So Woahu Nokware Som No?
‘Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn anim ni.’—YAKOBO 1:27.
1, 2. (a) Wɔ nnipa pii adwenem no, dɛn so na wogyina kyerɛ sɛ ebia wɔn som ne nokware som? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho anibere so bere a yɛrehwehwɛ nyamesom mu no?
YƐTE bere bi a nnipa pii mfa nyamesom aniberesɛm wɔ wɔn asetram mu. Ebia wɔkɔ asɔre bi, nanso wɔn mu kakraa bi pɛ na wɔyɛ saa daa. Nnipa dodow no ara nnye nni sɛ wɔn som nkutoo na eye. Ebia wɔbɛte nka ara sɛ wɔn som ye ma wɔn.
2 Esiane eyi nti, so nea asemmisa, So woahu nokware som no? kyerɛ ara ne, So woahu ɔsom a wopɛ? Dɛn na ɛkyerɛ wo nea wopɛ? W’abusua? Wo mfɛfo? W’ankasa wo nkate? Ɔkwan bɛn so na woasusuw Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho?
Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Ahu Onyankopɔn Adwene?
3. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yenya na yɛahu Onyankopɔn adwene? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho ɛdefa nea enti a yegye di sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ no ho?
3 Sɛ yebehu Onyankopɔn ankasa adwene a, ɛnde ɛsɛ sɛ yenya adiyi bi fi ne nkyɛn. Bible no ne tete nhoma a akyɛ sen biara a ɛkyerɛ sɛ efi Onyankopɔn home mu. (2 Timoteo 3:16, 17) Nanso so yebetumi aka no nokwarem sɛ, saa nhoma yi nkutoo na ekura Onyankopɔn nkrasɛm ma adesamma nyinaa? Wubebua saa asɛm no dɛn, na dɛn ntia? Esiane sɛ na w’awofo susuw saa nti anaa? Esiane su a wo mfɛfo wɔ nti anaa? So w’ankasa woahwehwɛ adanse no mu? Dɛn nti na wunnyina adanse anan yi so nyɛ saa mprempren?
4. Ɛdefa Bible no a obiara nsa betumi aka bi ho no, dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛno nkutoo ne nhoma a efi Onyankopɔn hɔ?
4 Obiara nsa betumi aka bi: Ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa tumi nya nkrasɛm a efi Onyankopɔn hɔ na ɛyɛ adesamma abusua no nyinaa de ampa no bi. So Bible no te saa? Susuw eyi ho: Wotintim Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa horow bɛboro 2,000 mu mprempren. Sɛnea American Bible Society kyerɛ no, bɛyɛ mfe du a atwam ni no, kasa horow a na wotintim Bible no wɔ mu no dɔɔso ara ma na wiase nnipa bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 98 betumi anya bi. Sɛnea Guinness Book of World Records daa no adi no, Bible no ne “nhoma a wɔakyekyɛ no kɛse sen biara wɔ wiase.” Eyi ne nea yɛbɛhwɛ kwan wɔ nkrasɛm a efi Onyankopɔn hɔ a ɔde ma nnipa a wofi mmusua ne aman ne kasa horow nyinaa mu no ho. (Fa toto Adiyisɛm 14:6 ho.) Nhoma biara nni wiase a agye din sɛ ɛno.
5. Dɛn nti na Bible no abakɔsɛm ho hia?
5 Abakɔsɛm mu nokwasɛm: Nsɛm a Bible no ka a wɔhwehwɛ mu yiye no ma wohu ɔkwan foforo a Bible no da nsow wɔ nhoma afoforo a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ kronkron no nyinaa ho. Abakɔsɛm mu nokwasɛm na ɛwɔ Bible no mu, ɛnyɛ anansesɛm huhuw. Irwin Linton a sɛ́ mmaranimfo no, na ɔtaa susuw nea ehia sɛ wɔde yɛ adanse a wogyina so kyerɛ sɛ asɛm bi yɛ nokware wɔ asennibea no, kyerɛwee sɛ: “Bere a wɔnkyerɛ baabi ne bere pɔtee a atetesɛm, anansesɛm ne atosɛm sisii no, . . . Bible no mu nsɛm no kyerɛ yɛn bere ne baabi pɔtee a nsɛm bi sisii no pɛpɛɛpɛ.” (Wopɛ ho nhwɛso ahorow a hwɛ 1 Ahene 14:25; Yesaia 36:1; Luka 3:1, 2.) Eyi yɛ asɛm a ɛho hia a ɛsɛ sɛ nnipa a ɛnyɛ sɛ ahohia bi nti na wɔde wɔn ho hyɛ nyamesom mu na mmom nokware som a wɔhwehwɛ nti no susuw ho.
6. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible no boa obi a ɔrehyia asetram nsɛnnennen ankasa? (b) Akwan abiɛsa bɛn so na Bible no tumi boa obi ma ogyina nsɛm a emu yɛ den ano?
6 Dwuma a wotumi de di: Wɔn a wɔhwehwɛ Bible no mu anibere so no hu no ntɛm sɛ emu mmara ne nnyinasosɛm ahorow no enni wɔn so ɔkwammɔne so. Mmom no, mmara ne nnyinasosɛm ahorow no kyerɛkyerɛ asetra kwan a ɛde mfaso brɛ wɔn a wɔbata ho denneennen no. (Yesaia 48:17, 18) Awerɛkyekye a ɛde ma wɔn a wɔahaw no nyɛ hunu, na ennyina nyansapɛ huhuw so. Mmom no, ɛboa nnipa ma wogyina asetra mu nsɛm a emu yɛ den ano? Ɔkwan bɛn so? Wɔ akwan abiɛsa so: (1) denam afotu pa a wɔde di nsɛnnennen ho dwumadi a ɛde ma so, (2) denam ɔkwan a wotumi nya mmoa a ɔdɔ wom a Onyankopɔn de ma n’asomfo mprempren a ɛkyerɛ no so, na afei (3) denam daakye a anigye wom a Onyankopɔn de asie ama wɔn a wɔsom no a ɛda no adi, ne ntease pa a ɛde ma a ebetumi ama wɔanya ne bɔhyɛ ahorow mu ahotoso so.
7. (a) Fa kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din wɔ ase hɔ asɛm mu no kyerɛkyerɛ sɛnea Bible no de nsɛnnennen a ɛhaw nnipa nnɛ no biako ano aduru ma. (b) Kyerɛ sɛnea Bible no afotu tumi bɔ yɛn ho ban anaa ɛboa yɛn ma yetumi gyina tebea a emu yɛ den ano.
7 Ɛwom sɛ mpɛn pii no wɔn a wɔpow tumidi na wɔbɔ ahohwibra mmu Bible afotu de, nanso wɔn mu pii abehu sɛ asetra kwan a ɛte saa no amma wɔannya nokware anigye. (Galatifo 6:7, 8) Bible no de nsemmisa a ɛfa nyinsɛn a wotu gu, awaregyae, ne mmarima a wɔne wɔn ho da ho mmuae ma tẽẽ. N’afotu bɔ obi ho ban fi nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so ne asanom bebrebe ne AIDS a obetumi anya afi mogya a wɔde ma ne nna mu ɔbrasɛe mu ho. Ɛkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi anya mmusua a anigye wom. Ɛma obi nya nsɛm ahorow a ɛbɛboa no ma watumi agyina asetra mu nsɛm a ɛyɛ yaw ano te sɛ pow a obi abusuafo a wɔbɛn no pɛɛ pow no, ɔyare bɔne, ne ɔdɔfo bi wu. Ɛboa yɛn ma yehu yɛn asetram ahiade ankasa sɛnea ɛbɛyɛ na yɛn asetra ayɛ nea atirimpɔw mmom wom sen yawdi.a
8, 9. (a) Nkɔmhyɛ bɛn na ɛma w’ankasa wugye Bible no tom sɛ ɛyɛ nhoma a efi Onyankopɔn home mu? (b) Dɛn na Bible mu nkɔmhyɛ ahorow no ka fa ne fibea ho?
8 Nkɔmhyɛ: Bible no da nsow sɛ nkɔmhyɛ nhoma, nhoma a ɛka nea ɛbɛba daakye ho asɛm na ɛkyerɛkyerɛ mu kɔ akyiri. Ɛkaa tete Tiro sɛe, Babilon asehwe, Yerusalem a wɔbɛsan akyekye, Medo-Persia ne Hela ahemfo sɔre ne wɔn asehwe, ne Yesu Kristo asetra ho nsɛm pii siei. Ɛkaa wiase nsɛm tebea horow a aba wɔ afeha yi mu nso ho nsɛm nyinaa siei pɛpɛɛpɛ, na ɛma yehu nea ɛkyerɛ. Ɛkyerɛ ɔkwan a wɔbɛfa so adi ɔhaw ahorow a ɛboro nnipa tumidifo ahoɔden so no ho dwuma, na ɛkyerɛ Sodifo a ɔde daa asomdwoe ne nokware dwoodwoo asetra bɛbrɛ adesamma no.b—Yesaia 9:6, 7; 11:1-5, 9; 53:4-6.
9 Nea ɛho hia no, Bible no tumi ka daakye ho asɛm sie pɛpɛɛpɛ na wɔnam so hu sɛnea Onyankopɔn te ankasa. (Yesaia 41:1–46:13) Obi a obetumi ayɛ saa anaa wama afoforo ayɛ saa no nyɛ ohoni bi a nkwa nni ne mu. Ɔnyɛ onipa nokwaredifo bi ara kɛkɛ. Ɔne nokware Nyankopɔn no, na nhoma a nkɔmhyɛ a ɛtete saa wom no yɛ n’Asɛm.—1 Tesalonikafo 2:13.
So Wɔn a Wokura Bible no Nyinaa na Wɔkyerɛkyerɛ Nokware No?
10, 11. Sɛnea Yesu daa no adi no, ɛwom sɛ ebia ɔsɔfo bi de Bible no bedi dwuma de, nanso dɛn na ebia ɛbɛma ɔsom a ɔkamfo kyerɛ no ayɛ nea mfaso biara nni so?
10 Ɛnde so ntease wom—na nea ɛho hia tititiriw no, so ɛne Kyerɛwnsɛm no hyia—sɛ wɔbɛka sɛ, nyamesom akuw a wɔkyerɛ sɛ wɔde Bible no di dwuma no nyinaa kyerɛkyerɛ nokware? So onipa biara a okura Bible no anaa ɔka mu asɛm no resom wɔ ɔkwampa so?
11 Ɛwom sɛ asɔfo pii wɔ Bible no bi de, nanso wɔde nyamesom di dwuma sɛ biribi a wɔnam so hyɛ wɔn ankasa ho anuonyam. Wɔde atetesɛm ne nnipa nyansapɛ frafra nokware a ɛho tew no mu. So Onyankopɔn pene wɔn som no so? Bere a Yesu Kristo rekasa akyerɛ nyamesom akannifo a na wɔwɔ Yerusalem wɔ afeha a edi kan no mu no, ɔka ma ɛfatae sɛ Onyankopɔn asɛm a ɔnam odiyifo Yesaia so kae no fa wɔn ho, na ɔkae sɛ: “Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri. Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.” (Mateo 15:8, 9; 23:5-10) Ɛda adi pefee sɛ ɔsom a ɛte saa nyɛ nokware som.
12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na asɔremma abrabɔ betumi aboa obi ma wahu sɛ wɔn som no yɛ nokware anaa ɛnte saa? (b) Sɛ yɛpaw nkurɔfo a Onyankopɔn pow wɔn sɛ nnamfo a, obebu yɛn som dɛn? (2 Beresosɛm 19:2)
12 Na sɛ aba a ɔsom ahorow bi nkyerɛkyerɛ sow aporɔw, sɛnea ɛda adi wɔ emufo a wɔwɔ nidi no asetram nso ɛ? Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, . . . Wɔn aba na mode behu wɔn. . . . Dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne.” (Mateo 7:15-17) Ɛyɛ nokware sɛ ankorankoro bi betumi ayɛ bɔne ma abehia sɛ wɔteɛ wɔn so. Nanso tebea no yɛ soronko bere a asɔre bi mufo, a wɔn asɔfo mpo ka ho, de wɔn ho hyɛ aguamammɔ ne awaresɛe, ntɔkwaw, asabow, adifudepɛ, atorodi, ahonhonsɛmdi, ahonisom—nneɛma yi mu bi anaa ne nyinaa—nanso wɔnteɛ wɔn so, na wonnyi wɔn a wɔkɔ so bu saa bra yi mfi asafo no mu no. Bible ka no pefee sɛ, ɛsɛ sɛ wɔpam wɔn a wɔkɔ so yɛ saa nneɛma yi fi asafo no mu; wɔrennya kyɛfa biara wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. (Galatifo 5:19-21) Wɔn som nsɔ Onyankopɔn ani, na saa ara na sɛ yɛpaw sɛ yɛne wɔn a Onyankopɔn apow wɔn no bɛbɔ a, yɛn som rensɔ n’ani.—1 Korintofo 5:11-13; 6:9, 10; Adiyisɛm 21:8.
