Nokware Som a Wɔhwehwɛ
NNIPA binom fi wɔn mmofraase ahwehwɛ asetra ho nsemmisa horow ho mmuae a ntease wom. Bere a wosusua no, ebia na wɔkɔ asɔre. Nanso wɔn mu pii hui sɛ mmuae a wonyae no anaa asɔre no amanne antumi ammoa wɔn ma wɔannyina asetram haw ahorow ano.
Ebia wɔbɛka sɛ wɔda so ara wɔ wɔn awofo asɔre mu, nanso wɔntaa nkɔ. Sɛnea Anglikan asɔre no sɔfopɔn bi ka no, wɔn gyidi no sua sɛ ɛbɛkanyan wɔn. Wonsusuw ɔsom ho bio. Afoforo nso apow nyamesom koraa bere a nyaatwom a wohu wɔ ɔsom ahorow a atwa wɔn ho ahyia mu afono wɔn no. Nanso, wɔn asetra ho nsemmisa no kɔ so ara tra hɔ.
Nea Enti a Ebinom Adwenem Yɛ Wɔn Naa
Nnipa pii nim sɛ asɔre ahorow ahyehyɛ nnwumakuw a wɔde boa nkurɔfo a wonni afie te mu, kyekyɛ nnuan ma ahiafo, na wogyina amammerɛ ho guasodeyɛ horow akyi. Nanso ɛkame ayɛ sɛ da biara wɔte nyamesom mu basabasayɛ ne mogyahwiegu ho amanneɛbɔ a ɛnyɛ wɔn a wɔnnyɛ Kristofo nko na ɛfa wɔn ho na mmom wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nso. So ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ wɔn adwenem bɛyɛ wɔn nãã wɔ nokware a asɔre ahorow a wɔde wɔn ho hyɛ basabasayɛ a ɛtete saa mu yɛ no ho?
Ná nnipa pii a wɔde nyamesom tetee wɔn susuw sɛ nyisaa a asɔre ahorow hwɛ wɔn no yɛ ade pa. Nanso, nnansa yi mfe mu no, sobo a wɔbɔ asɔfo wɔ mmeaemmeae wɔ mmonnaa a wɔto mmofra a wɔwɔ wɔn hwɛ ase no ayɛ wɔn nwonwa. Mfiase no na nkurɔfo susuw sɛ asɔfo kakraa bi na wɔyɛ saa. Mprempren, nnipa binom susuw sɛ ebia biribi titiriw bi atoto wɔ asɔre no ankasa mu.
Bere bi na ebinom de wɔn ho hyɛ wɔn som mu fẽẽ te sɛ Eugenia. Sɛ́ Argentinani abofra no, na ɔka wɔn a wotutu akwan kɔsom Itatí Baabun no ho. Ɔde mfe 14 traa mmea nkokorafi sɛ ɔbea kokorani. Afei ofii hɔ de ne ho kɔbɔɔ amanaman ntam amammui nyamesom kuw bi a wɔbɔ asetra ne sikasɛm mu nsakrae a wɔnam ɔman anidan so de bɛba ntɛmntɛm ho dawuru ho. Esiane nea ohui nti, ɔhweree Onyankopɔn mu gyidi ne ahotoso a ɔwɔ. Ná ɛnyɛ ɔsom a obetumi anya mu gyidi na na ɔrehwehwɛ. Nea na ɔrehwehwɛ ankasa ne ɔkwan a ɔbɛfa so de atɛntrenee abrɛ ahiafo—yiw, ɛne adamfo a obetumi anya ne mu ahotoso.
Afoforo nso hu nea ɛrekɔ so wɔ asɔre ahorow no mu na wɔtwe wɔn ho. Onipa bi a onnye Onyankopɔn nni a wotintim n’adwenkyerɛ wɔ nsɛmma nhoma Sputnik mu wɔ 1991 mu kaa no pefee sɛ: “Mintumi nhu nsonsonoe titiriw biara a ɛwɔ abosonsomfo ne Kristofo anansesɛm mu.” Sɛ nhwɛso no, ɔkaa adeyɛ bi a asɔfo bi a wɔhyɛ asɔfo ntade a wɔde hama a ne kɔla te sɛ sika kɔkɔɔ anwenwenem soaa funnaka a amũ bi da mu too santen nantew brɛoo de faa Moscow mmorɔn so ho asɛm. Ná ɛyɛ “Ortodɔks Kristoni hotefo” bi amũ na na wɔreyi afi tete nneɛma akorae bi mu akɔ asɔredan bi mu, na ɛmaa ɔkyerɛwfo no kaee tete Misrifo asɔfo ne wɔn amũ ho asɛm. Ɔkaee nso sɛ, bere a na wɔn a wɔato santen yi wɔ Moscow no gye “Kristofo Baasakoro” no di no, ná Misrifo no nso som baasakoro anyame—Osiris, Isis, ne Horus.
Ɔkyerɛwfo koro no ara kaa adwene a Kristofo wɔ wɔ ɔdɔ ho no ho asɛm—“Onyankopɔn ne dɔ,” ne “dɔ wo yɔnko”—na ohui sɛ ɛne Misrifo abosonsom no nni nsɛ ɔkwan biara so. Nanso ɔkae sɛ: “Onuadɔ adi nkogu wɔ wiase, wiase no afã a ɛfrɛ ne ho Kristofo no mpo mu.” Na ɔkaa aba bɔne a asɔre no a ɛkɔ so de ne ho hyehyɛ ɔman no nsɛm mu asow no ho asɛm kaa ho. Nea ohui no anka no ma wante nka sɛ Kristoman mu asɔre ahorow no betumi ama no nea na ɔrehwehwɛ no.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, afoforo anya mmuae a ɛma abotɔyam nanso ɛnyɛ Kristoman mu asɔre ahorow no mu.
Osuaa Awufo ho Nokwasɛm No
Magdalena, a mprempren wadi mfe 37 no te Bulgaria. Bere a n’asew barima wui wɔ 1991 mu no, ɔhawee yiye. Obisaa ne ho mpɛn pii sɛ, ‘Ɛhe na awufo kɔ? M’asew barima no wɔ he?’ Ɔkɔɔ asɔre, na ɔbɔɔ mpae wɔ ohoni bi a ɛwɔ ne fie anim, nanso wannya ho mmuae biara.
Afei da bi ne yɔnko bi frɛɛ no wɔ telefon so too nsa frɛɛ no kɔɔ ne fie. Ná aberante bi a ɔne Yehowa Adansefo resua ade abɛsra ne yɔnko no. Bere a aberante no kaa Onyankopɔn Ahenni ne N’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛyɛ asase paradise ma ayɛ baabi a nnipa betumi atra ase daa wɔ asomdwoe mu ho asɛm no, otiei. Ná nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So da ɔpon no so. Bere a aberante no de nhoma no redi dwuma no, ɔtwee Magdalene adwene kɔɔ Bible mu asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 9:5 no so, nea ɛka sɛ: “Na awufo de, wonnim biribiara” no. Ɔkenkan pii saa anwummere no. Obehui sɛ awufo nkɔɔ asetra foforo biara mu wɔ soro anaa hell; wonnim biribiara, na ɛte sɛ nea wɔada nnahɔɔ. Ɔde anigye penee nsa a ɔto frɛɛ no kɔɔ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no asafo nhyiam ase no so. Wowiee nhyiam no, ɔpenee Bible adesua a wɔne no bɛyɛ no daa so. Bere a ohuu sɛnea wɔbɔ Yehowa mpae wɔ nhyiam no ase no, ɔno nso fii ase bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa no mma ontumi nni ne mmerɛwyɛ so. Bere a onyaa ne mpaebɔ ho mmuae no, ohui sɛ wahu nokware som no.
Wonyaa Asetra a Ɛwɔ Atirimpɔw
Wɔtetee André wɔ Katolekfo amapa bi fie wɔ Belgium, na na wasom sɛ ɛhɔ sɔfo no boafo. Nanso, saa bere no mu no, ohuu nneɛma bi a ɛma ɔhweree obu a ɔwɔ ma asɔre no. Ne saa nti ɔbɛyɛɛ obi a na Katolek din da no so ara kwa.
Na ɔde bɔɔlbɔ ayɛ n’adwuma mfe 15. Da bi a ne bɔɔlbɔ kuw no kosii akan bi wɔ Italy no, wɔtoo nsa frɛɛ wɔn kɔɔ pope nkyɛn. Honhom mu denhyɛ biara amfi saa nhyiam no mu amma, na wiase ahode a na atwa pope ho ahyia no haw André. Adwenem naayɛ a ɔwɔ wɔ asɔre no ho mu yɛɛ den. Esiane sɛ na waware agyae mprenu nti na onni anigye wɔ nankasa asetra mu. Wiase nsɛm tebea a ɛrekɔ so no hyɛɛ no so. Ɔkyerɛwee wɔ ne da biara da kyerɛwtohɔ nhoma mu wɔ 1989 sɛ: ‘Nneɛma a nyansa nnim a ɛrekɔ so yi nyinaa kyerɛ dɛn?’ Wannya ho mmuae biara amfi ne som mu.
Bere a na André reyɛ adwuma sɛ obi a ɔkyerɛ bɔɔlbɔ wɔ Iceland wɔ 1990 mu no, Iiris a ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo ɔsɛmpatrɛwfo kɔsraa no. Ogyee nhoma na ɔtoo nsa frɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo no sɛ ɔnsan mmra. Ɔne ne kunu Kjell na wɔsan kɔe. Awiei koraa no ansa na wɔne André retra ase abɔ nkɔmmɔ no, na ɛda adi sɛ n’ani gye ho yiye sɛ ɔbɛte Bible no ase. Ná ne yere Ásta, nso ani gye ho. Na ɔwɔ nnɔnhwerew abiɛsa a ɔde gye n’ahome awia bere ansa na wakɔtoa ne bɔɔlbɔ a ɔkyerɛ no so, na wosii gyinae sɛ wɔde saa bere no bɛyɛ Bible adesua no. Ɔkae sɛ: “Bible no a misua no ma mete ahotɔ nka sen sɛ megye m’ahome kɛkɛ.” Bible no ma wonyaa wɔn nsemmisa no ho mmuae nkakrankakra. Wobenyaa Yehowa ne n’Ahenni no mu gyidi a emu yɛ den nkakrankakra. Bible no bɔhyɛ ahorow a ɛfa wiase foforo, wiase a ‘nneɛma a nyansa nnim yi a ɛrekɔ so nyinaa’ befi mu no bɛyɛɛ paara maa wɔn. André ne Ásta nyinaa reka wɔn gyidi foforo no ho asɛm kyerɛ afoforo mprempren.
Magdalena, André, ne Ásta wɔ ahotoso sɛ awiei koraa no, wɔahu nokware som. Eugenia nso, bere a na wabɔ mmɔden sɛ ɔnam amammuisɛm so bedi wiase yi mu haw ho dwuma akyi no, awiei koraa no obehui sɛ Yehowa Adansefo na wɔwɔ nokware som. Nanso dɛn ankasa na wogyina so hu sɛ ebia ɔsom bi yɛ nokware som? Yɛsrɛ wo hwɛ asɛm a edi hɔ no.
[Kratafa 7 mfonini]
Bible adesua a nnipa bɛboro ɔpepem anum ne Yehowa Adansefo yɛ reboa wɔn ma wonya mmuae a ntease wom a wɔhwehwɛ no