Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 5/15 kr. 21-23
  • So Wubetumi Atɔ Wo Bo Ase?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi Atɔ Wo Bo Ase?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Nnɛ Wiase a Enni Boasetɔ
  • Yehowa Betumi Ahyɛ Wo Boasetɔ mu Den
  • Hu W’ankasa Wo ho ne Afoforo Yiye
  • Boasetɔ De Akatua Pa Ba
  • Kɔ So Nya Abotare
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Yehowa Ne Yesu Wɔ Ntoboase—Suasua Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Suasua Yehowa Abotare No Bi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Abotare—Animia a Yɛde Gyina Tebea Bi Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 5/15 kr. 21-23

So Wubetumi Atɔ Wo Bo Ase?

YEHOWA ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Fi w’asase so . . . kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so. Na mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mahyira wo, na mama wo din asõ.” (Genesis 12:1, 2) Saa bere no na Abram adi mfe 75. Otiei, na ofii nyansam tɔɔ ne bo ase wɔ ne nkwa nna a aka nyinaa mu twɛnee Yehowa.

Awiei koraa no, Onyankopɔn hyɛɛ Abraham (Abram) a ɔtɔɔ ne bo ase no bɔ yi: “Ampa ara, nhyira na mehyira wo, na ɔdɔ na mɛma woadɔ.” Ɔsomafo Paulo de kaa ho sɛ: “Na ɔtɔɔ ne bo ase twɛnee saa no, ne nsa kaa bɔhyɛ no.”—Hebrifo 6:13-15.

Dɛn ne boasetɔ? Nsɛm asekyerɛ nhoma ahorow kyerɛ ase sɛ tumi a wotumi de “odwo twɛn biribi” anaa di a obi “tumi di ne ho so wɔ abufuhyɛ anaa nhyɛso mu.” Enti wɔsɔ wo boasetɔ hwɛ bere a ɛsɛ sɛ wotwɛn obi anaa biribi, anaasɛ bere a wɔhyɛ wo abufuw, anaa biribi hyɛ wo so no. Wɔ tebea horow a ɛtete saa nyinaa mu no, onipa a ɔwɔ boasetɔ tumi di ne ho so; na nea onni boasetɔ pere ne ho na ɔfa abufuw.

Yɛn Nnɛ Wiase a Enni Boasetɔ

Wosi ntɛmpɛ so dua titiriw wɔ nkurow akɛse mu na ɛnyɛ boasetɔ. Wɔ nnipa ɔpepem pii a wɔtete nkurow akɛse a nnipa ahyɛ mu ma fam no, sɛ anɔpa dɔn nya bɔ pɛ a na ɛda no afi ase ara ne no. Ɛno na efi ahopere a wɔde yɛ ade no ase—sɛ wɔbɛkɔ baabi, wɔbɛkɔ akohu obi, anaa wɔbɛkɔ akodi dwuma bi. Enti so ɛyɛ nwonwa sɛ nnipa pii ho pere wɔn na wonni boasetɔ?

So afoforo sintɔ ahorow ma wohaw? Albert ka sɛ: “M’ani nnye bere a wonni so ho koraa.” Nnipa pii ne wo bɛyɛ adwene sɛ sɛ́ wobɛtwɛn obi bere tenteenten no haw adwene, titiriw sɛ ɛsɛ sɛ mudi bere pɔtee bi so a. Wɔka Duke a ofi Newcastle, afeha a ɛto so 18 no mu Britania ɔmanyɛfo bi ho asɛm sɛ: ‘Ɔka akyi bere nyinaa.’ Sɛ ɛsɛ sɛ wode wo ho to onipa a ɔte sɛɛ so da biara da a, so wobɛkɔ so anya boasetɔ?

Sɛ woreka kar a, so wo bo fuw ntɛmntɛm, wompɛ sɛ wotwɛn, anaa wobɔ mmɔden sɛ wubetu mmirika kɛse? Wɔ tebea horow a ɛtete saa mu no, boasetɔ a wonnya taa de asiane ba. Wɔ 1989 mu no, kar akwanhyia a nnipa pirapirae anaa wowuwui wom bɛboro 400,000 na esisii wɔ ɔman a na wɔfrɛ no West Germany saa bere no mu. Nnipa dodow a wowuwui wɔ kar akwanhyia mu no abiɛsa biara mu biako na kar a wɔde tuu mmirika kɛse anaa wɔde dii foforo akyi pɛɛ na ɛde wɔn asiane no bae. Enti, anyɛ yiye koraa no, ɔkwan bi so no, boasetɔ a wonni maa nnipa bɛboro 137,000 pirapirae anaa wowuwui. Hwɛ amane a wɔahu wɔ boasetɔ a wɔannya ho!

Ann nwiinwii sɛ: “Ɛyɛ den ma me sɛ menya abotare bere a obi twitware m’ano bere nyinaa anaasɛ ɔhoahoa ne ho kɛse no.” Karl-Hermann gye tom sɛ “mmofra a wommu mpanyimfo” no sɔ ne boasetɔ hwɛ.

Ebia wunnya abotare wɔ eyinom ne tebea horow bi ho. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wubetumi anya boasetɔ kɛse?

Yehowa Betumi Ahyɛ Wo Boasetɔ mu Den

Nnipa pii susuw sɛ boasetɔ kyerɛ si a obi nsi pi anaa mmerɛwyɛ. Nanso, Yehowa fam de, ɛkyerɛ denyɛ. Ɔno ankasa ma “ne bo dwo kyɛ . . . ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” (2 Petro 3:9) Enti sɛ wobɛhyɛ w’ankasa wo boasetɔ mu den a, bata Yehowa ho na fa wo koma nyinaa to no so. Ɔkwan titiriw biako pɛ a wobɛfa so anya boasetɔ su ne sɛ wobɛhyɛ wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu den.

Afei nso, ɛho hia sɛ wuhu Yehowa atirimpɔw ma asase ne adesamma. Ná Abraham ‘retwɛn kurow a ɛwɔ nhyɛase [Onyankopɔn Ahenni] a ne kyekyefo ne yɛfo ne Nyankopɔn.’ (Hebrifo 11:10) Saa pɛpɛɛpɛ na ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wunya Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu ntease na wode abotɔyam twɛn Yehowa. Ɛno na afei wubehu sɛ boasetɔ nkyerɛ nan ase twentwɛn koraa na mmom etumi sakra nnipa ba nokware som mu ankasa. Enti, “mummu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagye.”—2 Petro 3:15.

Na sɛ w’ankasa wo nsɛm tebea sɔ wo boasetɔ hwɛ kɛse nso ɛ? So wɔn a wonnye nni hyɛ wo abufuw? So yare bi abɔ wo bere tenten a ɛkame ayɛ sɛ anidaso biara nni hɔ sɛ ebegyae? Sɛ ɛte saa a, ɛnde ma osuani Yakobo nsɛm a ɔkyerɛwee yi ntra wo koma mu. Bere a waka ɔkwan a adiyifo no nam so tɔɔ wɔn bo ase ho asɛm awie no, ɔkaa dekode a ɛmaa wotumi yɛɛ komm wɔ ɔhaw a emu yɛ den mu no. Yakobo kae sɛ: “Mo mu bi hu amane anaa? Ɔmmɔ mpae.”—Yakobo 5:10, 13.

Bɔ mpae denneennen srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhyɛ wo boasetɔ mu den na ɔmmoa wo ma wunni wo ho so wɔ sɔhwɛ mu. Kɔ Yehowa nkyɛn mpɛn pii, na ɔbɛboa wo ma woahu tebea anaa afoforo su horow a ɛde ɔhaw pɔtee bi ba wo so no. Mpae a wubedi kan abɔ ansa na tebea bi a ɛsɔ wo hwɛ kɛse aba wo so no betumi aboa wo ma woatɔ wo bo ase.

Hu W’ankasa Wo ho ne Afoforo Yiye

Sɛ wubenya asomdwoe a, ɛsɛ sɛ wuhu wo ho ne afoforo wɔ ɔkwampa so. Bible sua so na wonam betumi ayɛ eyi, efisɛ ɛda no adi sɛ wɔawo yɛn nyinaa wɔ sintɔ mu na yɛnyɛ pɛ. Bio nso, Bible mu nimdeɛ bɛboa wo ma woanyin ɔdɔ mu. Saa su yi ho hia na woatumi anya afoforo ho boasetɔ.—Yohane 13:34, 35; Romafo 5:12; Filipifo 1:9.

Ɔdɔ ne ɔpɛ a wowɔ sɛ wode mfomso befiri no betumi adwudwo wo koma bere a wo bo afuw no. Sɛ obi wɔ suban bi a ɛhyɛ wo abufuw a, ɔdɔ bɛkae wo sɛ ɛyɛ suban no na wompɛ na ɛnyɛ onipa no. Susuw sɛnea ebetumi aba sɛ w’ankasa wo sintɔ ahorow sɔ Onyankopɔn boasetɔ hwɛ na ɛhyɛ afoforo abufuw no ho hwɛ.