13 Ɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ akuw a wɔkyerɛ sɛ wɔde Bible no di dwuma nyinaa na wodi nokware som a ɛka ho asɛm no akyi. Ɛnde, dɛn nneɛma na Bible kyerɛ sɛ yɛde behu nokware som no?
Nneɛma a Wɔnam So Hu Nokware Som
14. (a) Nokware som nkyerɛkyerɛ nyinaa gyina dɛn so? (b) Sɛ wode eyi toto Kristoman nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn ne ɔkra ho ho a, ɛte dɛn?
14 Ne nkyerɛkyerɛ gyina Bible no so pintinn. “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso.” (2 Timoteo 3:16) Nanso ɛhe na Kyerɛw Kronkron Bible no ka Kristoman Baasakoro no ho asɛm? Na ɛhe na Bible no kyerɛkyerɛ sɛ nnipa wɔ ɔkra bi a enwu bere a nipadua no awu sɛnea asɔfo kyerɛkyerɛ no? So woabisa ɔsɔfo bi sɛ ɔnkyerɛ wo faako a saa nkyerɛkyerɛ no wɔ wɔ wo Bible mu pɛn? The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Asɛmfua Baasakoro anaasɛ nkyerɛkyerɛ no mu nkyerɛkyerɛmu pefee mpue wɔ Apam Foforo no mu.” (1992, Micropædia, Po 11, kratafa 928) New Catholic Encyclopedia nso gye tom sɛ: “Wɔ Asɔre Agyanom no mu no, na biribiara nni hɔ a ɛbɛn adwene anaa nsusuwii a ɛte saa no ho kakra mpo.” (1967, Po XIV, kratafa 299) Ɛdefa Kristoman nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɔkra bi fi nipadua no mu wɔ owu mu no ho de, asɔre mu nhomanimfo gye tom sɛ wɔfaa saa adwene no fii Helafo nyansapɛ mu. Nanso, nokware som mfa Bible mu nokware nto nkyɛn nkɔfa nnipa nyansapɛ.—Genesis 2:7; Deuteronomium 6:4; Hesekiel 18:4; Yohane 14:28.
15. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible no kyerɛ Onii a ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no? (b) Nokware asomfo te nka dɛn wɔ Yehowa a ɛsɛ sɛ wɔbɛn no ho?
15 Nokware som hyɛ nokware Nyankopɔn koro, Yehowa, nkutoo a wɔsom no ho nkuran. (Deuteronomium 4:35; Yohane 17:3) Yesu Kristo refa asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 5:9 ne 6:13 aka no, ɔkaa no pen sɛ: “Kotow sɔre [Yehowa], wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.” (Mateo 4:10) Nea ɛne eyi hyia no, Yesu yii n’Agya din kyerɛɛ n’asuafo no. (Yohane 17:26) So wo som akyerɛkyerɛ wo sɛ ɛsɛ sɛ wosom Yehowa? So woabehu Onii ko a saa din no gyina hɔ ma no—n’atirimpɔw, ne dwumadi, ne ne su ahorow—a ɛma wote nka sɛ wubetumi abɛn no wɔ ahotoso mu? Sɛ wo som ne nokware som no a, wo mmuae bɛyɛ yiw.—Luka 10:22; 1 Yohane 5:14.
16. Dɛn na Kristo mu gyidi kyerɛ ma wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nokware som mu denneennen no?
16 Ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani no fã titiriw ne ne Ba Yesu Kristo mu gyidi. (Yohane 3:36; Asomafo no Nnwuma 4:12) Ɛnyɛ nea eyi kyerɛ ara ne sɛ wubegye adi sɛ ɔtraa ase anaasɛ na ɔyɛ onipa titiriw. Nea ɛka ho ne anisɔ a yɛbɛkyerɛ wɔ nea Bible kyerɛkyerɛ fa Yesu nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde bɔɔ afɔre no bo a ɛsom no ho ne ne gyinabea a ɔwom nnɛ sɛ ɔsoro Hene no a yebegye atom. (Dwom 2:6-8; Yohane 3:16; Adiyisɛm 12:10) Sɛ wone wɔn a wodi nokware som akyi no bɔ a, ɛnde wunim sɛ wofi ahonim pa mu bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ osetie ama Yesu wɔ wɔn da biara da asetram na wɔde adi ne nhwɛso akyi, na wɔn ankasa de nsiyɛ anya adwuma a ɔde hyɛɛ n’akyidifo nsa no mu kyɛfa. (Mateo 28:19, 20; Yohane 15:14; 1 Petro 2:21) Sɛ nkurɔfo a wone wɔn bom som no nyɛ eyi a, ɛnde ɛho hia sɛ wohwehwɛ ɔsom foforo akyi kwan.
17. Dɛn nti na nokware asomfo yɛ ahwɛyiye wɔ wiase no nkekae ho, na akwan a wɔfa so yɛ saa no bi ne dɛn?
17 Nokware som mfa ne ho nhyɛ wiase amammuisɛm ne ntawntawdi mu. (Yakobo 1:27) Dɛn nti na ɛnyɛ saa? Efisɛ Yesu kaa n’akyidifo ho asɛm sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 17:16) Yesu amfa ne ho anhyehyɛ amammuisɛm mu, na ɔbraa n’akyidifo sɛ wɔmfa akode nni dwuma. (Mateo 26:52) Nnipa a wotie Onyankopɔn Asɛm ‘nsua akodi bio.’ (Yesaia 2:2-4) Sɛ ɔsom bi a wone no wɔ twaka ketewaa bi mpo ne nea yɛaka no nhyia a, ɛnde bere aso sɛ wufi mu.—Yakobo 4:4; Adiyisɛm 18:4, 5.
18. (a) Dɛn na Yohane 13:35 kyerɛ sɛ ɛyɛ nokware som agyiraehyɛde titiriw? (b) Ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa obi ma wahu kuw a wodi Yohane 13:35 akyi?
18 Nokware som kyerɛkyerɛ ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim na ɛde di dwuma. (Yohane 13:35; 1 Yohane 3:10-12) Wɔnka ɔdɔ a ɛte saa ho asɛm wɔ asɛnka agua so ara kɛkɛ. Ɛka nnipa a wofi mmusua nyinaa mu, a wɔn sikasɛm tebea gu ahorow, na wofi aman nyinaa mu ka kasa horow bom sɛ anuanom ankasa. (Adiyisɛm 7:9, 10) Ɛma nokware Kristofo da nsow wɔ wiase a wɔte mu no ho. Sɛ wonyɛɛ saa dedaw a, kɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so, ne wɔn nhyiam akɛse ase. Hwɛ wɔn, bere a wɔbom si wɔn Ahenni Asa ahorow no bi. Hwɛ sɛnea wɔne wɔn a wɔn mfe akɔ anim (a akunafo ka ho) ne mmofra (a wɔn a wɔwɔ ɔwofo biako pɛ anaa wonni bi koraa ka ho) di nsɛm. (Yakobo 1:27) Fa nea wuhu no toto nea woahu wɔ ɔsom foforo biara mu no ho. Na afei bisa wo ho sɛ, ‘Henanom na wodi nokware som akyi?’
19. (a) Adesamma nsɛnnennen ano aduru bɛn na nokware som bɔ ho dawuru? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ kuw a emufo de nokware som tra ase no bɛyɛ?
19 Nokware som pae mu ka sɛ Onyankopɔn Ahenni na ebeyi adesamma nsɛnnennen afi hɔ koraa. (Daniel 2:44; 7:13, 14; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:4, 5) So Kristoman asɔre ahorow no bi yɛ saa? Da bɛn ne da a etwa to a wotee sɛ ɔsɔfo bi rekyerɛkyerɛ Onyankopɔn Ahenni ne nea Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ ɛbɛyɛ no mu? So ahyehyɛde a wowom no hyɛ wo nkuran sɛ ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛ afoforo, na sɛ ɛte saa, so emufo no nyinaa nya ne yɛ mu kyɛfa? Yesu dii adanse a ɛte saa; n’asuafo a wodi kan no nso yɛɛ saa ara. Wo nso wubetumi anya saa adwuma yi yɛ mu kyɛfa. Ɛno ne adwuma a ɛho hia sen biara a wɔreyɛ no asase so nnɛ.—Mateo 24:14.
20. Bere a yɛahu nokware som awie no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
20 Ɛwom sɛ ɔsom ahorow mpempem pii na ɛwɔ hɔ de, nanso Bible no boa yɛn ma yetumi hu nokware som no ntɛm. Nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii sen nokware som a yebehu ara kwa. Ɛho hia sɛ yɛde di dwuma. Yebesusuw nea eyi kyerɛ no ho akɔ akyiri wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Nyinsɛn a wotu gu: Asomafo no Nnwuma 17:28; Dwom 139:1, 16; Exodus 21:22, 23. Awaregyae: Mateo 19:8, 9; Romafo 7:2, 3. Mmarima a wɔne wɔn ho da: Romafo 1:24-27; 1 Korintofo 6:9-11. Nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so ne asanom bebrebe: 2 Korintofo 7:1; Luka 10:25-27; Mmebusɛm 23:20, 21; Galatifo 5:19-21. Mogya ne ɔbrasɛe: Asomafo no Nnwuma 15:28, 29; Mmebusɛm 5:15-23; Yeremia 5:7-9. Abusua: Efesofo 5:22–6:4; Kolosefo 3:18-21. Pow a wɔpow obi: Dwom 27:10; Malaki 2:13-16; Romafo 8:35-39. Ɔyare: Adiyisɛm 21:4, 5; 22:1, 2; Tito 1:2; Dwom 23:1-4. Owu: Yesaia 25:8; Asomafo no Nnwuma 24:15. Nneɛma a ehia titiriw: Mateo 6:19-34; Luka 12:16-21; 1 Timoteo 6:6-12.
b Wopɛ nkɔmhyɛ a ɛtete saa ne ne mmamu no bi a, hwɛ nhoma The Bible—God’s Word or Man’s?, nkratafa 117-61; ne Reasoning From the Scriptures, nkratafa 60-2, 225-32, 234-40. Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintim abien no nyinaa.
Wubebua Dɛn?
◻ Ɛdefa nokware som a yebehu ho no, hena adwene na ɛho hia sen biara?
◻ Adanse anan bɛn na ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm?
◻ Dɛn nti na ɛnyɛ ɔsom ahorow a wɔde Bible no di dwuma nyinaa na ɛsɔ Onyankopɔn ani?
◻ Dɛn ne nneɛma asia a ɛhyɛ nokware som biako no agyirae?
[Kratafa 10 adaka]
Yehowa Adansefo . . .
◆ De wɔn nkyerɛkyerɛ nyinaa gyina Bible no so.
◆ Som Yehowa, nokware Nyankpɔn koro no.
◆ Tra ase ma ɛne Yesu Kristo mu gyidi a wɔwɔ no hyia.
◆ Mfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm ne wiase akodi mu.
◆ Bɔ mmɔden da ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim adi wɔ wɔn da biara da asetra mu.
◆ Bɔ Onyankopɔn Ahenni ho dawuru sɛ nea ebeyi adesamma nsɛnnennen afi hɔ koraa.
[Kratafa 9 mfonini]
BIBLE NO—dɛn na ɛkyerɛ sɛ ekura Onyankopɔn nkrasɛm ma adesamma nyinaa?