrekɔ so no wɔ Adansefo no ho nsemmisa—ɛnyɛ nea ɛfa wɔn gyidi ho nko, na mmom nea ɛyɛe a wɔbae, wɔn ho abakɔsɛm, wɔn ahyehyɛde, ne wɔn botae ahorow nso ho. Afoforo akyerɛw wɔn ho nsɛm, ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wɔka nokware de. Nanso obiara nnim Yehowa Adansefo nnɛyi abakɔsɛm nsen Adansefo no ankasa. Nhoma no akyerɛwfo abɔ mmɔden aka abakɔsɛm no sɛnea ɛte turodoo. Wɔ eyi yɛ mu no, wɔadi Kristo ba a waba no ho sɛnkyerɛnne no fã titiriw a ɛwɔ Mateo 24:14 no mmamu wɔ yɛn bere yi mu nso ho adanse, na nsɛm a wɔde di ho adanse yɛ nea wɔn a wɔreyɛ adwuma a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ hɔ no denneennen no nkutoo na wobetumi anya.
Wɔakyekyɛ nhoma no mu afã atitiriw ason:
Ɔfã 1: Saa ɔfã yi de sɛnea Yehowa Adansefo bae ho abakɔsɛm ma. Yɛn nnɛ bere yi mu abakɔsɛm a efi 1870 besi 1992 a wɔabɔ no mua wɔ ɔkwan a emu da hɔ na ɛma nimdeɛ pii so ka ho.
Ɔfã 2: Eyi da sɛnea wonyaa nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛma Yehowa Adansefo da nsow wɔ nyamesom akuw afoforo ho no adi.
Ɔfã 3: Nhoma no fã yi ka sɛnea wɔahyehyɛ biribiara no ho asɛm. Ɛka nokwasɛm a ɛyɛ anigye a ɛfa wɔn asafo nhyiam horow ne nhyiam akɛse ho, ne sɛnea wosi wɔn Ahenni Asa ahorow, Nhyiam Asa akɛse, ne adan a wotintim Bible nhoma ahorow wom ho. Ɛkyerɛ nsi a Yehowa Adansefo de bɔ Onyankopɔn Ahenni no dawuru ne ɔdɔ a ɛda adi bere a wɔboa wɔn ho wɔn ho wɔ ahokyere mu no.
Ɔfã 4: Wubehu sɛnea Onyankopɔn Ahenni no ho adawurubɔ adu aman akɛse ne nsupɔw a ɛwɔ akyirikyiri wɔ wiase nyinaa so no ho nsɛm pii wɔ ha. Wo de susuw ho—ná nsase a wɔka asɛm no wɔ so yɛ 43 wɔ 1914 mu, nanso eduu 1992 no, na ɛyɛ 229! Wɔn a wɔanya wiase nyinaa ntrɛwmu adwuma yi mu kyɛfa no suahu ahorow ma abotɔyam kɛse!
Ɔfã 5: Ahenni adawurubɔ adwuma yi nyinaa a wɔayɛ no ama abehia sɛ wosisi adan wɔ aman ahorow mu na wɔde atintim Bible ne Bible nhoma ahorow wɔ kasa bɛboro ahanu mu. Saa ɔfã yi na wubehu wɔn adwuma yi ho nsɛm.
Ɔfã 6: Adansefo no ahyia sɔhwɛ ahorow nso—ebi fi nnipa sintɔ, ebi fi anuanom atorofo, na pii mpo fi ɔtaa a emu yɛ den. Onyankopɔn Asɛm bɔɔ kɔkɔ sɛ ɛbɛba saa. (Luka 17:1; 2 Timoteo 3:12; 1 Petro 4:12; 2 Petro 2:1, 2) Nhoma no fã yi kyerɛkyerɛ nea asisi ankasa ne sɛnea Yehowa Adansefo gyidi ama wɔatumi adi nkonim mu pefee.
Ɔfã 7: Nhoma no fã a etwa to no kyerɛ nea enti a Yehowa Adansefo gye di yiye sɛ Onyankopɔn ankasa na ɔkyerɛ ahyehyɛde a wɔwom no kwan no. Ɛka nea enti a wɔte nka sɛ ehia sɛ wɔkɔ so wɛn sɛ́ ahyehyɛde ne ankorankoro no.
Nea yɛaka no nyinaa da nkyɛn a, wɔ nhoma fɛfɛ yi nkratafa 50 no, wɔayɛ wiase nyinaa adwumayɛbea ti no ne baa dwumadibea ahorow a Yehowa Adansefo de di dwuma wɔ wiase nyinaa ho mfonini fɛfɛ a wɔde kɔla ayɛ na ɛma yehu nneɛma pii no.
Akyinnye biara nni ho sɛ nhoma a emu yɛ anigye yi a wubenya biako akenkan no so bɛba wo mfaso, sɛ wonyɛɛ saa dedaw a.
Nea Ebinom a Wɔakenkan Aka
Dɛn na wɔn a wɔakenkan nhoma yi dedaw aka? Emu kakraa bi ni:
“Seesei ara na merekenkan abakɔsɛm nhoma a ɛyɛ anigye a ɛfa nsɛm a asisi ankasa ho a wɔfrɛ no Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom no awie. Ahyehyɛde a efi nokwaredi ne ahobrɛase mu ma n’ani kũ nokware ho nkutoo na ebetumi de akokoduru aka nsɛm a ne ka yɛ den saa.”
“Emu nsɛm a wɔde nokwaredi aka no pɛpɛɛpɛ no ma ɛyɛ te sɛ nea worekenkan Asomafo no Nnwuma.”
“Nhoma foforo a ɛsom bom bɛn ara ni! . . . N’abakɔsɛm di mu.”
Bere a ɔbarima bi kenkan nhoma no fã wiei no ɔkyerɛwee sɛ: “Me ho dwiriw me, na anka mereyɛ asu. . . . Efi bere a wɔwoo me no, nhoma biara nkaa me koma sɛ eyi.”
“Bere biara a misusuw sɛnea nhoma yi bɛhyɛ mmofra ne afoforo a wɔreba ahyehyɛde no mu nnɛ no gyidi den ho no, mete anigye nka.”
“Ná mewɔ nokware no ho anisɔ bere nyinaa, nanso nhoma yi a mekenkanee no abue m’ani, na ama mahu sen bere biara a atwam sɛ Yehowa honhom kronkron na egyina akyi.”
[Kratafa 18 mfonini ahorow]
Bere a na Adansefo no nnɔɔso mpo no, wɔkaa Ahenni nkrasɛm no kyerɛɛ nnipa pii