Hu a wubehu w’ankasa wo ho yiye nso bɛboa wo ma wode boasetɔ atwɛn. Sɛ nhwɛso no, so worepere adu hokwan ahorow ho wɔ Yehowa som mu ma apa wo ti so? So wote nka sɛ wo boasetɔ resa koraa? Sɛ ɛte saa a, ɛnde kae sɛ mpɛn pii no ɛyɛ ahantan na ɛmma nnipa nnya boasetɔ. Salomo kae sɛ: “Boasetɔ honhom ye sen ahomaso honhom.” (Ɔsɛnkafo 7:8) Yiw, ahantan ne akwanside titiriw a ɛma ɛyɛ den sɛ obi benya boasetɔ. So ɛnyɛ nokware sɛ ɛyɛ mmerɛw ma onipa a ɔbrɛ ne ho ase sɛ ɔbɛtwɛn wɔ odwo mu? Enti nya ahobrɛase, na wubetumi de asomdwoe atwɛn.—Mmebusɛm 15:33.

Boasetɔ De Akatua Pa Ba

Wonim Abraham yiye wɔ ne gyidi ho. (Romafo 4:11) Nanso, boasetɔ na ɛmaa ne gyidi no yɛɛ den. Akatua bɛn na onyae wɔ twɛn a ɔtwɛnee Yehowa no ho?

Abraham bɛyɛɛ obi a Yehowa tumi de ne ho to no so. Enti Abraham din bɛyɛɛ kɛse na n’asefo bɛyɛɛ ɔman a ɛyɛ den. Amanaman nyinaa nam n’aseni so betumi anya nhyira. Abraham somee sɛ Onyankopɔn kasamafo ne Ɔbɔadeɛ no sɛso mpo. Akatua pa a ɛsen eyi bɛn na anka Abraham betumi anya wɔ ne gyidi ne ne boasetɔ ho?

“[Yehowa] ayamye dɔɔso” ma Kristofo a wɔde boasetɔ gyina sɔhwɛ mu no nyinaa. (Yakobo 5:10, 11) Nnipa a wɔte saa no nya ahonim pa esiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nti. Enti wɔ wo fam no, sɛ wotwɛn Yehowa na wode boasetɔ gyina sɔhwɛ ahorow mu a, wo boasetɔ no bɛma woanya Yehowa anim dom ne ne nhyira.

Boasetɔ boa Onyankopɔn nkurɔfo yiye wɔ asetra mu biribiara mu. Yehowa asomfo baanu a wɔfrɛ wɔn Christian ne Agnes huu eyi bere a wosii gyinae sɛ wɔbɛware no. Obu a wɔwɔ ma Christian awofo a na wɔpɛ sɛ wonya bere de hu Agnes yiye nti wɔtwee wɔn aware no kɔɔ akyiri. Dɛn na efii adeyɛ yi mu bae?

Christian kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Akyiri yi na yebehui sɛnea na yɛn boasetɔ no som bo ma m’awofo. Boasetɔ a yenya twɛnee no ansɛe me ne me yere abusuabɔ no. Na mmom ɛbɛyɛɛ ade a edi kan a ɛkaa yɛne m’awofo boom.” Yiw, mfaso kɛse wɔ boasetɔ so.

Boasetɔ de asomdwoe nso ba. Abusuafo ne nnamfo ani begye sɛ wonyɛ obi a onya nea wɔyɛ biara ho asɛm ka. Wo boasetɔ ne ntease a wobɛda no adi bere a afoforo di mfomso no bɛma woakwati aniwu tebea horow. Chinafo abebusɛm bi ka sɛ: “Boasetɔ a wubenya wɔ abufuw bere mu bɛma woakwati nnafua ɔha mu amanehunu.”

Boasetɔ ma wo nipasu yɛ yiye, kyerɛ sɛ ɛkora wo su afoforo a eye so. Ɛma wo gyidi yɛ den, w’asomdwoe tra hɔ kyɛ, na wo dɔ bɛyɛ nea enhinhim. Boasetɔ a wubenya bɛboa wo ma woanya anigye bere a wuyi ayamye, papayɛ, ne ahobrɛase adi no. Boasetɔ a wubeyi no adi no bɛma woanya ahoɔden a wode benya abodwokyɛre ne ahosodi.

Enti fa boasetɔ twɛn Yehowa bɔhyɛ ahorow no mmamu na woanya daakye a anigye wom. Te sɛ Abraham no, ɛmmra sɛ ‘wonam wo gyidi ne abodwokyɛre so benya bɔhyɛ ahorow no.’—Hebrifo 6:12.

[Kratafa 23 mfonini]

Wo ne Yehowa ntam abusuabɔ a emu yɛ den bɛboa wo ma woada boasetɔ adi sɛnea Abraham yɛe no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena