Bible—Nhoma a Ɛsɛ sɛ Wɔkenkan
SƐ OBI reka Bible no ho asɛm a, etumi yɛ den sɛ obenya nsɛmfua a ɛfata a ɔde bɛkyerɛkyerɛ ɛbo a ɛsom no mu. Ɛno ne nhoma a wɔde amema kɛse sen biara wɔ abakɔsɛm mu. Bible no ne nhoma a akyɛ a wɔakyerɛ ase akɔ kasa pii mu, na wɔafa emu asɛm aka kɛse, a ɛwɔ nkɛntɛnso kɛse, na wobu no kɛse sen biara. Ebia ɛne nhoma nso a wɔagye ho kyim kɛse sen biara. Na nokwarem no, ɛne nhoma a wɔabara mpɛn pii, ahyew, na wɔde basabasayɛ asɔre atia sen nhoma biara. Nanso nea ɛyɛ awerɛhow no, asɛmfua biako bi wɔ hɔ a wontumi mfa nka Bible no ho asɛm bio. Ɛkame ayɛ sɛ ɛnyɛ ɛno ne nhoma a wɔkan no kɛse sen biara wɔ wiase bio.
Bere a ebia nkurɔfo wɔ Bible no bi a ɛda baabi wɔ wɔn fie no, nnipa pii te nka sɛ wonni adagyew koraa a wɔde bɛkenkan ankasa. Bere bi na akenkan yɛ ade a nkurɔfo de gye wɔn ani kɛse. Nanso, mprempren de nnipa pii ani gye ho sɛ wɔde wɔn ahomegye bere bɛhwɛ television anaasɛ wɔde bɛyɛ biribi foforo. Na wɔn a wɔda so pɛ akenkan no ani taa gye nhoma bi a ne kan nyɛ den ho. Bible akenkan gye adwene, na nnipa pii mfa wɔn adwene nkɔ nea wɔkenkan so nkɔ akyiri bio.
Nanso, wɔankora Bible no so sɛ ɛmmɛda yɛn nhoma pon so ara kɛkɛ. Ntease pa bi wɔ hɔ nti a ɛsɛ sɛ yɛkan. Susuw ɛho nokwasɛm ahorow yi ho.
Ɛnyɛ Nwonwa sɛ Ɛda so Wɔ Hɔ!
Asɛm “Bible” no fi Hela asɛmfua biblia a ɛkyerɛ “nhoma nketewa” mu. Eyi kae yɛn sɛ nhoma ahorow pii na ɛka bom yɛ Bible no—na emu bi nyɛ nketewa pii saa! Wɔkyerɛw nhoma ahorow yi wɔ mfe bɛboro apem ahansia mu. Ɛwom sɛ nnipa na wɔde wɔn nsa kyerɛwee de, nanso Obi a ɔkorɔn na ɔde honhom kaa wɔn maa wɔkyerɛwee. Bible kyerɛwfo bi kae sɛ: “Adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na Onyankopɔn nnipa kronkron no, sɛnea honhom kronkron de wɔn rekɔ no na wɔkasae.” (2 Petro 1:21) Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmhyɛ biara ho asɛm fa Bible mũ no nyinaa nso ho. Yehowa Nyankopɔn adwene a ɛkorɔn na ahyɛ saa “nhoma nketewa” yi a efi soro no mu mã. (Yesaia 55:9) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no da so wɔ hɔ besi nnɛ!
Wɔ Onyankopɔn asomfo fam no, Bible no ayɛ nhoma a ɛho hia wɔn sen biara bere nyinaa. Wɔne ɔsomafo Paulo a ɔno ankasa yɛ Bible no akyerɛwfo mu biako no yɛ adwene. Ɔkae sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ.” (2 Timoteo 3:16) Saa pɛpɛɛpɛ na Bible no ne Yehowa Adansefo gyidi nnyinaso nnɛ. Ɛno na wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nneyɛe gyina so. Wofi koma nyinaa mu kamfo kyerɛ sɛ obiara nkenkan Onyankopɔn Asɛm no fa bi da biara da, na onsusuw emu nsɛm no ho anigye so.—Dwom 1:1-3.
Bible Akenkan a Yɛde Bɛyɛ Yɛn Su
Kyerɛwnsɛm no akenkan so aba mfaso ama ebinom wɔ bere a atwam no mu. Wɔhyɛɛ Israel ahemfo sɛ wɔn ankasa nkyerɛw Mmara no—a mprempren ɛyɛ Bible no fã titiriw no—bi, na wɔnkenkan no daa sɛ ade a ɛbɛma wɔakɔ so akaakae Onyankopɔn apɛde. (Deuteronomium 17:18-20) Ahemfo pii hwehwee ase esiane eyi a wɔanyɛ nti.
Odiyifo Daniel a na ne mfe akɔ anim asɛm no da mfaso a ɛwɔ Bible sua so adi. Esiane sɛ na Daniel ankasa sua Bible a na ɛwɔ hɔ wɔ ne bere so no afã bi nti, bere a ɔwɔ Babilon nnommum mu no, otumi ‘hu fii nhoma no mu’ sɛ na nkɔmhyɛ titiriw bi a Yeremia yɛɛ ho kyerɛwtohɔ rebenya mmamu.—Daniel 9:2.
Bere a wɔwoo Yesu no, ná ɔbarima bi a ‘ɔteɛ na ɔfɛre ade,’ Simeon de ahotoso rehwɛ kwan sɛ obehu nea ɔbɛyɛ Kristo, anaa Mesia no. Ná wɔahyɛ Simeon bɔ sɛ ɔrenwu de kosi sɛ obehu Kristo no. Yesaia nkɔmhyɛ a Simeon fa kaa asɛm bere a ɔfaa abofra Yesu too n’abasa so no kyerɛ sɛ na ɔyɛ obi a ɔkenkan Bible a na wɔakyerɛw no saa bere no yiye.—Luka 2:25-32; Yesaia 42:6.
Bere a Yohane Osuboni reka asɛm no, ná ‘ɔman no rehwɛ Mesia no kwan.’ Dɛn na eyi kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ na nnipa binom wɔ Yudafo no mu a na wonim Mesia no ho nkɔmhyɛ ahorow a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no. (Luka 3:15) Eyi yɛ anigyesɛm efisɛ saa nna no mu no, ná nhoma ho yɛ nã. Ná ɛsɛ sɛ wɔde nsa kyerɛw Bible mu no nyinaa mmiako mmiako, ma enti na ne bo yɛ den na na ɛyɛ den sɛ nsa betumi aka bi nso. Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo no nam huu Bible no mu nsɛm?
Mpɛn pii no, ɛdenam baguam akenkan so. Sɛ nhwɛso no, Mose hyɛe sɛ wɔnkenkan Mmara a Onyankopɔn de maa wɔn no nyinaa nkyerɛ Israel mma a wohyiaam wɔ mmere pɔtee bi a na wɔahyɛ mu no. (Deuteronomium 31:10-13) Ɛde besi afeha a edi kan mu no, na baguam Bible akenkan abu so. Osuani Yakobo kaa eyi ho asɛm sɛ: “Efi tete no na Mose wɔ wɔn a wɔka n’asɛm nkurow nyinaa mu, na wɔkenkan no hyia adan mu daa homeda.”—Asomafo no Nnwuma 15:21.
Ɛyɛ mmerɛw sɛ obi nsa betumi aka n’ankasa ne Bible nnɛ. Anyɛ yiye koraa no wɔwɔ saa “nhoma nketewa” yi mu bi wɔ kasa horow a wɔka wɔ wiase nyinaa ɔha biara mu nkyekyem 98 mu. Enti ɛyɛ awerɛhosɛm sɛ nnipa pii ani nnye ho sɛ wobesua Bible no mu nsɛm. Ebia yɛbɛka sɛ yɛte nyansahu wiase mu de, nanso Onyankopɔn Asɛm Bible no ho da so ara hia ‘ma ɔkyerɛkyerɛ.’ Ɛde abrabɔ ho afotu pa, nnipa ntam abusuabɔ pa, ne nsɛm foforo pii ma. Bio nso, Bible no ma yenya daakye asetra a asomdwoe wom ho anidaso koro pɛ no.
Kenkan Bible no Daa
Enti Yehowa Adansefo de ayɛ wɔn adwuma no fa titiriw sɛ wɔbɛhyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔakenkan Bible no daa. Wɔde nkyerɛwde akɛse akyerɛw afotusɛm yi wɔ tintimbea a ɛwɔ wɔn adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no ho sɛ: “KENKAN ONYANKOPƆN ASƐM BIBLE NO DAA.” Nnipa ɔpepem pii a wotwam hɔ ahu saa nsɛm yi, na yɛwɔ anidaso sɛ wɔn mu pii adi ho dwuma.
Wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 73,000 a ɛwɔ wiase nyinaa mu no, wɔyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu dapɛn biara. Adesua no fa bi yɛ Bible afa bi a wɔapaw a wɔkenkan no baguam. Wɔn a wɔba bi no nyinaa nso wɔ asɛyɛde sɛ wɔkenkan Bible no fã kakra bi dapɛn biara wɔ wɔn ankasa afie mu. Awiei koraa no, wɔn a wodi saa nhyehyɛe yi akyi pɛpɛɛpɛ no kenkan Bible mũ no nyinaa.
Saa nhyehyɛe yi ne adesua nhoma ahorow a wɔde di dwuma wɔ saa sukuu yi mu no biako mu asɛm bi hyia. Theocratic Ministry School Guidebook no ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ wode bere a wode bɛkenkan Bible no ankasa ka wo ankasa wo dwumadi ho nhyehyɛe ho. Mfaso kɛse wɔ so sɛ wobɛkenkan Bible mũ no nyinaa. . . . Nanso ɛnsɛ sɛ wode yɛ wo botae da sɛ wobɛkenkan emu nsɛm no awie ara kɛkɛ, na mmom sɛ wobɛte adwene a ɛwom no nyinaa ase na ama woatumi akae. Gye bere fa susuw nea ɛka no ho.”
Nhoma afoforo a Yehowa Adansefo atintim nso hyɛ Bible no akenkan ho nkuran. Sɛ nhwɛso no, saa nsɛmma nhoma yi hokafo, Nyan! no mu asɛm a edi so yi hyɛ mmofra nkuran: “So woakenkan . . . Bible mũ no nyinaa? Yiw, Bible no yɛ nhoma kɛse, nanso dɛn nti na wonkyekyɛ mu nketenkete nkenkan? . . . Beroiafo a na wɔwɔ ‘adwempa’ no ‘hwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye da biara da.’ (Asomafo no Nnwuma 17:11) Sɛ woyɛ nhyehyɛe de simma 15 kenkan Bible no da biara a, . . . wubetumi akenkan Bible mũ no awie wɔ afe biako mu.” Yiw, Yehowa Adansefo te nka sɛ ɛsɛ sɛ nnɛyi Kristofo hu kyerɛwnsɛm no mu yiye, sɛnea Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete no yɛe no ara pɛ.
Bere a eyi wɔ wɔn adwenem no, Adansefo no ahyɛ nnɛyi baguam Bible akenkan bi ho nkuran. Wɔayɛ kasɛt a wɔakyere Bible mũ no nyinaa agu so. Ebinom fam no, eyi ayɛ mmoa kɛse ama wɔn ma wɔatumi adi wɔn Bible akenkan ho akwanside ahorow so. Ebinom bɔ nsɛm a wɔakyere agu kasɛt so yi tie bere a wɔreyɛ adwuma wɔ fie, bere a wɔreka wɔn kar, anaa bere a wɔreyɛ nneɛma afoforo pii. Tra a wobɛtra ase komm atie Bible no fã bi a wɔrekenkan bere a w’ankasa wokenkan wo de komm di akyiri no yɛ adeyɛ a ɛyɛ anigye.
Sɛ wumfii ase sɛ wobɛkenkan Bible no da biara da a, dɛn nti na womma ɛnyɛ wo su sɛ wobɛyɛ saa? Eyi yɛ nnye bere tenten biara wɔ ɛda mu, nanso mfaso a ebefi mu aba no yɛ kɛse, efisɛ Kyerɛwnsɛm no a wode bedi dwuma no bɛma woatumi ayɛ ade nyansam na woanya honhom fam asetra a mfaso wɔ so. Wobɛyɛ ade nso ma ɛne ahyɛde a wɔde maa tete Israel kannifo Yosua no ahyia: “Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom, na dwen ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ nea wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te no. Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ebesi wo yiye.”—Yosua 1:8.
Bible no mu nsɛm da Yehowa atirimpɔw a ɔdɔ wom ma adesamma asoɔmmerɛfo adi. N’asɛm a efi honhom mu no de nokware nimdeɛ, nokware anigye ne daa nkwa wɔ Paradise wɔ wiase foforo a emu nhyira nni ano no na ɛba. (Luka 23:43; 2 Petro 3:13) Ɛmmra sɛ wode hokwan yi bɛkenkan Bible no asua, na wo nsa aka saa asetra a anigye wom yi.