Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 6/1 kr. 25-27
  • Wɔn a Wɔawie Gilead Adesua no Nya ‘Ɔma mu Anigye Pii’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔn a Wɔawie Gilead Adesua no Nya ‘Ɔma mu Anigye Pii’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkradi mu Afotusɛm
  • Awia Dwumadi a Emu Nneɛma Gu Ahorow
  • Asɛmpatrɛwfo Pii Ma Wiase Nyinaa Otwa Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Gilead Sukuu Adi Mfe 50 na Ɛrenya Nkɔso!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Wɔn a Wɔawie Gilead Adesua—“Nokware Asɛmpatrɛwfo!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Munni Yehowa Mu Ahurusi na Momma Mo Ani Nnye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 6/1 kr. 25-27

Wɔn a Wɔawie Gilead Adesua no Nya ‘Ɔma mu Anigye Pii’

KWASIDA, March 6, 1994 no, wiase adwumayɛbea ti no Betel abusua no ne ahɔho hyiaam maa adeyɛ a ɛyɛ anigye bi—bere a Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 96 no wiee wɔn adesua no. Dwumadi no guamtrani Karl F. Klein a aka kakra ma ɔde mfe 20 asom sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni ka kyerɛɛ adesuafo 46 no wɔ ne nnianim nsɛm mu sɛ: “Yesu kae sɛ ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye. Saa ara na mo asɛmpatrɛw dwumadi no bɛyɛ—dodow a woma no, dodow no ara na w’ani begye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35.

Nkradi mu Afotusɛm

Ɛno akyi no, adesuafo no tiee ɔkasa ahorow. Leon Weaver a ɔyɛ Ɔsom Adwuma Dwumadibea Boayikuw no muni kaa asɛmti a ɛne sɛ, “Boasetɔ Hyɛ Yehowa Anuonyam” ho asɛm. Yɛn nyinaa hyia sɔhwɛ ahorow. (2 Korintofo 6:3-5) Onua Weaver kae sɛ: “Sɛ yehyia ɔhaw a, ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn ho so.” Nanso, ɔkaee adesuafo no sɛ: “Yehowa renyi n’ani wɔ sɔhwɛ biara a etumi to nnipa a mubehyia ho. Ɔmmma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi agyina ano da.”—1 Korintofo 10:13.

“Ma Wo Dwumadi no Nsom Bo Mma Wo Bere Nyinaa” ne ɔkasa a edi hɔ a Onua Lyman Swingle a ɔyɛ Sodikuw no muni mae no asɛmti. Ɛnyɛ bere nyinaa na Israelfo no paw baabi a wɔbɛtra ne nea wɔbɛyɛ. Wotwaa asase maa abusuakuw biara, na wɔmaa Lewifo no dwumadi pɔtee sɛ wɔnyɛ. Saa ara na wɔn a wɔwɔ bere nyinaa ɔsom adwuma titiriw mu—te sɛ asɛmpatrɛwfo ne Betel abusua mufo—no ankasa mpaw baabi a wɔbɛtra ne adwuma ko a wɔbɛyɛ. Na sɛ obi adwene mu nteɛ no wɔ ne dwumadi ho nso ɛ? Onua Swingle kae sɛ: “Sɛ mode mo ani si yɛn gyidi mu Dikanfo no so pintinn, na mususuw ne nhwɛso no ho yiye a, mommrɛ.”—Hebrifo 12:2, 3.

Ɛno akyi na Leonard Pearson a ɔyɛ Watchtower Farms Boayikuw no muni bɛkaa asɛmti “Kɔ So Gyen W’ani.” Ɔkae sɛ: “Ɛmfa ho sɛ ebia wowɔ mfonintwa afiri papa, na wode twa biribi a ɛyɛ fɛ, na nneɛma a atwa ho ahyia no fata no, wubetumi atwa mfonini a ɛnyɛ fɛ—sɛ woannyen wo afiri no a.” Te sɛ mfonintwa afiri ahwehwɛ a wɔde hwɛ nneɛma a ɛwɔ akyirikyiri no, nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si so no bi ne wiase nyinaa adanse adwuma a wɔreyɛ no. Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi ade titiriw a yɛretwa no mfonini no da. Onua Pearson kae sɛ: “Wɔn a wɔde wɔn ani si wɔn ho so no ani rennye wɔn dwumadi no ho. Wɔn a wɔde wɔn ani si Yehowa ne adwuma a ɔde ama wɔn sɛ wɔnyɛ so no bedi nkonim.”

Onua John E. Barr a ɔno nso yɛ Sodikuw no muni na ɔmaa ɔkasa a edi hɔ a eti asɛm ne “Nneɛma Pii a Ɛsɛ sɛ Yɛn Ani Sɔ.” Onua Barr tuu adesuafo no fo sɛ: “Mommma mo ani mpa so sɛ mobɛkyerɛ anisɔ ama Yehowa da. Ɛka nneɛma a ɛde abotɔyam kɛse ba no ho, ɛmfa ho dwumadi a woyɛ.” Anisɔ kanyan Dawid ma ɔkyerɛwee sɛ: “Me hye hama akɔfa nea eye ama me, yiw, apɛgyade no yɛ me fɛ.” (Dwom 16:6) Onua Barr kae sɛ: “Te a mobɛte nka sɛ mobɛn Yehowa wɔ mo da biara asetra mu no yɛ apɛgyade a ɛsom bo kɛse. Bere tenten a mobɛkɔ so ahu saa abusuabɔ no sɛ biribi a ɛyɛ fɛ paa a mowɔ ho anisɔ no, Yehowa rennye mfi mo nsam da.”

Gilead ɔkyerɛkyerɛfo Jack Redford ne nea odi hɔ a ɔkasae, na n’asɛmti ne, “Wode Wo Tɛkrɛma Bedi Dwuma Dɛn?” Hwɛ adesɛe ara a asɛm a wonsusuw ho na wɔka betumi de aba! (Mmebusɛm 18:21) Ɔkwan bɛn so na wobetumi adi tɛkrɛma so? Onua Redford buae sɛ: “Nea edi kan no ɛsɛ sɛ wotete w’adwene, efisɛ tɛkrɛma da nea ɛwɔ adwene ne koma mu adi.” (Mateo 12:34-37) Yesu yɛɛ nhwɛso a ɛkyɛn so; ɔde ne tɛkrɛma yii Yehowa din ayɛ. Onua Redford ka kyerɛɛ adesuakuw no sɛ: “Ɛnnɛ, Yehowa nsɛm tie ho kɔm de nkurɔfo. Munim saa nsɛm no. Mowɔ ‘asuafo tɛkrɛma.’ Enti momma adwene ne koma a wɔahyira so koraa ama Yehowa nkyerɛ mo tɛkrɛma kwan daa.—Yesaia 50:4.

Wosii hia a mpaebɔ ho hia so dua wɔ ɔkasa a wɔato din “So Morenantew Sɛnea Mowɔ Yehowa Anim?” Ulysses Glass, sukuu no panyin, kae sɛ: “Sɛ agya bi yɛ adwumaden de hwɛ n’abusua, nanso ɔne wɔn mmɔ nkɔmmɔ, nkamfo wɔn a, n’abusua no bɛka sɛ adwene a ɛwɔ ne mmɔden a ɔbɔ no akyi ne sɛ obedi n’asɛyɛde a ɛnyɛ anigye bi ho dwuma, na ɛnyɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma wɔn nti. Saa ara na ɛte wɔ yɛn fam. Yebetumi ayere yɛn ho wɔ Onyankopɔn som mu. Nanso sɛ yɛmmɔ mpae a, ɛnde na yɛahyira yɛn ho so ama adwuma bi kɛkɛ, na mmom ɛnyɛ ɔsoro Agya bi a ɔdɔ yɛn.”

Theodore Jaracz a ɔyɛ Sodikuw no muni maa ɔkasa a n’asɛmti ne “Nea Ama Nnipadɔm ne Onyankopɔn Nkurɔfo Rebɔ.” Afe biara nnipa ɔpehaha pii sen yuu ba Yehowa ahyehyɛde no mu. (Sakaria 8:23) Dɛn na ɛhyɛ Yehowa Adansefo agyirae sɛ Onyankopɔn nkurɔfo? Nea edi kan no, wogye Bible mũ no tom sɛ Onyankopɔn Asɛm. (2 Timoteo 3:16) Nea ɛto so abien, wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu. (Yohane 17:16) Nea ɛto so abiɛsa no, wodi Onyankopɔn din ho adanse. (Yohane 17:26) Nea ɛto so anan ne sɛ woyi ɔdɔ a ahofama wom adi. (Yohane 13:35; 15:13) Esiane saa nneɛma yi a yɛwɔ nti, yebetumi de akokoduru ‘aka nea ɔfrɛɛ yɛn fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ akyerɛ.’—1 Petro 2:9.

Wɔmaa ɔkasa a ɛka koma yi nyinaa wiei no, wɔmaa adesuafo 46 no nyinaa adansedi krataa. Wɔama wɔn dwumadi wɔ aman 16 so wɔ wiase nyinaa.

Awia Dwumadi a Emu Nneɛma Gu Ahorow

Awia no, Donald Krebs a ɔyɛ Betel Boayikuw no muni na ɔhwɛɛ Ɔwɛn-Aban Adesua a wɔabɔ no mua no so. Ɛno akyi no, wɔn a wɔawie wɔn adesua no yɛɛ dwumadi bi a wɔato din sɛ “Nyansa Teɛm Mmorɔn So.” (Mmebusɛm 1:20) Wɔyɛɛ osuahu ahorow a mfaso wɔ so a wonyae wɔ adanse a wodii wɔ mmorɔn so ne adwumayɛbea ahorow no ho ɔyɛkyerɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa hyira wɔn a wofi akokoduru mu di adanse bɔnnɔ so no. Wɔn a wɔawie sukuu no biako kae sɛ: “Adwene a mewɔ wɔ yɛn ho ne sɛ yɛte sɛ kantankrakyi a abɔfo a wɔyɛ atwafo no de di dwuma. Sɛnea yɛn ahokokwaw kɔ anim no, saa ara na abɔfo no betumi de yɛn ayɛ adwuma yiye.” (Fa toto Adiyisɛm 14:6 ho.) Nea ɛka adesuafo dwumadi no ho bio ne mfonini ahorow a woyi kyerɛɛ atiefo no ma wohuu Bolivia, Malta, ne Taiwan mmeae pii—aman a wɔde wɔn a wɔawie adesua yi rekɔ no mu abiɛsa.

Afei, wobisabisaa Wallace ne Jane Liverance—a wɔasom sɛ asɛmpatrɛwfo mfe 17—nsɛm. Wɔ October 1993 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ wɔn kɔɔ Watchtower Farms, na mprempren Onua Liverance som wɔ hɔ sɛ Gilead akyerɛkyerɛfo no biako.

Wɔyɛɛ ɔyɛkyerɛ a ekura afã anan a wɔato din “Wɔn a Wɔfata a Yebedi Wɔn Ni wɔ Wɔn Mpanyin Mfe Mu.” Bere a nkurɔfo nyin no, osuro a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ nnipa a wɔn so nni mfaso, na wɔbɛpow wɔn no betumi abrɛ wɔn mu ahotoso a wɔwɔ no ase. (Dwom 71:9) Saa ɔyɛkyerɛ a ɛka koma yi kyerɛɛ sɛnea asafo no mufo nyinaa betumi aboa saa anokwafo a wɔanyinyin yi.

Bere a wɔtoo dwom a etwa to na wɔbɔɔ mpae no, nnipa 6,220 a wohyiaam wɔ Jersey City Nhyiam Asa no so ne anim no nyinaa bo tɔɔ wɔn yam. Yɛbɔ mpae ma wɔn a wɔawie adesua no wɔ wɔn dwumadi foforo no mu. Ɛmmra sɛ wɔbɛkɔ so anya anigye pii a efi ɔma mu ba no.

[Kratafa 26 adaka]

Adesuakuw no ho Nsɛm

Aman dodow a wofi so: 9

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 16

Adesuafo no dodow: 46

Mfe a wɔadi nkyekyem: 33.85

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyem: 16.6

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyem: 12.2

[Kratafa 27 adaka]

Malta ho Asɛntitiriw

KRISTOMAN kaa Bible mu nokware hyɛe wɔ Malta mfe pii. Ná Gilead asɛmpatrɛwfo a wotwa to a wɔde wɔn kɔɔ hɔ, Frederick Smedley ne Peter Bridle, ka adesuakuw a ɛto so awotwe a wowiee wɔn adesua wɔ 1947 tɔnn no ho. Nanso woduu Malta no, ankyɛ na wɔkyeree wɔn, na wɔpam wɔn fii ɔman no mu. Wɔbɔ amanneɛ wɔ 1948 Yearbook of Jehovah’s Witnesses mu sɛ: “Esiane ɔsɔretia a efi Roma Katolek Asɔre Mpanyimfo no hɔ nti, ɛbere a asɛmpatrɛwfo baanu yi adi wɔ asennibea ahorow ne ɔman no mpanyimfo anim no te sɛ ɛbere a wɔde ayɛ wɔn som adwuma no. Asɔfo no ka sɛ Malta yɛ Katolekfo de, na ɛsɛ sɛ kuw foforo biara fi hɔ.” Mprempren, mfe 45 akyi no, wɔde asɛmpatrɛwfo baanan a wɔka Gilead adesuakuw a ɛto so 96 ho kɔ Malta.

[Kratafa 26 mfonini]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 96 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa wɔ ase hɔ din no mu..

(1) Ehlers, P.; Giese, M.; Sellman, S.; Zusperregui, J.; Rowe, S.; Jackson, K.; Scott, T. (2) Liehr, T.; Garcia, I.; Garcia, J.; Fernández, A.; Davidson, L.; Liidemann, P.; Gibson, L.; Juárez, C. (3) Fouts, C.; Pastrana, G.; Claeson, D.; Fernández, L.; Walls, M.; Dressen, M.; Pastrana, F.; Burks, J. (4) Burks, D.; Scott, S.; Jackson, M.; Mauray, H.; Juárez, L.; Zusperregui, A.; Brorsson, C.; Rowe, C. (5) Sellman, K.; Liidemann, P.; Davidson, C.; Mauray, S.; Walls, D.; Dressen, D.; Schaafsma, G.; Liehr, S. (6) Claeson, T.; Gibson, T.; Giese, C.; Ehlers, D.; Fouts, R.; Schaafsma, S.; Brorsson, L.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena